Ti 14
Nea Enti A Ɛsɛ Sɛ Yɛde Firi
SO OBI ayɛ bɔne atia wo pɛn?— Opiraa wo anaasɛ ɔkaa asɛm bi a ɛyɛ yaw kyerɛɛ wo?— So ɛsɛ sɛ woyɛ no bi tua ka?—
Nnipa pii wɔ hɔ a, sɛ obi yɛ wɔn biribi a ɛyɛ yaw a, wɔyɛ no bi tua ka. Nanso Yesu kyerɛkyerɛe sɛ ɛsɛ sɛ yɛde firi wɔn a wɔyɛ bɔne tia yɛn no. (Mateo 6:12) Nanso sɛ obi yɛ yɛn ade a ɛyɛ yaw mpɛn pii nso ɛ? Mpɛn dodow ahe na ɛsɛ sɛ yɛde firi no?—
Eyi na na Petro pɛ sɛ ohu. Enti da bi obisaa Yesu sɛ: ‘So ɛsɛ sɛ mede firi no mpɛn nson anaa?’ Mpɛn ason nnɔɔso. Yesu kae sɛ: ‘Sɛ obi fom wo mpɛn aduɔson ason a, ɛsɛ sɛ wode firi no mpɛn aduɔson ason.’
Ɛdɔɔso papa! Yɛrentumi nkan mfomso anaa bɔne ahorow a obi de bɛyɛ yɛn no, anaa ɛnte saa? Na eyi na na Yesu reka kyerɛ yɛn: Ɛnsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛkan mfomso ahorow a afoforo bɛyɛ atia yɛn no. Sɛ wobisa bɔne fafiri a, ɛsɛ sɛ yɛde firi wɔn.
Ná Yesu pɛ sɛ ɔkyerɛ n’asuafo no hia a ehia paa sɛ wɔde befiri. Enti bere a obuaa Petro asɛm no wiei no, ɔkaa asɛm bi kyerɛɛ n’asuafo no. Wobɛpɛ sɛ wote asɛm no?—
Ɔhempa bi traa ase bere bi. Ná ne yam ye paa. Sɛ ne nkoa hia mmoa a, na ɔbɔ wɔn bosea mpo. Nanso da bi bae a na ɔhene no pɛ sɛ ne nkoa a wɔde no ka no tua ne sika no ma no. Enti wɔkɔfaa akoa biako bi a na ɔde ɔhene no ka sika nnwetɛbona ɔpepem 60 bae. Ɛyɛ sika a ɛdɔɔso paa!
Nanso na akoa no adi ɔhene no sika no nyinaa ma ontumi ntua. Enti ɔhene no hyɛe sɛ wɔntɔn no. Ɔhene no kae nso sɛ wɔntɔn akoa no yere ne ne mma ne biribiara a ɔwɔ, na wɔmfa sika a wobenya no ntua ɔhene no ka. Wususuw sɛ eyi maa akoa no tee nka dɛn?—
Obuu nkotodwe wɔ ɔhene no anim paa no kyɛw sɛ: ‘Mesrɛ wo, ma me bere kakra nka ho, na metua wo ka a mede wo no nyinaa.’ Sɛ wone ɔhene no a, dɛn na anka wobɛyɛ akoa no?— Ɔhene no huu n’akoa no mmɔbɔ. Enti ɔde kyɛɛ no. Ɔka kyerɛɛ akoa no sɛ, enhia sɛ otua sika no bi koraa, na ɔde sika ɔpepem 60 no nyinaa kyɛɛ no. Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ akoa no ani gyei!
Nanso dɛn na akoa no yɛe? Ofii adi kohuu akoa foforo bi a ɔde no ka sika nnwetɛbona ɔha pɛ. Osoo n’awurakwaa no kɔn mu miaa ne menewa kae sɛ: ‘Tua sika nnwetɛbona ɔha a wode me ka no nyinaa!’ So wususuw sɛ obi bɛyɛ biribi a ɛte saa, titiriw bere a ɔhene no de ne ka bebrebe no akyɛ no no?—
Nanso, akoa a na ɔde no ka nnwetɛbona ɔha pɛ no yɛ ohiani. Na ɔrentumi ntua sika no amonom hɔ ara. Enti ɔkotoo n’awurakwaa no anim srɛɛ no sɛ: ‘Mesrɛ wo, ma me bere kakra, na metua ɛka a mede wo no.’ So na ɛsɛ sɛ ɔbarima no ma n’awurakwaa no bere kakra?— Dɛn na anka wobɛyɛ?—
Ná ɔbarima yi tirim yɛ den, wanyɛ n’ade sɛ ɔhene no. Ná ɔpɛ ne sika no amonom hɔ ara. Na esiane sɛ n’awurakwaa no antumi antua no ka nti, ɔma wɔde no kɔtoo afiase. Nkoa a aka no huu nea ɛkɔɔ so no nyinaa, na wɔn ani annye ho. Akoa a wɔde no too afiase no asɛm no yɛɛ wɔn yaw. Enti wɔkɔbɔɔ ɔhene no amanneɛ.
Ɔhene no nso ani annye nea esii no ho. Ne bo fuw akoa a wamfa amfiri no. Enti ɔfrɛɛ no ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Akoa bɔne, so mamfa ɛka a wode me no ankyɛ wo? Enti anka ɛnsɛ sɛ wode firi w’awurakwaa no?’
Ɛsɛ sɛ anka akoa tirimɔdenfo no sua biribi fi ɔhempa no hɔ. Nanso wanyɛ saa. Enti afei ɔhene no ma wɔde saa akoa no kɔtoo afiase kosi sɛ obetumi atua sika nnwetɛbona ɔpepem 60 no. Na nokwasɛm ne sɛ, ɔrennya sika mfa ntua ɔhene no ka wɔ afiase hɔ da. Enti na ɔbɛda hɔ akosi sɛ obewu.
Bere a Yesu wiee asɛm yi ka no, ɔka kyerɛɛ n’akyidifo no sɛ: “Saa ara na sɛ mo mu biara amfi ne komam amfa ne nua mfomso amfiri no a, me soro agya nso bɛyɛ no.”—Mateo 18:21-35.
Sɛ woahu, yɛn nyinaa de Onyankopɔn ka pii. Nokwarem no, yɛn nkwa fi Onyankopɔn hɔ! Enti sɛ yɛde ɛka a yɛde Onyankopɔn no toto nea afoforo de yɛn ho a, wɔn de no sua. Ɛka a wɔde yɛn no te sɛ sika nnwetɛbona ɔha pɛ a na akoa biako de ne yɔnko no. Nanso ɛka a yɛde Onyankopɔn esiane bɔne a yɛyɛ nti no te sɛ sika nnwetɛbona ɔpepem 60 a na akoa no de ɔhene no.
Onyankopɔn yam ye paa. Ɛwom sɛ yɛayɛ nneɛma a ɛnteɛ de, nanso ɔde firi yɛn. Onnye yɛn nkwa mfi yɛn nsam afebɔɔ mfa ntua ka. Nanso asuade a ɛsɛ sɛ yɛkae ni: Sɛ Onyankopɔn de yɛn mfomso befiri yɛn a, gye sɛ yɛde wɔn a wɔfom yɛn no mfomso firi wɔn ansa. Ɛyɛ biribi a ɛsɛ sɛ yesusuw ho, anaa ɛnte saa?—
Enti sɛ obi yɛ wo bɔne na sɛ afei ɔka sɛ ɔpa wo kyɛw a, dɛn na wobɛyɛ? So wode befiri no?— Na sɛ ɔyɛ saa mpɛn pii nso ɛ? So wobɛkɔ so de afiri no?—
Sɛ yɛn na yɛresrɛ obi sɛ ɔmfa mfiri yɛn a, anka yɛbɛpɛ sɛ ɔde befiri yɛn, anaa ɛnte saa?— Enti ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa ara ma no. Ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn ano ka kɛkɛ sɛ yɛde akyɛ no, na mmom ɛsɛ sɛ yefi yɛn komam de kyɛ no ankasa. Sɛ yɛyɛ saa a, yɛkyerɛ sɛ yɛpɛ sɛ yɛyɛ Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no akyidifo ampa.
Nea ɛbɛma yɛate hia a ehia sɛ yɛde firi ase no, ma yɛnsan nkenkan Mmebusɛm 19:11; Mateo 6:14, 15; ne Luka 17:3, 4.
[Mfonini wɔ kratafa 77]
Dɛn na na Petro pɛ sɛ ohu wɔ fafiri ho?
[Mfonini wɔ kratafa 78]
Bere a akoa no paa ɔhene no kyɛw sɛ ɔmfa mfiri no no, dɛn na esii?
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 78]
Ɔkwan bɛn so na akoa no ne n’awurakwaa a wantumi antua ɛka a ɔde no no dii nsɛm?
[Mfonini wɔ kratafa 80]
Dɛn na ɔhene no yɛɛ akoa a wamfa amfiri no?
[Mfonini wɔ kratafa 81]
Sɛ obi ka sɛ fa ne mfomso firi no a, dɛn na wobɛyɛ?