Dwom 89
Yehowa Adesrɛ Ne Sɛ: “Me Ba, Yɛ Onyansafo”
Nea Yɛaprente
1. Ab’rante, ababaa,
fa wo koma ma me,
Ɛbɛma me tamfo
ahu sɛ wodɔ me,
Na wode wo mmabunb’re
nyinaa bɛsom me.
Wiase nyinaa nim sɛ
wote ase ma me.
(NNYESO)
Mepɛ w’asɛm, woyɛ me dɔba,
Enti yɛ nyansafo ma me.
Fa wo koma nyinaa som me daa,
Ɛbɛma woasɔ m’ani daa.
2. Ma w’ani nnye sɛ
woyɛ asõ ma me nnɛ.
Wobɛhwe ase de,
nanso mɛma wo so.
Obi bɛyɛ b’ribi
na ama woadi yaw,
Nanso ma w’ani nnye,
efisɛ medɔ wo.
(NNYESO)
Mepɛ w’asɛm, woyɛ me dɔba,
Enti yɛ nyansafo ma me.
Fa wo koma nyinaa som me daa,
Ɛbɛma woasɔ m’ani daa.
(Hwɛ Deut. 6:5; Ɔsɛnk. 11:9; Yes. 41:13 nso.)