Dwom 36
“Nea Onyankopɔn Aka Abom”
Nea Yɛaprente
1. Yɛde hama mmiɛnsa
Abom anigye mu.
Nyankopɔn ne obiara
Yɛ adansefo nnɛ.
Waka Yehowa ntam sɛ,
Ɔbɛdɔ ne yere.
(NNYESO)
‘Nea Nyankopɔn de abom,
Mma nnipa nntetew mu.’
2. Nyankopɔn Asɛm no,
Wɔasua de bɔ wɔn bra.
Ɛnnɛ, wɔsrɛ ne nhyira
Adi bɔhyɛ yi so.
Waka Yehowa ntam sɛ,
Ɔbɛdɔ ne kunu.
(NNYESO)
‘Nea Nyankopɔn de abom,
Mma nnipa nntetew mu.’
(Hwɛ Gen. 2:24; Ɔsɛnk. 4:12; Efe. 5:22-33 nso.)