Dwom 91
M’agya, Me Nyankopɔn, ne M’adamfo
Nea Yɛaprente
1. Wiase mu tena yɛ den.
Emu tena ma yesu di yaw.
Nanso me de, mɛka sɛ,
“Me Nyankopɔn wɔ hɔ.”
(NNYESO)
Yehowa yɛ treneeni,
Onim sɛ mewɔ ɔdɔ ma no.
Enti ɔka me ho daa;
Nyankopɔn nti menyɛ mmɔbɔ.
Yehowa ne me hwɛfo
ne me bammɔfo de kosi daa.
Nyankopɔn ne m’Agya ampa,
Ne m’Adamfo.
2. Me mm’ranteb’re no atwam;
Amanehunu ato me nnɛ.
Nanso me gyidi no nti,
Mewɔ anidaso.
(NNYESO)
Yehowa yɛ treneeni,
Onim sɛ mewɔ ɔdɔ ma no.
Enti ɔka me ho daa;
Nyankopɔn nti menyɛ mmɔbɔ.
Yehowa ne me hwɛfo
ne me bammɔfo de kosi daa.
Nyankopɔn ne m’Agya ampa,
Ne m’Adamfo.
(Hwɛ Dw. 71:17, 18 nso.)