Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • be adesua 40 kr. 223-kr. 225 nky. 3
  • Nokwasɛm a Wɔka

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nokwasɛm a Wɔka
  • Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ka Nsɛm a Ɛyɛ Nokware Na Ɛtɔ Asom
    Ma W’ani Nku Akenkan Ne Ɔkyerɛkyerɛ Ho
  • Sɛnea Wɔyɛ Nhwehwɛmu
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Kenkan Bible Daa na Twa So Aba
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Ka Asɛm No Fa Yɛ Asuafo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
Hwɛ Pii Ka Ho
Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
be adesua 40 kr. 223-kr. 225 nky. 3

ADESUA 40

Nokwasɛm a Wɔka

Dɛn na ehia sɛ woyɛ?

Ka nsɛm no ma ɛne nokwasɛm nhyia koraa.

Dɛn nti na ɛho hia?

Nokwasɛm a wobɛka no ma wonya wo, ahyehyɛde a woresom wom, ne Onyankopɔn a wosom no no ho adwempa.

DƐN nti na Kristoni betumi aka asɛm bi a ɛnyɛ nokware? Ebia na ɔretĩ asɛm bi a wate no mu, bere a onnyee bere mfa nhwehwɛɛ nokwasɛm a ɛwom no. Anaasɛ obetumi agugu nsɛm bi mu esiane sɛ ebia wamfa ahwɛyiye ankenkan n’asɛm no nti. Sɛ yɛma yɛn ani ku nokwasɛm a yɛbɛka ho, wɔ nsɛm nketenkete mpo mu a, yɛn atiefo behu sɛ wobetumi anya ahotoso wɔ nokwasɛm a yɛn kasa no fã a ehia no yɛ no mu.

Wɔ Asɛnka Mu. Esiane sɛ nnipa pii susuw sɛ wonsuaa nneɛma pii nti, wosuro sɛ wobefi nkɔmmɔbɔ ase wɔ asɛnka mu. Nanso ɛnkyɛ na saafo yi ahu sɛ wotumi di adanse a etu mpɔn, ɛmfa ho sɛ wonni nokware no ho nimdeɛ pii no. Ɔkwan bɛn so? Denam ahosiesie a wɔyɛ so.

Ansa na wubefi adi akɔ asɛnka no, hu asɛm a wopɛ sɛ wususuw ho no yiye. Bɔ mmɔden sɛ wobɛhwɛ nsɛm a w’atiefo no bebisa no kwan. Hwehwɛ mmuae a ɛtɔ asom a egyina Bible no so. Eyi besiesie wo ma woama mmuae a ɛteɛ a wommrɛ ho pii. So worekɔyɛ Bible adesua? Hwɛ adesua asɛm no mu yiye. Hwɛ hu sɛ wote Kyerɛwnsɛm a nsɛmmisa a wɔatintim no mmuae gyina so no ase.

Nanso sɛ ɛba sɛ ofiewura bi anaa obi a wo ne no yɛ adwuma bisa wo asɛm bi a wonyɛɛ krado sɛ wobɛma ho mmuae nso ɛ? Sɛ wunnim nokwasɛm a ɛwom no yiye a, mmɔ wo tirim nka biribiara. “Ɔtreneeni koma dwen mmuae ho.” (Mmeb. 15:28) Sɛ Reasoning From the Scriptures nhoma no anaa “Bible Mu Nsɛmti Ma Nkɔmmɔbɔ” nhomawa no wɔ wo kasa mu a, wubetumi anya mmoa a wuhia no wɔ mu. Sɛ wunni eyi mu biara a, bɔ mmɔden yɛ asɛmmisa no ho nhwehwɛmu na san kɔ. Sɛ nea obisaa asɛm no ani abere a, ɛrenhaw no sɛ ɔbɛtwɛn mmuae a ɛteɛ no. Nokwasɛm ne sɛ, obetumi akyerɛ w’ahobrɛase no ho anisɔ.

Sɛ wo ne adawurubɔfo a wɔn ho akokwaw taa kɔ asɛnka a, ebetumi aboa wo ma woakura Onyankopɔn Asɛm no mu pɛpɛɛpɛ. Hwɛ kyerɛw nsɛm ko a wɔde di dwuma ne ɔkwan a wɔfa so ka ho asɛm no. Fi ahobrɛase mu gye nyansahyɛ anaa nteɛso biara a wɔde bɛma wo no tom. Apolo, ɔsomafo a na ɔyɛ nnam no nyaa mmoa a afoforo de maa no no so mfaso. Luka ka faa Apolo ho sɛ “n’ano tew” ‘ɔyɛ den honhom mu,’ ɔbarima a “ɔkasa na ɔkyerɛkyerɛ Yesu ho nsɛm yiye.” Nanso, na ɔnte nsɛm bi ase. Bere a Priskila ne Akwila huu eyi no, “wɔfaa no baa wɔn nkyɛn, na wɔkyerɛɛ no Nyankopɔn kwan pɛpɛɛpɛ.”—Aso. 18:24-28.

‘Nokwasɛm no a Yebeso Mu Pɛpɛɛpɛ.’ Ɛsɛ sɛ ɔkasa a yɛma wɔ nhyiam ahorow ase no da obu a emu dɔ adi wɔ dwuma a asafo no di sɛ “nokware dum ne nnyinaso” no mu. (1 Tim. 3:15) Nea ɛbɛyɛ na yɛagyina nokware no akyi no, ehia sɛ yɛte kyerɛw nsɛm a yɛpɛ sɛ yɛde di dwuma wɔ ɔkasa horow mu no ase. Susuw nsɛm a ɛfa ho no ne adwene a ɛwɔ akyi no ho.

Wubetumi atĩ nea woka wɔ asafo nhyiam ase no mu bio. Nokwarem no, “yɛn nyinaa fom nneɛma pii mu.” (Yak. 3:2) Nanso sɛ wunya su a ɛma wutumi ka nokwasɛm a, ɛbɛboa wo. Bere rekɔ so no, anuanom mmarima pii a wɔde wɔn ho ahyɛ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu no bɛba abɛyɛ asafo mu mpanyimfo. Wɔbɛhwehwɛ “nea ɛboro so” afi wɔn a wɔde asɛyɛde a ɛte saa ahyɛ wɔn nsa no hɔ. (Luka 12:48) Sɛ ɔpanyin bi anhwɛ yiye na ɔde afotu bɔne ma na ɛkɔfa asɛm bi ba asafo no mufo bi so a, Onyankopɔn bo befuw ɔpanyin no. (Mat. 12:36, 37) Enti, ɛsɛ sɛ onua a ɔfata sɛ wɔpaw no sɛ ɔpanyin no yɛ obi a wonim no sɛ “oso nokwasɛm no mu sɛnea wɔkyerɛɛ no no.”—Tito 1:9.

Hwɛ hu sɛ wobɛma wo nkyerɛkyerɛmu ne “nsɛm pa a eye . . . no nhwɛso” a wɔada no adi wɔ Kyerɛwnsɛm mu no nyinaa ahyia. (2 Tim. 1:13) Ɛnsɛ sɛ eyi hunahuna wo. Ebia wuntumi nkenkanee Bible mũ no nyinaa nwiei. Kɔ so di ho dwuma. Nanso saa bere yi, hyɛ sɛnea nyansahyɛ a edidi so yi betumi aboa wo ma woasusuw nsɛm a woredwen ho sɛ wode bɛkyerɛkyerɛ ho no nsow.

Nea edi kan no bisa wo ho sɛ: ‘So nsɛm yi ne nea masua afi Bible mu dedaw no hyia? So ɛbɛtwe m’atiefo abɛn Yehowa, anaa wiase nyansa na ɛkamfo kyerɛ, na ɛbɛhyɛ nkurɔfo nkuran na akyerɛ wɔn kwan?’ Yesu kae sɛ: “W’asɛm yɛ nokware.” (Yoh. 17:17; Deut. 13:1-5; 1 Kor. 1:19-21) Nea edi hɔ no, fa nnwinnade a wɔde sua ade a akoa nokwafo ne ɔbadwemma kuw no de ama no di dwuma yiye. Ɛnyɛ kyerɛw nsɛm no nko na eyi bɛboa wo ma woate ase yiye, na mmom ɛbɛboa wo ma wode adi dwuma wɔ ɔkwan a ɛkari pɛ na ntease wom so nso. Sɛ woma wo kasa gyina ‘nsɛm pa a eye no nhwɛso’ so na wode wo ho to Yehowa akwan so bere a worekyerɛkyerɛ nsɛm mu anaa wode kyerɛw nsɛm redi dwuma no a, ɛbɛma woaka nsɛm a ɛyɛ nokware.

Nsɛm mu Nokwasɛm a Wobɛhwehwɛ. Sɛ woreyɛ mfatoho bi anaa worekyerɛ sɛnea wɔde nsɛm pɔtee bi bedi dwuma a, nsɛm a asisi nnansa yi, nsɛm a wɔfa ka, ne osuahu ahorow betumi aboa. Wobɛyɛ dɛn atumi ahu sɛ ɛyɛ nokware? Ɔkwan biako ne sɛ wubenya nsɛm a ɛtete saa afi obi a wowɔ ne mu ahotoso nkyɛn. Kae sɛ wobɛyɛ nhwehwɛmu ahwɛ sɛ nsɛm no yɛ ne bere mu de anaa. Akontaabu tumi twam, nyansahu mu nneɛma a wohu tumi sakra ntɛmntɛm, na bere a nnipa ntease kɔ anim wɔ abakɔsɛm ne tete kasa mu no, ɛsɛ sɛ yɛsakra nea na yenim kan no. Sɛ woresusuw ho sɛ wode atesɛm krataa mu nsɛm, television so nsɛm, radio so nsɛm, anaa Intanɛt so nsɛm bedi dwuma a, yɛ ahwɛyiye paa. Mmebusɛm 14:15 tu fo sɛ: “Atetekwaa gye nsɛm nyinaa di, na onitefo hwɛ ne nantew mu yiye.” Bisa wo ho sɛ: ‘So wonim baabi a nsɛm no fi bae no sɛ wɔka nokware? So wubetumi afa kwan foforo so ahwehwɛ nokwasɛm a asɛm no yɛ mu?’ Sɛ w’adwenem nteɛ wo wɔ nokware a nsɛm no yɛ ho a, mfa nni dwuma.

Nea ɛka nsɛm mu a wobɛhwehwɛ anya mu ahotoso ho no, susuw sɛnea woabɔ wo tirim sɛ wode bedi dwuma no ho yiye. Hwɛ hu sɛ nsɛm a worefa mu nsɛm aka ne akontaabu ahorow a wode bedi dwuma no ne nsɛm a wuyi fii mu no hyia. Bere a wobɔ mmɔden sɛ wobɛkyerɛkyerɛ nsɛm mu yiye no, hwɛ yiye na “nnipa binom” annan “nnipa dodow no ara,” na “nnipa pii” annan “obiara,” na “ɛtɔ mmere bi a” annan “bere nyinaa.” Nsɛm a ɛfa akontaabu, sɛnea biribi kowie, anaa aniberesɛm a biribi yɛ ho a wubegugu mu no bɛma wo nokwaredi ho aba asɛm.

Sɛ bere nyinaa woka nsɛm a ɛyɛ nokware a, wobehu wo sɛ obi a ɔkyerɛ obu ma nokware. Eyi ma wɔka Yehowa Adansefo, sɛ kuw no ho asɛmpa. Nea ehia sen biara no, ɛhyɛ ‘Yehowa nokware Nyankopɔn’ no anuonyam.—Dw. 31:5.

SƐNEA WƆYƐ NO

  • Kwati sɛ wobɛma mmuae bere a w’adwenem yɛ wo nãã no.

  • Ma wo mmuae no nnyina ‘nsɛm pa a eye no nhwɛso’ a ɛwɔ Bible mu no so.

  • Yɛ w’asɛm no mu nhwehwɛmu.

  • Hwehwɛ nokwasɛm a akontaabu, nsɛm a wɔfa ka, ne osuahu yɛ mu, na fa di dwuma a wungugu mu. Kwati sɛ wobɛbɔ wo tirim aka nsɛm bi a wonkae no papa.

DWUMADI: Bere a wode w’ankasa nsɛm kyerɛkyerɛ nsɛm a edidi so yi mu no, ma Ɔdansefo bi a ne ho akokwaw ntie na ɔnhwɛ nokwasɛm a ɛwɔ nea woreka no mu mma wo: (1) Yehowa te dɛn, na woyɛ dɛn hu? (2) Dɛn nti na Yesu de ne nkwa bɔɔ afɔre, na ɔkwan bɛn so na yebetumi anya eyi so mfaso? (3) Efi bere a wosii Yesu Kristo hene no, dɛn na ɔreyɛ?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena