Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • lr ti 31 kr. 162-166
  • Faako a Yebenya Awerɛkyekye

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Faako a Yebenya Awerɛkyekye
  • Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yesu Hwɛ Ne Nguan
    Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2018
  • Nguanhwɛfo A Wɔwɔ Ɔdɔ, Nguan A Wɔwɔ Ahotoso
    Nyan!—1988
  • “Deɛ Wayera no Mɛhwehwɛ No”
    San Bra Yehowa Nkyɛn
  • Yehowa Ne Yɛn Hwɛfo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
Hwɛ Pii Ka Ho
Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
lr ti 31 kr. 162-166

Ti 31

Faako a Yebenya Awerɛkyekye

SO ƐYƐ a wo werɛ how na wote nka sɛ woayɛ ankonam?— So wubisa wo ho sɛ gyama obiara nnɔ wo anaa?— Mmofra bi te nka saa. Nanso Onyankopɔn hyɛ bɔ sɛ: ‘Me werɛ remfi wo.’ (Yesaia 49:15) So ɛnyɛ wo anigye sɛ wubesusuw ho?— Yiw, Yehowa Nyankopɔn dɔ yɛn ankasa!

Bible kyerɛwfo bi kae sɛ: ‘M’agya ne me na agyaw me a, Yehowa de, obegye me.’ (Dwom 27:10) Saa a yebehu no betumi ayɛ awerɛkyekye ama yɛn, ɛnte saa?— Yiw, Yehowa ka kyerɛ yɛn sɛ: ‘Nsuro, na me ne wo wɔ hɔ. Mɛboa wo.’—Yesaia 41:10.

Nanso ɛtɔ mmere bi a, Yehowa ma kwan ma Satan de ɔhaw ba yɛn so. Yehowa ma Satan kwan ma ɔsɔ Ne nkoa hwɛ mpo. Bere bi Ɔbonsam maa Yesu huu amane araa ma Yesu teɛɛm frɛɛ Yehowa sɛ: ‘Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, adɛn nti na woagyaw me?’ (Mateo 27:46) Ɛwom sɛ na Yesu rehu amane de, nanso na ɔda so ara nim sɛ Yehowa dɔ no. (Yohane 10:17) Na Yesu nim nso sɛ Onyankopɔn ma Satan sɔ Ne nkoa hwɛ, na ɔma Satan kwan ma ɔde amanehunu ba wɔn so. Yɛbɛkyerɛkyerɛ nea enti a Onyankopɔn ma Satan kwan ma ɔyɛ saa no mu wɔ ti foforo mu.

Sɛ yesusua a, ɛtɔ mmere bi a ɛnyɛ den sɛ yebesuro ade. Sɛ nhwɛso no, so woayera pɛn?— Ehu kaa wo?— Mmofra pii besuro. Bere bi Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no kaa asɛm bi faa yera ho. Nanso ɛnyɛ abofra na ɔyerae. Na ɛyɛ oguan bi.

Akwan bi so no, wote sɛ oguan. Ɔkwan bɛn so na ɛte saa? Wiɛ, nguan nyɛ akɛse pii na wɔn ho nyɛ den nso. Wohia obi a ɔbɛhwɛ wɔn so na wabɔ wɔn ho ban. Wɔfrɛ obi a ɔhwɛ nguan sɛ oguanhwɛfo.

Wɔ Yesu asɛm no mu no, ɔkaa oguanhwɛfo bi a na ɔwɔ nguan ɔha ho asɛm. Nanso nguan no mu biako yerae. Ebia na oguan no pɛ sɛ ohu nea ɛwɔ koko no fã foforo. Nanso bere a saa oguan no ani baa ne ho so no, na ɔne afoforo no ntam kwan aware yiye. So wubetumi atwa sɛnea oguan no tee nka bere a ohui sɛ aka ne nkutoo no ho mfonini wɔ w’adwenem?—

Sɛ oguanhwɛfo no hu sɛ ne nguan no mu biako ayera a dɛn na ɔbɛyɛ? So ɔbɛka sɛ ɛyɛ oguan no mfomso nti ɔremma ɛnhaw no anaa? Anaasɛ obegyaw nguan 99 no wɔ baabi a asiane nni hɔ na wakɔhwehwɛ biako pɛ a wayera no? So ɛsɛ sɛ ɔhaw ne ho saa wɔ oguan biako ho?— Sɛ wone saa oguanten a ɔyerae no a, anka wobɛpɛ sɛ oguanhwɛfo no bɛhwehwɛ wo?—

Ná oguanhwɛfo no dɔ ne nguan no nyinaa yiye, a na nea wayera no ka ho. Enti ɔkɔ kɔhwehwɛɛ nea wayera no. Susuw sɛnea saa oguan a wayera no ani begye afa bere a ohuu sɛ ne hwɛfo no reba no ho hwɛ! Yesu kae sɛ oguanhwɛfo no ani gyei sɛ wahu ne guan no. N’ani gyee ne ho sen 99 a na wɔnyerae no. Afei, hena na ɔte sɛ saa oguanhwɛfo no wɔ Yesu asɛm no mu? Hena na ɔhwɛ yɛn so yiye te sɛ nea saa oguanhwɛfo no yɛ maa ne guan no?— Yesu kae sɛ N’agya a ɔwɔ soro no yɛ saa. Na N’agya ne Yehowa.

Yehowa Nyankopɔn yɛ Oguanhwɛfo Kɛse ma ne nkurɔfo. Ɔdɔ wɔn a wɔsom no no nyinaa, a mmofra a wɔte sɛ wo ka ho. Ɔmpɛ sɛ yɛn mu bi bepira anaasɛ wɔbɛsɛe yɛn. Akyinnye biara nni ho sɛ ɛyɛ anigye sɛ yebehu sɛ Onyankopɔn hwɛ yɛn so saa!—Mateo 18:12-14.

So wugye Yehowa Nyankopɔn di ankasa?— So wususuw sɛ ɔyɛ obi a ɔwɔ hɔ ankasa?— Ɛyɛ nokware sɛ yentumi nhu Yehowa. Eyi te saa efisɛ ɔyɛ Honhom. Ɔwɔ nipadua a yɛn aniwa ntumi nhu. Nanso ɔyɛ obi a ɔwɔ hɔ ankasa, na otumi hu yɛn. Onim bere a yehia mmoa. Na yebetumi ne no akasa wɔ mpaebɔ mu, sɛnea yɛne obi kasa wɔ asase so ha no ara pɛ. Yehowa pɛ sɛ yɛyɛ eyi.

Enti sɛ ɛtɔ bere bi na sɛ wote nka sɛ wo werɛ ahow anaasɛ woayɛ ankonam a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ?— Wo ne Yehowa nkasa. Bɛn no, na ɔbɛkyekye wo werɛ na waboa wo. Kae sɛ Yehowa dɔ wo, bere a wote nka mpo sɛ aka wo nkutoo no. Afei ma yɛmfa yɛn Bible. Wɔka kyerɛ yɛn wɔ Dwom 23, fi nkyekyɛm 1 rekɔ no sɛ: ‘Yehowa ne me hwɛfo, hwee renhia me. Ɔma meda wura frɔmfrɔm adidibea, ogya me kɔ nsu a ɛho dwo ho.’

Hyɛ nea ɔkyerɛwfo no de ka ho wɔ nkyekyɛm 4 no nsow: “Nso menam esum kabii bon no mu a, minsuro bɔne bi, efisɛ wo ne me na ɛwɔ hɔ, w’abaa ne wo poma na ɛkyekye me werɛ.” Saa na nnipa a wɔn Nyankopɔn ne Yehowa no te nka. Sɛ wohyia ɔhaw a, wonya awerɛkyekye. So saa na wote nka anaa?—

Sɛnea oguanhwɛfo a ɔwɔ ɔdɔ hwɛ ne nguankuw so no, saa ara nso na Yehowa hwɛ ne nkurɔfo yiye. Ɔkyerɛ wɔn ɔkwan pa a ɛsɛ sɛ wɔfa so, na wɔde anigye di n’akyi. Mpo sɛ ɔhaw twa wɔn ho nyinaa hyia a, ɛho nhia sɛ wosuro. Oguanhwɛfo de n’abaa anaa ne poma bɔ nguan no ho ban fi mmoa a ebia wobepira wɔn no ho. Bible ka sɛnea oguanhwɛfo kumaa Dawid bɔɔ ne nguan ho ban fii gyata ne osisi ho no. (1 Samuel 17:34-36) Na Onyankopɔn nkurɔfo nim sɛ Yehowa bɛbɔ wɔn nso ho ban. Wobetumi ate nka sɛ wɔwɔ ahobammɔ efisɛ Onyankopɔn ne wɔn na ɛwɔ hɔ.

Yehowa dɔ ne nguan ankasa, na ɔka wɔn brɛoo. Bible ka sɛ: “Ɔbɛyɛn ne nguankuw sɛ oguanhwɛfo, obeturu nguammaa ne basa so.”—Yesaia 40:11.

So hu a wuhu sɛ Yehowa te saa no mma w’ani nnye?— So wopɛ sɛ woyɛ ne nguan no mu biako anaa?— Nguan tie wɔn hwɛfo nne. Wɔtra ne nkyɛn pɛɛ. So wutie Yehowa?— So wobɛn no?— Ɛnde ɛnsɛ sɛ wusuro da. Yehowa ne wo bɛtra.

Yehowa fi ɔdɔ mu hwɛ wɔn a wɔsom no no. Ma yɛnkenkan nea Bible ka fa eyi ho wɔ Dwom 37:25; 55:22; ne Luka 12:29-31.

[Mfonini wɔ kratafa 163]

Wususuw sɛ oguan ketewaa a wayera yi te nka dɛn?

[Mfonini wɔ kratafa 164]

Hena na ɔte sɛ oguanhwɛfo a wahu ne guan no?

[Mfonini wɔ kratafa 165]

So wususuw sɛ Yehowa yɛ obi a ɔwɔ hɔ ankasa te sɛ wo papa anaa obi foforo?

[Mfonini wɔ kratafa 166]

Sɛnea oguanhwɛfo bɔ ne nguan ho ban no, sɛ yɛkɔ ɔhaw mu a, hena na ɔbɛboa yɛn?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena