Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • lr ti 38 kr. 197-201
  • Nea Enti a Ɛsɛ sɛ Yɛdɔ Yesu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nea Enti a Ɛsɛ sɛ Yɛdɔ Yesu
  • Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wokum Yesu
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Dɛn Ne Onyankopɔn Ahenni? Sɛnea Yɛbɛkyerɛ sɛ Yɛpɛ
    Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
  • Ɔde Yesu Maa Wɔn sɛ Wɔnkɔkum No
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • So Wobɛkyerɛ Yesu Dɔ No Ho Anisɔ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
Hwɛ Pii Ka Ho
Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
lr ti 38 kr. 197-201

Ti 38

Nea Enti a Ɛsɛ sɛ Yɛdɔ Yesu

FA NO sɛ wote ahyɛmma bi a ɛremem mu. So wobɛpɛ sɛ obi begye wo?— Na sɛ obi de ne nkwa to asiane mu begye wo nso ɛ?— Wiɛ, saa ara na Yesu Kristo yɛe no. Sɛnea yesuae wɔ Ti 37 no, ɔde ne nkwa mae sɛ agyede na ama yɛanya ogye.

Ɛwom, ɛnyɛ nsu a ɛrefa yɛn mu na Yesu gyee yɛn fii. Dɛn mu na ogyee yɛn fii? So wokae?— Ɛyɛ bɔne ne owu a yɛn nyinaa nya fii Adam hɔ no. Ɛwom sɛ nnipa binom ayɛ bɔne a anibere wom de, nanso Yesu wu maa wɔn nso. So wode wo nkwa bɛto asiane mu abɔ mmɔden sɛ wubegye nnipa a wɔte saa?—

Bible ka sɛ: “Ɛbɛyɛ den sɛ obi bewu ama nea ɔyɛ onipa trenee po; na nea ɔyɛ onipa pa no de, ebia obi besi ne bo sɛ obewu ama no.” Nanso Bible no kyerɛkyerɛ mu sɛ, Yesu “wu maa abusuyɛfo.” Wɔn a wɔnsom Onyankopɔn mpo ka ho! Bible toa so ka sɛ: “Yɛda so yɛ nnebɔneyɛfo no [yegu so reyɛ nneɛma bɔne no], Kristo wu maa yɛn.”—Romafo 5:6-8.

So wubetumi akae ɔsomafo bi a ɔyɛɛ nneɛma bɔne paa bere bi no?— Saa ɔsomafo no kyerɛwee sɛ: ‘Kristo baa wiase begyee nnebɔneyɛfo a me na midi wɔn mu kan.’ Ɔsomafo a ɔkaa saa no ne Paulo. Ɔkae sɛ bere bi a atwam no, na ‘ɔyɛ kwasea’ ne sɛ na ‘ɔte nnebɔne mu.’—1 Timoteo 1:15; Tito 3:3.

Susuw ɔdɔ ara a Onyankopɔn wɔ sɛ ɔsomaa ne Ba sɛ ommewu mma nnipa a wɔte saa no ho! Mesrɛ wo fa wo Bible ma yɛnkenkan eyi ho asɛm wɔ Yohane ti 3, nkyekyɛm 16. Ɛkenkan wɔ hɔ sɛ: “Sɛnea Onyankopɔn dɔ wiase [kyerɛ sɛ, nnipa a wɔte asase so] ni, sɛ ɔde ne ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no anyera, na wanya daa nkwa.”

Yesu daa no adi sɛ ɔdɔ yɛn sɛnea N’agya dɔ yɛn no ara. Ebia wobɛkae sɛ wɔ nhoma yi Ti 30 no, yɛkenkan amanehunu a Yesu faa mu anadwo a wɔkyeree no no ho nsɛm bi. Wɔde no kɔɔ Ɔsɔfo Panyin Kaiafa fie, na wodii N’asɛm wɔ hɔ. Wɔmaa adansekurumfo bae betwaa atoro guu Yesu so, na nkurɔfo no bobɔɔ no akuturuku. Saa bere no na Petro kae sɛ onnim Yesu no. Afei ma yɛmfa no sɛ yɛwɔ hɔ bi a yetumi hu nneɛma foforo a esisi no.

Ade akye. Yesu anna anadwo mũ nyinaa. Esiane sɛ asɛm a wodii no anadwo no nyɛ papa nti, asɔfo no frɛfrɛ Sanhedrinfo, anaa Yudafo asɛnnibea kunini no, na wɔsan di asɛm no foforo. Ɛha nso, wɔbɔ Yesu sobo sɛ wayɛ bɔne atia Onyankopɔn.

Afei asɔfo no ma wɔkyekyere Yesu, na wɔde no kɔ Pilato, Roma amrado no anim. Wɔka kyerɛ Pilato sɛ: ‘Yesu sɔre tia aban no. Ɛsɛ sɛ wokum no.’ Nanso Pilato tumi hu sɛ asɔfo no redi atoro. Enti Pilato ka kyerɛ wɔn sɛ: ‘Minhu mfomso biara wɔ ɔbarima yi ho. Megyae no.’ Nanso asɔfo no ne nnipa foforo no teɛteɛm sɛ: ‘Dabi! Kum no!’

Akyiri yi Pilato bɔ mmɔden bio sɛ ɔbɛka akyerɛ nkurɔfo no sɛ obegyae Yesu ma wakɔ. Nanso asɔfo no ma nnipakuw no teɛm sɛ: ‘Sɛ wugyae no a, na wo nso wotan aban no! Kum no!’ Nnipakuw no yɛ gyegyeegye. Afei wunim nea Pilato yɛ?—

Ɔpene so. Nea edi kan no, ɔma wɔhwe Yesu. Na afei ɔdan no ma asraafo no sɛ wɔmfa no nkɔ nkokum no. Wɔde nsɔe kyɛ hyɛ Yesu, na wɔkotow sɔre no de goru ne ho. Afei wɔde dua kɛse bi ma Yesu sɛ ɔnsoa nkɔ kurow no fasu akyi baabi a wɔfrɛ hɔ Nitiriso. Ɛhɔ na wɔde nnadewa bobɔ Yesu nsa ne ne nan mu bɔ dua mu. Afei wɔpagya si hɔ ma Yesu sɛn so. Mogya retu no. Ɔte yaw kɛse.

Yesu nwu amonom hɔ ara. Ɔsɛn dua no so saa ara. Asɔfo mpanyin no di ne ho fɛw. Na nkurɔfo a wɔretwam no ka sɛ: “Sɛ Onyankopɔn ba ne wo a, fi asɛndua no ho si fam!” Nanso Yesu nim nea N’agya asoma no sɛ ɔmmɛyɛ no. Onim sɛ ɛsɛ sɛ ɔde ne nkwa a ɛyɛ pɛ no ma sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi anya daa nkwa. Awiei koraa no, bɛyɛ awiabere nnɔnabiɛsa no, Yesu teɛm frɛ N’agya na owu.—Mateo 26:36–27:50; Marko 15:1; Luka 22:39–23:46; Yohane 18:1–19:30.

Hwɛ sɛnea na ɛsono Yesu wɔ Adam ho! Adam anna ɔdɔ adi ankyerɛ Onyankopɔn. Ɔyɛɛ Onyankopɔn so asoɔden. Saa ara nso na Adam anna ɔdɔ adi ankyerɛ yɛn. Esiane sɛ ɔyɛɛ bɔne nti, wɔawo yɛn nyinaa wɔ bɔne mu. Nanso Yesu daa ɔdɔ adi kyerɛɛ yɛne Onyankopɔn nyinaa. Otiee Onyankopɔn bere nyinaa. Na ɔde ne nkwa mae sɛnea ɛbɛyɛ a obeyi asodi a Adam de too yɛn so no afi hɔ.

So w’ani sɔ ade kɛse a Yesu yɛ maa yɛn no?— Sɛ wobɔ Onyankopɔn mpae a, so woda no ase sɛ ɔde ne Ba no maa yɛn?— Ɔsomafo Paulo kyerɛɛ nea Kristo yɛ maa no no ho anisɔ. Paulo kyerɛwee sɛ Onyankopɔn Ba no ‘dɔɔ me na ɔde ne ho mae maa me.’ (Galatifo 2:20) Yesu wu maa me ne wo nso. Ɔde ne nkwa a ɛyɛ pɛ no mae sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi anya daa nkwa! Akyinnye biara nni ho sɛ, ɛsɛ sɛ ɛkanyan yɛn kɛse ma yɛdɔ Yesu.

Ɔsomafo Paulo kyerɛw kɔmaa Kristofo a wɔwɔ Korinto no sɛ: “Kristo dɔ no hyɛ yɛn.” Dɛn na ɛhyɛ yɛn sɛ yɛnyɛ? Wususuw ho dɛn?— Hyɛ Paulo mmuae no nsow: “Kristo wu maa obiara na wɔn a wɔte ase no antra ase amma wɔn ho bio.”—Yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no; 2 Korintofo 5:14, 15, New Life Version.

So wubetumi akyerɛ akwan a wofa so da wo ho adi sɛ wote ase ma Kristo no?— Wiɛ, ɔkwan biako ne sɛ wobɛka nea woresua afa ne ho no ho asɛm akyerɛ afoforo. Anaasɛ susuw eyi ho hwɛ: Ebia na aka wo nko, na wo maame anaa wo papa nhu nea woreyɛ, anaasɛ onipa foforo biara ntumi nhu wo. So wobɛhwɛ TV so dwumadi anaa nneɛma bi a wunim sɛ Yesu ani rennye ho wɔ Intanɛt so?— Kae sɛ mprempren Yesu te ase, na otumi hu biribiara a yɛyɛ!

Ade foforo a enti ɛsɛ sɛ yɛdɔ Yesu ne sɛ, yɛpɛ sɛ yesuasua Yehowa. Yesu kae sɛ: “Agya no dɔ me.” So wunim nea enti a ɔdɔ Yesu, ne nea enti a ɛsɛ sɛ yɛn so yɛdɔ no no?— Efisɛ na Yesu wɔ ɔpɛ sɛ obewu sɛnea ɛbɛyɛ a Onyankopɔn apɛde bɛyɛ hɔ. (Yohane 10:17) Enti momma yɛnyɛ nea Bible ka kyerɛ yɛn no: “Munsua Onyankopɔn sɛ mma adɔfo, na monnantew ɔdɔ mu, sɛnea Kristo nso dɔ mo na ɔde ne ho mae maa yɛn” no.—Efesofo 5:1, 2.

Nea ɛbɛyɛ na anisɔ a wowɔ ma Yesu ne nea ɔyɛ maa yɛn no ayɛ kɛse no, yɛsrɛ wo kenkan Yohane 3:35; 15:9, 10; ne 1 Yohane 5:11, 12.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 199]

Amanehunu bɛn na Yesu faa mu bere a ɔde ne nkwa too hɔ maa yɛn no?

[Mfonini wɔ kratafa 200]

Dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛdɔ Yesu?

[Mfonini wɔ kratafa 201]

Hena ne obetumi ahu biribiara a yɛyɛ?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena