ADESUA 5
Ɔkasa Mu Home a Ɛfata
ƆKASA mu home a wɔde hyehyɛ baabi a ɛfata wɔ kasa mu no ho hia. Eyi yɛ nokware, sɛ́ ebia worema ɔkasa anaasɛ wo ne obi rekasa no. Sɛ home a ɛtete saa nnim a, nea wɔka no bɛyɛ te sɛ nsɛm a wɔworo no kwa sen sɛ adwene a ɛwom no bɛda adi yiye. Ɔkasa mu home a ɛfata boa ma wo kasa mu da hɔ. Wubetumi de adi dwuma wɔ ɔkwan bi so a ɛbɛma wo nsɛntitiriw aka atiefo no adwenem akyɛ.
Wobɛyɛ dɛn atumi ahu bere a ɛsɛ sɛ wohome wɔ wo kasa mu? Bere tenten ahe na ɛsɛ sɛ wohome wɔ wo kasa mu?
Home Fa Hyɛ Wo Kasa Mu Agyirae. Kasa mu home agyirae abɛyɛ ade titiriw wɔ kasa a wɔkyerɛw mu. Ebetumi akyerɛ sɛ asɛm bi asi, anaasɛ ebia ɛyɛ asɛmmisa. Wɔ kasa horow bi mu no, wɔde di dwuma na ama asɛm bi a wɔafa aka ada nsow. Kasa mu home agyirae bi nso kyerɛ abusuabɔ a ɛda kasamufã no afã horow ntam. Obi a ɔkenkan ade wɔ ne tirim betumi ahu kasa mu home agyirae ahorow no. Nanso sɛ ɔkenkan no den sɛnea ɛbɛyɛ na afoforo anya so mfaso a, ɛsɛ sɛ ne nne ma ntease a ɛwɔ kasa mu home agyirae biara mu no da adi wɔ asɛm a wɔakyerɛw no mu. (Sɛ wopɛ ho nsɛm pii a, hwɛ Adesua 1, “Akenkan a Emu Da Hɔ.”) Sɛ woanhome sɛnea agyirae no kyerɛ a, ebetumi ama ayɛ den sɛ afoforo bɛte nea wokenkan no ase, anaasɛ mpo ɛbɛma ntease a ɛwɔ asɛm no mu no asɛe.
Kasa mu home akyi no, sɛnea wɔda adwene a ɛwɔ asɛm bi mu adi ne baabi a kasa mu home agyirae hyehyɛ no wɔ abusuabɔ. Odwontofo bi a wagye din kae bere bi sɛ: “Minnim sanku bɔ nkyɛn sankubɔfo pii. Nanso gyina a migyinagyina sɛnea ɛsɛ no na ɛma ɛyɛ dɛ.” Ɛte saa ara wɔ kasa mu. Ɔkasa mu home a wode bedi dwuma yiye no bɛma wo kasa a woasiesie no yiye no ayɛ dɛ na ntease abam kɛse.
Sɛ woresiesie wo ho akɔkenkan ade wɔ baguam a, ebia wubehu sɛ ɛbɛyɛ papa sɛ wohyɛ asɛm a wobɛkenkan no agyirae. Fa wo kyerɛwdua san baabi a ebehia sɛ wohome, anaasɛ wugyina kakra no. Fa nsensanee abien a ɛbɛn ho hyɛ baabi a wopɛ sɛ wohome kyɛ no. Sɛ wuhu sɛ nsɛm bi akenkan yɛ wo den na ɛma wotaa home wɔ baabi a ɛnsɛ sɛ wohome a, fa pɛnsere twa ho ka kasasin a emu nsɛm kan yɛ wo den no nyinaa bom. Afei kenkan kasasin fi mfiase kosi awiei. Akasafo a wɔn ho akokwaw pii yɛ eyi.
Home a wobɛhome wɔ wo da biara da kasa mu no nyɛ asɛnnennen mma wo efisɛ wunim nsɛm a wopɛ sɛ wode to gua no. Nanso, sɛ ayɛ wo su sɛ wohomehome wo kasa mu bere ne bere mu ɛmfa ho nea adwene a ɛwom no hwehwɛ sɛ woyɛ a, wo kasa no mu renyɛ hyew na emu renna hɔ. Wɔde nea wobɛyɛ na woatumi atu mpɔn ho nyansahyɛ ama wɔ Adesua 4 mu, “Kasa a Ɛkɔ Yɔɔ.”
Home a Wɔde Dan Adwene Kɔ Asɛm Foforo So. Sɛ worefi asɛntitiriw bi so akɔ foforo so a, kasa mu home betumi ama w’atiefo no anya hokwan asusuw nsɛm ho, ayɛ nsakrae, ahu baabi a woadan kɔ no, na ama wɔate asɛm foforo a worebɛka no ase yiye. Sɛnea sɛ woreman afa ɔkwan foforo so wɔ kar kwan mu a ehia sɛ wotɔ wo bo ase no, saa ara na ehia sɛ wohome wɔ wo kasa mu bere a woredan afi adwene biako so akɔ foforo so no.
Ade biako a enti akasafo binom pere wɔn ho fi adwene biako so kɔ foforo so bere a wɔnhome no ne sɛ wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛka nsɛm pii dodo. Ebinom fam no, saa su no da sɛnea wɔkasa daa no adi. Ebia na saa na wɔn a wɔne wɔn te no nyinaa kasa. Nanso ɛno mma wɔnyɛ akyerɛkyerɛfo pa. Sɛ wowɔ asɛm bi a wopɛ sɛ woka a ehia sɛ wotie wo na wɔkae a, gye bere ma adwene a ɛwom no nna adi yiye. Hu sɛ kasa mu home hia na ama ɔkasa mu adwene ada adi yiye.
Sɛ wobɛhwɛ nsɛm ntiantiaa so na ama ɔkasa a, ɛsɛ sɛ wohyehyɛ wo nsɛm no wɔ ɔkwan bi so a, ɛbɛma woahu baabi a ɛsɛ sɛ wohome wɔ nsɛntitiriw ntam no. Sɛ ɔkasa a wɔakyerɛw emu nsɛm nyinaa na wobɛkenkan a, hyɛ mmeae a wɔdan adwene fi asɛntitiriw biako so kɔ foforo so no agyirae.
Home a wɔhome de dan adwene fi asɛm biako so kɔ foforo so no taa ware sen nea kasa mu home agyirae ma wɔyɛ no—nanso ɛnware dodo a ɛbɛma kasa no tie ayɛ anihaw. Sɛ ɛware dodo a, ɛma atiefo nya adwene sɛ woansiesie wo ho yiye ma enti worepɛ asɛm a wobɛka.
Ɔhome Ma Ɛso Duasi. Kasa mu home a wɔde si asɛm bi so dua taa kanyan atiefo, ɛyɛ nea edi asɛm anaa asɛmmisa anim anaa akyi a wɔma emu yɛ den. Ɔhome a ɛte saa no ma atiefo no nya hokwan de susuw nea woaka no ho, anaasɛ ɛma wɔhwɛ nea ebedi so aba no kwan. Eyinom nyɛ pɛ. Si nea ɛfata sɛ wode di dwuma no ho gyinae. Nanso, kae sɛ nsɛm a ɛho hia titiriw nkutoo na wɔhome de si so dua. Anyɛ saa a, mfaso biara remma saa nsɛm no so.
Bere a Yesu kenkan Kyerɛwnsɛm no wɔ Nasaret hyiadan mu no, ɔde ɔkasa mu home dii dwuma wɔ ɔkwan a etu mpɔn so. Mfitiase no, ɔkenkan adwuma a wɔde ahyɛ ne nsa no fii odiyifo Yesaia nhoma mmobɔwee no mu. Nanso ansa na ɔrekyerɛkyerɛ mu no, ɔbobɔw nhoma no de maa ɔsomfo no, na ɔtraa ase. Afei bere a wɔn a wɔahyiam wɔ hyiadan mu hɔ nyinaa rehwɛ no no, ɔkae sɛ: “Ɛnnɛ na kyerɛw asɛm yi aba mu mo asom.”—Luka 4:16-21.
Sɛ Tebea no Hwehwɛ sɛ Wohome Wo Kasa Mu a, Yɛ Saa. Ɛtɔ da bi a, biribi betumi asi ma ɛho abehia sɛ wohome wo kasa mu. Ebia kar bi a ɛretwam dede a ɛreyɛ anaasɛ abofra bi a ɔresu bɛhwehwɛ sɛ wugyina wɔ nkɔmmɔ a wo ne ofiewura bi afi ase wɔ asɛnka mu no mu. Sɛ dede a ɛwɔ nhyiam no ase no ano nyɛ den pii a, wubetumi ama wo nne so na woatoa wo kasa no so. Nanso sɛ dede no ano yɛ den, na sɛ ɛkyɛ a, ɛsɛ sɛ wohome wo kasa no mu. W’atiefo no aso remma wo kasa no so saa bere no. Enti fa kasa mu ɔhome di dwuma yiye, a adwene no ne sɛ wobɛboa w’atiefo no ma wɔanya nneɛma pa a wopɛ sɛ woka kyerɛ wɔn no so mfaso kɛse.
Home Wo Kasa Mu Fa Gye Mmuae. Ebia wɔbɛma wo kasa a wuntumi mmisa w’atiefo no nsɛm mma wonyi wo ano, nanso ehia sɛ woma atiefo no bua a wommue wɔn ano, na mmom wobebua wɔ wɔn tirim. Sɛ wubisa nsɛm a ɛbɛma w’atiefo no adwene nanso woanhome wo kasa no mu a, mfaso a ɛwɔ saa nsɛmmisa no so no bɛyera.
Ɛwom, ɛnyɛ bere a wugyina asɛnka agua so rekasa nkutoo na ɛsɛ sɛ wohome wo kasa mu, na mmom bere a woredi afoforo adanse nso. Ɛte sɛ nea ebinom nhome wɔn kasa mu koraa no. Sɛ ɛno ne wo haw a, bɔ mmɔden paa sɛ wubesua ɔkasa su yi. Wubetu mpɔn wɔ wo ne afoforo nkɔmmɔbɔ ne asɛnka adwuma mu. Ɔkasa mu home yɛ kommyɛ bere, na nokwarem no wɔaka ho asɛm sɛ kommyɛ hyɛ asɛm agyirae, si so dua, twetwe adwene, na ɛma yɛn asom tumi dwo yɛn.
Da biara da nkɔmmɔbɔ yɛ adwenkyerɛ. Sɛ wutie afoforo na wokyerɛ nea wɔka ho anigye a, ɛbɛma wɔn nso atie wo. Eyi hwehwɛ sɛ wobɛhome bere tenteenten ma wɔn nso anya kwan akasa bi.
Sɛ yɛkɔ asɛnka a, yɛn adansedi tu mpɔn kɛse bere a yɛma ɛyɛ nkɔmmɔbɔ no. Bere a Adansefo pii akyia ofiewura no ama wagye so awie no, wohu sɛ ɛyɛ papa sɛ wɔbɛda wɔn asɛmti adi, na afei wɔabisa asɛm bi. Wɔhome wɔn kasa mu sɛnea ɛbɛyɛ na nea wɔne no rekasa no atumi ama mmuae, na afei wɔabua nea ofiewura no kae no. Bere a morebɔ nkɔmmɔ no, wubetumi ama ofiewura no kwan mpɛn pii ma wakasa. Wonim sɛ sɛ wohu onipa a wɔne no rekasa no adwene wɔ asɛm a wɔresusuw ho no ho a, wobetumi ayɛ pii de aboa no.—Mmeb. 20:5.
Ɛwom, ɛnyɛ obiara na obebua nsɛmmisa yiye. Nanso ɛno ammu Yesu abam sɛ obegyina akyɛ kakra ma n’asɔretiafo mpo anya kwan akasa bi. (Marko 3:1-5) Onipa foforo a wo ne no rekasa a wobɛma no kwan ma wakasa no bɛhyɛ no nkuran ma wasusuw nneɛma ho, na ɛbɛma wada ne komam nsusuwii adi. Nokwarem no, yɛn som adwuma no atirimpɔw biako ne sɛ yɛbɛkanyan yɛn atiefo koma denam Onyankopɔn Asɛm mu nsɛmpɔw a ehia a yɛbɛka akyerɛ wɔn ma wɔagyina so asisi gyinae ahorow so.—Heb. 4:12.
Kasa mu ɔhome a ɛfata a yɛde bedi dwuma wɔ yɛn som adwuma mu no yɛ adwinni a wodi ankasa. Sɛ yɛde kasa mu ɔhome di dwuma sɛnea ɛsɛ a, adwene a ɛwom no tumi da adi yiye na ɛma wɔkae kasa no bere tenten.