Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • bt ti 11 kr. 85-92
  • ‘Anigye Ne Honhom Kronkron Hyɛɛ Wɔn Ma’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Anigye Ne Honhom Kronkron Hyɛɛ Wɔn Ma’
  • ‘Di Onyankopɔn Ahenni Ho Adanse Fefeefe’
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wɔyii Wɔn sɛ “Wɔnkɔyɛ Adwuma” No (Aso. 13:1-12)
  • “Asɛm Bi a Mode Bɛhyɛ Nnipa Yi Nkuran” (Aso. 13:13-43)
  • “Yɛredan Akɔ Amanaman No Nkyɛn” (Aso. 13:44-52)
  • Barnaba—“Awerɛkyekye Ba”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Kristofo Asɛmpatrɛw Adwuma Nhwɛso A Efi Honhom Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Yehowa Nkurɔfo Yɛ Den Gyidi Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • “Wɔde Yehowa Tumi Kasae Akokoduru So”
    ‘Di Onyankopɔn Ahenni Ho Adanse Fefeefe’
Hwɛ Pii Ka Ho
‘Di Onyankopɔn Ahenni Ho Adanse Fefeefe’
bt ti 11 kr. 85-92

TI 11

‘Anigye ne Honhom Kronkron Hyɛɛ Wɔn Ma’

Nea Paul yɛe bere a ohyiaa nnipa a wɔn koma yɛ den a wɔmpɛ nokware no

Egyina Asomafo Nnwuma 13:1-52 so

1, 2. Dɛn na ɛmaa Barnaba ne Saul akwantu no yɛɛ soronko, na sɛn na na adwuma a wɔrekɔyɛ no bɛma Asomafo Nnwuma 1:8 aba mu?

NÁ ƐYƐ anigye da ma Antiokia asafo no. Adiyifo ne akyerɛkyerɛfo a wɔwɔ hɔ nyinaa, Barnaba ne Saul na honhom kronkron yii wɔn sɛ wɔmfa asɛmpa no nkɔ akyirikyiri nsaase so.a (Aso. 13:1, 2) Ampa, na wɔasoma mmarima bi a wɔfata ma wɔakɔ hɔ pɛn. Bere bi a atwam no, na asɛmpatrɛwfo akɔ mmeae a Kristosom agye ntini. (Aso. 8:14; 11:22) Seesei de, na wɔresoma Barnaba ne Saul akɔ mmeae a nnipa dodow no ara ntee asɛmpa no da. Wɔde Yohane a wɔfrɛ no Marko no kaa wɔn ho sɛ wɔn somfo.

2 Bɛyɛ mfe 14 a na atwam no, Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Mobɛyɛ m’adansefo wɔ Yerusalem ne Yudea ne Samaria nyinaa de akɔ asaase ano noho.” (Aso. 1:8) Barnaba ne Saul a na wɔresoma wɔn sɛ asɛmpatrɛwfo no, na ɛbɛma Yesu nkɔmhyɛ yi aba mu!b

Wɔyii Wɔn sɛ “Wɔnkɔyɛ Adwuma” No (Aso. 13:1-12)

3. Asomafo no bere so no, dɛn nti na na ɛyɛ den sɛ obi betu kwan akɔ akyirikyiri?

3 Ɛnnɛ, kar ne wimhyɛn adaworoma, nnipa tumi de dɔnhwerew baako anaa mmienu tu kwan kɔ akyirikyiri. Ná ɛnte saa wɔ asomafo no bere so. Saa bere no, sɛ obi pɛ sɛ otu kwan a, mpɛn pii no, na ɔnantew fa ɔkwan a ɛso yɛ mmonkyimmɔnka so. Da koro watumi akɔ ara na bɛyɛ kilomita 30, nanso obedu no na wabubu!c Enti ɛwom sɛ na Barnaba ne Saul de anigye rehwɛ kwan sɛ wɔbɛkɔ akɔyɛ adwuma no de, nanso wɔhui paa sɛ ebegye mmɔdenbɔ ne ahofama kɛse.—Mat. 16:24.

TETE AKWANTU

Tete hɔ no, sɛ obi retu kwan akɔ baabi na ɔfa fam a, na ɔkyɛ wɔ kwan so, ɔbrɛ dodo, na ɛtɔ da bi a, ɔbɔ ka mpo sen sɛ ɔbɛfa po so hyɛn. Nanso mmeae pii wɔ hɔ a na wuntumi nyɛ ho hwee, gye sɛ wonantew.

Sɛ obi retu kwan a, kilomita bɛyɛ 30 pɛ na na obetumi atwa no da koro. Ná awia betumi ahye no, nsu betumi aboro no, ahohuru ne awɔw betumi ade no, na akorɔmfo nso betumi agye ne ho nneɛma. Ɔsomafo Paul kaa sɛ na ɔwɔ “akwantu pii mu, nsubɔnten so asiane mu, akorɔmfo-werɛmfo mu asiane mu.”—2 Kor. 11:26.

Ná wɔayiyi akwan pii wɔ Roma Ahemman no mu baabiara. Ná ahɔhodan wowɔ akwantempɔn no so ma enti sɛ obi retu kwan na ade resa no a, obenya baabi ada. Ná mmeae a wɔtɔn aduan ne nneɛma nketenkete nso wowɔ akwan no so. Nhoma akyerɛwfo a na wɔwɔ hɔ saa bere no kyerɛkyerɛ mu sɛ, na ahɔhodan ne baabi a wɔtontɔn aduan ne nneɛma foforo no, ɛhɔ yɛ fĩ, nnipa ahyɛ hɔ ma, ahohuru wɔ hɔ, na na nsonkuronsuo pii nso wɔ hɔ. Ná ahuhufo taa kɔ hɔ, na na enni din pa. Ná wɔsi tuutuu wɔ ahɔhodan ahorow no mu, na na wɔn a wɔhwɛ hɔ no taa wia akwantufo nneɛma.

Akyinnye biara nni ho sɛ ɛnyɛ beae a na Kristofo bɛpɛ sɛ wɔkɔ. Nanso sɛ wɔkodu baabi a abusuafo anaa nnamfo biara nni hɔ a, ɛnde na twa ara na etwa sɛ wɔkɔ ahɔhodan no mu, efisɛ wɔyɛ ho hwee a ɛnyɛ yiye.

4. (a) Dɛn na ɛboa ma wɔyii Barnaba ne Saul, na dɛn na wɔn nuanom Kristofo no yɛe wɔ ho? (b) Yɛbɛyɛ dɛn aboa wɔn a wɔnya hokwan ahorow wɔ Kristofo asafo no mu no?

4 Dɛn nti na honhom kronkron no yii Barnaba ne Saul sɛ “wɔnkɔyɛ adwuma” no? (Aso. 13:2) Bible no nkyerɛ. Nanso yenim sɛ anuanom nam honhom kronkron akwankyerɛ so na ɛpaw saa mmarima yi. Biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ adiyifo ne akyerɛkyerɛfo a wɔwɔ Antiokia no sɔre tiae. Wɔn ani ammere Barnaba ne Saul. Mmom wɔtaa wɔn akyi denneennen, na wɔyɛɛ akɔnkyen bɔɔ mpae maa wɔn, na afei ‘wɔde wɔn nsa guu wɔn so, na wɔgyaa wɔn kwan.’ Nea anuanom no yɛe no, wo de hwɛ sɛnea ɛbɛka Barnaba ne Saul koma! (Aso. 13:3) Yɛn nso, ɛsɛ sɛ yɛboa wɔn a wɔnya hokwan ahorow te sɛ mmarima a wɔyɛ ahwɛfo wɔ Kristofo asafo no mu no. Ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn ani bere wɔn, na mmom “adwuma a wɔreyɛ no nti,” momma yɛmfa “nidi soronko mma wɔn, na yɛnnɔ wɔn.”—1 Tes. 5:13.

5. Kyerɛ nea anuanom no faa mu ansa na wɔretumi adi adanse wɔ Kipro supɔw so.

5 Bere a Barnaba ne Saul nantew koduu Seleukia po so hyɛn gyinabea a ɛbɛn Antiokia no, wɔfaa po so hyɛn twaa kilomita bɛyɛ 200 kɔɔ Kipro supɔw so.d Esiane sɛ na Barnaba fi Kipro nti, akyinnye biara nni ho sɛ n’ani gyei sɛ ɔbɛkɔ akɔka asɛmpa no wɔ ne kurom hɔ. Bere a mmarima yi duu Salami, kurow a ɛwɔ supɔw no apuei fam no, wɔansɛe bere koraa. Ntɛm ara, “wofii ase kaa Onyankopɔn asɛm no wɔ Yudafo hyia adan mu.”e (Aso. 13:5) Barnaba ne Saul tuu kwan fii Kipro tia kosii tia; ɛbɛyɛ sɛ wɔrekɔ nyinaa na wɔreka asɛmpa no wɔ nkurow akɛse a ɛwowɔ kwan so no mu. Yennim ɔkwan pɔtee a wɔfaa so, nanso ebetumi aba sɛ asɛmpatrɛwfo yi nantew twaa kilomita bɛyɛ 160!

YUDAFO HYIA ADAN

Nea Greek asɛmfua a wɔkyerɛ ase “hyiadan” kyerɛ paa ne “sɛ wɔreboaboa ano.” Mfiase no, na ɛkyerɛ Yudafo nhyiam anaa Yudafo bagua, nanso akyiri yi, beae anaa ɔdan a wɔyɛ saa nhyiam no wom na wɔfrɛɛ hɔ saa.

Nkurɔfo gye di sɛ ɛyɛ bere a Yudafo wɔ Babilon nkoasom mu no na wɔsisii hyia adan no anaasɛ mfe 70 a wɔkodii wɔ nkoasom mu no akyi pɛɛ na wɔsisii. Wɔsisii hyia adan no de yɛɛ baabi a wɔgye akwankyerɛ, baabi a wɔsom, baabi a wɔkenkan Kyerɛwnsɛm no, ne baabi a wɔhyɛ nnipa nkuran ma wɔde Kyerɛwnsɛm no yɛ adwuma. Asomafo no bere so no, na hyiadan wɔ kurow biara so wɔ Palestina. Wokɔ kurow kɛse biara mu a, na hyiadan a ɛwɔ hɔ no boro baako, na Yerusalem mpo de, na ɛhɔ de dɔɔso.

Bere a Yudafo a wɔakodi Babilon no fii hɔ no, ɛnyɛ wɔn nyinaa na wɔsan baa Palestina. Wɔn mu bebree kɔɔ aman foforo so kɔyɛɛ adwuma. Bɛyɛ mfe ahanum ansa na wɔrewo Yesu no mpo, na Yudafo no bi tete Persia Ahemman no amantam 127 no nyinaa mu. (Ester 1:1; 3:8) Akyiri yi, Yudafo no bi kɔtenatenaa Mediterranea Po no ho nkurow nyinaa nso mu. Yudafo a wɔbɔ petee saa no sisii hyia adan wɔ mmeae a wɔkɔtenatenae no nyinaa.

Edu Homeda biara a, na wɔkenkan Mmara no kyerɛkyerɛ mu wɔ hyia adan no mu. Na wɔma obi gyina apa so kenkan Mmara no bere a nkurɔfo tete n’anim ne ne benkum ne ne nifa retie. Yudafo mmarima a na wɔbɔ mmɔden wɔ ɔsom no mu no, na hokwan wɔ hɔ ma wɔn mu biara sɛ ɔkenkan Mmara no, ɔkyerɛkyerɛ, na otu fo nso.

6, 7. (a) Hena ne Sergio Paulos, na dɛn nti na Bar-Yesu pɛe sɛ osiw kwan na wantie asɛmpa no? (b) Dɛn na Saul yɛe wɔ Bar-Yesu kasatia no ho?

6 Ná atoro som agye ntini wɔ tete Kipro supɔw no so. Wei bɛdaa adi bere a Barnaba ne Saul duu Pafo a ɛda mpoano wɔ Kipro supɔw no atɔe fam no. Ɛhɔ na wɔhyiaa “barima bi a wɔfrɛ no Bar-Yesu. Ná ɔyɛ osumanni ne odiyifo torofo. Ná ɔka ɔmantam soafo Sergio Paulos a ɔyɛ onyansafo no ho.”f Asomafo no bere so no, na Roma anuonyamfo pii te sɛ “onyansafo” Sergio Paulos mpo taa hwehwɛ mmoa fi asumanfo anaa nsoromma mu ahwɛfo nkyɛn bere a wɔresi gyinae bi a emu yɛ duru no. Nanso, Sergio Paulos ani gyee Ahenni asɛm no ho, “na na ɔrepɛ Onyankopɔn asɛm atie denneennen.” Bere a Bar-Yesu a wɔsan frɛ no Elima (asekyerɛ ne “Osumanni”) hui no, n’ani annye ho.—Aso. 13:6-8.

7 Bar-Yesu kasa tiaa Ahenni asɛm no. Ná ɔyɛ Sergio Paulos fotufo, na ɔkwan a na obetumi afa so abɔ ne dibea ho ban ne sɛ “ɔbɛdan ɔmantam soafo no afi gyidi no ho.” (Aso. 13:8) Nanso na Saul renhwɛ mma osumanni yi nsɛe Sergio Paulos adwene. Enti dɛn na Saul yɛe? Kyerɛwnsɛm no ka sɛ: “Honhom kronkron hyɛɛ Saul a wɔsan frɛ no Paul no ma, na ɔhwɛɛ Elima [Bar-Yesu] dinn. Na ɔkae sɛ: ‘Ɔbarima a nsisi ne bɔne nyinaa ayɛ wo ma, Ɔbonsam ba a ɔte sɛ wo, trenee nyinaa tamfo, enti wunnyae sɛ wokyea Yehowa akwan a ɛteɛ no? Hwɛ! Yehowa nsa da wo so, na w’ani befura, na worenhu owia hann kosi bere bi.’ Prɛko pɛ, n’ani so yɛɛ no kusuu, na baabiara yɛɛ sum maa no. Na okyin hwehwɛɛ obi a obeso ne nsa akyerɛ no kwan.”g Dɛn na efii anwanwade no mu bae? “Bere a ɔmantam soafo no huu nea asi no, ɔbɛyɛɛ gyidini, efisɛ Yehowa nkyerɛkyerɛ no maa ne ho dwiriw no.”—Aso. 13:9-12.

Onua bi gyina asɛnnibea, na wabue Bible mu redi ɔtemmufo bi adanse.

Sɛ nkurɔfo tan yɛn ani a, yɛde akokoduru ka nokware no ho asɛm sɛnea Paul yɛe no

8. Yɛbɛyɛ dɛn atumi asuasua Paul akokoduru no nnɛ?

8 Paul amma nea Bar-Yesu yɛe no ammɔ no hu. Enti yɛn nso, sɛ atamfo pɛ sɛ wɔsɛe wɔn a wɔtie Ahenni asɛm no gyidi a, ɛnsɛ sɛ yesuro. Ɛno ara ne sɛ yɛbɛma yɛn kasa ‘ayɛ dɛ bere nyinaa na nkyene aba mu.’ (Kol. 4:6) Wei nso nkyerɛ sɛ, sɛ yɛne obi sua ade na sɛ afoforo pɛ sɛ wɔsɛe n’adwene a, yɛmpɛ ntɔkwaw ara nti, na yɛagyae adesua no. Afei nso, atoro som a ɛkɔ so ‘kyea Yehowa akwan a ɛteɛ no,’ sɛnea Bar-Yesu yɛe no, ɛnsɛ sɛ yesuro. Mmom ɛsɛ sɛ yɛpa ho ntama. (Aso. 13:10) Ɛsɛ sɛ yɛde akokoduru ka nokware no ma ɛka ahobrɛasefo koma sɛnea Paul yɛe no. Ɛwom sɛ ebia Onyankopɔn remfa anwanwakwan so mmoa yɛn sɛnea ɔyɛ maa Paul no de, nanso yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa de ne honhom kronkron no bɛtwe wɔn a wɔfata aba nokware no mu.—Yoh. 6:44.

“Asɛm Bi a Mode Bɛhyɛ Nnipa Yi Nkuran” (Aso. 13:13-43)

9. Nhwɛso bɛn na Paul ne Barnaba yɛe a wɔn a wɔdi asafo no anim nnɛ betumi asuasua?

9 Bere a mmarima no fi Pafo faa po so hyɛn twaa bɛyɛ kilomita 250 kɔɔ Perga a ɛda mpoano wɔ Asia Kumaa no, ɛda adi sɛ nsakrae bi bae. Asomafo Nnwuma ti 13, nkyekyɛm 13 ka sɛ na “Paul ne wɔn a wɔka ne ho no” na ɛnam. Saa asɛm no ma yehu sɛ efi saa bere no, Paul na odii anuanom no anim wɔ wɔn dwumadi mu. Nanso biribiara nkyerɛ sɛ Barnaba ani beree Paul. Mmom no, mmarima baanu yi boom yɛɛ Onyankopɔn adwuma no. Paul ne Barnaba yɛɛ nhwɛso a wɔn a wɔdi asafo no anim nnɛ betumi asuasua. Kristofo mpere dibea na mmom wɔkae Yesu nsɛm yi: “Mo nyinaa moyɛ anuanom.” Yesu de kaa ho sɛ: “Obiara a ɔma ne ho so no wɔbɛbrɛ no ase, na obiara a ɔbrɛ ne ho ase no, wɔbɛma no so.”—Mat. 23:8, 12.

10. Kyerɛ sɛnea na ɔkwan a efi Perga kɔ Pisidia a ɛwɔ Antiokia no so te.

10 Bere a wɔduu Perga no, Yohane a wɔfrɛ no Marko no ne Paul ne Barnaba tetew mu san kɔɔ Yerusalem. Nea ɛyɛe a ogyaw wɔn hɔ prɛko pɛ no de, Bible anka. Paul ne Barnaba toaa wɔn akwantu no so, na wɔfi Perga kɔɔ Antiokia a ɛwɔ Pisidia wɔ Galatia mantam mu no. Ná akwantu no nna fam efisɛ na Antiokia a ɛwɔ Pisidia no da bepɔw a ne tenten bɛyɛ mita 1,100 so. Ná akwan a ɛdeda bepɔw no mu no yɛ mmonkyimmɔnka, na na nsɛmmɔnedifo nso ayɛ so ma. Wei nyinaa da nkyɛn a, ɛbɛyɛ sɛ na yare nso rehaw Paul saa bere no.h

11, 12. Bere a Paul rekasa wɔ hyiadan mu wɔ Antiokia a ɛwɔ Pisidia no, dɛn na ɔkae a ɛmaa nkurɔfo no tiee no?

11 Bere a Paul ne Barnaba duu Antiokia a ɛwɔ Pisidia no, wɔkɔɔ hyiadan no mu Homeda. Kyerɛwtohɔ no ka sɛ: “Bere a wɔkenkan Mmara ne Adiyifo no wɔ baguam wiei no, hyiadan mu mpanyimfo no soma kɔɔ wɔn nkyɛn kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Mmarima, anuanom, sɛ mowɔ asɛm bi a mode bɛhyɛ nnipa yi nkuran a, monka.’” (Aso. 13:15) Ɛnna Paul sɔre kasae.

12 Paul fii ase kasa kyerɛɛ nnipakuw no sɛ: “Mmarima, Israelfo ne mo a musuro Onyankopɔn, muntie.” (Aso. 13:16) Ná nnipa a wɔretie Paul no binom yɛ Yudafo na ebinom nso yɛ wɔn a wɔabegye Yudasom atom. Ná atiefo no nnye Yesu ntom sɛ odi dwuma titiriw bi wɔ Onyankopɔn atirimpɔw mu, enti dɛn na na Paul bɛka na wɔatie n’asɛm no? Nea edi kan no, Paul kaa Yuda man no abakɔsɛm kyerɛɛ wɔn. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ Yehowa maa “wɔn so bere a na wɔyɛ ahɔho wɔ Egypt asaase so no,” na bere a Onyankopɔn gyee wɔn no, “onyaa wɔn ho abotare wɔ sare no so” mfe 40. Afei nso Paul kyerɛe sɛ Israelfo tumi gyee Bɔhyɛ Asaase no, na Yehowa ‘de wɔn asaase maa wɔn agyanom sɛ agyapade.’ (Aso. 13:17-19) Ebinom kyerɛ sɛ kyerɛwnsɛm a wɔkenkan kyerɛɛ atiefo no saa Homeda no, ɛbɛyɛ sɛ emu bi na Paul twee adwene sii so. Sɛ saa a, ɛnde ɛno nso kyerɛ sɛ na Paul nim sɛnea ɔbɛdannan ne nsɛm mu na wayɛ “biribiara ama nnipa ahorow nyinaa.”—1 Kor. 9:22.

13. Dɛn na yebetumi ayɛ ama nkurɔfo atie asɛm no?

13 Yɛn nso ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛka nsɛm a ɛbɛma nkurɔfo atie yɛn. Sɛ yenim ɔsom a obi wom a, yebetumi ahwɛ nneɛma a n’ani begye ho na yɛne no abɔ ho nkɔmmɔ. Afei nso, yebetumi aka Bible mu nsɛm bi a onim dedaw wɔ nkɔmmɔ no mu. Sɛ yɛrekenkan Bible na yɛma onii no kenkan fi ɔno ankasa Bible mu a, ɛboa. Hwehwɛ nsɛm a wobɛka akyerɛ nkurɔfo ma aka wɔn koma.

14. (a) Dɛn na Paul ka de fii Yesu ho asɛm no ase, na kɔkɔbɔ bɛn na ɔde maa atiefo no? (b) Dɛn na atiefo no yɛe wɔ nsɛm a Paul kae no ho?

14 Bio nso, Paul kaa Israel ahene abusua no ho asɛm sɛ emu na wɔyii ‘agyenkwa Yesu’ no, na Osuboni Yohane na osiesiee kwan mu maa no. Afei Paul kyerɛe sɛ wɔkum Yesu, na onyan fii awufo mu. (Aso. 13:20-37) Paul kae sɛ: “Enti anuanom, munhu sɛ, oyi na yɛnam no so reka bɔnefakyɛ ho asɛm akyerɛ mo, . . . wɔnam oyi so abu obiara a ogye di no bem wɔ ho.” Ɛno akyi no, ɔsomafo no bɔɔ atiefo no kɔkɔ sɛ: “Enti monhwɛ yiye na nea wɔaka wɔ Adiyifo no mu no amma mo so. Wɔaka sɛ: ‘Mo animtiaabufo, monhwɛ ma ɛnyɛ mo nwonwa na monyera, efisɛ mereyɛ adwuma bi wɔ mo bere so. Saa adwuma no, sɛ obi ka ho asɛm nyinaa kyerɛ mo mpo a, morennye nni da.’” Nea atiefo no yɛe wɔ Paul kasa no ho no yɛ nwanwa. Bible ka sɛ: “Nkurɔfo no paa wɔn kyɛw sɛ, Homeda a edi hɔ no, wɔmmɛka nsɛm yi nkyerɛ wɔn bio.” Afei nso bere a hyiadan mu nhyiam no baa awiei no, “Yudafo ne wɔn a wɔasakra abɛyɛ Yudafo, a wɔsom Onyankopɔn no pii dii Paul ne Barnaba akyi.”—Aso. 13:38-43.

“Yɛredan Akɔ Amanaman No Nkyɛn” (Aso. 13:44-52)

15. Paul kasa wiei no, dɛn na esii Homeda a edi hɔ no?

15 Homeda a edi hɔ no, “kurow no mufo dodow no ara” boaa wɔn ho ano betiee Paul. Wei anyɛ Yudafo no binom dɛ, na “wofii ase kaa abususɛm de bɔɔ nea Paul reka no gui.” Paul ne Barnaba de akokoduru kae sɛ: “Mo na na ehia sɛ yɛka Onyankopɔn asɛm kyerɛ mo kan. Nanso esiane sɛ morepia ato nkyɛn, na mummu mo ho sɛ mofata daa nkwa nti, hwɛ! yɛredan akɔ amanaman no nkyɛn. Efisɛ Yehowa aka asɛm yi akyerɛ yɛn sɛ: ‘Mayi wo sɛ amanaman no hann, sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛyɛ nkwagye de akodu asaase ano.’”—Aso. 13:44-47; Yes. 49:6.

Atamfo a wɔmpɛ Paul ne Barnaba anim ahwɛ apam wɔn afi Antiokia a ɛwɔ Pisidia.

“Wɔtan Paul ne Barnaba ani . . .  Na anigye ne honhom kronkron kɔɔ so hyɛɛ asuafo no ma.”​—Asomafo Nnwuma 13:50-52

16. Dɛn na Yudafo no yɛe bere a wɔtee atemmusɛm a asɛmpatrɛwfo Paul ne Barnaba kae no, na dɛn na wɔn nso yɛe wɔ ɔtan no ho?

16 Amanaman mufo a na wɔretie no dii ahurusi, na “wɔn a wɔwɔ koma pa a ebetumi ama wɔanya daa nkwa no nyinaa dan gyidifo.” (Aso. 13:48) Ankyɛ na Yehowa asɛm no trɛw asaase no nyinaa so. Yudafo no de, wɔankyerɛ ho anisɔ koraa. Asɛmpatrɛwfo Paul ne Barnaba ma wɔhui sɛ, wɔn na wɔdii kan tee Onyankopɔn asɛm no, nanso wɔpoo Mesia no, enti Onyankopɔn bebu wɔn atɛn. Yudafo no tutu guu mmea a wɔwɔ din ne kurow no mu nnipa atitiriw asom, “na wɔtan Paul ne Barnaba ani, na wɔpam wɔn fii wɔn asaase so.” Dɛn na Paul ne Barnaba yɛe? “Wɔporoporow wɔn nan ase mfuturu guu wɔn so, na wɔkɔɔ Ikoniom.” Wei maa Kristosom gui wɔ Antiokia a ɛwɔ Pisidia anaa? Ɛnte saa koraa! Asuafo a wɔgyaw wɔn wɔ hɔ no, ‘anigye ne honhom kronkron kɔɔ so hyɛɛ wɔn ma.’—Aso. 13:50-52.

17-19. Dɛn na yebetumi ayɛ de asuasua asɛmpatrɛwfo Paul ne Barnaba nhwɛso pa no, na dɛn nti na sɛ yɛyɛ saa a ɛbɛma yɛn ani agye?

17 Yebetumi asua pii afi nea saa mmarima anokwafo yi yɛe bere a wɔtaa wɔn no mu. Sɛ wiase no mu atitiriw mpo pɛ sɛ yegyae asɛnka adwuma no a, yɛrennyae asɛm no ka da. Kae nso sɛ, bere a Antiokiafo no antie Paul ne Barnaba no, “wɔporoporow wɔn nan ase mfuturu.” Wɔyɛɛ saa de kyerɛe sɛ asodi biara nna wɔn so, na mmom ɛnyɛ abufuw nti na wɔyɛɛ saa. Asɛmpatrɛwfo yi hui sɛ wɔrentumi nhyɛ obi mma ontie asɛm no. Wɔn de ara ne sɛ wɔbɛka asɛmpa no. Na asɛm no nso de, wɔyeree wɔn ho kae! Wɔkɔtoaa so wɔ Ikoniom.

18 Asuafo a wɔgyaw wɔn Antiokia no nso ɛ? Ɛwom, na kurom hɔfo mpɛ wɔn asɛm, nanso na wɔn anigye nnyina nnipa dodow a wɔbetie asɛmpa no so. Yesu kae sɛ: “Anigye ne wɔn a wotie Onyankopɔn asɛm na wodi so!” (Luka 11:28) Saa pɛpɛɛpɛ na asuafo a wɔwɔ Antiokia a ɛwɔ Pisidia no sii wɔn bo sɛ wɔbɛyɛ.

19 Ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛkae daa sɛ yɛwɔ asɛde sɛ yɛka asɛmpa no kyerɛ nkurɔfo sɛnea Paul ne Barnaba yɛe no. Sɛ yɛka asɛm no kyerɛ nkurɔfo na wɔtie oo, wɔantie oo, ɛyɛ wɔn ankasa asɛm. Sɛ wɔantie a, yebetumi asua biribi afi tete asuafo no hɔ. Sɛ yenya nokware no ho anisɔ na yɛma honhom kronkron kyerɛ yɛn kwan a, sɛ nkurɔfo tan yɛn ani mpo a, yɛn ani betumi agye.—Gal. 5:18, 22.

BARNABA—“AWERƐKYEKYE BA”

Ná Yosef yɛ Lewini a ofi Kipro, na na ɔyɛ ɔpanyin wɔ tete Yerusalem asafo no mu. Asomafo no hwɛɛ ne suban ho maa no din foforo bi—Barnaba, a n’asekyerɛ ne “Awerɛkyekye Ba.” (Aso. 4:36) Bere a Barnaba hui sɛ ne nuanom gyidifo hia biribi no, odii ho dwuma ntɛm de boaa wɔn.

Barnaba de sika nkotoku mmienu reyi ntoboa.

Asuafo foforo 3,000 a wɔbɔɔ wɔn asu wɔ Pentekoste afe 33 Y.B. no, yebetumi aka sɛ afahyɛ no ara nti na wɔn mu bebree baa Yerusalem, na wɔanyɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛkyɛ wɔ kurow no so pii saa. Ná asafo no hia sika a wɔde bɛhwɛ nnipadɔm yi. Enti Barnaba tɔn n’asaase, na oyii ne yam de sika no brɛɛ asomafo no sɛ ne ntoboa.—Aso. 4:32-37.

Ná Barnaba yɛ asafo no mu panyin a ne ho akokwaw, enti na ofi ne komam pɛ sɛ ɔboa nkurɔfo. Ɔno na ɔboaa Saul a ofi Tarso bere a ɔsakrae no. Asuafo a aka no de, na wɔn nyinaa suro Saul, efisɛ na wɔnim no sɛ obi a ɔtan Kristofo ani. (Aso. 9:26, 27) Bere a Barnaba ne Petro ne Amanaman mufo Kristofo no anni no yiye no, Paul kaa ho asɛm denneennen, nanso Barnaba ahobrɛase nti, ɔne no antwe. (Gal. 2:9, 11-14) Nneɛma kakra a yɛasusuw ho yi ama yɛahu sɛ, na Barnaba din ne ne suban sɛ. Ná ɔyɛ “Awerɛkyekye Ba” ampa.

a Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 86 a wɔato din “Barnaba—‘Awerɛkyekye Ba’” no.

b Saa bere yi, na wɔatetew nsafo bebree ma akodu Antiokia a ɛwɔ Siria tɔnn; ná Antiokia a ɛwɔ Siria wɔ Yerusalem atifi fam bɛyɛ kilomita 550.

c Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 87 a wɔato din “Tete Akwantu” no.

d Asomafo no bere so no, sɛ mframa ano nyɛ den pii a, na hyɛn tumi twa bɛyɛ kilomita 160 da koro. Sɛ mframa ano yɛ den a, na entumi ntwa saa kwan no.

e Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 89 a wɔato din “Yudafo Hyia Adan” no.

f Ná Kipro yɛ supɔw a ɛhyɛ Roma Mmarahyɛ Bagua no ase. Onipa a wɔbeyi no sɛ amrado ama wahwɛ supɔw no so no, na wɔfrɛ no ɔmantam soafo.

g Efi saa bere no na wɔfrɛɛ Saul sɛ Paul. Ebinom kyerɛ sɛ ɔfaa saa Roma din no de hyɛɛ Sergio Paulos anuonyam. Nanso, esiane sɛ bere a Saul fii Kipro mpo na wɔda so ara frɛ no Paul nti, ɛma yehu sɛ ɛnyɛ saa na na asɛm no te. Mmom, na ɔyɛ “ɔsomafo ma amanaman no,” ɛno nti na ɔde edin a wɔde frɛ no wɔ Roma kasa mu no yɛɛ adwuma. Sɛnea na Greekfo bɔ Hebri din Saul no, na ɛte sɛ Greek asɛmfua bi a ɛyɛ asefem; ɛbɛyɛ sɛ ɛno nso ka ho bi nti na ɔde edin Paul yɛɛ adwuma no.—Rom. 11:13.

h Paul kyerɛw krataa kɔmaa Galatifo no mfe bi akyi, na ɔkaa wom sɛ: “Honam mu yare bi nti na bere a edi kan no, minyaa kwan kaa asɛmpa no kyerɛɛ mo.”—Gal. 4:13.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena