“Ne Titiriw no, Momfa Ɔdɔ a Emu Yɛ Den Nnodɔ Mo Ho”
“Ade nyinaa awiei abɛn. . . . ne titiriw no, momfa ɔdɔ a emu yɛ den nnodɔ mo ho.”—1 PETRO 4:7, 8.
NÁ YESU nim sɛ mmere kakra a aka ama ɔne n’asomafo no som bo. Ná onim nea ɛda wɔn anim. Ná wɔwɔ nnwuma pii yɛ, nanso na wɔbɛtan wɔn sɛnea wɔyɛɛ no no. (Yohane 15:18-20) Yesu kaee wɔn hia a na ehia sɛ ‘wɔdodɔ wɔn ho’ no mpɛn pii wɔ saa anadwo a ɔne wɔn hyiaa mu no.—Yohane 13:34, 35; 15:12, 13, 17.
2 Ɔsomafo Petro a na ɔwɔ hɔ saa anadwo no tee Yesu nkaesɛm no ase. Mfe bi akyi, bere a na aka kakraa bi ma wɔasɛe Yerusalem no, Petro kyerɛw sii hia na ɔdɔ ho hia no so dua. Otuu Kristofo fo sɛ: “Ade nyinaa awiei abɛn. . . . ne titiriw no, momfa ɔdɔ a emu yɛ den nnodɔ mo ho.” (1 Petro 4:7, 8) Ntease wɔ Petro nsɛm no mu ma yɛn a yɛte ase wɔ nneɛma nhyehyɛe yi “nna a edi akyiri” mu no. (2 Timoteo 3:1) Dɛn ne “ɔdɔ a emu yɛ den” yi? Dɛn nti na ɛho hia sɛ yenya ɔdɔ a ɛte saa ma afoforo? Yɛbɛyɛ dɛn atumi akyerɛ sɛ yɛwɔ ɔdɔ a ɛte saa?
“Ɔdɔ a Emu Yɛ Den”—Ɛyɛ Dɛn?
3 Nnipa pii susuw sɛ ɔdɔ yɛ nkate a ɛsɛ sɛ obi nya wɔ ɔkwan biara so. Nanso ɛnyɛ ɔdɔ biara kɛkɛ na na Petro reka ho asɛm; na ɔreka ɔdɔ a ɛkyɛn so koraa ho asɛm. Asɛmfua “ɔdɔ” a ɔde dii dwuma wɔ 1 Petro 4:8 no fi Hela asɛmfua a·gaʹpe mu. Saa asɛmfua no kyerɛ ɔdɔ a pɛsɛmenkominya nnim na ɛwɔ nnyinaso. Nhwehwɛmu nhoma bi ka sɛ: “Agape dɔ yɛ su a obi wɔ so tumi, esiane sɛ ɛnyɛ nkate ara kɛkɛ na mmom ɛyɛ obi gyinaesi a ɛka no ma ɔyɛ biribi.” Esiane sɛ wɔde pɛsɛmenkominya su awo yɛn nti, ehia sɛ wɔkaakae yɛn ma yɛdodɔ yɛn ho, na ɛsɛ sɛ yegyina Onyankopɔn mmara so yɛ saa.—Genesis 8:21; Romafo 5:12.
4 Eyi nkyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ yɛdodɔ yɛn ho yɛn ho esiane sɛ wɔhyɛ yɛn sɛ yɛnyɛ saa nti. A·gaʹpe yɛ ɔdɔ a ɛda anigye ne nkate adi. Petro kae sɛ ‘yɛmfa ɔdɔ a emu yɛ den [a nea ɛkyerɛ ankasa ne sɛ, “yɛbɛtrɛw mu”] nnodɔ yɛn ho.’a (Kingdom Interlinear) Nanso egye mmɔdemmɔ na obi atumi ada ɔdɔ a ɛte saa no adi. Nhomanimfo bi ka Hela asɛmfua a wɔkyerɛ ase “emu yɛ den” no ho asɛm sɛ: “Ekura adwene a ɛne mmɔden a ommirikatufo bi bɔ bere a ɔde n’ahoɔden nyinaa rewie ammirikatu no.”
5 Ɛnsɛ sɛ yɛda ɔdɔ adi wɔ nneɛma a ne yɛ yɛ mmerɛw mu nko anaa yɛda no adi kyerɛ nnipa kakraa bi. Kristofo dɔ hwehwɛ sɛ “yɛtrɛw” yɛn koma mu bere mpo a ebia ɛbɛyɛ den ama yɛn no. (2 Korintofo 6:11-13) Ɛda adi sɛ eyi ne ɔdɔ a ehia sɛ yesua na yɛyɛ ho adwuma sɛnea ommirikatufo sua sɛ obetu mpɔn wɔ mmirikatu mu no. Ehia sɛ yenya ɔdɔ a ɛte saa ma yɛn ho yɛn ho. Dɛn ntia? Anyɛ yiye koraa no nneɛma abiɛsa bi nti.
Dɛn Nti Na Ɛsɛ sɛ Yɛdodɔ Yɛn Ho?
6 Nea edi kan ne sɛ “ɔdɔ fi Nyankopɔn.” (1 Yohane 4:7) Yehowa na ɔdɔ su yi fi no, ɔno na odii kan dɔɔ yɛn. Ɔsomafo Yohane ka sɛ: “Eyi mu na Onyankopɔn dɔ no yii ne ho adi wɔ yɛn ho, sɛ, Onyankopɔn somaa ne ba a ɔwoo no koro no baa wiase sɛ yɛmfa no so nnya nkwa.” (1 Yohane 4:9) Onyankopɔn “somaa” ne Ba no baa asase so ma ɔbɛyɛɛ onipa, yɛɛ asɛnka adwuma no, na owuu owuyaw wɔ asɛndua so—ɔyɛɛ eyinom nyinaa “sɛ yɛmfa no so nnya nkwa.” Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade wɔ ɔdɔ a ɛte sɛɛ a Nyankopɔn ada no adi akyerɛ yi ho? Yohane ka sɛ: “Sɛ Onyankopɔn dɔɔ yɛn sɛɛ a, ɛnde ɛsɛ yɛn nso sɛ yɛdodɔ yɛn ho yɛn ho.” (1 Yohane 4:11) Hyɛ no nsow sɛ Yohane kyerɛw sɛ, ‘Sɛ Onyankopɔn dɔɔ yɛn sɛɛ a’—ɛnyɛ wo nko, na mmom yɛn. Asɛm no mu da hɔ fann: Sɛ Onyankopɔn dɔ yɛn mfɛfo a yɛne wɔn som no a, ɛnde na ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛdɔ wɔn bi.
7 Nea ɛto so abien, ehia sɛ yɛdodɔ yɛn ho yɛn ho kɛse wɔ saa bere yi mu sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi aboa yɛn nuanom a wohia mmoa no efisɛ “ade nyinaa awiei abɛn.” (1 Petro 4:7) Yɛte “mmere a emu yɛ den” no mu. (2 Timoteo 3:1) Wiase nsɛm tebea, atoyerɛnkyɛm ne ɔsɔretia tumi ma yɛkɔ ahokyere mu. Wɔ tebea a ɛyɛ den mu no, ehia sɛ yɛbɛn yɛn ho yɛn ho kɛse. Ɔdɔ a emu yɛ den bɛka yɛn abom na akanyan yɛn ma ‘yɛadwennwen yɛn ho yɛn ho.’—1 Korintofo 12:25, 26.
8 Nea ɛto so abiɛsa no, ehia sɛ yɛdodɔ yɛn ho yɛn ho efisɛ yɛmpɛ sɛ ‘yɛma Ɔbonsam kwan’ ma odi yɛn amim. (Efesofo 4:27) Satan ayɛ krado sɛ ɔde yɛn mfɛfo agyidifo sintɔ—wɔn mmerɛwyɛ ne mfomso a wodi—bɛto yɛn hintidua. So nsɛm a wonsusuw ho a wɔka anaa atirimɔdensɛm bi a yɛn mfɛfo gyidifo de di yɛn no ama yɛatwe yɛn ho afi asafo no ho? (Mmebusɛm 12:18) Sɛ yɛwɔ ɔdɔ a emu yɛ den ma yɛn ho yɛn ho a, biribi a ɛte saa mma da! Ɔdɔ a ɛte saa no ma yenya asomdwoe ne biakoyɛ na ɛma yɛde ‘nokoro som’ Onyankopɔn.—Sefania 3:9.
Nea Ɛkyerɛ sɛ Yɛdɔ Afoforo
9 Ɛsɛ sɛ ɔdɔ a yɛda no adi no fi ase wɔ fie. Yesu kae sɛ ɔdɔ a n’akyidifo no de bɛdodɔ wɔn ho no na ɛbɛma wɔahu wɔn. (Yohane 13:34, 35) Ɛnyɛ asafo no mu nko na ɛsɛ sɛ yɛda ɔdɔ adi na mmom abusua no mu nso—wɔ awarefo, awofo ne wɔn mma ntam. Ɔdɔ a yebenya ama abusua mufo no ara nnɔɔso; ehia sɛ yɛda no adi wɔ ɔkwampa so.
10 Ɔkwan bɛn so na awarefo betumi ada ɔdɔ adi akyerɛ wɔn ho? Okunu a ɔdɔ ne yere ankasa no nam ne nsɛm ne ne nneyɛe so ma ne yere no hu—wɔ baguam ne kokoam—sɛ n’ani gye ne ho. Obu ne yere no na odi no ni, na ɔda tema adi wɔ ɔbea no nsusuwii, n’adwenkyerɛ ne ne nkate ho. (1 Petro 3:7) Ɔma ɔbea no yiyedi ho hia no sen n’ankasa de, na ɔyɛ nea obetumi biara de boa ɔbea no wɔ honam fam, honhom fam ne nkate fam. (Efesofo 5:25, 28) Ɔyere a ɔdɔ ne kunu paa no da ‘obu kɛse’ adi kyerɛ no, wɔ mmere mpo a okunu no ntumi nyɛ nea ɔpɛ mma no no. (Efesofo 5:22, 33) Ɔboa ne kunu no na ɔbrɛ ne ho ase ma no, na ɔnhwehwɛ nea ne kunu ntumi nyɛ, na mmom ɔne no yɛ biako ma wɔde wɔn ani si honhom fam nneɛma so.—Genesis 2:18; Mateo 6:33.
11 Awofo, mobɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ modɔ mo mma? Mmɔden a mobɔ yɛ adwumaden ma wonya wɔn honam fam ahiade no kyerɛ sɛ modɔ wɔn. (1 Timoteo 5:8) Nanso ɛnyɛ aduan, ntade ne dabere nko na mmofra hia. Sɛ wobenyin abɛdɔ nokware Nyankopɔn no asom no a, wohia honhom fam ntetee. (Mmebusɛm 22:6) Eyi hwehwɛ sɛ munya bere ne abusua no sua Bible, kɔ asɛnka ne Kristofo nhyiam. (Deuteronomium 6:4-7) Sɛ mubetumi ayɛ eyi daa a, ɛhwehwɛ sɛ mode nneɛma pii bɔ afɔre titiriw wɔ mmere a emu yɛ den yi mu. Dwen a mudwen mmofra no ho ne mmɔden a morebɔ ama wɔn nsa aka wɔn honhom fam ahiade no kyerɛ sɛ modɔ wɔn, na monam saayɛ so kyerɛ sɛ mudwen wɔn yiyedi ho.—Yohane 17:3.
12 Sɛ awofo ma wɔn ani kũ wɔn mma nkate fam ahiade ho a, na ɛkyerɛ sɛ wɔdɔ wɔn. Mmofra yɛ mmerɛw; na wɔn koma a enyinii no hia ɔdɔ. Monka nkyerɛ wɔn sɛ modɔ wɔn, na monna ɔdɔ kɛse adi nkyerɛ wɔn, efisɛ ɔdɔ a ɛte saa no ma wonya ahotoso sɛ afoforo dɔ wɔn na wɔsom bo. Mumfi komam nkamfo wɔn, efisɛ ɛma wohu sɛ muhu wɔn mmɔdemmɔ no na mo ani sɔ. Mumfi ɔdɔ mu nteɛ wɔn so, efisɛ nteɛso a ɛte saa no ma wohu sɛ mo ani kũ wɔn daakye ho. (Efesofo 6:4) Akwan a ɛte saa a mobɛfa so ada ɔdɔ adi kyerɛ wɔn no bɛboa ama moanya abusua a anigye ne biakoyɛ wom a ebetumi ako atia nhyɛso a ɛwɔ nna a edi akyiri yi mu yiye.
13 Ɔdɔ ka yɛn ma yebu yɛn ani gu afoforo sintɔ so. Kae sɛ bere a na Petro retu n’akenkanfo fo sɛ ‘wɔmfa ɔdɔ a emu yɛ den nnodɔ wɔn ho’ no, ɔkaa nea enti a na eyi ho hia no: “Efisɛ ɔdɔ kata bɔne pii so.” (1 Petro 4:8) Bɔne so ‘kata’ nkyerɛ sɛ ‘yɛbɛkata’ bɔne a anibere wom so. Ɛsɛ sɛ yɛka bɔne a ɛte saa no kyerɛ nnipa a asɛyɛde hyɛ wɔn nsa wɔ asafo no mu no ma wodi ho dwuma. (Leviticus 5:1; Mmebusɛm 29:24) Ɛyɛ atirimɔdensɛm kɛse—na ɛne kyerɛwnsɛm nhyia—sɛ yɛbɛma nnipa a wɔyɛ bɔne a anibere wom bɛkɔ so ahaw nnipa a wɔn ho nni asɛm no.—1 Korintofo 5:9-13.
14 Mpɛn pii no, mfomso a yɛn mfɛfo gyidifo di no yɛ nsɛm nketenkete bi. Ɛtɔ mmere bi a, yɛn nyinaa fom wɔ ɔkasa ne nneyɛe mu, yedi afoforo huammɔ na mpo yepira yɛn ho yɛn ho. (Yakobo 3:2) So ɛsɛ sɛ yɛpere yɛn ho ka afoforo mfomso ho asɛm kyerɛ afoforo? Adeyɛ a ɛte saa no de wontwiwontwi ba asafo no mu. (Efesofo 4:1-3) Sɛ yɛwɔ ɔdɔ a, ‘yɛrensopa’ wɔn a yɛne wɔn som no. (Dwom 50:20) Sɛnea wɔde dɔte tetare ɔfasu a ɛho awawae na wɔka ho aduru ma ɛyɛ tromtrom no, saa ara na ɔdɔ kata afoforo sintɔ so.—Mmebusɛm 17:9.
15 Ɔdɔ ka yɛn ma yɛboa wɔn a wɔwɔ ahohia mu no. Bere a nna a edi akyiri yi mu tebea kɔ so sɛe no, ɛtɔ mmere bi a yɛn mfɛfo gyidifo behia honam fam mmoa. (1 Yohane 3:17, 18) Sɛ nhwɛso no, so yɛn asafo no muni bi ho akyere no wɔ sika fam anaa wahwere n’adwuma? Ebia yebetumi de honam fam nneɛma a yɛn nsa bɛso so aboa no. (Mmebusɛm 3:27, 28; Yakobo 2:14-17) So ɛho abehia sɛ wosiesie okunafo bi a ne mfe akɔ nim fie? Ɛnde, ebia yebetumi adi anim aboa ma wɔayɛ adwuma no.—Yakobo 1:27.
16 Ɛnyɛ afoforo a yɛne wɔn te bɛn no nkutoo na yebetumi ada ɔdɔ adi akyerɛ wɔn. Ɛtɔ mmere bi a yɛte amanneɛbɔ a ɛfa Onyankopɔn asomfo a wɔwɔ aman afoforo so a esiane ahum, asasewosow anaa ɔman basabasayɛ nti wɔakɔ ahokyere mu no ho asɛm. Ebia na wohia aduan, ntade, ne nneɛma foforo denneennen. Sɛ́ abusua bɛn mu na wofi no, nyɛ yɛn asɛm. ‘Yɛdɔ anuanom nyinaa.’ (1 Petro 2:17) Sɛnea na ɛte wɔ afeha a edi kan asafo ahorow mu no, yɛn ani gye sɛ yɛbɛboa nhyehyɛe a wɔayɛ de boa wɔn no. (Asomafo no Nnwuma 11:27-30; Romafo 15:26) Sɛ yɛfa akwan a ɛte sɛɛ so da ɔdɔ adi a, yɛhyɛ abusuabɔ a ɛka yɛn bom wɔ nna a edi akyiri yi mu no mu den.—Kolosefo 3:14.
17 Ɔdɔ ka yɛn ma yɛka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa kyerɛ afoforo. Susuw Yesu nhwɛso yi ho hwɛ. Dɛn nti na Yesu kaa asɛm no na ɔkyerɛkyerɛɛ afoforo? Nkurɔfokuw pii a na wɔn honhom fam tebea nye koraa a ohuu wɔn no ‘yɛɛ no mmɔbɔ.’ (Marko 6:34) Ná nyamesom mu nguanhwɛfo atorofo a ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ wɔn Onyankopɔn som ho nokwasɛm, na wɔma wonya anidaso no ato wɔn asaworam. Enti ɔdɔ a efi komam ne mmɔborohunu kanyan Yesu ma ɔde “Onyankopɔn ahenni ho asɛmpa no” kyekyee nnipa no werɛ.—Luka 4:16-21, 43.
18 Ɛnnɛ nso, wɔato nnipa pii asaworam wɔ honhom mu na wɔadaadaa wɔn ma wonni anidaso biara. Te sɛ Yesu no, sɛ yɛma nnipa a wonnim nokware Nyankopɔn no honhom fam ahiade tra yɛn adwenem a, ɛnde, ɔdɔ ne ayamhyehye bɛka yɛn ma yɛaka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa akyerɛ wɔn. (Mateo 6:9, 10; 24:14) Esiane bere tiaa a aka nti, nkrasɛm a egye nkwa a yɛbɛka no gye ntɛmpɛ sen bere biara.—1 Timoteo 4:16.
“Ade Nyinaa Awiei Abɛn”
19 Kae sɛ Petro dii kan kae sɛ “Ade nyinaa awiei abɛn” ansa na ɔretu yɛn fo sɛ yɛnnodɔ yɛn ho yɛn ho no. (1 Petro 4:7) Ɛrenkyɛ, wiase bɔne yi befi hɔ ma Onyankopɔn wiase foforo a trenee te mu no abesi ananmu. (2 Petro 3:13) Enti, ɛnnɛ nyɛ bere a ɛsɛ sɛ yɛyɛ anibiannaso. Yesu bɔɔ yɛn kɔkɔ sɛ: “Monhwɛ mo ho so yiye, na potwaa ne asabow ne nkwa yi mu nneɛma ho dadwen ne haw anhyɛ mo koma so, na ɛda no ammɛto mo mpofirim te sɛ afiri.”—Luka 21:34, 35.
20 Sɛnea ɛte biara no, momma ‘yɛnkɔ so nwɛn’ na yɛmma yɛn ani nna hɔ wɔ bere a yɛwɔ mu yi mu. (Mateo 24:42) Momma yɛnhwɛ yiye wɔ sɔhwɛ biara a Satan de bɛba yɛn so de atwetwe yɛn adwene no ho. Mommma wiase a emu nyɛ dɛ na ɔdɔ nnim yi nsiw yɛn dɔ a yɛbɛda no adi akyerɛ afoforo no kwan da. Nea ɛsen ne nyinaa no, momma yɛmmɛn Yehowa, nokware Nyankopɔn a ɛrenkyɛ ɔnam Mesia Ahenni so bɛma n’atirimpɔw a ɛyɛ anigye abam wɔ asase so no kɛse.—Adiyisɛm 21:4, 5.
[Ase hɔ asɛm]
a Wɔ 1 Petro 4:8 no, Bible nkyerɛase foforo ka sɛ ɛsɛ sɛ yɛdodɔ yɛn ho “nokwarem,” “yiye” anaa “koma nyinaa mu.”
ADESUA NO HO NSƐMMISA
• Afotu bɛn na Yesu de maa n’asuafo no bere a na ɔne wɔn redi nkra no, na dɛn na ɛkyerɛ sɛ Petro tee nea ɔkae no ase? (Nky. 1-2)
• Dɛn ne “ɔdɔ a emu yɛ den” no? (Nky. 3-5)
• Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛdodɔ yɛn ho yɛn ho? (Nky. 6-8)
• Wobɛyɛ dɛn atumi akyerɛ sɛ wodɔ afoforo? (Nky. 9-18)
• Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛyɛ anibiannaso wɔ bere yi mu, na dɛn na ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ? (Nky. 19-20)
[Mfonini wɔ kratafa 29]
Abusua a biakoyɛ wom betumi ako atia nna a edi akyiri yi mu nhyɛso yiye
[Mfonini wɔ kratafa 30]
Ɔdɔ ka yɛn ma yɛboa wɔn a wɔwɔ ahohia ankasa mu no
[Mfonini wɔ kratafa 31]
Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa a yɛbɛka akyerɛ afoforo no kyerɛ ɔdɔ