Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • be adesua 16 kr. 135-kr. 138 nky. 4
  • Akokoduru

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Akokoduru
  • Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wubetumi Akasa Bagua Anim!
    Nyan!—1992
  • Mɛyɛ Dɛn Atumi Ayɛ Baguam Ɔkasafo Pa?
    Nyan!—2004
  • Nnianim Asɛm a Ɛkanyan Anigye
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Anigye
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
Hwɛ Pii Ka Ho
Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
be adesua 16 kr. 135-kr. 138 nky. 4

ADESUA 16

Akokoduru

Dɛn na ehia sɛ woyɛ?

Gyina hɔ, keka wo ho, na to wo bo kasa wɔ nidi mu wɔ ɔkwan a ɛkyerɛ sɛ wowɔ abodam so.

Dɛn nti na ɛho hia?

Sɛ woda akokoduru adi a, ɛda adi sɛ w’atiefo de wɔn adwene besi nea woreka no so sen sɛ wɔde besi wo so.

NE TITIRIW no, sɛ ɔkasafo a ɔntaa mma ɔkasa sɔre sɛ ɔrebɛkasa a, ehu taa ka no. Ehu kakra betumi aka ɔdawurubɔfo bere a ofi ase kasa wɔ asɛnka mu bere a edi kan koraa no. Bere a wɔpaw Yeremia sɛ odiyifo no, ɔkae sɛ: “Minnim kasa, na meyɛ abofra.” (Yer. 1:5, 6) Yehowa boaa Yeremia, na ɔbɛboa wo nso. Bere kɔ so no, wubenya akokoduru.

Ɔkasafo a ɔwɔ akokoduru ne nea ɔmpere ne ho. Abodam a ɛte saa no da adi wɔ sɛnea ɔkeka ne ho no mu. Ogyina hɔ a ne ho mpopo ma ɛfata tebea no. Ɔtoto ne nsa sɛnea ɛsɛ. Ɛnne a ɔde kasa no mu da hɔ, na otumi dannan no.

Ebia wobɛte nka sɛ nea wɔaka afa ɔkasafo a ɔwɔ akokoduru ho yi mfata wo, nanso wubetumi atu mpɔn. Ɔkwan bɛn so? Ma yensusuw nea enti a ehu tumi ka ɔkasafo na onnya akokoduru no ho nhwɛ. Nea ɛma ɛba saa no betumi afi nipadua no.

Sɛ wuhyia nsɛnnennen bi na wopɛ sɛ wudi ho dwuma yiye nanso wunhu nea wonyɛ a, ɛma wo ho yeraw wo. Nea efi mu ba ne sɛ, amemene no kanyan nipadua no ma emu ntini sɔresɔre. Eyi ma koma no bɔ ntɛmntɛm, w’ahome sakra, fifiri te wo pii, anaasɛ mpo ɛma wo nsa, wo nkotodwe, ne wo nne popo. Wo nipadua rebɔ mmɔden sɛ ɛbɛboa wo ma woadi tebea no so denam ahoɔden pii a ɛma wunya no so. Nea ehia ne sɛ wode ahoɔden no bedi dwuma ɔkwampa so de adwen nsɛm ho na wode ama ɔkasa no anigye so.

Sɛnea Wɔbrɛ Ahoyeraw Ase. Kae sɛ ɛnyɛ nwonwa sɛ wo ho betumi ayeraw wo kakra. Nanso, sɛ wobɛkɔ so anya akokoduru a, ɛsɛ sɛ wutumi brɛ ahoyeraw no ase na wudi wo tebea no ho dwuma wɔ abotɔyam ne ɔkwan a nidi wom so. Wobɛyɛ dɛn ayɛ ayi?

Sua no yiye paa. Gye bere fa sua wo kasa no. Hwɛ hu sɛ wote asɛm a wɔde ama wo no ase yiye. Sɛ wo kasa no yɛ nea ɛsɛ sɛ wopaw nsɛm a wubesusuw ho a, dwen nea w’atiefo no nim fa w’asɛm no ho dedaw ne nea wopɛ sɛ woyɛ no ho. Eyi bɛboa wo ma woapaw nsɛm a mfaso wɔ so. Sɛ ɛyɛ den ma wo mfiase no a, wo ne ɔkasafo bi a ne ho akokwaw nsusuw ho. Obetumi aboa wo ma woasusuw w’asɛm no ne w’atiefo no ho yiye. Sɛ wugye di sɛ wowɔ asɛm a w’atiefo no benya so mfaso, na wote ase paa a, ɔpɛ a wubenya sɛ wobɛka akyerɛ no bebunkam w’ahoyeraw no so.

Hwɛ wo nnianim asɛm no yiye. Hu sɛnea wobɛhyɛ ase. Bere a wugu so kasa no, ɛda adi sɛ ehu no bɛbrɛ ase.

Akwan koro no ara na yɛfa so de siesie yɛn ho ma asɛnka adwuma no. Nsusuw asɛmpɔw a wopɛ sɛ wo ne afoforo susuw ho no nko ho, na mmom susuw nnipa ko a wubedi wɔn adanse no nso ho. Siesie wo nnianim asɛm no yiye. Ma adawurubɔfo a wɔn ho akokwaw mmoa wo.

Ebia wobɛte nka sɛ sɛ worema ɔkasa a wɔakyerɛw emu nsɛm nyinaa akyerɛ nnipakuw bi a, wubenya akokoduru kɛse. Nea ɛte ankasa ne sɛ, eyi bɛma wo ho ayeraw wo kɛse bere biara a worema ɔkasa no. Ɛyɛ nokware sɛ akasafo binom kyerɛw nsɛm pii gu krataa so, bere a afoforo kyerɛw nsɛm kakraa bi no. Nanso ɛnyɛ nsɛm a woakyerɛw wɔ krataa so no na ɛbɛsesa nea wode w’adwene asi so no na abrɛ w’ahoyeraw ase, na mmom ahotoso a wowɔ wɔ wo komam sɛ nea woasiesie ama w’atiefo no som bo ankasa no.

Sua sɛnea wobɛma ɔkasa no den. Adeyɛ a ɛte saa no bɛma woanya ahotoso sɛ wubetumi ada wo nsusuwii adi. Bere a wokɔ so sua no, ɛbɛma woanya nsɛm a wobɛkae a ɛbɛkanyan wo ma wode adi dwuma bere a worema ɔkasa no. Sua no sɛnea wobɛma no no ara pɛ. Yɛ w’atiefo no ho mfonini wɔ w’adwenem. Tra ɔpon akyi anaa gyina hɔ, sɛnea sɛ worema ɔkasa no a wobɛyɛ no ara pɛ.

Bɔ Yehowa mpae fa hwehwɛ mmoa. So obetie mpaebɔ a ɛte saa? “Nnam a yɛde kɔ ne nkyɛn ne sɛ, yɛsrɛ biribiara sɛnea ɔpɛ a, otie yɛn.” (1 Yoh. 5:14) Sɛ wowɔ ɔpɛ sɛ wubedi Onyankopɔn ni na woaboa nkurɔfo ma wɔanya N’asɛm so mfaso a, akyinnye biara nni ho sɛ obetie wo mpaebɔ. Saa awerɛhyem no betumi ahyɛ wo den kɛse ma woayɛ wo dwumadi no. Bio nso, bere a wosow honhom aba—ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye, papayɛ, gyidi, odwo, ne ahosodi—no, wubenya adwene a wɔde di tebea horow ho dwuma akokoduru so no.—Gal. 5:22, 23.

Nya osuahu. Mpɛn dodow a wode wo ho hyɛ asɛnka adwuma mu no, dodow no ara na ehu no bɛbrɛ ase. Mpɛn dodow a woma mmuae wɔ nhyiam ase no, dodow no ara na ɛyɛ mmerɛw ma wo sɛ wubegyina afoforo anim akasa. Bere a ɔkasa a woma wɔ asafo nhyiam ase dɔɔso no, ahoyeraw a ɛba wo so ansa na woama ɔkasa biara no ano betumi abrɛ ase. So wobɛpɛ sɛ wunya hokwan pii de kasa? Ɛnde tu wo ho ma na si afoforo ananmu wɔ sukuu no mu bere a wɔantumi ammɛyɛ wɔn dwumadi no.

Bere a wode akwan a wɔfa so ma ɔkasa a ɛwɔ atifi hɔ no adi dwuma awie no, wubehu sɛ mfaso wɔ so sɛ wohwehwɛ nsɛnkyerɛnne ahorow a ɛmma wontumi nna abodam adi no mu. Nsɛnkyerɛnne ahorow no a wubehu na woasua sɛnea wubedi so no bɛboa wo ma wode akokoduru akasa. Nsɛnkyerɛnne ahorow no betumi ada adi wɔ nipadua mu anaa wɔ ɛnne mu.

Nipaduam Nsɛnkyerɛnne Ahorow. Sɛ́ wowɔ akokoduru anaasɛ wunni bi no da adi wɔ sɛnea wodannan wo ho ne sɛnea wode wo nsa di dwuma no mu. Nea edi kan no, susuw nsa no ho. Wo nsa a wode begu w’akyi, wode bɛfam wo ho denneennen, anaa wode beso ɔpon a wugyina akyi kasa no mu denneennen; wo nsa a edi wo kotoku mu akɔneaba, ɛtoto w’atade mu na ɛsan bue, ɛnenam w’afono ho, wode hyehyɛ wo hwenem, wode suso w’ahwehwɛniwa mu; wo nsa a wode di wo wɔɔkye, pɛnsere, kawa, anaa krataa a woakyerɛw nsɛm wɔ so ho agoru; wo nsa a womfa nsi asɛm so dua wɔ ɔkwan pa so—eyinom nyinaa kyerɛ sɛ wunni akokoduru.

Wo nan a wotaa twetwe no ase, wo nipadua a wodannan no kɔ ha ba ha, sɛnea wugyina hɔ kyenkyerenn a wonkeka wo ho, ne sɛnea wogyaagyae wo ho gyina hɔ, w’ano a wotaforo mpɛn pii, ntasu a wotaa memene, ne sɛnea wohome hyee-hyee no nyinaa betumi ada no adi sɛ wunni ahotoso.

Sɛ woyere wo ho a wobetumi adi ehu a ɛda adi yi so. Di biako ho dwuma ansa na woakɔ foforo so. Hu ɔhaw no, na di kan susuw nea ehia sɛ woyɛ de siw ano kwan no ho. Sɛ wobɔ ho mmɔden a, wubetumi ada akokoduru adi wɔ w’ahokeka mu.

Ɛnne mu Nsɛnkyerɛnne. Ɛnne ho adanse a ɛkyerɛ sɛ ehu aka obi no bi ne ɛnne a ɛkɔ soro dodo anaa ɛpopo. Ebia wotaa poro wo menewam anaa wokasa ntɛmntɛm. Wubetumi adi saa nsɛnnennen ne nneyɛe a aka wo hɔ yi so denam mmɔden a wobɛbɔ de adi wo nne so no so.

Sɛ ehu ka wo a, gyina na gu ahome ansa na woakɔ asɛnka agua no so. Bɔ mmɔden sɛ wobɛma w’akoma atɔ wo yam. Sɛ anka wobedwennwen ehu a aka wo no ho no, fa w’adwene si nea enti a wopɛ sɛ woka nea woasiesie no kyerɛ w’atiefo no so. Ansa na wobɛhyɛ ase akasa no, twɛn kakra na hwɛ w’atiefo no anim, hwehwɛ obi a n’anim tew na serew kakra. Kasa bɔkɔɔ fa fi ase, na afei fa w’adwene nyinaa hyɛ ɔkasa no mu.

Nea Ɛsɛ sɛ Wohwɛ Kwan. Nhwɛ kwan sɛ ehu a aka wo no nyinaa betu ayera. Ehu ka akasafo a wɔde mfe pii akasa wɔ asɛnka agua so no mu pii ansa na wɔakogyina atiefo anim. Nanso, wɔasua sɛnea wobedi ehu a ɛka wɔn no so. Ɔkasafo bi kae sɛ: “Me koma da so ara tu, nanso seesei de ɛnyɛ pii.”

Sɛ wufi komam bɔ mmɔden sɛ woremma ehu a aka wo no nna adi a, w’atiefo bebu wo sɛ ɔkasafo a ɔwɔ akokoduru. Ebetumi aba sɛ ehu bɛda so ara aka wo de, nanso wɔn adwene remma so koraa.

Kae sɛ, nkwammoaa a ɛwɔ wo mu a ɛkanyan ehu no betumi ama woanya ahoɔden kɛse nso. Fa di dwuma na fa nkate kasa.

Ɛho nhia sɛ wotwɛn kosi sɛ wobɛkɔ asɛnka agua so ansa na woasua eyinom nyinaa. Sua sɛ wubenya akokoduru ne ahosodi ne sɛnea wode nkate a ɛfata bɛkasa daa. Saa a wobɛyɛ no bedi aboa wo kɛse ma woanya ahotoso wɔ asɛnka agua so ne asɛnka adwuma no mu, baabi a ɛho hia paa no.

SƐNEA WUBENYA AKOKODURU

  • Sua no yiye.

  • Sua sɛnea wobɛma ɔkasa no.

  • ‘Dan w’adesoa to Yehowa so’ wɔ mpaebɔ mu.—Dw. 55:22.

  • Fa wo ho hyɛ asɛnka mu bere nyinaa, taa ma mmuae wɔ hyiam ase, na tu wo ho ma si obi a wamma ananmu wɔ sukuu no mu.

  • Hyɛ nneɛma a ɛmma wuntumi nnya abotɔyam no nsow, na sua sɛnea wubesiw ano anaa wubedi so.

DWUMADI: Nnawɔtwe biara, bɔ mmɔden sɛ wobɛma mmuae bɛboro biako wɔ Ɔwɛn-Aban Adesua ne Asafo Nhoma Adesua ase. Yɛ toa so ɔsram biako. Wubehu sɛ ehu no afi ase rebrɛ ase bere a woma mmuae a ɛto so abien anaa abiɛsa wɔ nhyiam koro no ara ase no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena