TI 13
“Medɔ Agya No”
1, 2. Dɛn na ɔsomafo Yohane ma yehu fa anadwo a etwa to a asomafo no ne Yesu hyiae no ho?
AKWAKORAA bi a ɔwɔ nsɛm pii ka de ne kyerɛwdua abɔ adubiri mu. Ne din de Yohane, na ɔno nko ara ne Yesu Kristo somafo a ɔda so te nkwa mu. Yohane a na wadi bɛyɛ mfe 100 no kaakae nsɛm a esisii anadwo a etwa to a Yesu wui no. Bɛyɛ mfe aduɔson a atwam no, Yohane ne asomafo a aka no ne Yesu hyiae ansa na Yesu rewu. Onyankopɔn honhom kronkron boaa Yohane ma otumi kaakaee nsɛm a esisii no, na ɔkyerɛw ne nyinaa too hɔ.
2 Saa anadwo no, Yesu ka kyerɛɛ asomafo no pefee sɛ, ɛrenkyɛ na wɔakum no. Yohane nko ara na ɔkyerɛɛ nea enti a Yesu kaa sɛ ɔbɛma kwan ma wɔakum no yayaayaw. Yesu kaa sɛ: “Nea ɛbɛyɛ na wiase no ahu sɛ medɔ Agya no, nea Agya no ahyɛ me sɛ menyɛ no, ɛno ara na mereyɛ. Monsɔre, momma yemfi ha nkɔ.”—Yohane 14:31.
3. Dɛn na Yesu yɛ de kyerɛe sɛ ɔdɔ n’Agya?
3 “Medɔ Agya no.” Ná biribiara ho nhia Yesu nsen sɛ ɔbɛdɔ n’Agya no. Ɛnyɛ sɛ daa na ɛda n’ano sɛ ɔdɔ n’Agya. Nea ɛwom ne sɛ, Bible mu no, Yohane 14:31 nko ara na yehu wɔ hɔ sɛ Yesu kaa sɛ ɔdɔ n’Agya. Nanso, Yesu de sɛnea ɔbɔɔ ne bra no kyerɛe sɛ ɔdɔ n’Agya. Da biara da, na ɔyɛ biribi a ɛkyerɛ sɛ ɔdɔ Yehowa. Akokoduru a Yesu daa no adi, osetie a ɔyɛe, ne sɛnea ɔde animia gyinaa sɔhwɛ ano no nyinaa kyerɛ sɛ na ɔdɔ Onyankopɔn. Ɔdɔ na ɛkaa no ma ɔyɛɛ asɛnka adwuma no.
4, 5. Ɔdɔ bɛn na Bible hyɛ ho nkuran, na dɛn na yebetumi aka afa ɔdɔ a Yesu wɔ ma Yehowa no ho?
4 Ɛnnɛ, ebinom adwene yɛ wɔn sɛ, sɛ obi wɔ ɔdɔ a, ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ mmerɛw. Ebia sɛnea wɔka ɔdɔ ho asɛm wɔ anwensɛm ne ɔdɔ nnwom mu, anaa mpo sɛnea ebinom yɛ wɔn ade wɔ ɔbarima ne ɔbea ntam dɔ ho no na wɔde wɔn adwene kɔ so. Bible no nso ka ɔbarima ne ɔbea ntam dɔ ho asɛm, nanso ɛka wɔ ɔkwan a nidi wom so sen sɛnea ɛkɔ so nnɛ no. (Mmebusɛm 5:15-21) Onyankopɔn Asɛm ka ɔdɔ foforo bi nso ho asɛm kɔ akyiri. Saa ɔdɔ yi nyɛ atenka bi a obi nya bere tiaa bi kɛkɛ; saa ara nso na ɛnyɛ biribi a ohu sɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ nti na ɔyɛ. Ɛyɛ biribi a efi obi adwene ne ne koma nyinaa mu. Saa ɔdɔ a efi koma mu tɔnn yi, egyina Onyankopɔn apɛde so. Obi nneyɛe na ɛma yehu sɛ ɔwɔ saa ɔdɔ yi bi. Ɛnyɛ atenka bi a ɛba yɛn mu a, ɛnkyɛ na ate kɔ. Onyankopɔn Asɛm ka sɛ: “Ɔdɔ to ntwa da.”—1 Korintofo 13:8.
5 Onipa biara ntenaa ase a na ɔdɔ Yehowa sen sɛnea na Yesu dɔ no no. Asɛm a Yesu ankasa kaa sɛ ɛno ne Onyankopɔn mmara mu nea ɛso sen biara no, obiara nni hɔ a watumi adi so sen no. Yesu kaa sɛ: “Fa wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’adwene nyinaa ne w’ahoɔden nyinaa dɔ Yehowa wo Nyankopɔn.” (Marko 12:30) Ɛyɛɛ dɛn na Yesu nyaa ɔdɔ a ɛte saa? Bere a na ɔwɔ asaase so no, ɔkwan bɛn so na ɔhyɛɛ ɔdɔ a na ɔwɔ ma Onyankopɔn no mu den? Na yɛbɛyɛ dɛn asuasua no?
Ɔdɔ a Akyɛ Na Emu Yɛ Den Sen Biara
6, 7. Yɛyɛ dɛn hu sɛ ɛnyɛ nyansa ankasa ho asɛm na Mmebusɛm 8:22-31 ka, na mmom ɛka Onyankopɔn Ba no ho asɛm?
6 Wo ne w’adamfo bi abom ayɛ adwuma bi pɛn ama bere a muwiei no, wuhui sɛ ahyɛ mo adamfofa no mu den anaa? Osuahu kamakama a ɛte saa no betumi aboa wo na ɔdɔ a ɛkɔɔ so wɔ Yehowa ne ne Ba a ɔwoo no koro no ntam no, woate ase yiye. Asɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 8:30 no, yɛafa aka asɛm mpɛn pii, nanso nsɛm a ɛwɔ saa nkyekyɛm no mu, ne nkyekyɛm ahorow a ɛka ho no, momma yɛnto yɛn bo ase nsusuw ho yiye. Efi nkyekyɛm 22 kosi 31 no, yehu sɛnea wɔaka nyansa ho asɛm sɛ onipa no. Yɛyɛ dɛn hu sɛ saa nsɛm no fa Onyankopɔn Ba no ho?
7 Wɔ nkyekyɛm 22 no, nyansa ka sɛ: “Yehowa bɔɔ me de fii ne kwan ase, ne nnwuma a efi teteete no mu nea edi kan.” Ɛrentumi mma sɛ nyansa ankasa ho asɛm na wɔreka wɔ asɛm yi mu, efisɛ ‘wɔammɔ’ nyansa. Nyansa nni mfiase, efisɛ Yehowa atena hɔ fi teteete, na onim nyansa bere nyinaa. (Dwom 90:2) Nanso, Onyankopɔn Ba no yɛ “abɔde nyinaa mu abakan.” Wɔbɔɔ no; ɔno ne Yehowa nnwuma nyinaa mfiase. (Kolosefo 1:15) Sɛnea Mmebusɛm kyerɛ no, ansa na wɔrebɔ ɔsoro ne asaase no, na Ɔba no wɔ hɔ. Ɔba no ara nso ne Asɛm no anaa Onyankopɔn ankasa Kasamafo. Ɔdaa Yehowa nyansa adi pɛpɛɛpɛ wɔ biribiara mu.—Yohane 1:1.
8. Ná adwuma bɛn na Ɔba no yɛ wɔ soro ansa na ɔreba asaase so, na sɛ yɛhwɛ abɔde bi ma yɛn ani gye a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkae?
8 Ɔba no de mfe ɔpepepem pii tenaa ase wɔ soro ansa na ɔreba asaase so. Saa bere no, dɛn na na ɔyɛ wɔ hɔ? Mmebusɛm ti 8, nkyekyɛm 30 ka sɛ na ɔwɔ Onyankopɔn nkyɛn sɛ “odwumayɛni a onim adwuma paa.” Dɛn na ɛno kyerɛ? Kolosefo 1:16 kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ne so na wɔnam bɔɔ nneɛma a aka nyinaa wɔ soro ne asaase so . . . Nneɛma a aka nyinaa wɔnam no so na ɛbɔe, na wɔbɔ maa no.” Enti honhom abɔde a wɔwɔ soro, amansan kɛse a ɛwɔ hɔ yi, asaase ne emu nneɛma a ɛyɛ nwanwa te sɛ nnua ne mmoa, ne nnipa a wɔyɛ asaase so abɔde a wɔsom bo paa ara no, Ɔbɔadeɛ Yehowa, nam ne Ba no, kyerɛ sɛ Odwumayɛni a onim adwuma paa yi so na ɛbɔɔ ne nyinaa. Ɔkwan bi so no, yebetumi de baakoyɛ a ɛda Agya ne Ɔba yi ntam no atoto adansi ho nimdefo bi a ɔne kɔntrata bi yɛ adwuma ho. Kɔntrata no adwuma ne sɛ ɔbɛhwɛ ɔdan bi plan a adansi ho nimdefo ayɛ no so, na wasi ɔdan no pɛpɛɛpɛ. Sɛ yɛhwɛ abɔde bi ma yɛn ani gye a, nokwasɛm ne sɛ, na Adansi ho Nimdefo Kɛse no ankasa na yɛde ayeyi no rema no. (Dwom 19:1) Ebetumi ama yɛakae abusuabɔ fɛfɛɛfɛ a ɛda Ɔbɔadeɛ no ne “odwumayɛni a onim adwuma paa” no ntam no nso.
9, 10. (a) Dɛn na ɛhyɛɛ abusuabɔ a ɛda Yehowa ne ne Ba no ntam no mu den? (b) Dɛn na ebetumi ahyɛ wo ne wo soro Agya no ntam abusuabɔ mu den?
9 Sɛ nnipa mmienu a sintɔ wɔ wɔn ho bom yɛ adwuma a, ɛtɔ da a wɔn ntam tumi sɛe. Nanso amma saa wɔ Yehowa ne ne Ba no ntam! Ɔba no ne n’Agya yɛɛ adwuma mfe mpempem pii a yennim ano, nanso Ɔba no kaa sɛ, ‘n’ani gyee n’Agya no anim daa.’ (Mmebusɛm 8:30) Nokwarem no, n’ani gyei sɛ ɔne n’Agya no bɔe, na na wɔn mmienu nyinaa ani gye wɔn ho. Ɔba no suasuaa Onyankopɔn suban araa ma ɔbɛyɛɛ te sɛ n’Agya no pɛpɛɛpɛ. Ɛnde, ɛnyɛ nwanwa sɛ abusuabɔ a ɛda Agya ne Ɔba no ntam no mu yɛɛ den! Yebetumi aka paa sɛ, ɛyɛ ɔdɔ a akyɛ na emu yɛ den sen ɔdɔ biara wɔ amansan yi mu.
10 Nanso, dɛn na ɛno betumi akyerɛ ama yɛn? Ebia wobɛte nka sɛ worentumi ne Yehowa nnya abusuabɔ a ɛte saa da. Ampa, ayɔnkofa a ɛda Ɔba no ne n’Agya ntam no da mu fua. Nanso, yɛn nso yɛwɔ hokwan soronko bi. Kae sɛ, adwuma a Yesu ne n’Agya yɛe no ma ɔbɛn Yehowa kɛse. Yehowa fi ɔdɔ mu de hokwan ama yɛn sɛ yɛmmɛyɛ ne “mfɛfo adwumayɛfo.” (1 Korintofo 3:9) Enti sɛ yesuasua Yesu nhwɛso no na yɛyɛ asɛnka adwuma no a, ɛsɛ sɛ yɛkae bere nyinaa sɛ yɛyɛ Onyankopɔn mfɛfo adwumayɛfo. Yɛyɛ saa a, ɛbɛma ɔdɔ a ɛwɔ yɛne Yehowa ntam no mu ayɛ den. Akwanya bɛn na ɛkyɛn wei?
Sɛnea Yesu Hyɛɛ Ɔdɔ a Ɛwɔ Ɔne Yehowa Ntam No Mu Den
11-13. (a) Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yedwen ɔdɔ ho sɛ biribi a nkwa wom, na bere a Yesu yɛ abofra no, ɔkwan bɛn so na ɔhyɛɛ ɔdɔ a ɔwɔ ma Yehowa no mu den? (b) Bere a na Onyankopɔn Ba no wɔ soro ne bere a ɔbaa asaase so bɛyɛɛ onipa no nyinaa, ɔkwan bɛn so na ɔkyerɛe sɛ n’ani gye ho sɛ Yehowa bɛkyerɛkyerɛ no?
11 Nea ɛbɛboa ama yɛn dɔ mu ayɛ den ne sɛ yebedwen ɔdɔ ho sɛ biribi a nkwa wom. Sɛ nhwiren betumi anyin yiye wɔ fie a, ehia sɛ yegugu so nsu na yɛhwɛ so yiye, na saa ara nso na ɔdɔ te. Sɛ yɛangugu ɔdɔ a ɛwɔ yɛne Onyankopɔn ntam no so nsu, na yɛanhwɛ so yiye a, ano betumi adwo na ebetumi awu mpo. Yesu antoto ɔdɔ a na ɔwɔ ma Yehowa no ase. Ɔkɔɔ so hyɛɛ mu den, na ne nkwa nna a ɔde tenaa asaase so nyinaa, ɔdɔ no nyinii, ano anwo. Ma yɛnhwɛ ɔkwan a ɔfaa so yɛɛ saa.
12 San dwinnwen bere a abofra Yesu de akokoduru kasae wɔ Yerusalem asɔrefie hɔ no ho hwɛ. Kae asɛm a ɔka kyerɛɛ n’awofo a na wɔn ani abere rehwehwɛ no yi: “Adɛn nti na na morehwehwɛ me? Munnim sɛ m’Agya fi na mubehu me anaa?” (Luka 2:49) Nimdeɛ a na Yesu wɔ ansa na ɔreba asaase so no, ɛda adi sɛ bere a na ɔyɛ abofra kumaa no, na Yehowa mfa mmaa no. Nanso na ɔdɔ a ɔwɔ ma n’Agya Yehowa no mu yɛ den. Ná onim sɛ, sɛ obi dɔ Yehowa a, ɔbɛyɛ nea obetumi biara asom no. Enti, na baabiara nni asaase so a Yesu ani bɛka hɔ asen n’Agya fie a nkurɔfo ba hɔ bɛsom no. Ná n’ani gye sɛ ɔbɛkɔ hɔ, na na ɔmpɛ sɛ ofi hɔ. Afei nso, wankɔ hɔ sɛ ɔrekɔhwɛ nneɛma kɛkɛ. Ná ne ho pere no sɛ obesua Yehowa ho ade na waka nea onim nso akyerɛ afoforo. Yesu nyaa saa atenka yi koraa ansa na ɔredi mfe 12, na odii mfe 12 nso, amma awiei.
13 Ɔba no de anigye suaa nneɛma pii fii n’Agya hɔ ansa na ɔreba asaase so abɛyɛ onipa. Nkɔmhyɛ bi a ɛwɔ Yesaia 50:4-6 ma yehu sɛ, Yehowa hyɛɛ da tetee ne Ba no yiye maa adwuma a na ɔbɛyɛ sɛ Mesia no. Ɛwom, amanehunu a Nea Yehowa Asra No no, anaa Ɔba no bɛfa mu nyinaa, saa ntetee no maa Ɔba no hui, nanso ofi ne pɛ mu ma wɔtetee no. Akyiri yi a Yesu baa asaase so ne bere a onyinii nyinaa, na saa ɔpɛ no da so ara wɔ hɔ. Wei nti, na ɔkɔ n’Agya fie kɔsom no, na nokwasɛm a na Yehowa pɛ sɛ nkurɔfo te wɔ hɔ no nso, na Yesu boa ma wɔkyerɛkyerɛ. Bible ma yehu sɛ, na Yesu taa kɔ hyiadan mu ne asɔrefie hɔ. (Luka 4:16; 19:47) Sɛ yɛpɛ sɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no mu kɔ so yɛ den a, ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho kɔ Kristofo nhyiam ahorow. Yɛkɔ hɔ a yɛsom Yehowa, yenya ne ho nimdeɛ pii, na ɛma yɛkyerɛ sɛ yɛn ani sɔ nea wayɛ ama yɛn no.
“Ɔno nko ara kɔɔ bepɔw so kɔbɔɔ mpae”
14, 15. (a) Ɛtɔ da a na Yesu pɛ sɛ ɛka ɔno nko ara. Adɛn ntia? (b) Mpae a Yesu bɔe no ma yehu sɛ na ɔbɛn n’Agya paa, na na obu no nso. Yɛyɛ dɛn hu saa?
14 Afei nso, Yesu bɔɔ mpae da biara de hyɛɛ ɔdɔ a ɔwɔ ma Yehowa no mu den. Ɛwom, na ɔpɛ nnipa, na na afoforo nso tumi bɛn no, nanso nea ɛyɛ nwanwa ne sɛ, ɛtɔ da a na ɔpɛ paa sɛ ɔtew ne ho na ɔno nko ara kɔtena baabi komm. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, Luka 5:16 ka sɛ: “Ná ɔtaa kɔ baabi a atew ne ho kɔbɔ mpae.” Ɛnna Mateo 14:23 nso ka sɛ: “Bere a ogyaa nnipadɔm no kwan ma wɔkɔe no, ɔno nko ara kɔɔ bepɔw so kɔbɔɔ mpae. Eduu anwummere no, na ɔno nko ara na ɔwɔ hɔ.” Ɛnyɛ sɛ ná Yesu mpɛ sɛ ɔne afoforo bɛbɔ anaasɛ ɔmpɛ nnipa nti na ɛtɔ da a na ɔtew ne ho no, na mmom na ɔpɛ sɛ ɛka ɔne Yehowa nko ara na ɔka ne koma mu nsɛm kyerɛ n’Agya no wɔ mpaebɔ mu.
15 Ɛtɔ mmere bi na sɛ Yesu rebɔ mpae a, na ɔde asɛmfua “Abba, Agya” di dwuma. (Marko 14:36) Yesu bere so no, na “Abba” yɛ asɛmfua a wɔtaa de frɛ “agya” wɔ abusua no mu. Ɛka nsɛm a na mmofra di kan sua no ho. Nanso, sɛ obi de saa asɛmfua no di dwuma a, na ɛkyerɛ sɛ obu ade. Saa asɛm no ma yehu sɛ na abusuabɔ a emu yɛ den da Yesu ne n’Agya a ɔdɔ no a na ɔne no rekasa no ntam, na ɛma yehu nso sɛ na Ɔba no bu tumi a Yehowa wɔ sɛ agya no. Yesu mpaebɔ a wɔakyerɛw ato hɔ nyinaa ma yehu sɛ na abusuabɔ a ɛte saa wɔ ɔne n’Agya no ntam. Ɛho nhwɛso ne sɛ, ɔsomafo Yohane kyerɛw mpae tenten bi a Yesu fi koma mu bɔe anadwo a na wɔrebekum no no wɔ Yohane ti 17. Ɛfata paa sɛ yesua saa mpaebɔ no, na ɛho hia nso sɛ yesuasua ɔkwan a Yesu faa so bɔɔ mpae no. Saa a yɛbɛyɛ no nkyerɛ sɛ yebeti Yesu nsɛm no mu aka, na mmom sɛ ɛbɛma yɛahu ɔkwan a yɛbɛfa so aka yɛn koma mu asɛm akyerɛ yɛn soro Agya no mpɛn dodow biara a yebetumi. Sɛ yɛyɛ saa a, ɛbɛma ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no mu akɔ so ayɛ den.
16, 17. (a) Yesu kaa sɛnea ɔdɔ n’Agya no ho asɛm sɛn? (b) Ɔkwan bɛn so na Yesu ma wɔhuu ayamye a n’Agya da no adi no?
16 Sɛnea yɛadi kan ahu no, Yesu antĩ asɛm “Medɔ Agya no” mu anka mpɛn pii. Nanso, na ɔtaa ka nsɛm a ɛkyerɛ sɛ ɔdɔ Agya no. Ɔyɛɛ no sɛn? Ɔno ankasa kaa sɛ: “Agya, ɔsoro ne asaase Wura, miyi wo ayɛ wɔ baguam.” (Mateo 11:25) Bere a yɛresusuw Ɔfã 2 ho wɔ nhoma yi mu no, yehui sɛ na Yesu ani gye ho sɛ obeyi n’Agya ayɛ. Ɛno nti ná ɔboa nkurɔfo sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛhu Agya no. Ɛho nhwɛso ni: Ɔde Yehowa totoo agya bi a na ɔpɛ paa sɛ ɔde ne ba a wayɛ asoɔden bɔne bɛkyɛ no no ho. Ná agya no retwɛn sɛ ne ba no benu ne ho na wasan aba fie. Bere a ohuu ne ba a wanu ne ho no wɔ akyirikyiri sɛ ɔreba no, otuu mmirika kohyiaa no yɛɛ no atuu. (Luka 15:20) Nokwasɛm ne sɛ, obiara a ɔbɛkenkan saa asɛm no ani begye sɛnea Yesu ma yehu ɔdɔ a Yehowa dɔ yɛn, ne sɛnea ɔde bɔne kyɛ no ho paa.
17 Ná Yesu taa kamfo n’Agya wɔ n’ayamye ho. Ɔde sɛnea awofo a wɔtɔ sin de wɔn mma ahiade ma wɔn no yɛɛ nhwɛso na ama yɛanya awerɛhyem sɛ yɛn soro Agya no bɛma yɛn honhom kronkron a yehia no. (Luka 11:13) Afei Yesu kaa anidaso a n’Agya yi ne yam de ma yɛn no ho asɛm. Yesu de anigye kyerɛkyerɛɛ sɛnea na ɔhwɛ kwan sɛ ɔbɛsan akɔ n’Agya nkyɛn wɔ soro no mu. (Yohane 14:28; 17:5) Ɔkaa anidaso a na Yehowa de asie ama Kristo “nguankuw ketewa” no ho asɛm kyerɛɛ n’akyidifo no. Ɛne sɛ, wɔbɛtena soro na wɔne Mesia Ahenni no so Hene no adi tumi. (Luka 12:32; Yohane 14:2) Afei nso, ɔde Paradise asetena ho anidaso kyekyee ɔdebɔneyɛfo bi a ɔrewu no werɛ. (Luka 23:43) Akyinnye biara nni ho sɛ, ayamye a ɛkyɛn so a n’Agya daa no adi a Yesu kaa ho asɛm no boaa no ma ɔhyɛɛ ɔdɔ a ɛda ɔne Yehowa ntam no mu den. Wɔn a wɔdi Kristo akyi no mu pii ahu sɛ, sɛ wɔka Yehowa ho asɛm na wɔma afoforo hu anidaso a ɔde ma no a, ɛhyɛ ɔdɔ a wɔwɔ ma Yehowa no mu den sen biribiara.
Wubesuasua Ɔdɔ a Na Yesu Wɔ Ma Yehowa No?
18. Dɛn ne ɔkwan titiriw a yebetumi afa so adi Yesu akyi, na adɛn nti na ehia sɛ yɛyɛ saa?
18 Nhwɛso a Yesu ayɛ ama yɛn a ɛsɛ sɛ yesuasua nyinaa mu biara nni hɔ a ɛho hia sen nea edi so yi: Ɛsɛ sɛ yɛde yɛn koma nyinaa ne yɛn kra nyinaa ne yɛn adwene nyinaa ne yɛn ahoɔden nyinaa dɔ Yehowa. (Luka 10:27) Ɛnyɛ sɛnea yɛte nka nko ara na yebetumi agyina so akyerɛ sɛ yɛdɔ Yehowa, na mmom yɛnam yɛn nneyɛe so nso betumi ayɛ saa. Ná te a Yesu bɛte nka sɛ ɔdɔ n’Agya no anaasɛ ɔde n’ano bɛka kɛkɛ sɛ, “Medɔ Agya no” ara nnɔɔso mma no. Ɔkaa sɛ: “Nea ɛbɛyɛ na wiase no ahu sɛ medɔ Agya no, nea Agya no ahyɛ me sɛ menyɛ no, ɛno ara na mereyɛ.” (Yohane 14:31) Ná Satan aka sɛ onipa biara nni hɔ a obetumi afi ne koma mu asom Yehowa. (Hiob 2:4, 5) Nea ɛbɛyɛ na Yesu abua Satan atoro sobo no, ofi akokoduru mu maa wiase nyinaa huu sɛnea ɔdɔ n’Agya no. Ɔyɛɛ osetie kosii owu mu mpo. Wubedi Yesu akyi? Wobɛma wiase nyinaa ahu sɛ wufi wo koma nyinaa mu dɔ Yehowa Nyankopɔn anaa?
19, 20. (a) Nneɛma a ɛho hia bɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkɔ Kristofo nhyiam daa? (b) Sɛn na ɛsɛ sɛ yebu adesua a yɛn ankasa yɛ, nsɛm a yedwinnwen ho, ne mpae a yɛbɔ no?
19 Onyankopɔn bɔɔ yɛn wɔ ɔkwan bi so a ɛma yɛda ɔdɔ a ɛte saa adi. Ne saa nti, yɛn Agya Yehowa ayɛ ɔsom ho nhyehyɛe a yebetumi afa so ahyɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma no no mu den. Sɛ wokɔ Kristofo nhyiam a, ma ɛntena w’adwene mu sɛ wokɔɔ hɔ sɛ worekɔsom Onyankopɔn. Yɛnam koma mu a yefi bɔ mpae, ayeyi nnwom a yɛto, aso a yɛyɛ tie asɛm, ne mmuae a yenya kwan ma wɔ nhyiam ase no so de ɔsom a ɛte saa ma. Nhyiam a ɛtete saa no nso ma wunya hokwan hyɛ wo nuanom Kristofo den. (Hebrifo 10:24, 25) Sɛ yɛkɔ Kristofo nhyiam daa kɔsom Yehowa a, ɛboa ma yɛhyɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn no mu den.
20 Saa ara na sɛ yesua ade, yedwinnwen nea yesua no ho, na yɛbɔ mpae a, ɛhyɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn no mu den. Sɛ woreyɛ saa nneɛma yi a, fa no sɛ ɛyɛ hokwan a ɛma wo ne Yehowa nkutoo di nkitaho. Sɛ wusua Onyankopɔn Asɛm na wudwinnwen ho a, Yehowa nso ma wuhu n’adwene. Sɛ wobɔ mpae a, na ɛkyerɛ sɛ worema Yehowa ahu wo koma mu. Kae sɛ ɛnyɛ nea mpaebɔ kyerɛ ara ne sɛ yebebisa biribi afi Onyankopɔn hɔ. Mpaebɔ ma wunya hokwan da Yehowa ase wɔ ne nhyira ho, na ɛma wutumi kamfo n’anwanwadwuma. (Dwom 146:1) Bio nso, Yehowa a yɛde anigye ne ahokeka beyi no ayɛ wɔ baguam no yɛ ɔkwampa a yɛfa so da no ase, na yɛakyerɛ sɛ yɛdɔ no.
21. Adɛn nti na ɔdɔ a yebenya ama Yehowa no hia paa, na dɛn na yebesusuw ho wɔ ti a edidi so no mu?
21 Sɛ wubenya anigye a ɛtena hɔ daa a, gye sɛ wunya ɔdɔ ma Onyankopɔn. Ɔdɔ a ɛte saa na na Adam ne Hawa hia na ama wɔne Onyankopɔn ntam akɔ so ayɛ papa, na saa ɔdɔ yi ne ade baako nso a wɔannya. Ɛho hia paa sɛ wunya ɔdɔ a ɛte saa na aboa wo ama woatumi agyina wo gyidi ho sɔhwɛ biara ano, woako atia sɔhwɛ biara, na woagyina ɔtaa biara nso ano. Ɛyɛ ade titiriw paa a ehia na ama obi atumi adi Yesu akyi. Nokwarem no, ɔdɔ a yebenya ama Onyankopɔn ne nea yebenya ama yɛn yɔnko nnipa no wɔ abusuabɔ. (1 Yohane 4:20) Sɛnea Yesu daa ɔdɔ adi kyerɛɛ nkurɔfo no, yebesusuw ho wɔ ti a edidi so no mu. Wɔ ti a edi hɔ no mu no, yebesusuw nea enti a na nkurɔfo pii tumi bɛn Yesu no ho.