Hela ne Roma Nya Yudafo So Nkɛntɛnso
NEA ɛtrɛw bɛyɛɛ Hela Ahemman no fii ase wɔ Makedonia mmepɔw mu. Ɛhɔ na Alexander a na ɔwɔ ne mfirihyia 20 mfiase no fii ase de n’ani kyerɛɛ apuei fam. Wɔ afe 334 A.Y.B. mu no, odii n’asraafo anim twaa Hellespont (Dardanelles), a ɛyɛ Europa ne Asia ntam hye no. Te sɛ “sebɔ” a ɔretow ahyɛ obi so no, Helafo a Alexander di wɔn anim no fii ase ko dii nsase ahorow so nkonim ntɛmntɛm. (Dan. 7:6) Alexander dii Persiafo so nkonim wɔ beae bi a ɛbɛn Troy, wɔ Granicus Asubɔnten no asasetaw so, na odii wɔn so nkonim koraa wɔ Issus.
Helafo tuu Siria ne Foinike so sa, na wɔfaa Tiro bere a wɔkaa wɔn hyɛɛ mu asram ason akyi no. (Hes. 26:4, 12) Bere a Alexander antu Yerusalem so sa no, odii Gasa so. (Sak. 9:5) Oduu Misraim pɛ na ɔkyekyee Aleksandria, a ɛbɛyɛɛ aguadi ne nhomasua asoɛe no. Bere a ɔresan atwam wɔ Bɔhyɛ Asase no so no, ɔyɛɛ Persia pasaa wɔ Gaugamela, wɔ baabi a ɛbɛn Niniwe amamfõ so.
Alexander dan n’ani kyerɛɛ anafo fam ko faa Babilon, Susan (Susa), ne Persepolis—a ɛyɛ Persia nkurow a emu na na wofi hwɛ ɔman no so no. Afei, ɔde ahoɔhare sen faa Persia nsase so koduu Indus Asubɔnten ho wɔ baabi a wɔfrɛ no Pakistan nnɛ no. Mfirihyia awotwe pɛ mu no, Alexander ko faa wiase a na wonim no saa bere no fa kɛse no ara. Nanso, bere a odii mfirihyia 32 no, atiridiinini kum no wɔ Babilon wɔ afe 323 A.Y.B. mu.—Dan. 8:8.
Na Helafo nkɛntɛnso a ɛwɔ Bɔhyɛ Asase no so no mu yɛ den. Alexander asraafo no bi traa mpɔtam hɔ. Eduu afeha a edi kan no mu no, na nkurow a emufo ka Hela kasa no (Dekapoli) ayɛ apam. (Mat. 4:25; Marko 7:31) Ná wɔanya Hebri Kyerɛwnsɛm no wɔ Hela kasa mu. Koine, (Hela kasa a nnipa pii ka), yɛɛ kasa a wɔde trɛw Kristofo nkyerɛkyerɛ mu wɔ amanaman mu.
Roma Ahemman
Dɛn na na ɛrekɔ so wɔ atɔe fam? Roma—a na ɛyɛ nkuraase a ɛdeda Tiber Asubɔnten ho no—bɛyɛɛ ɔman titiriw. Awiei koraa no, Roma asraafo a na wɔyɛ den ne amammui tumi biako a wonyae no ma wotumi ko faa mmeae a na Alexander asahene baanan di so no. Eduu afe 30 A.Y.B. no, na Roma Ahemman no di tumi pefee, ‘aboa a ne ho yɛ hu’ a Daniel hui wɔ anisoadehu mu no nniso mfiase ne no.—Dan. 7:7.
Roma Ahemman no trɛw fii Britania kosii Afrika Atifi fam, fi Atlantic Po so kosii Persia Faka ho. Esiane sɛ ahemman no twaa Mediterranea ho hyiae nti, Romafo no frɛɛ no Mare Nostrum (Yɛn Po).
Roma nso nyaa Yudafo a na wɔn asase yɛ Roma Ahemman no fã no so nkɛntɛnso. (Mat. 8:5-13; Aso. 10:1, 2) Yesu bɔɔ asu, wui wɔ Ɔhempɔn Tiberio nniso ase. Roma sodifo no bi taa Kristofo no atirimɔden so, nanso wɔantumi anni nokware som so. Mfeha 13 akyi no, ahemman no hwee ase wɔ German mmusua a wɔwɔ atifi fam ne ntuafo a wodi atutra a na wofi apuei fam no nsam.
[Asase mfonini wɔ kratafa 26]
(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)
Hela Ahemman
Alexander akyi no, n’asahene baanan na wodii ahemman kɛse no so
▪ Cassander
▫ Lysimachus
○ Ptolemy I
• Seleucus I
A2 ▪ HELA
A2 ▪ Atene
A2 ▪ AKAIA
A3 ○ Kirene
A3 ○ LIBIA
B2 ▫ Byzantium
B3 ○ KIPRO
B4 ○ No-Amon (Thebes)
D3 ○ Palmyra (Tadmor)
D3 ○ Gerasa
D3 ○ Filadelfia
D3 ○ Yerusalem
D5 ○ Siene
G2 • Aleksandria Margiana
Alexander Kwan
A2 ▪ MAKEDONIA
A2 ▪ Pella
A2 ▫ THRACE
B2 ▫ Troy
B2 ▫ Sardi
B2 ▫ Efeso
B2 ▫ Gordium
D2 ▫ Ankara
D3 • Tarso
D3 • Issus
D3 • Antiokia (Siria)
D3 ○ Tiro
D4 ○ Gasa
B4 ○ MISRAIM
B4 ○ Memfis
B4 ○ Aleksandria
A4 ○ Siwa Asasebere
B4 ○ Memfis
D4 ○ Gasa
D3 ○ Tiro
D3 ○ Damasko
E3 • Aleppo
E3 • Nisibis
E3 • Gaugamela
E3 • Babilon
Ɛ3 • Susan
Ɛ4 • PERSIA
Ɛ3 • Persepolis
Ɛ4 • Pasargadae
Ɛ3 • MEDIA
Ɛ3 • Ecbatana
Ɛ3 • Rhagae
Ɛ3 • Hecatompylos
F3 • PARTHIA
G3 • ARIA
G3 • Aleksandria Areion
G3 • Aleksandria Prophthasia
F4 • DRANGIANA
G4 • ARACHOSIA
G4 • Aleksandria Arachosiorum
H3 • Kabul
G3 • Drapsaca
H3 • Aleksandria Oxiana
G3 • Drapsaca
G3 • BACTRIA
G3 • Bactra
G2 • Derbent
G2 • SOGDIANA
G2 • Maracanda
G2 • Bukhara
G2 • Maracanda
H2 • Alesandria Eschate
G2 • Maracanda
G2 • Derbent
G3 • Bactra
G3 • BACTRIA
G3 • Drapsaca
H3 • Kabul
H3 • Taxila
H5 • INDIA
H4 • Aleksandria
G4 • GEDROSIA
F4 • Pura
Ɛ4 • PERSIA
F4 • Aleksandria
F4 • CARMANIA
Ɛ4 • Pasargadae
Ɛ4 • Persepolis
Ɛ3 • Susan
E3 • Babilon
[Mmeae foforo]
A3 KRETA
E4 ARABIA
[Nsu ahorow]
B3 Mediterranea Po
D5 Ɛpo Kɔkɔɔ
Ɛ4 Persia Faka
G5 Arabia Po
[Nsubɔnten]
B4 Nil
E3 Eufrate
E3 Tigris
G4 Indus
[Asase mfonini wɔ kratafa 27]
(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)
Roma Ahemman
A1 BRITANIA
A3 SPANIA
B1 GERMANIA
B2 GAUL
B2 ITALIA
B2 Roma
B3 Carthage
D2 ILIRIKO
D3 HELA
D3 Actium
D3 Kirene
E2 Byzantium (Constantinople)
E3 ASIA KUMAA
E3 Efeso
E3 Aleppo
E3 Antiokia (Siria)
E3 Damasko
E3 Gerasa (Jarash)
E3 Yerusalem
E3 Aleksandria
E4 MISRAIM
[Nsu ahorow]
A2 Atlantic Po
D3 Mediterranea Po
E2 Ɛpo Tuntum
E4 Ɛpo Kɔkɔɔ
[Mfonini wɔ kratafa 26]
Bere a Ptolemy II san kyekyee Raba no, ɔtoo din Filadelfia. Roma agoruhwɛbea kɛse bi amamfõ a ɛda so wɔ hɔ
[Mfonini wɔ kratafa 27]
Dekapoli kurow Gerasa (Jarash)
[Mfonini wɔ kratafa 27]
Roma akwan te sɛ eyi a ɛbɛn Aleppo no, faa Europa, Afrika Atifi fam, ne Mediterranea Supɔw so. Kristofo faa saa akwan yi so kɔtrɛw Bible mu nokware no mu