Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • be kr. 272-kr. 281 nky. 4
  • Nkrasɛm a Ɛsɛ sɛ Yɛka

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkrasɛm a Ɛsɛ sɛ Yɛka
  • Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ‘SURO NOKWARE NYANKOPƆN NO NA DI NE MMARA NSƐM SO’
  • ‘YESU HO ADANSE A YEBEDI’
  • “AHENNI HO ASƐMPA YI”
  • Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Yedi “Kristo No”akyi?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • Ahenni a “Wɔrensɛe no Da”
    Biako a Wɔayɛ De Resom Nokware Nyankopɔn Koro No
  • Onyankopɔn Ahenni Di Tumi
    Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu
  • Dɛn Ne Onyankopɔn Ahenni?
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
Hwɛ Pii Ka Ho
Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
be kr. 272-kr. 281 nky. 4

Nkrasɛm a Ɛsɛ sɛ Yɛka

Yehowa de asɛyɛde ne hokwan kɛse ama yɛn, na ɔka sɛ: “Mone m’adansefo, . . . Mene Nyankopɔn.” (Yes. 43:12, 13) Yɛnyɛ gyidifo kɛkɛ. Yɛyɛ Adansefo a yedi nokware ahorow a ɛho hia a ɛwɔ Nyankopɔn Asɛm a efi honhom mu no ho adanse wɔ baguam. Nkrasɛm bɛn na Yehowa de ahyɛ yɛn nsa sɛ yɛnka wɔ yɛn mmere yi mu no? Ɛtwe adwene si Yehowa Nyankopɔn, Yesu Kristo, ne Mesia Ahenni no so.

‘SURO NOKWARE NYANKOPƆN NO NA DI NE MMARA NSƐM SO’

TETEETE ansa na Kristofo mmere reba no, Yehowa kaa nhyehyɛe a wayɛ ama “asase so amanaman nyinaa” a ɔde behyira wɔn no ho asɛm kyerɛɛ ɔnokwafo Abraham. (Gen. 22:18) Ɔde ne honhom kaa Salomo nso ma ɔkyerɛw ahwehwɛde titiriw bi a ɛsɛ sɛ adesamma nyinaa du ho no ho asɛm sɛ: “Suro Nyankopɔn na di ne mmara nsɛm so. Na eyi ne nnipa nyinaa asɛde.” (Ɔsɛnk. 12:13) Nanso ɛbɛyɛ dɛn na nnipa a wɔwɔ aman nyinaa mu asua eyi ho ade?

Ɛwom sɛ bere nyinaa nnipa binom wɔ hɔ a wogye Onyankopɔn asɛm di de, nanso Bible no kyerɛ sɛ wɔkoraa wiase nyinaa adansedi a ɛbɛma asɛmpa no adu aman nyinaa mu no so maa “Awurade da” no mu. Eyi fii ase wɔ 1914 mu. (Adi. 1:10) Ɛdefa saa bere no ho no, Adiyisɛm 14:6, 7 kaa ho asɛm sɛ asɛmpa bi a ɛho hia wɔ hɔ a wɔbɛka no wɔ abɔfo akwankyerɛ ase de “akyerɛ aman ne mmusuakuw ne kasa ne nkurɔfo nyinaa.” Wɔbɛhyɛ wɔn nkuran sɛ: “Munsuro Onyankopɔn na monhyɛ no anuonyam, efisɛ n’atemmu dɔn adu. Na monkotow nea ɔyɛɛ soro ne asase ne ɛpo ne asuti no.” Ɛyɛ Onyankopɔn pɛ sɛ wɔde saa nkrasɛm yi ma. Yɛanya hokwan sɛ yɛreyɛ saa adwuma no bi.

‘Nokware Nyankopɔn No.’ Bere a Yehowa kae sɛ, “Mone m’adansefo no,” na ɛfa Nyamesu ho akyinnye a wogyei ho ɔsɛmpɔw no ho. (Yes. 43:10) Nkrasɛm a ɛsɛ sɛ wɔka no nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ nkurɔfo de wɔn ho kɔhyɛ ɔsom bi mu anaasɛ ɛsɛ sɛ wogye nyame bi di kɛkɛ. Mmom no, ebehia sɛ wɔma wonya hokwan hu sɛ nea Ɔbɔɔ soro ne asase no ne nokware Nyankopɔn koro no. (Yes. 45:5, 18, 21, 22; Yoh. 17:3) Nokware Nyankopɔn no nkutoo na yebetumi anya ne mu ahotoso sɛ obetumi aka nea ebesi daakye ho asɛm asie. Ɛyɛ hokwan a yɛanya sɛ yɛbɛkyerɛ sɛ Yehowa nsɛm a ɛbaa mu tete no yɛ adanse kɛse a yebetumi de yɛn ho to so sɛ biribiara a wahyɛ ho bɔ sɛ ɛbɛba daakye no bɛbam.—Yos. 23:14; Yes. 55:10, 11.

Ɛwom sɛ, nnipa a yedi wɔn adanse no pii som anyame ahorow anaa wɔkyerɛ sɛ wɔnsom nyame biara koraa. Nanso, nea ɛbɛyɛ na yɛanya wɔn ma wɔatie yɛn no, ebehia sɛ yɛde asɛm bi a yɛne wɔn nyinaa adwene hyia wɔ ho fi ase. Yebetumi anya nhwɛso a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Asomafo no Nnwuma 17:22-31 no so mfaso. Hyɛ no nsow sɛ, ɛwom sɛ na ɔsomafo Paulo de anifere di dwuma de, nanso ɔkaa akontaa a nnipa nyinaa bebu akyerɛ Onyankopɔn a Ɔbɔɔ soro ne asase no ho asɛm.

Nyankopɔn Din a Yɛbɛma Wɔahu. Mma w’ani mmpa so sɛ wobɛma wɔde Nyankopɔn din ahu no. Yehowa ani gye ne din ho. (Ex. 3:15; Yes. 42:8) Ɔpɛ sɛ nkurɔfo hu saa din no. Ɔmaa wɔde n’anuonyam din no hyɛɛ Bible no mu bɛboro mpɛn 7,000. Ɛyɛ yɛn asɛde sɛ yɛbɛma nkurɔfo ahu.—Deut. 4:35.

Adesamma nyinaa daakye asetra ho anidaso gyina hu a wobehu Yehowa na wɔde ne din adi dwuma wɔ gyidi mu no so. (Yoel 2:32; Mal. 3:16; 2 Tes. 1:8) Nanso, nnipa pii nnim Yehowa. Nnipadɔm a wɔkyerɛ sɛ wɔsom Bible mu Nyankopɔn no nso ka ho. Sɛ mpo wɔwɔ Bible no bi a wɔkenkan a, wɔrenhu Nyankopɔn ankasa din no ara efisɛ wɔayi afi nnɛyi nkyerɛase pii mu. Nimdeɛ kakra a nnipa binom wɔ wɔ edin Yehowa ho ne sɛ wɔn nyamesom akannifo no aka akyerɛ wɔn sɛ wɔmmmɔ din no.

Yɛbɛyɛ dɛn ama nnipa ahu Nyankopɔn din? Ɔkwan a etu mpɔn biara nni hɔ a yebetumi afa so ama wɔahu sen sɛ yebefi Bible mu—sɛ ɛbɛyɛ yiye a, wɔn ankasa de mu—akyerɛ wɔn. Wɔ Bible nkyerɛase ahorow bi mu no, saa din no pue wom mpɛn mpempem pii. Wɔ afoforo mu no, ebia ebepue wɔ Dwom 83:18 anaa Exodus 6:3-6 nkutoo, anaasɛ wobehu wɔ Exodus 3:14, 15 anaa 6:3 ase hɔ asɛm no mu. Wɔ nkyerɛase pii mu no, wɔde nkyerɛkyerɛmu te sɛ, “Awurade” ne “Onyankopɔn,” a wɔakyerɛw no akɛse na edi dwuma bere a din no ankasa pue wɔ mfitiase kasa nkyerɛase mu no. Faako a nnɛyi nkyerɛasefo ayi Nyankopɔn din ankasa afi mu koraa no, ebehia sɛ wode Bible nkyerɛase dedaw di dwuma de kyerɛ nkurɔfo no. Wɔ aman bi mu no, wubetumi atwe adwene akɔ Nyankopɔn din so wɔ nyamesomfo nnwom nhoma ahorow mu anaa wɔ nkyerɛwee bi a ɛwɔ dan titiriw bi ho.

Ɛdefa wɔn a wɔsom anyame afoforo mpo ho no, wubetumi de Yeremia 10:10-13 a ɛwɔ New World Translation mu no adi dwuma ma atu mpɔn. Ɛmmɔ Onyankopɔn din nko na mmom ɛkyerɛkyerɛ onii ko a ɔyɛ nso mu pefee.

Mfa agyiraehyɛde te sɛ “Onyankopɔn” ne “Awurade” nkata edin Yehowa no so te sɛ nea Kristoman mufo yɛ no. Eyi nso nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔde din no fi nkɔmmɔbɔ biara ase. Esiane adwene a ɛmfata a ebinom wɔ wɔ ho nti, sɛ wɔte din no a ɛma wotwa nkɔmmɔbɔ no so. Nanso bere a woakyerɛ nea enti a morebɔ nkɔmmɔ no, nkwati sɛ wode Nyankopɔn din no bedi dwuma.

Ɛfata sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ Bible no de Nyankopɔn din ankasa di dwuma mpɛn pii sen “Awurade” ne “Onyankopɔn” a wɔaka abom. Ne saa mpo no, Bible akyerɛwfo no ammɔ mmɔden sɛ wɔde Nyankopɔn din bɛhyɛ kasamu biara mu. Wofi wɔn pɛ mu yɛɛ saa a na biribiara nhyɛ wɔn so, na wofi obu mu na wɔyɛɛ saa. Ɛno yɛ nhwɛso pa a ɛsɛ sɛ yedi akyi.

Onii a Wɔde Din no Nim No. Ɛwom sɛ nokwasɛm a ɛyɛ sɛ Onyankopɔn wɔ n’ankasa din no ho hia de, nanso ɛno yɛ mfiase ara kwa.

Sɛ nnipa bɛdɔ Yehowa na wɔde gyidi abɔ ne din a, ebehia sɛ wohu Onyankopɔn ko a ɔyɛ. Bere a Yehowa daa ne din adi kyerɛɛ Mose wɔ Sinai Bepɔw so no, Ɔyɛɛ nea ɛsen edin “Yehowa” a obetĩ mu kɛkɛ. Ɔtwee adwene sii Ne su horow a ɛda nsow no bi so. (Ex. 34:6, 7) Ɛno yɛ nhwɛso a ɛsɛ sɛ yesuasua.

Sɛ́ ebia woredi anigyefo foforo adanse anaasɛ worema ɔkasa horow wɔ asafo no mu no, sɛ woka nhyira ahorow a Ahenni no de bɛba ho asɛm a, kyerɛ nea eyi ka fa Nyankopɔn ko a ɔhyɛɛ saa bɔ ahorow no ho. Sɛ woreka biribi afa ne mmara nsɛm ho a, si nyansa ne ɔdɔ a ɛwom no so dua. Ma ɛnna adi pefee sɛ, Nyankopɔn ahwehwɛde mfa adesoa biara nto yɛn so, na mmom, ɛwɔ hɔ ma yɛn yiyedi. (Yes. 48:17, 18; Mika. 6:8) Kyerɛ sɛnea asɛm a tumi wom a Yehowa bɛka biara ka biribi fa ne nipasu, ne gyinapɛn, ne n’atirimpɔw ho. Twe adwene si kari a Yehowa kari pɛ wɔ sɛnea ɔda ne su ahorow adi ho no so. Ma afoforo nte sɛ woreda sɛnea wote nka fa Yehowa ho no adi wɔ wo kasa mu. Ɔdɔ a wowɔ ma Yehowa no betumi akanyan afoforo ma wɔn nso anya bi.

Nkrasɛm a egye ntɛmpɛ wɔ yɛn bere yi mu hyɛ nnipa nyinaa nkuran sɛ wonsuro Onyankopɔn. Ɛsɛ sɛ yɛfa nea yɛka so kanyan afoforo ma wonya saa osuro pa no. Saa suro yi yɛ osuro pa, edi Yehowa ni, ɛda obu a emu dɔ a yɛwɔ ma no no adi. (Dw. 89:7) Nea ɛka ho nso ne nim a yenim sɛ Yehowa ne Ɔtemmufo kɛse no, ne sɛ yɛn daakye anidaso gyina n’anim dom a yebenya so. (Luka 12:5; Rom. 14:12) Enti, saa osuro no ne ɔdɔ a emu yɛ den a yebenya ama no na ama yɛanya ɔpɛ a emu yɛ den sɛ yɛbɛsɔ n’ani no aka abom. (Deut. 10:12, 13) Onyankopɔn suro nso ka yɛn ma yekyi bɔne, di Nyankopɔn mmara nsɛm so, na yɛde koma mũ som no. (Deut. 5:29; 1 Be. 28:9; Mmeb. 8:13) Ɛbɔ yɛn ho ban fi Nyankopɔn a yɛbɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛsom no, na bere koro no ara yɛadɔ nneɛma a ɛwɔ wiase no ho.—1 Yoh. 2:15-17.

Onyankopɔn Din—Ɛyɛ “Aban Dennen.” Nnipa a wohu Yehowa ampa no nya ahobammɔ kɛse. Ɛnyɛ ne din ankasa a wɔde di dwuma anaasɛ ne su ahorow a wotumi bobɔ kɛkɛ no nti. Nea enti a ɛte saa ne sɛ wɔde wɔn werɛ hyɛ Yehowa mu ankasa. Mmebusɛm 18:10 ka wɔn ho asɛm sɛ: ‘Aban dennen ne Yehowa din, ɛno mu na ɔtreneeni guan kɔ, na wɔkora no.’

Fa hokwan biara a wubenya no di dwuma yiye fa kyerɛ afoforo ma wɔmfa wɔn ho nto Yehowa so. (Dw. 37:3; Mmeb. 3:5, 6) Ahotoso a ɛte saa no kyerɛ gyidi a wɔwɔ wɔ Yehowa ne ne bɔhyɛ ahorow mu. (Heb. 11:6) Sɛ nnipa ‘bɔ Yehowa din’ esiane sɛ wonim sɛ ɔno ne Amansan Hene no nti, na wɔdɔ n’akwan, na wogye di koraa sɛ nokware nkwagye fi ne nkutoo hɔ a, ɛno ansa na Nyankopɔn Asɛm ma yɛn awerɛhyem sɛ—wobegye wɔn nkwa. (Rom. 10:13, 14) Bere a wokyerɛkyerɛ afoforo no, boa wɔn ma wonnya gyidi a ɛte saa wɔ asetra mu dwumadi nyinaa mu.

Nnipa pii hyia nsɛnnennen a ebunkam wɔn so. Ebia na wonhu ɔkwan a wɔbɛfa so adi ho dwuma. Hyɛ wɔn nkuran ma wonsua Yehowa apɛde, mfa wɔn ho nto no so, na wɔmfa nea wosua no nni dwuma. (Dw. 25:5) Hyɛ wɔn nkuran ma womfi komam mmɔ mpae nsrɛ Nyankopɔn hɔ mmoa na wɔnna no ase wɔ ne nhyira horow no ho. (Fil. 4:6, 7) Sɛ wobehu Yehowa a ɛnyɛ sɛ Bible no fã bi kɛkɛ na wɔkenkan na mmom wɔrehu ne bɔhyɛ ahorow no mmamu bi wɔ wɔn ankasa asetra mu a, wobefi ase anya ahobammɔ a efi nea Yehowa din kyerɛ ankasa ho anisɔ a wɔbɛkyerɛ no mu.—Dw. 34:8; Yer. 17:7, 8.

Fa hokwan biara a wubenya di dwuma yiye fa boa nkurɔfo ma wɔnkyerɛ nyansa a ɛwɔ nokware Nyankopɔn Yehowa ho suro, ne n’ahyɛde a wobedi so no mu ho anisɔ.

‘YESU HO ADANSE A YEBEDI’

WƆ Yesu Kristo wusɔre akyi, ansa na ɔresan akɔ soro no, ɔmaa n’asuafo akwankyerɛ sɛ: ‘Mobɛyɛ m’adansefo . . . de akɔpem asase ano nohɔ.’ (Aso. 1:8) Wɔka Onyankopɔn asomfo anokwafo a wɔwɔ hɔ nnɛ ho asɛm sɛ wɔn a ‘wokura Yesu Kristo adanse’ mu. (Adi. 12:17) Nsiyɛ a wode di saa adanse no te dɛn?

Nnipa pii a wofi wɔn komam ka sɛ wogye Yesu di no nnim hwee fa tra a ɔtraa ase ansa na ɔrebɛyɛ ɔdesani no ho. Wontumi nhu sɛ bere a na ɔwɔ asase so no na ɔyɛ onipa ankasa. Wɔnte nea Onyankopɔn Ba a ɔyɛ no kyerɛ ase. Dwuma a odi wɔ Onyankopɔn atirimpɔw mmamu mu no ho nimdeɛ kakraa bi pɛ na wɔwɔ. Wonnim nea ɔreyɛ mprempren, na wonnim sɛnea nea ɔbɛyɛ daakye no bɛka wɔn asetra no ho biribiara. Wobetumi adi mfomso mpo asusuw sɛ Yehowa Adansefo nnye Yesu nni. Yɛanya hokwan sɛ yɛbɛma wɔahu nsɛm yi mu nokwasɛm.

Nnipa binom da so ara wɔ hɔ a wonnye nni sɛ obi te sɛ Yesu a wɔka no ho asɛm wɔ Bible mu no atra ase pɛn ankasa. Ebinom bu Yesu sɛ onipa kɛse bi kɛkɛ. Nnipa pii nnye adwene a ɛne sɛ ɔyɛ Onyankopɔn Ba no ntom. Egye mmɔdenbɔ, ntoboase, ne anifere na obi atumi adi ‘Yesu ho adanse.’

Ɛmfa ho nea ɛwɔ w’atiefo no adwenem no, sɛ wɔpɛ sɛ wonya daa nkwa ho nhyehyɛe a Onyankopɔn ayɛ no so mfaso a, ehia sɛ wonya Yesu Kristo ho nimdeɛ. (Yoh. 17:3) Onyankopɔn apɛde a wɔada no adi pefee ne sɛ obiara a ɔte ase ‘bɛpae mu aka sɛ Yesu Kristo ne Awurade’ na wɔabrɛ wɔn ho ase ahyɛ ne tumidi ase. (Fil. 2:9-11) Enti, sɛ yehyia nnipa a wokura adwene a ɛnteɛ mu dennennen anaa wɔn nsusuwii nye a, yɛrentumi mmu yɛn ani ngu wɔn so kɛkɛ. Bere a yebetumi aka Yesu Kristo ho asɛm wɔ mmeae bi a yensuro—mpo wɔ yɛn nsrahwɛ a edi kan mu—wɔ mmeae foforo no, ebia ebehia sɛ yɛyɛ anifere wɔ nsɛm a yɛka a ɛboa yɛn atiefo ma wofi ase susuw Yesu ho wɔ ɔkwan pa so no mu. Yebetumi asusuw akwan a yɛbɛfa so ada nsɛm foforo a yɛbɛbɔ ho nkɔmmɔ akyiri yi no adi ho. Nanso, ebia yɛrentumi nsusuw biribiara ho gye sɛ yɛne nipa no yɛ Bible adesua ansa.—1 Tim. 2:3-7.

Dwuma Titiriw a Yesu Di Wɔ Onyankopɔn Atirimpɔw Mu. Ehia sɛ yɛboa nkurɔfo ma wɔte ase sɛ esiane sɛ Yesu ne “ɔkwan” no ‘na obiara nkɔ Agya no nkyɛn gye sɛ ɔnam ne so’ nti, sɛ wɔankyerɛ Yesu mu gyidi a, wɔne Onyankopɔn ntam abusuabɔ ntumi nyɛ yiye. (Yoh. 14:6) Sɛ obi ante dwuma titiriw a Yehowa de ahyɛ N’abakan no nsa ase a, ɔrentumi nte Bible no ase. Dɛn ntia? Efisɛ Yehowa de Ɔba yi ayɛ onipa titiriw wɔ N’atirimpɔw ho dwuma a Obedi nyinaa mu. (Kol. 1:17-20) Bible nkɔmhyɛ ahorow nyinaa gyina nokwasɛm yi so. (Adi. 19:10) Yesu Kristo so na wɔnam bedi ɔhaw a Satan atuatew ne Adam bɔne de bae no nyinaa ho dwuma.—Heb. 2:5-9, 14, 15.

Sɛ obi bɛte dwuma a Kristo di no ase a, ɛsɛ sɛ ohu sɛ adesamma wɔ tebea a ɛyɛ awerɛhow mu a wontumi nnye wɔn ho. Wɔawo yɛn nyinaa wɔ bɔne mu. Eyi betumi aka yɛn wɔ akwan pii so wɔ yɛn asetra mu. Nanso, ɛnkyɛ biara na akowie owu mu. (Rom. 3:23; 5:12) Wo ne wɔn a wudi wɔn adanse no nsusuw saa nokwasɛm no ho. Na kyerɛ wɔn sɛ ɛdenam Yesu Kristo ogye afɔre no so no, Yehowa fi ɔdɔ mu ayɛ nhyehyɛe a wɔnam so begye wɔn a wɔkyerɛ saa nsiesiei no mu gyidi afi bɔne ne owu mu. (Marko 10:45; Heb. 2:9) Eyi ma wonya kwan a wobetumi afa so anya daa nkwa wɔ pɛyɛ mu. (Yoh. 3:16, 36) Ɔkwan foforo biara nni hɔ a wobetumi afa so ayɛ saa. (Aso. 4:12) Sɛ́ ɔkyerɛkyerɛfo wɔ asafo no mu anaa kokoam no, wowɔ pii yɛ sen nokwasɛm yi a wobɛka kɛkɛ. Fi ɔpɛ ne ntoboase mu ma w’atiefo no nkyerɛ dwuma a Kristo di sɛ yɛn Gyefo no ho anisɔ. Anisɔ a obi bɛkyerɛ ama nsiesiei yi no betumi anya ne su, nneyɛe ne n’asetram botae ahorow so nkɛntɛnso kɛse.—2 Kor. 5:14, 15.

Ɛwom, Yesu de ne nkwa too hɔ de bɔɔ afɔre prɛko. (Heb. 9:28) Nanso, mprempren ɔresom sɛ Ɔsɔfo Panyin. Boa afoforo ma wonhu nea ɛno kyerɛ. So wɔahaw, wɔn abam abu, wɔrehu amane, anaa wɔrehyia nsɛnnennen esiane nnipa a wɔne wɔn te atirimmɔdensɛm nti? Bere a na Yesu yɛ ɔdesani no, ohyiaa eyinom nyinaa bi. Onim sɛnea yɛte nka fa. Esiane sɛ yɛnyɛ pɛ nti, so yɛte nka sɛ yehia Onyankopɔn mmɔborohunu? Sɛ yɛnam Yesu afɔrebɔ no so bɔ Onyankopɔn mpae srɛ bɔne fafiri a, Yesu di dwuma sɛ “okyigyinafo bi, agya no nkyɛn.” Ɔnam mmɔborohunu so, ‘di ma yɛn.’ (1 Yoh. 2:1, 2; Rom. 8:34) Ɛdenam Yesu afɔrebɔ no ne dwuma a odi sɛ Ɔsɔfo Panyin so no, yetumi bɛn Yehowa “ɔdom ahengua no anim” nya mmoa wɔ bere a ɛsɛ mu. (Heb. 4:15, 16) Ɛwom sɛ yɛnyɛ pɛ de, nanso mmoa a Yesu de ma sɛ Ɔsɔfo Panyin no boa yɛn ma yefi ahonim pa mu som Nyankopɔn.—Heb. 9:13, 14.

Bio nso, Yesu di tumi kɛse sɛ nea Onyankopɔn apaw no sɛ Kristofo asafo no Ti. (Mat. 28:18; Efe. 1:22, 23) Enti ɔde akwankyerɛ a ehia a ɛne Onyankopɔn apɛde hyia ma. Sɛ wokyerɛkyerɛ afoforo a, boa wɔn ma wonhu sɛ Yesu Kristo ne asafo no Ti na ɛnyɛ ɔdesani biara. (Mat. 23:10) Bere a edi kan a wuhyia anigyefo no, to nsa frɛ wɔn kɔ mo hɔnom asafo nhyiam ahorow no ase, faako a yɛnam nhoma a “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no de ma so sua Bible no. Kyerɛkyerɛ nea “akoa” no gyina hɔ ma ne nea Owura no gyina hɔ ma mu sɛnea ɛbɛyɛ a wobehu Yesu tiyɛ no. (Mat. 24:45-47) Fa wɔn kyerɛ mpanyimfo no, na ka Kyerɛwnsɛm mu ahwehwɛde a ɛsɛ sɛ eyinom du ho no ho asɛm kyerɛ wɔn. (1 Tim. 3:1-7; Tito 1:5-9) Kyerɛkyerɛ mu kyerɛ wɔn sɛ asafo no nyɛ mpanyimfo no dea na mmom wɔboa yɛn ma yedi Yesu Kristo anammɔn akyi. (Aso. 20:28; Efe. 4:16; 1 Pet. 5:2, 3) Boa saa anigyefo yi ma wonhu sɛ ahyehyɛde bi wɔ wiase nyinaa a wodi dwuma wɔ Kristo tiyɛ ase.

Yesua fi Nsɛmpa no mu sɛ, bere a aka bere tiaa bi ma Yesu awu na ɔhyɛn Yerusalem no, n’asuafo no bɔ gyee no so sɛ ‘Ɔhene a ɔnam Yehowa din mu reba!’ (Luka 19:38) Bere a nkurɔfo sua Bible no kɔ akyiri no, wohu sɛ afei de Yehowa de tumidi a ɛka nnipa a wɔwɔ aman nyinaa mu ahyɛ Yesu nsa. (Dan. 7:13, 14) Sɛ worema ɔkasa wɔ asafo no mu anaasɛ woreyɛ Bible adesua a, boa afoforo ma wɔnkyerɛ nea ɛsɛ sɛ Yesu tumidi no kyerɛ ma yɛn nyinaa no ho anisɔ.

Si so dua sɛ sɛnea yɛbɔ yɛn bra no bɛkyerɛ sɛ ebia yegye di ankasa sɛ Yesu Kristo yɛ Ɔhene ne sɛ ebia yefi yɛn pɛ mu brɛ yɛn ho ase hyɛ ne tumidi no ase. Twe adwene si adwuma a Yesu de hyɛɛ n’akyidifo no nsa bere a wɔsraa no sɛ Ɔhene akyi no so. (Mat. 24:14; 28:18-20) Munsusuw nea Yesu, Ɔfotufo Nwonwafo no kae sɛ yɛmma enni kan wɔ yɛn asetram no ho. (Yes. 9:6, 7; Mat. 6:19-34) Twe adwene si suban a Asomdwoe Hene no kae sɛ n’asuafo no bɛda no adi no so. (Mat. 20:25-27; Yoh. 13:35) Hwɛ yiye na woammu nea afoforo tumi yɛ ho atɛn, na mmom hyɛ wɔn nkuran ma wonsusuw nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ de kyerɛ sɛ wɔbrɛ wɔn ho ase hyɛ Kristo ahenni ase no ho. Bere a woyɛ saa no, gye tom sɛ ɛsɛ sɛ wo nso woyɛ saa ara.

Kristo a Yɛbɛto no sɛ Fapem. Bible no de Kristoni suani adwuma a yɛbɛyɛ no toto dan bi a yɛresi asi Yesu Kristo so sɛ fapem ho. (1 Kor. 3:10-15) Sɛ wubetumi ayɛ eyi a, boa nkurɔfo ma wonhu Yesu sɛnea wɔaka ne ho asɛm wɔ Bible mu no. Hwɛ yiye na ankɔyɛ sɛ wo na wɔrehwɛ wo asuasua wo. (1 Kor. 3:4-7) Twe wɔn adwene kɔ Yesu Kristo so.

Sɛ woto fapem no yiye a, asuafo no bɛte ase sɛ Kristo gyaw yɛn nhwɛso sɛ ‘yenni n’anammɔn akyi.’ (1 Pet. 2:21) Sɛ wubetumi ato saa fapem no so a, ɛsɛ sɛ wohyɛ asuafo no nkuran ma wɔkenkan Nsɛmpa no a ɛnyɛ sɛ wɔrekenkan abakɔsɛm a ɛyɛ nokware nko na mmom sɛ nhwɛso a ɛsɛ sɛ wodi akyi. Boa wɔn ma wonni Yesu nneyɛe ne su horow a ɔdaa no adi no akyi. Hyɛ wɔn nkuran ma wonhu sɛnea Yesu tee nka wɔ N’agya ho, sɛnea ogyinaa sɔhwɛ ne ɔtaa horow ano, sɛnea ɔbrɛɛ ne ho ase maa Onyankopɔn, ne sɛnea ɔne nnipa dii wɔ tebea horow pii mu no. Si adwuma a Yesu yɛe wɔ n’asetram no so dua. Afei sɛ osuani bi hyia nneɛma ho gyinaesi ne sɔhwɛ ahorow wɔ asetra mu a, obebisa ne ho sɛ: ‘Dɛn na anka Yesu bɛyɛ wɔ tebea yi mu? So nea mɛyɛ no bɛkyerɛ sɛ m’ani sɔ nea wayɛ ama me no?’

Sɛ wugyina asafo no anim rekasa a, nnya adwene sɛ esiane sɛ wo nuanom no wɔ Yesu mu gyidi dedaw nti, ɛho nhia sɛ wohyɛ da twe adwene si no so. Sɛ woto saa gyidi no so a, nea wobɛka no bɛkyerɛ pii. Sɛ woreka asafo nhyiam ahorow ho asɛm a, ma ɛmfa dwuma a Yesu di sɛ asafo no Ti no ho. Sɛ wususuw asɛnka adwuma ho a, twe adwene si su a Yesu daa no adi bere a ɔreyɛ ne som adwuma no so, na gyina nea Kristo reyɛ sɛ Ɔhene de aboaboa nkurɔfo ano akora wɔn so akɔ wiase foforo mu no so ka ho asɛm.

Ɛda adi pefee sɛ pii ho hia sen Yesu ho nokwasɛm atitiriw kɛkɛ a wobesua no. Ansa na nkurɔfo betumi abɛyɛ Kristofo amapa no, ɛsɛ sɛ wonya ne mu gyidi na wofi komam dɔ no. Ɔdɔ a ɛte saa no ma wotumi fi nokwaredi mu yɛ osetie. (Yoh. 14:15, 21) Ɛma nkurɔfo tumi gyina amanehunu ano pintinn, tumi di Kristo anammɔn akyi wɔn nkwa nna nyinaa, da wɔn ho adi sɛ Kristofo a wɔn ho akokwaw a ‘wɔagye ntini atim mu.’ (Efe. 3:17) Asetra kwan a ɛte saa hyɛ Yehowa, Yesu Kristo Nyankopɔn ne N’agya anuonyam.

“AHENNI HO ASƐMPA YI”

BERE a Yesu de ne ba a waba ne nneɛma nhyehyɛe yi awiei ho sɛnkyerɛnne ho nkyerɛkyerɛmu rema no, ɔkae sɛ: “Na wɔbɛka ahenni ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.”—Mat. 24:14.

Asɛm pɔtẽẽ bɛn na wɔde ama sɛ wɔnka wɔ wiase nyinaa yi? Ɛfa Ahenni a Yesu kyerɛɛ yɛn sɛ yɛmmɔ mpae nsrɛ Nyankopɔn sɛ: “W’ahenni mmra” no ho. (Mat. 6:10) Adiyisɛm 11:15 ka ho asɛm sɛ ‘yɛn Awurade [Yehowa] ne Kristo no ahenni’ efisɛ tumidi no fi Yehowa nkyɛn na ɔde Kristo asi so sɛ Ɔhene. Nanso hyɛ no nsow sɛ, asɛm a Yesu kae sɛ wɔbɛka wɔ yɛn bere yi mu no kɔ akyiri sen nea n’akyidifo no kae wɔ afeha a edi kan no mu no. Wɔka kyerɛɛ nkurɔfo sɛ: “Onyankopɔn ahenni abɛn mo.” (Luka 10:9) Saa bere no na Yesu, nea wɔasra no sɛ onni Hene no wɔ wɔn ntam. Nanso sɛnea wɔakyerɛw wɔ Mateo 24:14 no, Yesu kaa biribi titiriw a ebesi a ɛbɛma Onyankopɔn atirimpɔw abam ho asɛm siei.

Wɔmaa odiyifo Daniel nyaa asɛm yi ho anisoadehu. Ohuu obi te sɛ “onipa ba,” Yesu Kristo, sɛ ɔregye “tumi ne anuonyam ne ahenni” afi ‘Nea Ne Nna Akyɛ,’ Yehowa Nyankopɔn hɔ maa “aman, nkurɔfo ne ɔkasa ahorow nyinaa som no.” (Dan. 7:13, 14) Saa asɛm a ɛho hia amansan nyinaa yi sii wɔ soro wɔ afe 1914 mu. Ɛno akyi no, wɔtow Ɔbonsam ne n’adaemone no guu asase so. (Adi. 12:7-10) Nhyehyɛe dedaw no hyɛn ne nna a edi akyiri mu. Nanso ansa na wobeyi afi hɔ koraa no, wɔrebɔ dawuru mmaa nyinaa ɛnnɛ sɛ Yehowa Mesia Hene no te ne soro ahengua so redi hene. Wɔrema nnipa a wɔwɔ baabiara ate. Nea wɔyɛ wɔ ho no ma su a wɔda no adi wɔ Ɔsorosoroni no ho sɛ Sodifo wɔ “nnipa ahenni so” no da adi.—Dan. 4:32.

Nokwasɛm ni, nneɛma pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ ɛba​—⁠pii paa! Yɛda so ara bɔ mpae sɛ, “W’ahenni mmra,” nanso ɛnkyerɛ sɛ Onyankopɔn Ahenni a wɔde asi hɔ no nnya mmae. Mmom, nea ɛkyerɛ ne sɛ ɔsoro Ahenni no bedi dwuma koraa ma nkɔmhyɛ ahorow te sɛ nea ɛwɔ Daniel 2:44 ne Adiyisɛm 21:​2-4 no anya mmamu. Ɛbɛdan asase ayɛ no paradise a nnipa a wɔdɔ Nyankopɔn ne wɔn yɔnko nnipa ahyɛ so ma. Bere a yɛka “ahenni ho asɛmpa yi” no, yɛtwe adwene si saa daakye anidaso no so. Afei nso yefi ahotoso mu ma wohu sɛ Yehowa de tumidi ama ne Ba no dedaw. Sɛ woredi Ahenni no ho adanse a so wusi asɛmpa yi so dua?

Ahenni no a Wobɛkyerɛkyerɛ Mu. Yɛbɛyɛ dɛn atumi adi Nyankopɔn Ahenni ho dawurubɔ a wɔde ahyɛ yɛn nsa no ho dwuma? Yebetumi de nsɛm ahorow pii a ɛkanyan anigye afi yɛn nkɔmmɔbɔ ase, nanso ɛsɛ sɛ yɛma ɛda adi ntɛm ara sɛ yɛn asɛm no fa Nyankopɔn Ahenni ho.

Ade foforo a ɛho hia a ɛka adwuma yi ho ne sɛ wobɛkenkan kyerɛw nsɛm bi a ɛfa Ahenni no ho anaa wobɛfa mu asɛm aka. Sɛ woretwe adwene asi Ahenni no so a, hwɛ hu sɛ wɔn a wo ne wɔn rekasa no te nea ɛkyerɛ no ase. Ebia nkyerɛkyerɛmu pii ho behia sen sɛ wobɛka kɛkɛ sɛ Onyankopɔn Ahenni no yɛ aban. Ebetumi ayɛ den ama ebinom sɛ wobesusuw aban bi a wontumi mfa wɔn aniwa nhu ho. Wubetumi afa akwan bi so ne wɔn asusuw nsɛm ho. Sɛ nhwɛso no, wɔmfa aniwa nhu tumi a ɛtwe ade ba fam, nanso ɛwɔ yɛn asetra so tumi kɛse. Yentumi mfa yɛn aniwa nhu nea ɔyɛɛ tumi a ɛtwe ade ba fam no, nanso ɛda adi sɛ ɔwɔ tumi kɛse. Bible ka ne ho asɛm sɛ “mmeresanten hene.” (1 Tim. 1:17) Anaa wubetumi aka sɛ wɔ ɔman bi a ɛso mu no, nnipa bi wɔ hɔ a wɔnkɔɔ ahenkuro no mu da anaasɛ wonhuu wɔn sodifo no ankasa da. Wɔte wɔn ho nsɛm fi nsɛm ho amanneɛbɔ mu. Saa ara na Bible no a wɔatintim wɔ kasa ahorow bɛboro 2,200 mu no ka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm kyerɛ yɛn; ɛma yehu nea wɔde tumidi ahyɛ ne nsa ne nea Ahenni no reyɛ. Ɔwɛn-Aban a wɔatintim no wɔ kasa horow pii mu kyɛn nsɛmma nhoma biara no dwuma titiriw ne sɛ ‘Ɛbɛka Yehowa Ahenni Akyerɛ,’ sɛnea wɔada no adi wɔ anim no.

Nea ɛbɛyɛ na nkurɔfo ahu nea Ahenni no kyerɛ no, wubetumi abobɔ nneɛma bi a wɔhwɛ kwan sɛ aban bɛyɛ te sɛ: sikasɛm a eye, asomdwoe, nsɛmmɔnedi a ebefi hɔ, mmusua nyinaa a wobebu wɔn pɛ, nhomasua, ne akwahosan, so. Ma ɛnna adi sɛ Onyankopɔn Ahenni nkutoo so na adesamma nam benya wɔn ahiade a ɛfata nyinaa.—Dw. 145:16.

Bɔ mmɔden sɛ wobɛkanyan afoforo ma wɔanya ɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ Ahenni a Yesu Kristo bedi so sɛ Ɔhene no mma. Twe adwene si anwonwade ahorow a ɔyɛe no so sɛ ɛyɛ nea sɛ odi ade sɛ ɔsoro Hene a, ɔbɛyɛ no ho nhwɛso. Taa ka su horow a ɛyɛ anigye a ɔdaa no adi no ho asɛm. (Mat. 8:2, 3; 11:28-30) Kyerɛkyerɛ mu sɛ ɔde ne nkwa too hɔ maa yɛn na ɛno akyi no Onyankopɔn nyan no kɔɔ asetra a owu nnim mu wɔ soro. Ɛhɔ na ofi di ade sɛ Ɔhene.—Aso. 2:29-35.

Si so dua sɛ mprempen Onyankopɔn Ahenni fi soro redi tumi. Nanso, hu sɛ nnipa pii nhu tebea horow a wosusuw sɛ ɛsɛ sɛ edi nniso a ɛte saa ho adanse no. Gye tom, na bisa sɛ ebia wonim nea Yesu Kristo kae sɛ ebedi ho adanse no. Si sɛnkyerɛnne ahorow a wɔaka ho asɛm wɔ Mateo ti 24, Marko ti 13, anaa Luka ti 21 no bi so dua. Na afei bisa nea enti a Kristo a wɔde no asi agua so wɔ soro no bɛma tebea horow a ɛte saa aba asase so no ho asɛm. Twe adwene si Adiyisɛm 12:7-10, 12 so.

Kenkan Mateo 24:14 fa kyerɛ nea Onyankopɔn Ahenni no reyɛ ho adanse pefee, na kyerɛkyerɛ wiase nyinaa Bible ntetee a ɛrekɔ so mprempren no mu. (Yes. 54:13) Ka sukuu ahorow a Yehowa Adansefo nya mu mfaso—a ne nyinaa gyina Bible no so a wonnye hwee no ho asɛm kyerɛ afoforo. Kyerɛkyerɛ mu sɛ, afie afie asɛnka adwuma a yɛyɛ akyi no, yɛde Bible mu akwankyerɛ ma ankorankoro ne mmusua ahorow a wɔwɔ aman bɛboro 230 so a yennye hwee. Nnipa nniso bɛn na ebetumi ayɛ ntetee ho nhyehyɛe a ɛkɔ akyiri saa ama nnipa a wɔhyɛ wɔn ase ne nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa nso? To nsa frɛ nkurɔfo ma wɔmmra Ahenni Asa so, wɔnkɔ Yehowa Adansefo amansin ne amantam nhyiam ase nkohu sɛnea saa ntetee no reka nnipa asetra.—Yes. 2:2-4; 32:1, 17; Yoh. 13:35.

Nanso so ofiewura no behu sɛnea ɛka n’ankasa asetra no? Wubetumi afa anifere kwan so aka sɛ nea enti a wobaa ne nkyɛn ne sɛ wo ne no rebesusuw hokwan a abue ama nnipa nyinaa sɛ wɔbɛpaw nkwa sɛ Onyankopɔn Ahenni no nkoa ho. Ɔkwan bɛn so? Denam nea Onyankopɔn hwehwɛ a obesua na ɔde abɔ ne bra mprempren no so.—Deut. 30:19, 20; Adi. 22:17.

Afoforo a Wobɛboa Wɔn Ma Wɔde Ahenni no Adi Kan. Sɛ obi gye Ahenni asɛm no tom wie mpo a, gyinae ahorow binom wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ osisi. Ɔbɛfa Onyankopɔn Ahenni no aniberesɛm dɛn wɔ n’ankasa asetra mu? Yesu hyɛɛ n’asuafo no nkuran sɛ ‘wɔnhwehwɛ ahenni no kan.’ (Mat. 6:33) Ɔkwan bɛn so na yebetumi aboa mfɛfo Kristofo ma wɔayɛ saa? Denam nhwɛso pa a yɛn ankasa yɛbɛyɛ ne hokwan horow a ɛwɔ hɔ a yɛne wɔn besusuw ho no so. Ɛtɔ mmere bi nso a, denam bisa a yebebisa obi sɛ ebia wasusuw hokwan ahorow bi ho ne mmɔden a afoforo rebɔ a yɛbɛka ho suahu akyerɛ wɔn so. Denam Bible ho kyerɛwtohɔ ahorow a yɛne wɔn besusuw ho wɔ ɔkwan a ɛbɛma wɔahyɛ ɔdɔ a wɔwɔ ma Yehowa no mu den so. Denam si a yebesi nokware a Ahenni no yɛ no so dua so. Denam sɛnea Ahenni ho asɛmpaka adwuma no hia so dua a yebesi so. Mpɛn pii no, ɛnyɛ nea eye sen biara a yɛbɛyɛ ne sɛ yɛbɛka nea ehia sɛ nkurɔfo yɛ akyerɛ wɔn na mmom sɛ yɛbɛkanyan wɔn ma wɔayɛ.

Akyinnye biara nni ho sɛ, asɛm a ɛho hia a ɛsɛ sɛ yɛka no twe adwene si Yehowa Nyankopɔn, Yesu Kristo, ne Ahenni no so titiriw. Ɛsɛ sɛ yesi eyinom ho nokwasɛm atitiriw yi so dua wɔ yɛn baguam adansedi, yɛn asafo ahorow no mu, ne yɛn ankasa asetra mu. Sɛ yɛyɛ saa a, na yɛrekyerɛ sɛ yɛrenya yɛn Teokrase Ɔsom Sukuu adesua no so mfaso ampa.

EHIA SƐ NNIPA NYINAA TE . . .

  • Sɛ Yehowa na Ɔbɔɔ soro ne asase.

  • Sɛ Yehowa ne nokware Nyankopɔn koro no.

  • Sɛ Yehowa ne Nyankopɔn a ne dɔ yɛ soronko, ne nyansa kyɛn so, n’atemmu yɛ pɛ, na ne tumi so sen biara.

  • Sɛ yebebu nea yɛyɛ biara ho akontaa akyerɛ Yehowa.

ƐSƐ SƐ ƆSOM A YƐDE MA YEHOWA NO . . .

  • Fi ɔdɔ a yɛwɔ ma no no mu na ɛba.

  • Fi koma a edi mũ mu, ɛnyɛ koma a ɛsan dɔ nneɛma a ɛwɔ wiase nso.

  • De adanse a ɛkyerɛ sɛnea abusuabɔ pa a ɛda yɛne no ntam no som bo ma yɛn no ma.

BOA AFOFORO MA WƆNTE ASE SƐ . . .

  • Yesu Kristo so nkutoo na wɔnam ne Onyankopɔn benya abusuabɔ pa.

  • Yesu Kristo mu gyidi nkutoo so na wɔnam begye yɛn afi bɔne ne owu mu.

  • Nea Onyankopɔn pɛ ne sɛ nnipa nyinaa begye Yesu atom sɛ Awurade, a ɛnyɛ sɛ yɛbɛfrɛ no “Awurade” kɛkɛ na mmom sɛ yebedi n’ahyɛde so.

  • Nea Bible ka fa Yesu Kristo ho no yɛ nokware na nea Kristoman kyerɛkyerɛ fa ne ho no kyinkyim nokware no.

BISA WO HO SƐ:

  • So mema ɛda adi pefee sɛ minim dwuma a Yesu Kristo di sɛ nea wɔapaw no sɛ asafo no Ti no?

  • So Kristo afɔrebɔ no ho anisɔ a mekyerɛ no mu yɛ den sɛnea ɛsɛ sɛ mema ɛda adi wɔ m’asetram no?

  • Mɛyɛ dɛn atumi ama me suban ne me nneyɛe ahorow ne nhwɛso a Onyankopɔn Ba no yɛe no ahyia?

MA NKURƆFO NTE SƐ . . .

  • Mprempren Onyankopɔn Ahenni redi tumi wɔ soro na ɛrenkyɛ ɛbɛba abesi nnipa nniso nyinaa ananmu.

  • Ahenni no bɛdan asase no ayɛ no paradise a nnipa a wɔdɔ Nyankopɔn ne wɔn yɔnko nnipa nkutoo na wɔte so.

  • Ahenni no nkutoo so na adesamma nyinaa nam benya wɔn ahiade a ɛfata.

  • Yɛnam nea yɛyɛ mprempren so kyerɛ sɛ ebia yɛpɛ sɛ yɛyɛ Onyankopɔn Ahenni no nkoa.

BISA WO HO SƐ:

  • So sɛnea mebɔ me bra no da no adi sɛ mede ahenni no di kan?

  • So nsakrae horow bi wɔ hɔ a ehia sɛ meyɛ na ama matumi ayɛ eyi pii?

  • Dɛn na metumi ayɛ de akanyan afoforo ma wɔanya ɔpɛ de ahwehwɛ Ahenni no kan?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena