Dwom 119
Bra! Benya Ahotɔ
1. Wiase nnipa bebree na wɔafom kwan nnɛ.
Onyankopɔn kwan de, wɔnnim.
Yehia akwanky’rɛ pa wɔ yɛn nantew mu;
Yɛtew yɛn ho a, ɛnyɛ yie.
Nhyiamu ma ahotɔ, anidaso;
Yenya Nyankopɔn mu gyidi.
Ne nsɛm kanyan yɛn ma yɛyɛ nnwuma pa,
Ɛma yɛn ahoɔden fof’ro.
Yɛrennyae nea Yehowa se yɛnyɛ no;
N’apɛde na yɛbɛyɛ daa.
Sɛ yehyia mu a ɔky’rɛ yɛn trenee kwan;
Nokware no som bo ma yɛn.
2. Yehowa na onim nea yehia nyinaa;
N’afotu ho hia yɛn kɛse.
Yɛtɔ b’re de kɔ nhyiamu da biara,
Ɛma yɛn nyansa ne gyidi.
Mmɔdenbɔfo ma yenya afotu pa,
Yesua sɛ yɛbɛky’rɛ gyidi.
Yɛn nuanom Kristofo no ka yɛn ho nti,
Yenim sɛ yɛnyɛ ankonam.
Anidaso pa bi da hɔ retwɛn yɛn.
Yɛne adɔfo behyiam daa.
Yɛkɔ nhyiamu a, yebesua ade;
Yɛbɛky’rɛ sɛ yɛwɔ nyansa.
(Hwɛ Dw. 37:18; 140:1; Mmeb. 18:1; Efe. 5:16; Yak. 3:17 nso.)