Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • be adesua 28 kr. 179-kr. 180 nky. 8
  • Nkɔmmɔbɔ Kwan So

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkɔmmɔbɔ Kwan So
  • Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wo Nne Ankasa a Wode Kasa
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Kasa Nkɔmmɔbɔ Kwan So
    Ma W’ani Nku Akenkan Ne Ɔkyerɛkyerɛ Ho
  • Kasa a Ɛkɔ Yɔɔ
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Monka Kasa a “Eye Ma Nkɔso”
    “Momfa Mo Ho Nsie Onyankopɔn Dɔ Mu”
Hwɛ Pii Ka Ho
Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
be adesua 28 kr. 179-kr. 180 nky. 8

ADESUA 28

Nkɔmmɔbɔ Kwan So

Dɛn na ehia sɛ woyɛ?

Kasa sɛnea wokasa daa wɔ wo nkɔmmɔbɔ mu nanso ma ɛmfata w’atiefo no.

Dɛn nti na ɛho hia?

Ɔkasa a wobɛma no nkɔmmɔbɔ kwan so sɛnea ɛfata no ma w’atiefo no de akomatɔyam tie wo na ɛboa wɔn ma wɔyɛ aso ma wo.

NKURƆFO ntaa nnwen nsɛm a wɔbɛka ho pii bere a wɔne wɔn nnamfo redi nkɔmmɔ no. Nsɛm a wɔka no ankasa na ɛba. Nnipa binom kasa anigye so; na afoforo hwɛ wɔn kasa yiye. Nanso obi nne ankasa a ɔde bɛkasa saa kwan no so no yɛ dɛ.

Nanso sɛ worehyia ɔhɔho bi a, ɛmfata sɛ wo ne no bɛkasa te sɛ nea wo ne obi a wunim no dedaw kasa. Nokwarem no, wɔ aman bi so no, wɔwɔ ɔkwan pɔtee a wɔfa so ne ahɔho fi nkɔmmɔbɔ ase. Bere a wɔada obu a ɛfata adi awie no, afei ebetumi ayɛ papa sɛ wɔde nhumu di dwuma ne no kasa wɔ ɔkwan a ɛnyɛ katee pii na ɛda nkɔmmɔbɔ su adi so.

Sɛ wokasa fi asɛnka agua so a, ɛsɛ sɛ wode ahwɛyiye di dwuma nso. Sɛ wode wo kasa di agoru pii a, ɛma nidi a ɛfata Kristofo nhyiam no ne aniberesɛm a asɛm a woka no yɛ no yera. Wɔ kasa ahorow bi mu no, wɔhwɛ kwan sɛ wɔde nsɛm bi bedi dwuma bere a obi ne obi a wanyin, ɔkyerɛkyerɛfo, aban panyin, anaa ɔwofo bi kasa no. (Hyɛ nsɛm a wɔde dii dwuma wɔ Asomafo no Nnwuma 7:2 ne 13:16 no nsow.) Wɔde nsɛm afoforo di dwuma bere a obi ne n’aware mu hokafo anaa ne yɔnko paa kasa no. Bere a ɛnsɛ sɛ yɛma ɔkwan a yɛfa so kasa wɔ asɛnka agua so no yɛ katee dodo no, ɛsɛ sɛ ɛda obu adi.

Nanso nneɛma bi wɔ hɔ a ebetumi ama obi kasa ayɛ katee anaa ne tie ayɛ den. Emu biako ne sɛnea wɔhyehyɛ kasamu anaa kasasin no. Sɛ ɔkasafo bi bɔ mmɔden sɛ ɔbɛkenkan asɛm bi sɛnea wɔakyerɛw no pɛpɛɛpɛ a, ɛde ɔhaw ba. Ɛsono sɛnea wɔkyerɛw asɛm bi ne sɛnea wɔka no no koraa. Ɛyɛ nokware sɛ nsɛm a wɔatintim na yɛtaa de yɛ nhwehwɛmu. Kratasin a wɔahyehyɛ nsɛm ntiantiaa wɔ so na yɛtaa gyina so ma ɔkasa no. Nanso sɛ woka nsɛm sɛnea wɔakyerɛw wɔ kratasin a wɔhwɛ so ma ɔkasa no so bere a woma ɔkasa no a, ɛda adi sɛ wo kasa no renyɛ te sɛ nkɔmmɔbɔ. Nea ɛbɛma woatumi akasa wɔ nkɔmmɔbɔ kwan so no, fa w’ankasa wo nsɛm kasa, na kwati sɛ wubedi sɛnea wɔahyehyɛ kasamu no akyi.

Ade foforo nso ne sɛnea yɛbɛma kasa akɔ ntɛm anaa brɛoo. Kasa a ɛyɛ katee na ne tie nyɛ dɛ no taa yɛ nea wɔatetew nsɛmfua no ntam pɛpɛɛpɛ na ɛnkɔ ntɛm anaa brɛoo. Wɔ nkɔmmɔ a yɛbɔ daa mu no, yɛsakra sɛnea kasa no kɔ mu na yɛtaa home sɛnea ɛsɛ.

Ɛwom, sɛ wokasa kyerɛ nnipadɔm a, ɛsɛ sɛ woma wo nne so, na wode ɔhyew ne anigye kasa wɔ nkɔmmɔbɔ kwan so sɛnea ɛbɛyɛ a atiefo no bɛyɛ aso ama wo.

Nea ɛbɛyɛ na wode nkɔmmɔbɔ kwan a ɛfata ma asɛnka adi dwuma no, ehia sɛ wode yɛ wo su sɛ wobɛkasa yiye daa. Eyi nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ woyɛ obi a wasua nhoma akɔ akyiri. Nanso eye sɛ wubesua sɛnea wɔkasa yiye na ama afoforo afa wo kasa aniberesɛm. Bere a ɛno wɔ w’adwenem no, susuw ho sɛ ebia ebehia sɛ woyɛ nsɛm a edidi so yi ho biribi wɔ wo daa nkɔmmɔbɔ mu:

  1. Kwati nsɛm a ɛne kasa ho mmara nhyia anaa ɛma wobu wo fra nnipa a wɔn asetra kwan ne Nyankopɔn gyinapɛn nhyia no. Nea ɛne afotu a ɛwɔ Kolosefo 3:8 hyia no, kwati aniwusɛm anaa kasafĩ. Ɔkwan foforo so no, wubetumi de nsɛm a wɔka nanso wɔnkyerɛw adi dwuma. Nsɛm a wɔka nanso wɔnkyerɛw nni kasa ho mmara pɔtẽẽ biara de nanso wogye tom.

  2. Kwati sɛ wubetĩ nsɛm ne kasasin koro no ara mu de ada adwene foforo biara a ebia wobɛka adi. Sua sɛ wode nsɛmfua a ɛkyerɛkyerɛ wo nsɛm mu yiye bedi dwuma.

  3. Kwati sɛ wobɛsan w’akyi aka nsɛm a woaka awie denam hu a wubehu nsɛm a woabɔ wo tirim sɛ wobɛka no yiye so; ansa na woafi ase akasa.

  4. Kwati sɛ wobɛka nsɛm pii de akata nsɛm bi a etu mpɔn so. Fa yɛ wo su sɛ wode nsɛm ntiantiaa bɛka nsɛm a wopɛ sɛ wɔkae no yiye.

  5. Kasa wɔ ɔkwan a ɛkyerɛ obu ma afoforo so.

SƐNEA WOBƐYƐ NO

  • Fa sɛnea wususuw w’atiefo ho no fi ase. Fa wɔn sɛ wo nnamfo, nyɛ wo ho sɛnea wunni wɔn ho anigye pii. Kyerɛ obu ma wɔn.

  • Nhwɛ krataa so nkenkan wo nsɛm. Mmɔ mmɔden sɛ wobɛka nsɛm pɔtẽẽ a wɔakyerɛw wɔ krataa so no. Fa w’ankasa nsɛm kasa. Fa nsɛm ntiantiaa di dwuma, na dannan mu.

  • Fa w’adwene si nkɔmmɔbɔ kwan so a wobɛkasa no so. Fi komam kasa. Nea ehia ne asɛm no, ɛnyɛ nkɛntɛnso a ebenya wɔ afoforo so no.

  • Ma sɛnea wobɔ nkɔmmɔ daa no ntu mpɔn. Fa nyansahyɛ a wɔde ama wɔ kratafa yi mu no di dwuma mmiako mmiako.

DWUMADI: Hwɛ ɔkwan a wofa so bɔ nkɔmmɔ daa no. Fa nyansahyɛ anum a wɔde ama wɔ atifi hɔ no di dwuma, bere a wode w’adwene si biako so da mũ nyinaa no. Bere biara a wubedi mfomso no, san tĩ wo nsusuwii no mu, anyɛ yiye koraa no wɔ w’adwenem, na yɛ saa ɔkwan a ɛteɛ so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena