Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • bm ɔfã 6
  • Hiob Kɔɔ So Ara Bɔɔ Bra a Edi Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Hiob Kɔɔ So Ara Bɔɔ Bra a Edi Mu
  • Bible—Nsɛm Bɛn Na Ɛwom?
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Hiob Yii Yehowa Din Ayɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • Hiob Mudi Mu Kura No​—Hena na Obetumi Asuasua?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Hiob Mudi Mu Kura No​—Dɛn Nti Na Ɛyɛ Nwonwa Saa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • “Merennyaa Me Mũdi Mu Da!”
    Suasua Wɔn Gyidi
Hwɛ Pii Ka Ho
Bible—Nsɛm Bɛn Na Ɛwom?
bm ɔfã 6
Hiob a mpɔmpɔ abobɔ ne ho nyinaa

ƆFà6

Hiob Kɔɔ So Ara Bɔɔ Bra a Edi Mu

Satan ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ, sɛ biribi to Hiob a, ɔrensom Onyankopɔn bio, nanso Hiob kɔɔ so dii Yehowa nokware

SƐ OBI som Onyankopɔn na sɔhwɛ a emu yɛ den to no, na ohu sɛ odi Onyankopɔn nokware mpo a ɔrennya hwee mfi mu a, ɔbɛkɔ so ara asom no anaa? Ɔbarima bi a wɔfrɛ no Hiob asetena mu no, saa asɛmmisa no sɔree, na ɔmaa ho mmuae.

Ná Hiob yɛ Abraham aseni, na bere a Israelfo da so wɔ Egypt no, na ɔte baabi a ɛnnɛ wɔfrɛ hɔ Arabia no. Saa bere no, ɔsoro abɔfo hyiaam wɔ Onyankopɔn anim, na na otuatewfo Satan nso fra wɔn mu. Yehowa ka maa abɔfo no nyinaa tee sɛ ogye ne somfo Hiob di sɛ ɔbɛkɔ so adi nokware ama no. Yehowa ka kaa ho mpo sɛ onipa biara nni hɔ a n’abrabɔ di mu te sɛ Hiob. Nanso Satan kaa sɛ, sɛnea Onyankopɔn ahyira Hiob na wabɔ ne ho ban nti na ɔsom no. Satan kaa sɛ Hiob agyapade nyinaa fi ne nsa a, ɔbɛdome Onyankopɔn.

Abɔfo ahyiam wɔ Onyankopɔn anim wɔ soro; Satan fra wɔn mu

Onyankopɔn maa Satan kwan, enti Satan maa Hiob biribiara fii ne nsa. Afei okunkum Hiob mma, na akyiri yi ɔde yare bɔɔ no. Ná Hiob nnim sɛ Satan na ama saa nneɛma no nyinaa aba no so, enti na ɔnte ase sɛ Onyankopɔn ama sɔhwɛ a ɛte saa ato no. Nanso ne nyinaa akyi, Hiob annyae Onyankopɔn som da.

Hiob nnamfo bɔne mmiɛnsa bɛsraa no. Wɔkekaa nsɛm pii kyerɛɛ Hiob, na wɔakyerɛw wɔ Hiob nhoma no mu. Nsɛm a mmarima no kekae no, na wɔpɛ sɛ Hiob nya adwene sɛ wayɛ bɔne bi asie nti na Onyankopɔn retwe n’aso, nanso na ɛnyɛ nokware. Wɔkaa mpo sɛ, Onyankopɔn nnye n’asomfo nni, na wɔn asɛm mfa ne ho. Atosɛm a Hiob nnamfo no kekae no, wannye antom. Hiob de akokoduru kaa sɛ enkosi sɛ obewu no, ɔremma biribiara nsɛe ɔne Onyankopɔn ntam da!

Nanso Hiob dii mfomso bi. Ná ɔpɛ sɛ obiara hu sɛ n’asɛm yɛ dɛ, enti ɔkekaa nsɛm bi a anka ɛnsɛ sɛ ɔka. Wei rekɔ so nyinaa na aberante bi a wɔfrɛ no Elihu retie. Afei ɔno nso kasae. Ɔkaa sɛ, ɛsɛ sɛ obiara gye tom sɛ Yehowa Nyankopɔn na ɔfata sɛ odi yɛn so tumi, na ɛno hia koraa sen sɛ obi bebu ne ho bem. Esiane sɛ Hiob anhu no saa nti, Elihu kaa n’anim. Hiob nnamfo bɔne no nso, Elihu twiw wɔn anim.

Afei Yehowa Nyankopɔn ne Hiob kasae, na ɔboaa no ma onyaa adwempa. Yehowa kaa n’anwonwadwuma pii a wayɛ no ho asɛm kyerɛɛ Hiob ma ohui sɛ, sɛ yɛde nnipa toto Onyankopɔn ho a, nnipa nsɛ hwee. Hiob brɛɛ ne ho ase tiee Onyankopɔn, na ɔsesaa n’adwene. Yehowa wɔ “ayamhyehye ne mmɔborɔhunu,” enti ɔsaa Hiob yare. Afei nneɛma a efii Hiob nsa no, ɔma onyaa no mmɔho, na ohyiraa no ma ɔwoo mma du. (Yakobo 5:11) Sɔhwɛ a emu yɛ den a ɛtoo Hiob a ne nyinaa akyi ɔsom Onyankopɔn kosii awiei no, ɛma yehu sɛ asɛm a Satan kae sɛ, sɛ sɔhwɛ a emu yɛ den to nnipa a, wobegyae Onyankopɔn som no, ɛnyɛ nokware.

​—Efi Hiob nhoma no mu.

  • Asɛm bɛn na Satan de too Hiob so?

  • Nokware a Hiob di maa Yehowa kosii awiei no, mfaso bɛn na efii mu bae?

NSƐM A ƐHO HIA PAA

Satan kaa sɛ Hiob a asɛm biara nni ne ho na osuro Onyankopɔn sen obiara wɔ asaase so no, nea Yehowa Nyankopɔn yɛ ma no nti na ɔsom no. Nea Satan kae no, na ɔrepɛ akyerɛ sɛ nnipa ne abɔfo nyinaa, nea yenya fi Onyankopɔn hɔ nti na yɛsom no. Enti, na Satan rebɔ nnipa sobo sɛ ɛnyɛ adwempa na wɔde som Yehowa. Saa sobo yi ka asɛm kɛse a Satan kɔfa bae wɔ Eden turom no ho. Saa asɛm no ne sɛ, Yehowa mfata sɛ odi nnipa ne abɔfo so, na ɔkwan a ɔfa so di tumi no nso nyɛ papa. Hiob nhoma no ma yehu sɛ, sɛ nnipa ne abɔfo nyinaa di Onyankopɔn nokware kosi awiei a, ebetumi aboa ama obiara ahu sɛ Yehowa na ɔfata sɛ odi tumi, na ɔkwan a ɔfa so di tumi nso yɛ papa.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena