Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • lr ti 29 kr. 152-156
  • So Apontow Nyinaa Sɔ Onyankopɔn Ani?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Apontow Nyinaa Sɔ Onyankopɔn Ani?
  • Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Awoda A Wodi—Ɛyɛɛ Dɛn Na Efii Ase?
    Nyan!—1982
  • Wɔkuu Obi Wɔ Awodadi Bi Ase
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Nsɛmmisa A Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
Hwɛ Pii Ka Ho
Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
lr ti 29 kr. 152-156

Ti 29

So Apontow Nyinaa Sɔ Onyankopɔn Ani?

SO W’ANI gye apontow ho?— Ebetumi ama w’ani agye paa. So wususuw sɛ Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no bɛpɛ sɛ yɛkɔ apontow ase?— Wiɛ, ɔkɔɔ nea yebetumi afrɛ no apontow ase bere a obi waree no, na n’asuafo no binom kaa ne ho kɔe. Yehowa yɛ ‘anigye Nyankopɔn,’ enti sɛ yegye yɛn ani wɔ apontow a ɛfata ase a, ɛsɔ n’ani.—1 Timoteo 1:11; Yohane 2:1-11.

Nhoma yi kratafa 29 ka kyerɛ yɛn sɛ Yehowa paee Po Kɔkɔɔ no mu ma Israelfo faa mu. So wokae sɛ woakenkan ho asɛm?— Ɛno akyi no, nkurɔfo no too nnwom sawee de daa Yehowa ase. Ná ɛte sɛ apontow. Ná nkurɔfo no ani agye paa, na yebetumi agye adi sɛ Onyankopɔn nso ani gyei.—Exodus 15:1, 20, 21.

Bɛyɛ mfirihyia 40 akyi no, Israelfo no kɔɔ apontow kɛse foforo bi ase. Saa bere yi de, na nkurɔfo a wɔtoo nsa frɛɛ wɔn no nsom Yehowa mpo. Nokwarem no, na nkurɔfo a wɔtoo nsa frɛɛ Israelfo no kotow sɔre anyame foforo, na na wɔne nkurɔfo a wɔnwaree wɔn nya ɔbea ne ɔbarima ntam nna mu nkitahodi. So wususuw sɛ ɛteɛ sɛ wobɛkɔ apontow a ɛte saa ase?— Yehowa ani annye ho, na ɔtwee Israelfo no aso.—Numeri 25:1-9; 1 Korintofo 10:8.

Bible ka awodadi apontow abien nso ho asɛm. So na emu biako yɛ Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no awodadi ho apontow?— Dabi. Na saa awodadi apontow abien yi nyinaa yɛ mmarima a wɔnsom Yehowa dea. Ná biako yɛ Ɔhene Herode Antipa awodadi apontow. Ɔno na na odi Galilea so bere a na Yesu wɔ hɔ no.

Ɔhene Herode yɛɛ nneɛma bɔne pii. Ɔfaa ne nuabarima yere waree no. Na ne din de Herodia. Onyankopɔn akoa Yohane Osuboni ka kyerɛɛ Herode sɛ ɛyɛ mfomso sɛ ɔbɛyɛ saa. Asɛm no anyɛ Herode dɛ. Enti ɔma wɔde Yohane too afiase.—Luka 3:19, 20.

Bere a Yohane da afiase no, bere soe sɛ Herode di n’awoda. Herode tow pon kɛse bi. Ɔtoo nsa frɛɛ nnipa atitiriw pii. Wɔn nyinaa didi nomee, na wogyee wɔn ani. Afei Herodia babea bɛsaw maa wɔn. Obiara ani gyee n’asaw no ho araa ma Ɔhene Herode pɛe sɛ ɔma no akyɛde titiriw bi. Ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ade biara a wubebisa me no, mɛma wo, de akosi m’ahenni fa so.”

Dɛn na na obebisa? So ɛbɛyɛ sika?, ntade a ɛyɛ fɛ?, n’ankasa ahemfie? Na abeawa no nhu nea ɔnka. Enti ɔkɔɔ ne maame Herodia nkyɛn kobisaa no sɛ: “Dɛn na minkobisa?”

Nanso na Herodia tan Yohane Osuboni yiye. Enti ɔka kyerɛɛ ne babea no sɛ ommisa Yohane ti. Abeawa no san kɔɔ ɔhene nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: ‘Mepɛ sɛ wode Yohane Osuboni no ti to prɛte so ma me mprempren yi ara.’

Ná Ɔhene Herode mpɛ sɛ okum Yohane efisɛ na onim sɛ Yohane yɛ onipa pa. Nanso na Herode ahyɛ bɔ, na na osuro nea sɛ ɔsakra n’adwene a, afoforo a wɔwɔ apontow no ase no besusuw no ho. Enti ɔsomaa ɔbarima bi kɔɔ afiase hɔ kotwaa Yohane ti. Ankyɛ koraa na ɔbarima no san bae. Ná okura Yohane ti wɔ prɛte bi so, na ɔde maa abeawa no. Na abeawa no de maa ne maame.—Marko 6:17-29.

Awodadi apontow foforo a Bible kaa ho asɛm no nso te sɛ eyi ara. Wɔtow saa pon yi maa Misraim hene bi. Bere a apontow yi nso rekɔ so no, ɔhene no ma wotwaa obi ti. Afei ɛno akyi no, ɔde ɔbarima no sɛn dua so sɛ nnomaa mmedi ne nam! (Genesis 40:19-22) So wususuw sɛ Onyankopɔn penee saa apontow abien no so?— So anka w’ani begye ho sɛ wobɛwɔ emu bi ase?—

Yenim sɛ biribiara a ɛwɔ Bible mu no, atirimpɔw bi nti na ɛwom. Ɛka awodadi apontow abien pɛ ho asɛm. Na abien no nyinaa ase no, wɔyɛɛ nneɛma bɔne de dii afahyɛ no. Enti dɛn na wobɛka sɛ Onyankopɔn reka akyerɛ yɛn wɔ awodadi apontow ahorow ho? So Onyankopɔn pɛ sɛ yedi awoda anaa?—

Ɛwom sɛ nkurɔfo ntwa obi ti wɔ apontow a ɛte saa ase nnɛ de. Nanso awodadi ho adwene fii ase wɔ nkurɔfo a na wɔnsom nokware Nyankopɔn no mu. The Catholic Encyclopedia ka fa awoda a wodii wɔ Bible mu no ho sɛ: “Abɔnefo nkutoo . . . na wɔhyɛ da a wɔwoo wɔn ho fa.” So yɛpɛ sɛ yɛyɛ sɛ wɔn?—

Na ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no nso ɛ? So odii n’awoda?— Dabi, Bible nka biribiara mfa Yesu awodadi apontow ho. Nokwarem no, Yesu akyidifo a wodi kan no anni n’awoda. So wunim nea enti a akyiri yi nkurɔfo paw sɛ wobedi Yesu awoda December 25 no?—

Sɛnea The World Book Encyclopedia ka no, “na Romafo di saa da no sɛ Saturn Afahyɛ, de hyɛ owia ho fa dedaw.” Enti nkurɔfo paw sɛ wobedi Yesu awoda wɔ da a na abosonsomfo apaw de gye wɔn ahome dedaw no!

So wunim nea enti a entumi mma sɛ wɔwoo Yesu wɔ December mu no?— Efisɛ Bible ka sɛ bere a wɔwoo Yesu no, na nguanhwɛfo da so ara wɔ wuram anadwo. (Luka 2:8-12) Na entumi mma sɛ wɔbɛtra wuram wɔ December ɔsram a osu tɔ na awɔw wom no.

Nnipa pii nim sɛ Buronya nyɛ Yesu awoda. Wonim mpo sɛ abosonsomfo wɔ afahyɛ bi a ɛnsɔ Onyankopɔn ani saa da no. Nanso ne nyinaa akyi no, nkurɔfo pii di Buronya. Nea ehia wɔn ara ne sɛ wɔbɛtow pon sen sɛ wobehu adwene a Onyankopɔn wɔ wɔ ho no. Nanso, yɛpɛ sɛ yɛsɔ Yehowa ani, ɛnte saa?—

Enti sɛ yɛtow pon a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ hu sɛ ɛyɛ nea ɛsɔ Yehowa ani. Yebetumi atow pon bere biara wɔ afe no mu. Ɛho nhia sɛ yɛtwɛn da titiriw bi ansa. Yebetumi adi aduan titiriw bi na yɛadi agoru agye yɛn ani. So wobɛpɛ sɛ woyɛ saa?— Ebia wubetumi ne w’awofo akasa na wɔaboa wo ma moayɛ apontow bi ho nhyehyɛe. Ɛbɛyɛ anigye paa, ɛnte saa?— Nanso ansa na wobɛyɛ apontow bi ho nhyehyɛe no, ɛsɛ sɛ wohwɛ hu sɛ ɛyɛ biribi a ɛbɛsɔ Onyankopɔn ani.

Wɔda hia a ehia sɛ yɛyɛ ade a ɛsɔ Onyankopɔn ani bere nyinaa no nso adi wɔ Mmebusɛm 12:2; Yohane 8:29; Romafo 12:2; ne 1 Yohane 3:22.

[Mfonini wɔ kratafa 152]

Dɛn nti na Onyankopɔn ani gyee apontow yi ho?

[Mfonini wɔ kratafa 153]

Dɛn na esii wɔ Herode awodadi apontow ase?

[Mfonini wɔ kratafa 154]

Dɛn nti na December 25 ntumi nyɛ da a wɔwoo Yesu?

[Mfonini wɔ kratafa 156]

Yɛbɛyɛ dɛn atumi ahwɛ ahu sɛ yɛn apontow ahorow sɔ Onyankopɔn ani?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena