ƆFÃ 3
“Ɔdɔ a Kristo Wɔ No Hyɛ Yɛn”
Dɛn na ɛka yɛn ma yedi Yesu akyi? Ɔsomafo Paul buae sɛ: “Ɔdɔ a Kristo wɔ no hyɛ yɛn.” (2 Korintofo 5:14) Ɔfã yi mu no, yebesusuw ɔdɔ a Yesu wɔ ma Yehowa, adasamma, ne yɛn mu biara no ho. Nokwarem no, nsɛm a ɛte saa a yebesusuw ho no bɛkanyan yɛn. Wei a yebehu no bɛka yɛn koma, na ɛbɛhyɛ yɛn nkuran ama yɛayɛ nea ɛfata na yɛakɔ so adi yɛn Wura no nhwɛso akyi.