Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • lr ti 27 kr. 142-146
  • Hena Ne Wo Nyankopɔn?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Hena Ne Wo Nyankopɔn?
  • Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ná Wɔrenkotow
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Ogya Antumi Ansɛe Wɔn Gyidi
    Tie Daniel Nkɔmhyɛ No!
  • Wɔankotow Ohoni No
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • ‘Yɛn Nyankopɔn no Betumi Agye Yɛn’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
Hwɛ Pii Ka Ho
Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
lr ti 27 kr. 142-146

Ti 27

Hena Ne Wo Nyankopɔn?

DƐN nti na asɛmmisa, Hena ne wo Nyankopɔn? yɛ asɛm a ɛho hia?— Efisɛ nnipa som anyame pii. (1 Korintofo 8:5) Bere a ɔsomafo Paulo nyaa tumi fii Yehowa hɔ de saa ɔbarima bi a na ɔnnantewee da yare no, nkurɔfo no teɛɛm sɛ: “Anyame ayeyɛ wɔn ho sɛ nnipa asiansian aba yɛn nkyɛn!” Na nkurɔfo no pɛ sɛ wɔsom Paulo ne n’adamfo Barnaba. Wɔfrɛɛ Paulo Hermes, na wɔfrɛɛ Barnaba Seus, a na ɛyɛ atoro anyame din.

Nanso Paulo ne Barnaba amma nkurɔfo no ansom wɔn. Wotutuu mmirika kɔɔ nkurɔfokuw no mu kɔkae sɛ: “Monnan mfi ahuhude yi ho nkɔ Onyankopɔn a ɔte ase no nkyɛn.” (Asomafo no Nnwuma 14:8-15) Hena ne “Onyankopɔn a ɔte ase” a ɔbɔɔ nneɛma nyinaa no?— Yiw, ɔne Yehowa, nea ɔyɛ “ɔsorosoroni, asase nyinaa so” no. Yesu frɛɛ Yehowa “nokware Nyankopɔn koro no.” Enti afei hena nkutoo na ɔfata sɛ yɛsom no?— Yehowa nkutoo!—Dwom 83:18; Yohane 17:3; Adiyisɛm 4:11.

Nnipa dodow no ara nsom “nokware Nyankopɔn koro” no, na mmom wɔsom anyame foforo. Wɔtaa som nneɛma a wɔde dua, abo, anaa dade ayɛ. (Exodus 32:4-7; Leviticus 26:1; Yesaia 44:14-17) Ɛtɔ mmere bi mpo a, wɔfrɛ mmarima ne mmea a wɔagye din no sɛ anyame, akunini, anaa biribi a wɔsom. So ɛfata sɛ yɛhyɛ wɔn anuonyam?—

Bere a Saul bɛyɛɛ ɔsomafo Paulo akyi no, ɔkyerɛwee sɛ: “Wi yi ase nyame afura wɔn a wonnye nni no adwene ani.” (2 Korintofo 4:4) Hena ne saa nyame yi?— Ɛyɛ Satan Ɔbonsam! Satan atumi anya nnipa ma wɔsom nneɛma pii.

Bere a Satan bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛma Yesu akotow no na wasɔre no no, dɛn na Yesu ka kyerɛɛ Satan?— ‘Kotow sɔre Yehowa, wo Nyankopɔn, na ɔno nko ara na som no.’ (Mateo 4:10) Enti Yesu maa emu daa hɔ pefee sɛ Yehowa nkutoo na ɛsɛ sɛ yɛsom no. Ma yɛnkenkan mmerante bi a na wonim eyi ho asɛm. Ná wɔfrɛ wɔn Sadrak, Mesak, ne Abed-Nego.

Ná Hebrifo mmerante yi fi Onyankopɔn man Israelfo mu, a na wɔafa wɔn nnommum kɔ Babilon asase so. Ɛhɔ na ɔhene bi a wɔfrɛ no Nebukadnesar sii sika honi kɛse bi. Da bi, ɔhyɛe sɛ sɛ wɔbɔ dwom bi a, ɛsɛ sɛ obiara kotow ohoni no. Ɔbɔɔ kɔkɔ sɛ: ‘Wɔde obiara a ɔrenkotow na ɔrensom ohoni no bɛto ogya fononoo mu.’ Dɛn na anka wobɛyɛ?—

Na Sadrak, Mesak, ne Abed-Nego yɛ biribiara a ɔhene no bɛhyɛ sɛ wɔnyɛ no. Nanso wanyɛ eyi. So wunim nea enti?—Efisɛ na Onyankopɔn mmara ka sɛ: ‘Nnya anyame foforo nka me ho. Nyɛ ohoni bi nkotow no.’ (Exodus 20:3-5) Enti Sadrak, Mesak, ne Abed-Nego dii Yehowa mmara so sen sɛ wobedi ɔhene ahyɛde so.

Ɔhene no bo fuwii paa, enti ntɛm ara na ɔma wɔde Hebrifo mmerante baasa no begyinaa n’anim. Obisae sɛ: ‘So ɛyɛ ampa sɛ morensom m’ankasa m’anyame no? Mɛma mo hokwan foforo. Afei, sɛ mote dwom no a, monkotow na monsɔre ohoni a mayɛ no. Sɛ moanyɛ saa a, wɔde mo begu ogya a ɛrefram fononoo no mu. Na onyame bɛn na obeyi mo afi me nsam?’

Dɛn na afei mmerante yi bɛyɛ? Dɛn na anka wobɛyɛ?— Wɔka kyerɛɛ ɔhene no sɛ: ‘Yɛn Nyankopɔn a yɛsom no no betumi agye yɛn. Na sɛ amma saa mpo a, yɛrensom w’anyame no. Yɛrensɔre wo sika honi no.’

Ɔhene no bo fuwii. Ɔhyɛe sɛ: ‘Momma fononoo no mu nnɔ mpɛn ason nkyɛn sɛnea ɛdɔ daa no!’ Afei ɔka kyerɛɛ ne mmarima a wɔn ho yɛ den no sɛ wɔnkyekyere Sadrak, Mesak, ne Abed-Nego, na wɔntow wɔn ngu fononoo no mu! Na fononoo no adɔ araa ma enti ogyaframa no kum ɔhene no mmarima no! Na Hebrifo baasa no nso ɛ?

Wɔde Sadrak, Mesak, ne Abed-Nego guu ogya no mfinimfini pɛɛ. Nanso, wɔsɔre gyinaa hɔ! Biribiara anyɛ wɔn. Nhama biara nkyekyere wɔn bio. Ɛbɛyɛ dɛn na eyi atumi aba saa?— Ɔhene no hwɛɛ fononoo no mu, na nea ohui no maa ne ho dwiriw no. Obisae sɛ: ‘So ɛnyɛ mmarima baasa na yɛde wɔn guu ogya no mu?’ Ne nkoa no buae sɛ: “Ampa, ɔhene.”

Na ɔhene no kae sɛ: ‘Hwɛ! mihu mmarima baanan sɛ wɔnenam ogya no mu, na wɔn ho ntɔɔ kyima ɛ.’ So wunim onii ko a nea ɔto so anan no yɛ?— Ná ɛyɛ Yehowa bɔfo. Ɔbɔɔ Hebrifo baasa no ho ban na biribiara anyɛ wɔn.

Bere a ɔhene no huu eyi no, ɔbɛn fononoo no ano, na ɔteɛɛm sɛ: “Sadrak, Mesak, ne Abed-Nego, ɔsorosoro Nyankopɔn nkoa, mumfi adi mmra!” Bere a wofi bae no, obiara hui sɛ ogya no anhyew wɔn. Na ogya no pampan mpo mmɔn wɔn ho. Ɔhene no kae sɛ: ‘Nhyira ne Sadrak, Mesak, ne Abed-Nego Nyankopɔn a ɔsomaa ɔbɔfo sɛ ommeyi ne nkoa efisɛ wɔrensom onyame biara gye sɛ wɔn Nyankopɔn no.’—Daniel, ti 3.

Yebetumi asua biribi afi nea esii saa bere no mu. Ɛnnɛ mpo, nkurɔfo yɛ ahoni, anaa abosom, na wɔsom wɔn. The Encyclopedia Americana ka sɛ: “Frankaa yɛ ade a wɔsom te sɛ mmeamudua ara pɛ.” Wobetumi de dua, ɔbo, dade, anaa ntama ayɛ ahoni. Yesu asuafo a wodi kan no ansom Roma hempɔn no, adeyɛ a abakɔsɛm kyerɛwfo Daniel P. Mannix kae sɛ, wobetumi de atoto “frankaa a wonkyia anaa ɔman ntam a wɔnka ho.”

Enti wususuw sɛ sɛ yɛde ntama, dua, ɔbo, anaa dade yɛ ɔsom mu honi a, ɛnkyerɛ hwee mma Onyankopɔn?— So ɛbɛyɛ papa sɛ Yehowa somfo bɛkotow ohoni a ɛte saa?— Sadrak, Mesak, ne Abed-Nego anyɛ saa, na Yehowa ani gyee wɔn ho. Ɔkwan bɛn so na wubetumi asuasua wɔn?—

Wɔn a wɔsom Yehowa no ntumi nsom onipa anaa biribi foforo biara. Kenkan nea wɔka fa eyi ho wɔ Yosua 24:14, 15, 19-22; Yesaia 42:8; 1 Yohane 5:21; ne Adiyisɛm 19:10.

[Mfonini wɔ kratafa 143]

Dɛn nti na Paulo ne Barnaba ampene amma nkurɔfo ankotow wɔn?

[Mfonini wɔ kratafa 144]

Dɛn nti na mmarima yi nkotow ohoni no?

[Mfonini wɔ kratafa 145]

Ɔkwan bɛn so na Yehowa gyee ne nkoa fii fononoo a ogya refram mu no mu?

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 146]

Ahoni bɛn na nkurɔfo hyɛ wɔn anuonyam nnɛ?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena