Ti 33
Yesu Betumi Abɔ Yɛn Ho Ban
BERE a Yesu nyin bɛyɛɛ ɔpanyin na obehuu sɛnea wɔbɔɔ ne ho ban bere a na ɔyɛ abofra no, so wususuw sɛ ɔbɔɔ mpae de daa Yehowa ase?— Dɛn na wususuw sɛ akyiri yi Yesu bɛka akyerɛ Maria ne Yosef bere a obehui sɛ wogyee no nkwa denam Misraim a wɔde no kɔe so no?—
Ɛwom, Yesu nyɛ akokoaa bio. Ɔnte asase so bio sɛnea na bere bi ɛte no. Nanso so woahyɛ no nsow sɛ ɛte sɛ nea nnansa yi nnipa binom susuw sɛ Yesu yɛ abofra a ɔda mmoa adididaka mu?— Eyi si wɔ Buronya bere mu bere a wohu Yesu sɛ abofra wɔ mfonini pii mu wɔ mmeae bi no.
Ɛwom sɛ Yesu nte asase so bio de, nanso wugye di sɛ ɔte ase?— Yiw, wonyan no fii awufo mu, na mprempren ɔyɛ Ɔhene a ɔwɔ tumi wɔ soro. Dɛn na wususuw sɛ obetumi ayɛ de abɔ wɔn a wɔsom no no ho ban?— Sɛ nhwɛso no, bere a na Yesu wɔ asase so no, ɔkyerɛɛ sɛnea obetumi abɔ wɔn a wɔdɔ no no ho ban. Ma yɛnhwɛ sɛnea ɔyɛɛ saa bere bi a na ɔne n’asuafo no te ɔkorow bi mu no.
Na ɛyɛ anwummere. Na Yesu akyerɛkyerɛ da mũ no nyinaa wɔ Galilea Po a ɛyɛ ɔtare kɛse a ne tenten bɛyɛ kilomita 20 na ne trɛw bɛyɛ kilomita 12 no ho. Afei ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Momma yentwa nkɔ ɔtare no agya nohɔ.” Enti wɔtraa ɔkorow no mu na wofii ase twa kɔɔ ɔtare no agya. Na Yesu abrɛ, enti ɔkɔtraa ɔkorow no akyi na ɔkɔdaa sumii bi so. Ankyɛ na ɔfaa mu dae hatee.
Asuafo no anna sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛka ɔkorow no. Biribiara kɔɔ so yiye kosii sɛ mframa dennen bi bɔe. Ɛkɔɔ so bɔɔ denneennen, na asorɔkye no fii ase bɔɔ kɛse. Asorɔkye no fii ase bɔ guu ɔkorow no mu, na nsu fii ase yɛɛ ɔkorow no ma.
Na asuafo no suro sɛ wɔrebɛmem. Nanso na Yesu nsuro. Na ɔda so ara da ɔkorow no akyi hɔ. Awiei koraa no, asuafo no nyan no, kae sɛ: ‘Kyerɛkyerɛfo, Kyerɛkyerɛfo gye yɛn; yɛreyɛ awuwu wɔ ahum bi mu.’ Wɔkaa saa no, Yesu sɔree na ɔkasa kyerɛɛ mframa ne asorɔkye no. Ɔkae sɛ: ‘Monyɛ komm!’
Ɛhɔ ara na mframa no gyaee bɔ, na ɔtare no yɛɛ dinn. Asuafo no ho dwiriw wɔn. Na wonhuu biribi a ɛte saa da. Wofii ase sesee wɔn ho sɛ: ‘Onipa bɛn ara ni na mframa ne po mpo tie no yi?’—Luka 8:22-25; Marko 4:35-41.
So wunim onipa ko a Yesu yɛ?— So wunim faako a onyaa ne tumi kɛse no fii?— Na anka ɛnsɛ sɛ asuafo no suro bere a na Yesu wɔ wɔn nkyɛn no, efisɛ na Yesu nyɛ onipa bi ara kɛkɛ. Obetumi ayɛ nneɛma a ɛyɛ nwonwa a onipa biara ntumi nyɛ. Ma menka biribi foforo a ɔyɛe wɔ po a ahum retu wɔ so ho asɛm nkyerɛ wo.
Ɛyɛ da foforo wɔ bere bi akyi. Eduu anwummere no, Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ wɔnkɔfa ɔkorow na wonni kan nkɔ nsu no agya. Afei Yesu nkutoo foro kɔɔ bepɔw bi so. Ɛyɛ beae bi a ɛhɔ yɛ komm a obetumi abɔ N’agya Yehowa Nyankopɔn mpae.
Asuafo no kɔtraa ɔkorow no mu na wofii ase twaa po no. Nanso ankyɛ na mframa bi fii ase bɔe. Ɛkɔɔ so bɔɔ denneennen. Na ade asa. Mmarima no yii ɔkorow no so ntama no guu hɔ na wofii ase haree. Nanso na wontumi nkɔ wɔn anim biara efisɛ na mframa dennen rebɔ hyia wɔn. Na asorɔkye kɛse no ama ɔkorow no redi ahim, na nsu rebɔ gu mu. Mmarima no bɔɔ mmɔden paa sɛ wobedu mpoano, nanso na wontumi.
Na Yesu nkutoo da so wɔ bepɔw no so. Na wakyɛ wɔ hɔ. Nanso afei otumi hui sɛ na n’asuafo no ho akyere wɔn wɔ asorɔkye kɛse no mu. Enti ofii bepɔw no so sian baa po no ano. Na Yesu pɛ sɛ ɔboa n’asuafo no, enti ofii ase nantew wɔ po a ahum retu wɔ so no so!
Sɛ woyɛ sɛ wobɛnantew nsu so a, dɛn na ebesi?— Wobɛmem, na ebia nsu no bɛfa wo. Nanso na Yesu yɛ soronko. Na ɔwɔ tumi soronko bi. Yesu nantew kɔɔ akyiri ansa na ɔredu ɔkorow no ho. Enti bere a asuafo no huu sɛ Yesu nam nsu no su reba wɔn nkyɛn no, na ɛrekɔ ahemadakye. Nanso na ɛyɛ wɔn nwonwa. Wosuroe yiye, na wɔde ehu teɛteɛɛm. Enti Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momma mo bo ntɔ mo yam, ɛyɛ me; munnsuro.”
Bere a Yesu foro kɔtraa ɔkorow no mu ara pɛ na ahum no gyaee. Asuafo no ho dwiriw wɔn bio. Wɔhwee fam wɔ Yesu anim, na wɔkae sɛ: “Onyankopɔn ba ne wo ampa.”—Mateo 14:22-33; Yohane 6:16-21.
So anka ɛrenyɛ anigye sɛ wobɛtra ase saa bere no na woahu Yesu sɛ ɔreyɛ nneɛma a ɛte saa?— So wunim nea enti a Yesu yɛɛ anwonwade a ɛte saa?— Ɔyɛɛ saa efisɛ na ɔdɔ n’asuafo no na na ɔpɛ sɛ ɔboa wɔn. Na ɔyɛɛ saa nneɛma no nso de kyerɛɛ tumi kɛse a na ɔwɔ a ɔde bedi dwuma sɛ Onyankopɔn Ahenni no Sodifo no.
Ɛnnɛ mpo Yesu taa de ne tumi no di dwuma de bɔ n’akyidifo no ho ban fi mmɔden biara a Satan bɔ sɛ ɔremma wɔnka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm no nkyerɛ afoforo no ho. Nanso Yesu mfa ne tumi no nni dwuma mfa mmɔ n’asuafo no ho ban mfi yare ho anaasɛ ɔnsa wɔn yare bere a wɔyare no. Akyiri yi, Yesu asuafo no nyinaa mpo wuwui. Wokum Yohane nua Yakobo, na wɔde Yohane ankasa too afiase.—Asomafo no Nnwuma 12:2; Adiyisɛm 1:9.
Ɛte saa ara nnɛ. Sɛ́ nnipa som Yehowa anaasɛ wɔnsom no no, wɔn nyinaa betumi ayare na wɔawuwu. Nanso ɛrenkyɛ biara, nneɛma bɛsesa wɔ Onyankopɔn nniso a Yesu bɛyɛ Ɔhene wom no mu. Ɛho renhia sɛ obiara suro bio efisɛ Yesu de ne tumi bedi dwuma de ahyira wɔn a wotie no nyinaa.—Yesaia 9:6, 7.
Kyerɛw nsɛm foforo a ɛkyerɛ Yesu tumi kɛse a ɔwɔ sɛ nea Onyankopɔn de no ayɛ Sodifo wɔ Onyankopɔn Ahenni mu no ne Daniel 7:13, 14; Mateo 28:18; ne Efesofo 1:20-22.
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 172]
Wubu Yesu dɛn—sɛ Ɔhene a ɔwɔ tumi anaasɛ akokoaa a ontumi nyɛ ne ho hwee?
[Mfonini wɔ kratafa 173]
Dɛn na Yesu reka akyerɛ mframa ne asorɔkye no?
[Mfonini wɔ kratafa 174]
Dɛn nti na Yesu yɛɛ anwonwade ahorow?
[Mfonini wɔ kratafa 176]
Ɔkwan bɛn so na Yesu bɔ n’akyidifo ho ban nnɛ?