Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • kp kr. 12-15
  • ‘Atemmu Dɔn No’ Adu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Atemmu Dɔn No’ Adu
  • Monkɔ So Nwɛn!
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Atoro Som—Wohuu N’awiei a Ɛyɛ Nwonwa Siei
    Yesaia Nkɔmhyɛ No—Hann Ma Adesamma Nyinaa II
  • “Aguaman Kɛse” No Sɛe Abɛn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1981
  • Wɔasɛe Kurow Kɛse No
    Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!
  • ‘Munguan Mfi Babilon’
    Nkwa a Wubenya Akɔ Asase Foforo So
Hwɛ Pii Ka Ho
Monkɔ So Nwɛn!
kp kr. 12-15

‘Atemmu Dɔn No’ Adu

ADIYISƐM, a ɛne Bible mu nhoma a etwa to no, ma yehu sɛ ɔbɔfo bi atu nam ɔsoro mfinimfini a okura “daa asɛmpa bi rekɔka akyerɛ.” Ɔde nne kɛse teɛm sɛ: “Munsuro Onyankopɔn na monhyɛ no anuonyam, efisɛ n’atemmu dɔn adu.” (Adiyisɛm 14:6, 7) ‘Atemmu dɔn’ no yɛ asɛm no a yɛbɛpaem aka ne afei atemmu ankasa a Onyankopɔn de bɛba. “Dɔnhwerew” yɛ bere tiaa bi. Atemmu no na ɛde “nna a edi akyiri no” bɛba awiei. Saa bere no mu na yɛwɔ yi.—2 Timoteo 3:1.

‘Atemmu dɔn’ no yɛ asɛmpa ma wɔn a wɔdɔ trenee. Ɛyɛ bere a Onyankopɔn de ahotɔ bɛbrɛ n’asomfo a wɔahu amane wɔ nneɛma nhyehyɛe a ɔdɔ nnim na basabasayɛ ahyɛ mu ma yi mu.

Seesei, ansa na ‘atemmu dɔn’ no bɛsɛe nneɛma nhyehyɛe bɔne a ɛwɔ hɔ yi, wɔhyɛ yɛn sɛ: ‘Yensuro Onyankopɔn na yɛnhyɛ no anuonyam.’ So woreyɛ saa? Eyi kyerɛ pii sen ka a wobɛka ara kwa sɛ “Migye Onyankopɔn di.” (Mateo 7:21-23; Yakobo 2:19, 20) Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn ho suro pa ka yɛn ma yɛsom no nidi mu. Ɛsɛ sɛ ɛka yɛn ma yɛtwe yɛn ho fi bɔne ho. (Mmebusɛm 8:13) Ɛsɛ sɛ ɛboa yɛn ma yɛdɔ papa na yɛtan bɔne. (Amos 5:14, 15) Sɛ yɛbɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam a, ɛsɛ sɛ yefi obu mu yɛ osetie ma no. Yɛremma nneɛma foforo nhyɛ yɛn so na yemmu yɛn ani ngu N’asɛm Bible no a yɛbɛkenkan daa no so. Yebefi koma nyinaa mu de yɛn ho ato no so bere nyinaa. (Dwom 62:8; Mmebusɛm 3:5, 6) Wɔn a wodi no ni ankasa no nim sɛ, sɛ ɔsoro ne asase Bɔfo no, ɔne Amansan Hene, na wofi ɔdɔ mu brɛ wɔn ho ase hyɛ n’ase sɛ wɔn Sodifo. Sɛ yenim sɛ nsɛm yi na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn adwene si so de a, mommma yɛntwentwɛn yɛn nan ase sɛ yɛbɛyɛ saa.

Wɔsan frɛ atemmu bere a ɔbɔfo no kaa ho asɛm no nso “Yehowa da.” ‘Ɛda’ a ɛte saa baa tete Yerusalem so wɔ afe 607 A.Y.B. esiane sɛ nnipa a wɔte ɔman no mu no yɛɛ asobrakye na wɔantie kɔkɔbɔ a Yehowa nam n’adiyifo no so de mae no nti. Bere a wosusuwii sɛ Yehowa da no nnya mmae no, wɔkɔɔ so sɛee wɔn akwan. Ná Yehowa abɔ wɔn kɔkɔ sɛ: “Abɛn na ɛreba ntɛm sɛ.” (Sefania 1:14) “Yehowa da” foforo nso baa tete Babilon so wɔ afe 539 A.Y.B. (Yesaia 13:1, 6) Esiane sɛ na Babilonfo de wɔn ho ato wɔn akoban ne wɔn anyame so nti, wobuu wɔn ani guu kɔkɔbɔ a Yehowa adiyifo de mae no so. Nanso Babilon a ɛyɛ den no tɔɔ Mediafo ne Persiafo nsam anadwo biako mu.

Dɛn na ɛda yɛn anim nnɛ? “Yehowa da” foforo a ɛyɛ hu paa reba. (2 Petro 3:11-14) Onyankopɔn abu “Babilon Kɛse” atɛn awie. Sɛnea Adiyisɛm 14:8 kyerɛ no, ɔbɔfo no ka sɛ: “Babilon kɛse no ahwe ase, ahwe ase.” Ɛno asi dedaw. Ontumi nhyɛ Yehowa asomfo so bio. Wɔapa n’amumɔyɛ ne ne ho a ɔde hyehyɛ ɔko mu no ho ntama. Mprempren, ne sɛe koraa abɛn. Ɛno nti, Bible hyɛ nnipa a wɔwɔ mmaa nyinaa nkuran sɛ: “Me man, mumfi [Babilon Kɛse] no mu, . . . na moannya ne haw no bi. Efisɛ ne nnebɔne atoatoa abedu soro, na Onyankopɔn akae n’amumɔyɛ.”—Adiyisɛm 18:4, 5.

Dɛn ne Babilon Kɛse No? Ɛyɛ ɔsom ahorow a ɛwɔ wiase nyinaa a ɛne tete Babilon di nsɛ no. (Adiyisɛm, ti 17, 18) Susuw nsɛdi no bi ho hwɛ:

• Ná asɔfo a wɔwɔ tete Babilon no de wɔn ho hyehyɛ ɔman no amammuisɛm mu denneennen. Saa na ɛnnɛ ɛte wɔ ɔsom pii mu.

• Mpɛn pii no, na Babilon asɔfo na wɔkɔtwetwe ɔko ba ɔman no mu. Ɛnnɛ nso, ɔsom a ɛwɔ hɔ no na wɔtaa di anim bɔ mpae ma asraafo bere a aman bi rekodi ako no.

• Tete Babilon nkyerɛkyerɛ ne ne nneyɛe maa ɔman no de ne ho hyɛɛ ɔbrasɛe mu kɛse. Bere a nyamesom akannifo a wɔwɔ hɔ nnɛ bu wɔn ani gu Bible mmara a ɛfa abrabɔ pa ho so no, ama brabɔne abu so wɔ asɔfo ne asɔremma mu. Nea ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow bio ne sɛ, Babilon Kɛse ne wiase no amammui nhyehyɛe no abɔ aguaman, ma enti Adiyisɛm nhoma no yɛ ne ho mfonini sɛ aguaman.

• Bible ka nso sɛ Babilon Kɛse di “taamu” anaa ɔyɛ akɛsesɛm. Wɔ tete Babilon no, wɔn a na wɔhwɛ asɔrefie hɔ dwumadi so no totɔɔ nsase akɛse, na asɔfo no gyee din wɔ aguadi mu. Ɛnnɛ nso, Babilon Kɛse wɔ aguadi nhyehyɛe akɛse ne agyapade ka mmeae a wɔsom wom no ho. Ne nkyerɛkyerɛ ne ne nnapɔnna ma ɔne wɔn a wodi gua no nya wɔn ho sɛɛ tam.

• Na ahoni, ntafoayi, ne abayisɛm abu so wɔ tete Babilon sɛnea ɛte wɔ mmeae pii nnɛ no. Ná wobu owu sɛ ɔkwan a wɔfa so kɔ asetra foforo mu. Ná asɔredan akɛse ne nketewa ahyɛ Babilon ma a na wɔde hyɛ n’anyame anuonyam, nanso na Babilonfo sɔre tia Yehowa asomfo. Gyidi ne nneyɛe koro yi ara na nnɛ ɛma yehu Babilon Kɛse no.

Tete no, Yehowa de hyɛɛ amammui atumfo ne aman a wɔwɔ asraafodɔm adwenem ma wɔtwee wɔn a na wɔtaa bu wɔn ani gu ɔne n’apɛde so no aso. Ne saa nti, wɔ afe 740 A.Y.B. mu no, Asiriafo sɛe Samaria. Babilonfo sɛe Yerusalem wɔ afe 607 A.Y.B., ɛnna Romafo san sɛe Yerusalem wɔ afe 70 Y.B. mu. Mediafo ne Persiafo nso dii Babilon so wɔ afe 539 A.Y.B. Wɔ yɛn bere yi mu nso, Bible aka ato hɔ sɛ, amammui nniso a wɔte sɛ mmoa no betwa wɔn ho atow ahyɛ “aguaman” no so na wɔabɔ no adagyaw, ma n’adapaa ada adi. Wɔbɛsɛe no koraa.—Adiyisɛm 17:16.

So wiase nniso no bɛyɛ biribi a ɛte saa ankasa? Bible ka sɛ ‘Onyankopɔn na ɔde bɛhyɛ wɔn komam.’ (Adiyisɛm 17:17) Ɛbɛba mpofirim, ɛbɛyɛ nwonwa ne ahodwiriw, na wonhu ho hwee.

Dɛn na ehia sɛ woyɛ? Bisa wo ho sɛ: ‘So meda so ara bata nyamesom ahyehyɛde bi a ne nkyerɛkyerɛ ne ne nneyɛe kyerɛ sɛ ɛka Babilon Kɛse no ho ho?’ Na sɛ wonnyɛ emuni a, wubetumi abisa wo ho sɛ: ‘So mama ne su anya me so nkɛntɛnso?’ Su bɛn? Pene a wɔpene ɔbrasɛe so, adedodow ne anigyede ho dɔ a wɔwɔ mmom sen ɔdɔ a wɔwɔ ma Onyankopɔn, anaa bu a wɔabu wɔn ani agu Yehowa Asɛm so (wɔ nneɛma nketenkete mu mpo). Susuw wo mmuae no ho yiye.

Sɛ yebenya Yehowa anim dom a, ehia sɛ yɛma yɛn nneyɛe ne nea yɛn koma pɛ kyerɛ sɛ yɛnka Babilon Kɛse no ho ampa. Ɛnsɛ sɛ yɛtwentwɛn yɛn nan ase. Bible de kɔkɔbɔ rema yɛn wɔ awiei a ɛbɛba mpofirim ho no, ɛka sɛ: “Sɛnea wɔbɛtow kurow kɛse Babilon akyene hwii ne no, na wɔrenhu bio koraa.”—Adiyisɛm 18:21.

Nanso nsɛm pii bɛkɔ so asisi. Ade foforo a ɛka ‘atemmu dɔn’ no ho ne sɛ, Yehowa Nyankopɔn bebu wiase amammui nhyehyɛe no nyinaa, wɔn sodifo ne wɔn a wobu wɔn ani gu Onyankopɔn nniso a ɛfata no so atɛn denam ne soro Ahenni a ɔde ahyɛ Yesu Kristo nsa no so. (Adiyisɛm 13:1, 2; 19:19-21) Nkɔmhyɛ kwan so anisoadehu a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Daniel 2:20-45 no gyina hɔ ma amammui nniso a efi tete Babilon de besi nnɛ so. Ɛyɛ honi kɛse bi a wɔde sika, dwetɛ, kɔbere, dade ne dɔte na ayɛ. Nkɔmhyɛ no ka faa yɛn nna yi ho sɛ: ‘Ɔsoro Nyankopɔn de ahenni a wɔrensɛe no da besi hɔ.’ Na Bible no ka wɔ nea Ahenni no bɛyɛ wɔ Yehowa ‘atemmu dɔn’ no mu ho asɛm sɛ: “Ebebubu ahenni horow no nyinaa ama asa, na ɛno de, ebegyina daa.”—Daniel 2:44.

Bible bɔ nokware asomfo kɔkɔ wɔ “nneɛma a ɛwɔ wiase”—abrabɔ a wiase a atwe ne ho afi nokware Nyankopɔn ho no hyɛ ho nkuran—no ho. (1 Yohane 2:15-17) So wo gyinaesi ahorow ne wo nneyɛe kyerɛ sɛ wotaa Onyankopɔn Ahenni no akyi denneennen? So ɛne w’asetra mu ade a edi kan ampa?—Mateo 6:33; Yohane 17:16, 17.

[Adaka wɔ kratafa 14]

Bere Bɛn na Awiei no Bɛba?

“Dɔn a munsusuw no mu na onipa ba no reba.”—Mateo 24:44.

“Monwɛn, na munnim da anaa dɔn ko no.”—Mateo 25:13.

“Ɛrenka akyiri.”—Habakuk 2:3.

[Adaka wɔ kratafa 14]

Sɛ Wunim a, So Anka Ɛbɛka W’abrabɔ?

Sɛ wunim paa sɛ ɔsoro atemmu a ɛreba no remma wɔ mfe kakraa bi mu a, so anka ɛbɛsakra ɔkwan a wofa so bɔ wo bra no? Sɛ nhyehyɛe dedaw yi awiei akyɛ sen sɛnea wohwɛɛ kwan a, so eyi ama woretoto Yehowa som ase?—Hebrifo 10:36-38.

Esiane sɛ yennim bere pɔtee no nti, ɛma yenya hokwan da no adi sɛ yɛde adwempa na ɛresom Onyankopɔn. Wɔn a wonim Yehowa no hu sɛ sɛ wɔtwɛn kosi bere a wiase awiei abɛn pɛɛ no ansa na wɔde nsi asom no a, ɛrentumi nsɔ Onyankopɔn a ohu nea ɛwɔ komam no ani.—Yeremia 17:10; Hebrifo 4:13.

Wɔn a wɔdɔ Yehowa ampa no de no di kan wɔ nea wɔyɛ biara mu. Ebia nokware Kristofo bɛyɛ adwuma te sɛ nnipa afoforo ara pɛ. Nanso ɛnyɛ wɔn botae ne sɛ wɔbɛyɛ adefo, na mmom sɛ wobenya honam fam nneɛma sɛnea ɛsɛ ne kakra a wɔde bɛboa afoforo. (Efesofo 4:28; 1 Timoteo 6:7-12) Wonya ahomegye a ɛfata na wotumi yɛ nsakrae wɔ nneɛma bi mu nso, nanso nea wɔpɛ ara ne sɛ wobenya abotɔyam na mmom ɛnyɛ sɛ wobesuasua nea afoforo reyɛ ara kɛkɛ. (Marko 6:31; Romafo 12:2) Te sɛ Yesu Kristo no, wɔn ani gye Onyankopɔn apɛde a wɔbɛyɛ ho.—Dwom 37:4; 40:8.

Nokware Kristofo pɛ sɛ wɔtra ase na wɔsom Yehowa daa. Bere tenten a wɔde bɛtwɛn asen sɛnea ebinom hwɛ kwan ansa na wɔn nsa aka akatua no mmrɛ bo a saa anidaso no som no ase.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 15]

Tumidi Ho Ɔsɛmpɔw No

Nea ɛbɛyɛ na yɛate nea enti a Onyankopɔn ama amanehunu ho kwan no, ɛsɛ sɛ yɛte tumidi ho ɔsɛmpɔw no ase.

Esiane sɛ Yehowa ne Ɔbɔadeɛ nti, ɔfata sɛ odi asase ne wɔn a wɔte so nyinaa so. Nanso Bible kyerɛ sɛ Yehowa tumidi ho baa asɛm wɔ adesamma abakɔsɛm mfiase pɛɛ. Satan Ɔbonsam kae sɛ Yehowa yɛ katee dodo, ma enti Odii atoro kyerɛɛ yɛn awofo a wodi kan no wɔ nea sɛ wobu Onyankopɔn mmara so na wɔyɛ nea wɔn ankasa pɛ a ɛbɛto wɔn no ho, ne sɛ sɛ wɔtwe wɔn ho fi Onyankopɔn ho na wodi wɔn ankasa ho so a, ebesi wɔn yiye wɔ asetra mu.—Genesis, ti 2, 3.

Sɛ Onyankopɔn sɛee atuatewfo no amonom hɔ ara, anka ɛno bɛda ne tumi adi, nanso na entumi nsiesie ɔsɛmpɔw a asɔre no. Sɛ́ anka Yehowa bɛsɛe atuatewfo no amonom hɔ ara no, wama nnipa ne abɔfo nyinaa ahu nea atuatew de ba. Ɛwom sɛ eyi de amanehunu aba de, nanso ama wɔanya hokwan awo yɛn.

Bio nso, Yehowa de biribi a ɛsom bo kɛse bɔɔ afɔre fii ɔdɔ mu yɛɛ nhyehyɛe a nnipa a wɔbɛyɛ aso ama no na wɔakyerɛ ne Ba no agyede afɔrebɔ mu gyidi no betumi ade wɔn ho afi bɔne ne ɛso nsunsuanso ho, na wɔatra ase wɔ Paradise. Sɛ ɛho behia a, eyi betumi aba saa denam owusɔre so.

Bere tenten a Onyankopɔn de asiesie ɔsɛmpɔw no ama n’asomfo anya hokwan ada no adi sɛ wobetumi akyerɛ Onyankopɔn dɔ ho anisɔ na wɔagyina wɔn mudi mu ama Yehowa wɔ tebea biara mu. Onyankopɔn tumidi ho ɔsɛmpɔw no ne nea ɛfa nnipa mudi mu kura ho a ɔresiesie no ho hia na ama yɛanya obu a ɛfata ama ne mmara wɔ amansan yi nyinaa mu. Sɛ yɛannya mmara ho adwempa a ɛte saa a, asomdwoe ankasa ntumi mma.a

[Ase hɔ asɛm]

a Wɔakyerɛkyerɛ saa nsɛmpɔw yi mu akɔ akyiri wɔ Bɛn Yehowa nhoma a Yehowa Adansefo na wontintimii no mu.

[Mfonini]

Wiase nyinaa amammui nniso no bɛba awiei

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena