Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • lr ti 30 kr. 157-161
  • Nea Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛadi Nneɛma a Yesuro So

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nea Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛadi Nneɛma a Yesuro So
  • Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Osuaa Bɔne Fafiri Fii Ne Wura Hɔ
    Suasua Wɔn Gyidi
  • Ne Wura Kyerɛɛ no Sɛnea Wɔde Bɔne Firi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
  • Odii Nokware Wɔ Sɔhwɛ Ahorow Mu
    Suasua Wɔn Gyidi
  • Ɔsomafo Petro Kaa wɔ Kaiafa Fie sɛ Ɔnnim Yesu
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
Hwɛ Pii Ka Ho
Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
lr ti 30 kr. 157-161

Ti 30

Nea Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛadi Nneɛma a Yesuro So

SO ƐYƐ mmerɛw ma wo sɛ wobɛsom Yehowa?— Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no anka sɛ ɛbɛyɛ mmerɛw. Anadwo ansa na wɔrekum Yesu no, ɔka kyerɛɛ n’asomafo no sɛ: “Sɛ wiase tan mo a, munhu sɛ watan me kan ansa na ɛretan mo.”—Yohane 15:18.

Petro hoahoaa ne ho sɛ ɔremfi Yesu akyi da, nanso Yesu ka kyerɛɛ Petro sɛ ɔbɛpa no mprɛnsa saa anadwo no ara. Na saa pɛpɛɛpɛ na Petro yɛe! (Mateo 26:31-35, 69-75) Ɛyɛɛ dɛn na biribi a ɛte saa tumi sii?— Esii efisɛ ehu kaa Petro, na saa ara na ɛyɛɛ asomafo a aka no nso.

So wunim nea enti a asomafo no bɔɔ hu?— Wɔantumi anyɛ biribi a na ehia paa. Eyi a yebehu no bɛboa yɛn ma yɛasom Yehowa, ɛmfa ho biribiara a obi bɛka anaa ɔbɛyɛ yɛn no. Nanso sɛ yebefi ase a, ehia sɛ yɛsan susuw nea esii anadwo a etwa to a Yesu ne n’asomafo no hyiae no ho.

Nea edi kan no, wɔboom dii Twam afahyɛ no. Na eyi yɛ aduan titiriw a wodi no afe biara de kae ogye a Onyankopɔn nkurɔfo nya fii nkoasom mu wɔ Misraim no. Afei Yesu ne wɔn hyehyɛɛ aduan titiriw foforo bi. Yebesusuw ho wɔ ti bi mu akyiri yi na yɛakyerɛ sɛnea saa aduan no boa yɛn ma yɛkae Yesu. Saa aduan no akyi ne afei bere a Yesu de nkuranhyɛsɛm maa n’asomafo no wiei no, Yesu de wɔn kɔɔ Getsemane turom. Eyi yɛ baabi a na wɔtaa kɔ.

Yesu nkutoo kɔɔ turo no fã baabi kɔbɔɔ mpae. Afei ɔka kyerɛɛ Petro, Yakobo ne Yohane sɛ wɔmmɔ mpae. Nanso, wɔdae. Yesu nkutoo tew ne ho ne mprɛnsa so kɔbɔɔ mpae, na mprɛnsa no nyinaa mu no, ɔsan bae behui sɛ Petro ne afoforo no adeda! (Mateo 26:36-47) So wunim nea enti a na anka ɛsɛ sɛ wɔwɛn na wɔbɔ mpae no?— Ma yɛnka eyi ho asɛm.

Mfiase no na Yuda Iskariot ne Yesu ne asomafo foforo no wɔ Twam no ase saa anwummere no. Sɛnea ebia wobɛkae no, na Yuda abɛdan owifo. Afei wabɛdan ɔfatwafo. Ná onim Getsemane turo no mu faako a na Yesu ne n’asomafo no taa hyia no. Enti Yuda de asraafo baa hɔ bɛkyeree Yesu. Bere a woduu hɔ no, Yesu bisaa wɔn sɛ: “Mohwehwɛ hena?”

Asraafo no buae sɛ: “Yesu.” Yesu ansuro, enti obua sɛ: “Mini.” Yesu akokoduru no yɛɛ asraafo no nwonwa araa ma wopinii akyiri hwehwee ase. Afei Yesu kae sɛ: ‘Sɛ me na mohwehwɛ me a, momma m’asomafo no nkɔ.’—Yohane 18:1-9.

Bere a asraafo no soo Yesu mu kyekyeree no no, asomafo no suroe na woguanee. Nanso na Petro ne Yohane pɛ sɛ wohu nea ebesi, enti wodii akyi wɔ akyirikyiri. Awiei koraa no, wɔde Yesu duu Kaiafa, a na ɔyɛ ɔsɔfo panyin no fie. Esiane sɛ na ɔsɔfo panyin no nim Yohane nti, ɔpon ano hwɛfo no ma ɔne Petro kɔɔ abangua no so.

Na asɔfo no adi kan ahyiam wɔ Kaiafa fie dedaw rebedi asɛm. Na wɔpɛ sɛ wokum Yesu. Enti wɔde adansefo a na wɔbɛka ne ho atosɛm baa hɔ. Nkurɔfo no de akuturuku bobɔɔ Yesu na wɔbobɔɔ no sotɔre. Bere a na eyinom nyinaa rekɔ so no, na Petro bɛn hɔ.

Abaawa a ɔhwɛ ɔpon ano a ɔmaa Petro ne Yohane kɔɔ mu no huu Petro. Ɔkae sɛ: ‘Wo nso woka Yesu ho!’ Nanso Petro kae sɛ onnim Yesu mpo. Bere bi akyi no, abeawa foforo huu Petro na ɔka kyerɛɛ wɔn a wogyinagyina hɔ no sɛ: ‘Ɔbarima yi ne Yesu na ɛnam.’ Bio, Petro kae sɛ onnim no. Bere bi akyi no, nnipakuw bi huu Petro na wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ampa ara, wo nso woka wɔn ho; na wo kasa nso yi wo adi!” Ne mprɛnsa so no, Petro kae sɛ onnim no na ɔkae sɛ: “Minnim onipa no!” Petro dii nsew kae sɛ asɛm a ɔreka no yɛ nokware, na Yesu dan n’ani hwɛɛ no.—Mateo 26:57-75; Luka 22:54-62; Yohane 18:15-27.

So wunim nea enti a Petro dii atoro no?— Efisɛ na osuro. Nanso, dɛn nti na na osuro no? Dɛn na wanyɛ amma wannya akokoduru no? Susuw ho hwɛ. Dɛn na na Yesu ayɛ de anya akokoduru no?— Na wabɔ Onyankopɔn mpae, na Onyankopɔn boaa no ma onyaa akokoduru. Na kae sɛ, na Yesu aka akyerɛ Petro mprɛnsa sɛ ɔmmɔ mpae na ɔnkɔ so nwɛn. Nanso dɛn na na asi?—

Emu biara no, Petro dae. Wammɔ mpae, na wankɔ so anwɛn. Enti bere a wɔkyeree Yesu no, ne ho dwiriw no. Akyiri yi a na wɔredi Yesu asɛm, na wɔbobɔɔ Yesu na wɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ wobekum no no, Petro suroe. Nanso nnɔnhwerew kakraa a na atwam no, dɛn na Yesu ka kyerɛɛ n’asomafo no sɛ wɔnhwɛ kwan?— Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ sɛnea wiase atan no no, saa ara na wɔbɛtan wɔn nso.

Afei ma yensusuw biribi a ebetumi ato yɛn a ɛte sɛ nea ɛtoo Petro no ho nhwɛ. Fa no sɛ wowɔ sukuu dan mu bere a nkurɔfo fi ase ka nsɛm a enye fa wɔn a wonkyia frankaa anaa wɔn a wonni Buronya ho no. Ɛnde sɛ obi dan ba wo so bɛka sɛ: “So ɛyɛ nokware sɛ wunkyia frankaa?” Anaasɛ afoforo ka sɛ: “Yɛate sɛ wunni Buronya mpo!” a, wubesuro sɛ wobɛka nokware no akyerɛ wɔn?— So wobɛpɛ sɛ wudi atoro sɛnea Petro yɛe no?—

Ɛno akyi no, Petro werɛ howee paa sɛ waka sɛ onnim Yesu. Bere a ohuu nea wayɛ no, ofii adi kosui. Yiw, ɔsan kɔɔ Yesu nkyɛn. (Luka 22:32) Afei susuw ho hwɛ. Dɛn na ɛbɛboa yɛn na amma ehu anka yɛn ma yɛanyɛ biribi te sɛ nea Petro yɛe no?— Kae, Petro ammɔ mpae na wankɔ so anwɛn. Enti dɛn na wobɛka sɛ ehia sɛ yɛyɛ na ama yɛatumi ayɛ Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no akyidifo pa?—

Akyinnye biara nni ho sɛ ɛsɛ sɛ yɛbɔ Yehowa mpae de hwehwɛ mmoa. Bere a Yesu bɔɔ mpae no, wunim nea Onyankopɔn yɛ maa no?— Ɔsomaa ɔbɔfo ma ɔbɛhyɛɛ no den. (Luka 22:43) So Onyankopɔn abɔfo betumi aboa yɛn?— Bible ka sɛ: ‘Yehowa bɔfo bɔ wɔn a wosuro no ho nsra hyia, na ogye wɔn.’ (Dwom 34:7) Nanso sɛ yɛn nsa bɛka Onyankopɔn mmoa a, ehia sɛ yɛyɛ pii sen mpae ara a yɛbɛbɔ. So wunim biribi foforo bio a ɛsɛ sɛ yɛyɛ?— Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo no sɛ wɔmma wɔn ani nna hɔ na wɔnkɔ so nwɛn. Dɛn na wususuw sɛ ebetumi aboa yɛn ma yɛayɛ saa?—

Ehia sɛ yetie nea wɔka kyerɛ yɛn wɔ Kristofo nhyiam ahorow ase no na yɛma yɛn ani ku nea yɛkenkan fi Bible mu no ho. Afei nso ehia sɛ yɛbɔ Yehowa mpae daa na yɛka kyerɛ no sɛ ɔmmoa yɛn ma yɛnsom no. Sɛ yɛyɛ saa a, yebenya mmoa a yɛde bedi nneɛma a yesuro so. Ɛno ansa na sɛ yenya hokwan sɛ yɛbɛka Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no ne N’agya ho asɛm akyerɛ afoforo a, yɛde anigye bɛyɛ.

Kyerɛw nsɛm yi betumi aboa yɛn na yɛamma nnipa ho suro antwetwe yɛn amfi nea ɛteɛ a yɛbɛyɛ ho: Mmebusɛm 29:25; Yeremia 26:12-15, 20-24; ne Yohane 12:42, 43.

[Mfonini wɔ kratafa 159]

Dɛn nti na na ɛsɛ sɛ Petro, Yakobo, ne Yohane wɛn?

[Mfonini wɔ kratafa 160]

Dɛn nti na Petro bɔɔ hu araa ma odii atoro sɛ onnim Yesu?

[Mfonini wɔ kratafa 160]

Ɔkwan bɛn so na wubetumi akɔ tebea a ɛte sɛ nea ɛtoo Petro no mu?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena