Dwom 77
Fa Bɔne Kyɛ
Nea Yɛaprente
1. Yehowa yɛɛ nhyehyɛe,
Ɔnam ne Dɔba no so,
Sɛ ɔde bɔne bef’ri yɛn
Ayi owu afi hɔ.
Yɛsakra fi bɔne ho a,
Ɔde ne nyinaa kyɛ yɛn;
Ɔnam Kristo agyede so.
Yenya faf’ri ne din mu.
2. Yebesua Nyankopɔn,
Yebehu nnipa mmɔbɔ.
Ɛsɛ sɛ yɛde bɔne kyɛ,
Yenya ɔdɔ ne tema.
Bɔ mmɔden nya abotare,
Yi abufuw fi wo mu.
Nya obu ma anuanom daa,
Na nya ɔdɔ daa nyinaa.
3. Momma yenhu mmɔbɔ.
Ɛno na ɛky’rɛ ɔdɔ.
Ɛma yɛkwati abufuw,
Ɛtwe yɛn fi ɔtan ho.
Yebesua Yehowa dɔ no,
Ɛno na edi mũ paa.
Yɛde bɔne bef’ri yɛn nua;
Yɛbɛyɛ sɛ Nyankopɔn.
(Hwɛ Mat. 6:12; Efe. 4:32; Kol. 3:13 nso.)