Dwom 10
“Mini, Soma Me”
1. Ɛnnɛ, nnipa yɛ nneɛma pii
De sɛe Nyankopɔn din kronkron.
Wɔka sɛ ne t’ri mu yɛ den.
Kwasea se, “Nyankopɔn nni hɔ!”
Hena bɛtew edin no ho?
Hena bɛto n’ayeyi dwom?
“Aw’rade, mini soma me.
Mɛto w’ayeyi dwom dɛdɛ.
(NNYESO)
Hokwan bi nni hɔ a ɛkyɛn saa!
O Aw’rade soma me!”
2. Nnipa se Yehowa yɛ nyaa;
Wɔnsuro Nyankopɔn koraa.
Ebinom mpo som abosom;
Ebinom kɔsom Kaesare.
Hena na ɔbɛbɔ kɔkɔ?
Hena bɛka da kɛse no?
“Aw’rade, mini soma me.
Mɛbɔ kɔkɔ na minsuro.
(NNYESO)
Hokwan bi nni hɔ a ɛkyɛn saa!
O Aw’rade soma me!”
3. Ahobrɛasefo sũ di yaw
Efisɛ bɔne adɔɔso.
Wɔde koma nyinaa hwehwɛ
Nokware a ɛma ’somdwoe.
Hena bɛkyekye wɔn werɛ?
Hena bɛma wɔahu trenee?
“Aw’rade, mini soma me.
Mede boasetɔ bɛboa wɔn.
(NNYESO)
Hokwan bi nni hɔ a ɛkyɛn saa!
O Aw’rade soma me!”