ƆFÃ 2
‘Ɔkyerɛkyerɛe, Na Ɔkaa Ahenni No Ho Asɛmpa’
Ná Yesu yɛ kapenta, ɔyɛɛ anwanwade, ɔsaa nyarewa, na ɔyɛɛ nneɛma foforo pii nso. Nanso, nkurɔfo amfa nneɛma a ɔyɛe no mu biara anto ne din. Mmom, wɔfrɛɛ no Ɔkyerɛkyerɛfo. Nokwasɛm ne sɛ, ɔde ne bere nyinaa ‘kyerɛkyerɛe, na ɔkaa asɛmpa no.’ (Mateo 4:23) Yɛn a yɛyɛ Yesu akyidifo no, ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛyɛ adwuma koro no ara bi. Ɔfã yi mu no, yebesusuw ne nhwɛso no ho, na aboa yɛn ama yɛahu sɛnea ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa adwuma no.