Dwom 38
Dan W’adesoa To Yehowa So
Nea Yɛaprente
(Dwom 55)
1. O Awurade Yehowa,
Yɛ asõ tie me mpaebɔ.
Gye me so yɛ m’abisade
Na boa me na mansuro.
(NNYESO)
Dan w’adesoa ma Yehowa;
Ɔno na obegye wo.
Ɔbɛma woagyina pintinn,
Ɔremma wunhinhim da.
2. Sɛ mewɔ anomaa ntaban,
Anka metu akɔ s’ro,
Na mafi abɔnefo mu
Na makohintaw baabi.
(NNYESO)
Dan w’adesoa ma Yehowa;
Ɔno na obegye wo.
Ɔbɛma woagyina pintinn,
Ɔremma wunhinhim da.
3. Mɛsu afrɛ me Nyankopɔn;
Mɛhwehwɛ n’ahobammɔ.
Ɔbɛma yɛanya asomdwoe
Na wahyɛ yɛn nyinaa den.
(NNYESO)
Dan w’adesoa ma Yehowa;
Ɔno na obegye wo.
Ɔbɛma woagyina pintinn,
Ɔremma wunhinhim da.