Dwom 24
Fa W’ani Si Botae no So Daa!
Nea Yɛaprente
1. Anif’raefo behu ade,
Asotifo bɛte asɛm,
Nhwiren bɛpae anhwea mu,
Nsu betue wɔ sare so,
Mmubuafo betu mm’rika daa,
Yɛn dɔfo biara renwu bio,
Wubehu ahotɔ b’re yi;
Fa w’ani si botae no so.
2. Emum tɛkrɛma bɛkasa,
Akwakoraa dan ab’rante,
Asase bɛma nnɔbae pii,
Na nneɛma pa bebu yɛn so,
Abofra bɛto dwom dɛdɛ,
Asomdwoe bɛba baabiara,
Wubehu awufo sɔre;
Fa w’ani si botae no so.
3. Oguan ne pataku bɛbom,
Nantwi ne sisi mma bɛda,
Abofra na ɔbɛka wɔn,
Na wɔbɛtie ne nne dɛdɛ,
Yɛn nusu nyinaa befi hɔ,
Ehu ne yaw nso befi hɔ,
Nyankopɔn bɛyɛ nneɛma yi;
Fa w’ani si botae no so.
(Hwɛ Yes. 11:6-9; 35:5-7; Yoh. 11:24 nso.)