Ɛnkyɛ Amanehunu Nyinaa To Betwa!
Ebia asɛm bi ato wo pɛn wɔ abrabɔ mu ama woaka sɛ, ‘Adɛn koraa na nnipa hu amane saa?’ Akokoakoko, ohia, atoyerɛnkyɛm, nsɛmmɔnedi, atɛnkyea, yare ne owu ama nnipa ahu amane pii mfe mpempem. Mfe ɔha a atwam yi mu amanehunu kyɛn ne nyinaa. Bere bi bɛba a ne nyinaa to betwa anaa?
Awerɛkyekyesɛm ne sɛ ɛnkyɛ ne nyinaa to betwa! Onyankopɔn Asɛm Bible ka sɛ: ‘Abɔnefo befi hɔ. Ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu.’ Akosi da bɛn? “Treneefo benya asase no adi, na wɔatra so daapem.”—Dwom 37:10, 11, 29.
Sɛ Onyankopɔn yi bɔne ne amanehunu fi hɔ a, ɔbɛma asase adan paradise. Afei nnipa betumi atra ase daa, anya apɔwmuden a edi mũ ne anigye. Onyankopɔn Asɛm aka ato hɔ sɛ: ‘Onyankopɔn bɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa, na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne yaw nso nni hɔ bio.’—Adiyisɛm 21:4.
Sɛ wiase foforo no ba a, awufo mpo bɛsɔre abenya saa nhyira no bi: “Bere bi bɛba a wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ bɛsɔre afi owu mu.” (Asomafo Nnwuma 24:15) Ɛno nti na Yesu Kristo tumi ka kyerɛɛ ɔdebɔneyɛni bi a na wanu ne ho a ɔwɔ Yesu mu gyidi no sɛ: “Wobɛka me ho wɔ Paradise.”—Luka 23:43.
Ɛyɛɛ Dɛn na Amanehunu Fii Ase?
Sɛ Onyankopɔn bɔɔ ne tirim sɛ asetra pa saa na ɔde bɛma nnipa a, ɛyɛɛ dɛn na ɔmaa kwan maa amanehunu fii ase? Adɛn nti na watra hɔ ama no akyɛ saa?
Bere a Onyankopɔn bɔɔ Adam ne Hawa no, ɔmaa wɔn nipadua ne adwene a edi mũ. Ɔde wɔn traa turo fɛfɛ bi mu maa wɔn adwumapa sɛ wɔnyɛ. Bible ka sɛ: “Onyankopɔn huu nea ɔyɛe nyinaa, na hwɛ, eye papa.” (Genesis 1:31) Sɛ wotiee Onyankopɔn asɛm a, anka wɔbɛwo mma a bɔne biara nni wɔn ho; anka wiase nyinaa bɛyɛ paradise ama nnipa anya asomdwoe ne anigye daa.
Onyankopɔn de akyɛde fɛfɛɛfɛ bi bɔɔ Adam ne Hawa; saa akyɛde no ne sɛ wotumi paw nea wɔpɛ. Wammɔ wɔn sɛ afiri a enni adwene. Nanso sɛ wɔn anigye no bɛtoa so a, gye sɛ wɔpaw nea eye, di Nyankopɔn mmara so, efisɛ Onyankopɔn kaa sɛ: “Me [Yehowa, NW], wo Nyankopɔn, mene nea ɔkyerɛ wo nea eye ma wo, na ogya wo kɔ ɔkwan a fa so no so.” (Yesaia 48:17) Ná wobetumi ayɛ nea wɔpɛ, nanso sɛ wɔanyɛ ade pa a, na ɛbɛkɔ akowie amanehunu kɛse mu efisɛ Onyankopɔn bɔɔ onipa wɔ ɔkwan bi so a sɛ ɔtwe ne ho fi ne Bɔfo ho a, ensi no yiye. Bible ka sɛ: “Enni ɔbarima nsam, sɛnea ɔnam a obetutu n’anammɔn.”—Yeremia 10:23.
Awerɛhosɛm ne sɛ, ɛyɛɛ Adam ne Hawa sɛ wobetumi atwe wɔn ho afi Nyankopɔn ho ma asi wɔn yiye. Nanso bere a wɔtwee wɔn ho no, wɔannya Onyankopɔn mmoa a ɛbɛma wɔakɔ so ayɛ pɛ no bio. Enti wonyinyinii na wɔgowee nkakrankakra kosii sɛ wowuwui. Esiane sɛ kɔtɔ nwo anomaa nti, wɔde bɔne ne owu no bi awo yɛn.—Romafo 5:12.
Nea Ɔfata sɛ Odi Tumi
Adɛn nti na Onyankopɔn ansɛe Adam ne Hawa na wammɔ ɔbarima ne ɔbea foforo? Nea ɛwom ne sɛ na wɔakyerɛ sɛ Onyankopɔn mfata sɛ odi tumi. Sɛ saa de a, hena na na ɔfata sɛ odi tumi, na hena tumidi na ɛyɛ papa? Asɛm foforo a ɛde bae ne sɛ: Sɛ Onyankopɔn anni nnipa so a, ebesi yɛn yiye anaa? Enti gye sɛ Onyankopɔn twe ne ho kakra na ɔma nnipa kwan ma wɔyɛ nea wɔpɛ biara ansa na ada adi sɛ odi yɛn so a na ebesi yɛn yiye anaasɛ yɛtwe yɛn ho a na ebesi yɛn yiye. Ɛsɛ sɛ ɔma nnipa nya bere tenten sɔ amanyɔsɛm ne asetra mu nhyehyɛe, sikasɛm, ne nyamesom nhyehyɛe nyinaa bi hwɛ a ne nsa nnim.
Dɛn na afi mu aba? Mfe mpempem a nnipa de adi ne ho so no de amanehunu bebree na aba. Mfe ɔha a atwam no, amanehunu a aba adesamma so no kyɛn ne nyinaa. Nkurɔfo kunkum nnipa mpempem pii wɔ Wiase Nyinaa Ko II no mu. Nnipa a akodi akunkum wɔn no boro ɔpepem 100. Nsɛmmɔnedi ne atirimɔdensɛm abu so. Nnubɔnenom rekɔ so wɔ wiase baabiara. Nna mu nsanyare atu atese. Nyarewa ne ɔkɔm kunkum nnipa mpempem pii afe biara. Abusua asɛe, na obiara yɛ nea ɔpɛ wɔ baabiara. Wiase aban biara ntumi nnii ho dwuma. Emu biako mpo ntumi nyii nkɔkorabɔ ne mmerewabɔ, ɔyare, ne owu mfii hɔ.
Nea Bible hyɛɛ ho nkɔm no ara na aba nnipa so. Onyankopɔn Asɛm kyerɛ sɛ yɛn bere yi ne wiase no “nna a edi akyiri” a “mmere a emu yɛ den bɛba” no. Sɛnea Bible kaa bio no, ‘nnipa bɔne ne nnaadaafo akɔ wɔn anim wɔ bɔneyɛ mu.’—2 Timoteo 3:1-5, 13.
Amanehunu Awiei Abɛn
Biribiara kyerɛ sɛ ɛnkyɛ nniso a Onyankopɔn nsa nnim a nnipa asɔ ahwɛ a ɛde amanehunu pii aba no to betwa. Ada adi koraa sɛ onipa ntumi nkwati Nyankopɔn nni ne ho so mma ensi no yiye da. Onyankopɔn nniso nkoaa na ebetumi de asomdwoe ne anigye, apɔwmuden a edi mũ, ne daa nkwa aba. Enti nsɛmmɔnedi ne amanehunu a Yehowa ama ho kwan no to betwa nnansa yi ara. Ɛnkyɛ Onyankopɔn betwitwa agye nnipa na wasɛe wiase a agyigya yi nyinaa.
Bible hyɛ nkɔm sɛ: “Ahene no [wɔn a seesei wodi nnipa so no] nna no mu no, ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahenni a wɔrensɛe no da . . . bi so [wɔ soro], na ebebubu ahenni horow [nniso a ɛwɔ hɔ seesei] no nyinaa ama asã, na ɛno de, ebegyina daa.” (Daniel 2:44) Ade titiriw a Bible kyerɛkyerɛ ne sɛ, Yehowa nam ɔsoro Ahenni no so bɛkyerɛ sɛ ɔno ne amansan hene, ɔno na ɔfata sɛ odi tumi. Yesu ka too hɔ sɛ sɛnkyerɛnne titiriw bi a ɛbɛkyerɛ sɛ yɛwɔ “nna a edi akyiri” mu ne sɛ: “Wɔbɛka ahenni ho asɛmpa yi wɔ asase so nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.”—Mateo 24:14.
Sɛ awiei no ba a, henanom na wobenya nkwa? Bible kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Tẽefo na ɛbɛtra asase no so, na wɔn a wɔyɛ pɛ no na ɛbɛtra mu; na wobegu abɔnefo ase afi asase so.” (Mmebusɛm 2:21, 22) Tẽefo ne wɔn a wosua Yehowa apɛde na wodi so. Yesu Kristo kae sɛ: “Eyi na ɛkyerɛ daa nkwa, sɛ wobenya wo, nokware Nyankopɔn koro pɛ no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo, ho nimdeɛ.” (Yohane 17:3) Ampa, “wiase . . . retwam, na nea ɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ no tra hɔ daa.”—1 Yohane 2:17.
Kyerɛwnsɛm no nyinaa fi Twi Bible (Akuapem) ne Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm—Wiase Foforo Nkyerɛase no mu, gye sɛ wɔakyerɛ sɛ efi nkyerɛase foforo bi mu. Faako a NW di asɛm a wɔafa aka akyi no, ɛkyerɛ sɛ efi Engiresi kasa mu New World Translation of the Holy Scriptures—With References no mu.