Ti Anan
Hwɛ Yiye Wɔ Koma A Ɛyɛ Okontomponi Ho
1, 2. Dɛn nti na ɛyɛ den sɛ yebehu sɛnea yɛn sɛnkyerɛnne kwan so koma no te ankasa?
FA NO sɛ da koro anɔpatutuutu bi a wunnya nsɔre mfii mpa so no, wotee sɛ wo koko yɛ wo yaw paa, na wohome a ensi so. Ebia wubebisa sɛ, ‘Adɛn, manya komayare anaa?’ Sɛ wubu w’ani gu ɔhaw no so a, ɛremmoa wo. Ɛbɛyɛ papa sɛ wudi ho dwuma ntɛm. Enti, ebia wobɛfrɛ ma wɔde kar abɛfa wo akɔ ayaresabea sɛnea ɛbɛyɛ a nnuruyɛfo bɛhwɛ wo yiye. Ebia oduruyɛfo bi bɛtɔ ne bo ase de afiri a wɔde hwɛ sɛnea koma yɛ adwuma yiye bɛyɛ wo koma mu nhwehwɛmu. Sɛ wɔyɛ nhwehwɛmu hu wo yare no ntɛm na wɔhwɛ wo a, wubetumi anya nkwa.
2 Na yɛn sɛnkyerɛnne kwan so koma no nso ɛ? Ebia ɛbɛyɛ den sɛ yebehu sɛnea ɛte ankasa. Dɛn ntia? Yɛkenkan wɔ Bible mu sɛ: “Koma yɛ okontomponi sen ade nyinaa na ne ho yɛ ahometew. Hena na obetumi ahu mu?” (Yer. 17:9) Enti, yɛn koma betumi adaadaa yɛn ma yɛanya adwene sɛ biribiara rekɔ yiye ma yɛn wɔ yɛn som mu, nanso ebia afoforo behu nneɛma bi a ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ ɔhaw, na wɔadi ho yaw. Dɛn nti na yebetumi adaadaa yɛn ho? Nea enti a ɛte saa ne sɛ, yɛn koma a ɛtɔ kɔ bɔne so no betumi ako atia yɛn, na Satan ne wiase nhyehyɛe yi bɛma ayɛ te sɛ nea yenni ɔhaw biara. Sɛ yebetumi ahwehwɛ yɛn koma mu yiye a, ɛho hia sɛ yesua nneɛma pii fi Yeremia ne Yudafo a na wɔwɔ ne bere so no hɔ.
3. Dɛn na nnipa pii de ayɛ wɔn anyame?
3 Ná Yudafo dodow no ara ada no adi sɛ wɔn koma nni mũ wɔ Onyankopɔn ho. Wogyaw nokware Nyankopɔn koro no hɔ kɔsom Kanaanfo anyame, na wɔn ahonim ammu wɔn fɔ. Yehowa ka kyerɛɛ saa asomfo no sɛ: “Mo anyame a moayeyɛ afa no wɔ he? Sɛ wobetumi agye mo wɔ mo amanehunu bere mu a, momma wɔnsɔre. Sɛnea mo nkurow dodow te no, saa ara na mo anyame nso dodow te.” (Yer. 2:28) Ɛwom, yɛn de yɛn adwene nyɛ yɛn sɛ yɛsom ahoni sɛ yɛn anyame. Nanso, nsɛm asekyerɛ nhoma bi kyerɛ “nyame” ase sɛ: “Obi anaa biribi a ɛsom bo ma yɛn paa.” Wɔ wiase no mu no, nneɛma a ɛho hia nnipa pii paa wɔ wɔn asetena mu ne wɔn adwuma, wɔn akwahosan, wɔn abusua, ne mpo wɔn nyɛmmoa. Nea afoforo nso ani gye ho paa ne agodie, nnipa a wɔagye din, mfiridwuma, akwantu, anaa wɔn amammerɛ ahorow. Nnipa pii di nneɛma a ɛtete saa akyi ma ɛsɛe wɔne wɔn Bɔfo no ntam. So eyi betumi ato nokware Kristofo sɛnea ɛtoo Yudafo a na wɔwɔ Yeremia bere so no?
KOMA A ƐYƐ OKONTOMPONI BETUMI ADAADAA WO
4. So na nkurɔfo a wɔreka sɛ, “Ɛhe na Yehowa asɛm no wɔ? Ma ɛmmra mu ɛ” no reka asɛm a efi wɔn koma mu?
4 Sɛ wuhu nea ɛmaa Yeremia kae sɛ koma ho yɛ ahometew no a, ebia ɛbɛyɛ wo nwonwa. Ɔtee sɛ nkurɔfo reka sɛ: “Ɛhe na Yehowa asɛm no wɔ? Ma ɛmmra mu ɛ.” (Yer. 17:15) So na asɛm a wɔreka no fi wɔn koma mu? Asɛm a Yeremia de fii ne nhoma no ti 17 no ase ne sɛ: “Yuda bɔne no, wɔde dade kyerɛwdua na akyerɛw ato hɔ. Wɔde dɛnkyɛmmo ano akurukyerɛw agu wɔn koma pon so.” Ɔhaw titiriw no ne sɛ, na saa Yudafo no ‘de wɔn ho reto ɔdesani so, na wɔde ɔhonam reyɛ wɔn basa, na na wɔretwe wɔn koma nso afi Yehowa ho.’ Nanso, wɔn mu kakraa bi a wɔde wɔn ho too Onyankopɔn so na wɔhwehwɛɛ n’akwankyerɛ ne ne nhyira no de, wɔanyɛ saa.—Yer. 17:1, 5, 7.
5. Yeremia man mufo no yɛɛ wɔn ade dɛn wɔ Yehowa akwankyerɛ ho?
5 Nea nnipa dodow no ara yɛe wɔ asɛm a Onyankopɔn kae ho no ma yehu nea na ɛwɔ wɔn koma mu. (Monkenkan Yeremia 17:21, 22.) Sɛ nhwɛso no, na Homeda no ma wɔhome fi nneɛma a wɔyɛ no daa ho, na na ɛma wonya hokwan susuw nneɛma a ɛfa Onyankopɔn som ho. Ná ɛnsɛ sɛ Yeremia manfo no yɛ adwuma anaasɛ wɔkɔyɛ biribi foforo biara Homeda. Nanso, nea wɔyɛe no ma yehu nea na ɛwɔ wɔn koma mu. “Wɔantie, na wɔammrɛ wɔn aso ase; wosen wɔn kɔn sɛ wɔrentie na wɔrennye nteɛso.” Ɛwom sɛ na wonim Onyankopɔn mmara de, nanso na wɔn ankasa nso wɔ wɔn adwene—ná wɔwɔ nneɛma a wɔpɛ sɛ wɔyɛ no Homeda.—Yer. 17:23; Yes. 58:13.
6, 7. (a) Afotu a akoa nokwafo kuw no de ma nyinaa akyi no, adwene a ɛmfata bɛn na Kristoni bi betumi anya? (b) Ebetumi aka asafo nhyiam a yɛkɔ no dɛn?
6 Ɛnnɛ, yenni Homeda mmara no ase. Nanso, yebetumi anya asuade bi a ɛyɛ kɔkɔbɔ afi sɛnea saa nkurɔfo no yɛɛ wɔn ade na ɛmaa nea ɛwɔ wɔn komam daa adi no mu. (Kol. 2:16) Nea ɛbɛyɛ na yɛatumi ayɛ Onyankopɔn apɛde no, yɛagyae wiase nneɛma akyi di. Yɛahu sɛ nyansa nnim sɛ yɛbɛfa ɔkwan a yɛn ankasa pɛ so asom Onyankopɔn. Afei nso, yenim nnipa pii a wɔde nsi reyɛ Onyankopɔn apɛde na wɔanya akomatɔyam ne asomdwoe ankasa. Nanso, ɔkwan bɛn so na yebetumi adaadaa yɛn ho?
7 Sɛnea ɛtoo nnipa pii a na wɔwɔ Yeremia bere so no, ɛnnɛ Kristoni bi betumi adi mfomso asusuw sɛ ne koma rentumi nnaadaa no da. Sɛ nhwɛso no, obi betumi anya adwene sɛ, ‘Ɛsɛ sɛ meyɛ adwuma de hwɛ m’abusua.’ Sɛ ɔka saa a, ntease wom. Nanso, sɛ ɛno ma onya adwene sɛ, ‘Ɛsɛ sɛ misua nhoma kɔ akyiri na ama manya adwuma pa ayɛ anaa amma m’adwuma amfi me nsa nso ɛ’? Ɛno nso betumi ayɛ te sɛ nea asɛm biara nni ho, na ɛbɛma waka sɛ, ‘Mmere asesa, na ɛnnɛ, gye sɛ wokɔ kɔlege anaa sukuupɔn na ama woatumi ahwɛ wo ho na w’adwuma amfi wo nsa.’ Hwɛ sɛnea ɛyɛ mmerɛw koraa sɛ obi betumi afi ase ama afotu pa a akoa nokwafo ne ɔbadwemma kuw no de ma wɔ nhomasua ntoaso ho no abɛyɛ sɛ nea ɛho nhia, na wafi ase ama asafo nhyiam ahorow apa ne ti so! Wɔ eyi mu nso, ebinom ama wiase no adwene de nkakrankakra anya wɔn so nkɛntɛnso. (Efe. 2:2, 3) Ɛfata sɛ Bible bɔ yɛn kɔkɔ sɛ: “Mommma wiase a mote mu no mmfa mo nnyɛ nea ɛpɛ.”—Rom. 12:2, Phillips.a
So wo koma adaadaa wo ma woma asafo nhyiam ahorow pa wo ti so?
8. (a) Dɛn na Kristoni bi betumi de ahoahoa ne ho? (b) Dɛn nti na Onyankopɔn ho nokwasɛm ne ne nneyɛe a yebehu nkutoo nnɔɔso?
8 Nokwarem no, na Kristofo a wɔtenaa ase wɔ afeha a edi kan no mu binom yɛ adefo, na ebia na wɔwɔ tumi kakra wɔ wiase no mu. Saa ara na Kristofo binom a wɔwɔ hɔ nnɛ nso te. Adwene bɛn na ɛsɛ sɛ nnipa a wɔte saa nya wɔ nea wɔatumi ayɛ ho, na ɛsɛ sɛ yɛn nso yebu wɔn dɛn? Yehowa nam Yeremia so ma yenya ɛho mmuae. (Monkenkan Yeremia 9:23, 24.) Sɛ́ anka obi de nea watumi ayɛ bɛhoahoa ne ho no, onipa a onim nyansa gye tom sɛ Amansan Hene no a obehu no no ne ade ɛho hia paa. (1 Kor. 1:31) Nanso, Yehowa ho nimdeɛ ne nhumu a yebenya no kyerɛ dɛn? Ná nnipa a wɔwɔ Yeremia bere so no nim Onyankopɔn din. Afei nso, na wonim nea Yehowa yɛ de gyee wɔn agyanom wɔ Ɛpo Kɔkɔɔ no ho, bere a woduu Bɔhyɛ Asase no so, Atemmufo no bere so, ne bere a na ahemfo a wodi nokware di tumi no. Nanso, na wonnim Yehowa yiye anaasɛ wɔamfi wɔn komam annye no anni. Ne nyinaa akyi no, wɔkae sɛ: “Bɔne bi nni me ho, na [Onyankopɔn abufuw] adan afi me so.”—Yer. 2:35.
Dɛn nti na ɛho hia sɛ yehu sɛ yɛn koma yɛ okontomponi? Yɛbɛyɛ dɛn atumi ahwehwɛ yɛn koma mu na yɛahu adwene a Yehowa a ɔne koma mu Hwehwɛfo no wɔ wɔ yɛn ho?
SƐNEA YEHOWA NWENE YƐN
So worema Yehowa anwene wo?
9. Yɛyɛ dɛn hu sɛ obi betumi asakra ne koma ma ayɛ yiye, na ɔbɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa?
9 Ná ehia sɛ Yudafo a Yeremia kaa Onyankopɔn asɛm kyerɛɛ wɔn no sakra wɔn koma. Ná wobetumi ayɛ saa efisɛ Onyankopɔn kaa wɔn a na wobefi nkoasom mu aba no ho asɛm sɛ: ‘Mɛma wɔanya koma a wɔde behu me sɛ mene Yehowa; wɔbɛyɛ me man na me nso mayɛ wɔn Nyankopɔn, efisɛ wɔbɛsan aba me nkyɛn.’ (Yer. 24:7) Ɛnnɛ nso, yebetumi ayɛ nsakrae a ɛte saa. Bio nso, yɛn mu dodow no ara betumi ama yɛn koma adi mũ wɔ Yehowa ho. Nneɛma abiɛsa a ɛbɛboa yɛn ma yɛayɛ saa ne: Onyankopɔn Asɛm no a yɛn ankasa besua no anibere so, nea Onyankopɔn yɛ ma yɛn wɔ yɛn asetena mu a yɛbɛte ase yiye, ne Onyankopɔn ho ade a yɛasua a yɛde bɛbɔ yɛn bra. Ɛsɛ sɛ yɛma Yehowa a ɔne koma mu Hwehwɛfo no hwehwɛ yɛn koma mu, na ɛnsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade te sɛ Yeremia beresofo no. Yebetumi agyina Bible mu nsɛm ne nea Yehowa ayɛ ama yɛn so ahwehwɛ yɛn koma mu. (Dw. 17:3) Hwɛ sɛnea nyansa wom sɛ yɛbɛyɛ saa!
10, 11. (a) Dɛn nti na Yeremia kɔɔ ɔnwemfo bi nkyɛn? (b) Dɛn na Yehowa gyina so nwene nnipa?
10 Satan pɛ sɛ ɔnwene nnipa nyinaa wɔ ɔkwan biako so, nanso Onyankopɔn gyina obiara nsɛm tebea so na ɔnwene no. Yehu eyi wɔ Yeremia asɛm no mu. Da bi, Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ ɔnkɔ ɔnwemfo bi fie. Ná ɔnwemfo no reyɛ adwuma wɔ n’afiri so, na bere a anwenne a na ɔreyɛ no sɛee no, ɔde dɔte koro no ara yɛɛ anwenne foforo. (Monkenkan Yeremia 18:1-4.) Dɛn nti na wɔka kyerɛɛ Yeremia sɛ ɔnkɔhwɛ nea na ɔnwemfo no reyɛ no, na dɛn na yebetumi asua afi nea ohui no mu?
11 Ná Yehowa pɛ sɛ Yeremia ne Israelfo no hu sɛ ɔwɔ tumi sɛ ɔde nkurɔfo ne aman nwene biribiara a ɔpɛ. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn de dɔte no yɛ adwuma? Yehowa nte sɛ nnipa a wɔyɛ anwemfo a wodi mfomso no; na saa ara nso na Yehowa mfiti prɛko pɛ nsɛe ne nsa ano adwuma. Sɛnea nkurɔfo yɛ wɔn ade wɔ ɔkwan a Yehowa pɛ sɛ ɔfa so nwene wɔn ho no na ogyina so de wɔn yɛ dekode a ɔpɛ sɛ ɔde wɔn yɛ no.—Monkenkan Yeremia 18:6-10.
12. (a) Yehoiakim yɛɛ n’ade dɛn bere a Yehowa bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛnwene no no? (b) Asuade bɛn na woanya wɔ Yehoiakim asɛm no mu?
12 Sɛ saa na ɛte a, ɛnde, ɔkwan bɛn so na Yehowa nwene yɛn mu biara? Ade titiriw a ɔde di dwuma nnɛ ne Bible. Sɛ obi kenkan Onyankopɔn Asɛm no na ɔde bɔ ne bra a, ɛma onipa ko a ɔyɛ no da adi, na Onyankopɔn tumi nwene no. Momma yensusuw nea Ɔhene Yehoiakim yɛe no ho na yenhu sɛnea anka Yehowa bɛnwene Yeremia beresofo no wɔ nneɛma a na wɔyɛ wɔ wɔn da biara da asetena mu no ho. Mose Mmara no kae sɛ “nsisi ɔpaani hiani,” nanso saa pɛpɛɛpɛ na ɔhene no yɛe, osisii ne mfɛfo Israelfo no de wɔn yɛɛ adwuma sii “ofie a emu sõ” a wantua wɔn ka ahe biara. (Deut. 24:14; Yer. 22:13, 14, 17) Onyankopɔn bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛfa N’asɛm a odiyifo no kae no so anwene Yehoiakim. Nanso, ɔhene no dii nea ne koma okontomponi no ka kyerɛɛ no no akyi. Ɔkae sɛ: “Merentie,” na ɔkɔɔ so faa ɔkwan a ofi ne mmeranteberem anantew so no ara so. Enti, Onyankopɔn kae sɛ: “Wobesie [Yehoiakim] sɛnea wosie afurum, wɔbɛtwe no akɔtow no akyene.” (Yer. 22:19, 21) Hwɛ sɛnea nyansa nnim sɛ yɛbɛka sɛ: ‘Me de, saa ara na mete’! Ɛnnɛ, Onyankopɔn nsoma adiyifo te sɛ nea ɔsomaa Yeremia no, nanso ɔma yɛn akwankyerɛ. Akoa nokwafo ne ɔbadwemma kuw no boa yɛn ma yehu Bible nnyinasosɛm de bɔ yɛn bra. Eyinom betumi afa nneɛma a yɛyɛ no da biara da wɔ yɛn asetena mu ho. Ebi ne yɛn ntadehyɛ, yɛn ahosiesie anaa nnwom ne asaw a ɛkɔ so wɔ ayeforohyia ne dwumadi afoforo ase. So yɛbɛma kwan ma Onyankopɔn Asɛm no anwene yɛn?
13, 14. (a) Dɛn nti na wɔn a na wɔwɔ nkoa wɔ Yerusalem no penee so sɛ wobegyae Hebrifo a na wɔde wɔn ayɛ nkoa no? (b) Dɛn na ɛma yehu nea na ɛwɔ wɔn a wɔwɔ nkoa no komam ankasa?
13 Momma yensusuw nhwɛso foforo ho nhwɛ. Babilonfo no de Sedekia sii agua so wɔ Yuda sɛ ɔhene a ɔhyɛ wɔn tumidi ase. Nanso, afotu a Onyankopɔn nam Yeremia so de maa Sedekia nyinaa akyi no, Sedekia tew atua. (Yer. 27:8, 12) Enti Babilonfo no betwaa Yerusalem ho hyiae. Afei ɔhene no ne mpanyimfo no hui sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ biribi de di Mose Mmara no so na ama wɔanya Onyankopɔn anim dom. Esiane sɛ na Sedekia nim sɛ ɛsɛ sɛ wogyae Hebrifo a wɔyɛ nkoa no wɔ afe a ɛto so ason mu nti, ɔyɛɛ apam sɛ wonnyae nkoa a wɔte saa no. (Ex. 21:2; Yer. 34:14) Bere a atamfo betwaa Yerusalem ho hyiae no, afei nkurɔfo no hui sɛ nyansa wom sɛ wogyae wɔn a wɔde wɔn ayɛ nkoa no!—Monkenkan Yeremia 34:8-10.
14 Akyiri yi, Egypt asraafo bɛboaa Yerusalem, na ɛmaa Babilonfo no twee wɔn ho kɔe. (Yer. 37:5) Dɛn na na wɔn a wɔagyae wɔn nkoa no bɛyɛ? Wɔsan kɔfaa nkoa a na wɔagyae wɔn no de wɔn bɛyɛɛ nkoa bio. (Yer. 34:11) Asɛm no ne sɛ bere a na Yudafo no wɔ asiane mu no, wɔyɛɛ wɔn ho sɛnea wodi Onyankopɔn ahyɛde so, te sɛ nea wɔatwe wɔn ho afi wɔn kan abrabɔ no ho. Nanso, bere a wɔn atamfo no san wɔn akyi no, wɔsan kɔfaa wɔn akwan dedaw no so. Ɛmfa ho sɛ wɔyɛɛ wɔn ho te sɛ nea wodi Mose Mmara no so no, nneɛma a wɔyɛe akyiri yi no daa no adi sɛ na enni wɔn komam sɛ wɔde akwankyerɛ a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm no mu no bɛbɔ wɔn bra, na wɔama anwene wɔn.
Asuade a mfaso wɔ so bɛn na yebetumi anya afi ɔnwemfo ho asɛm a Yeremia kyerɛwee no mu? Ɔkwan bɛn so na Yehowa nwene yɛn nnɛ?
MA YEHOWA NNWENE WO
15. Anwene bɛn na wopɛ sɛ Yehowa de wo yɛ? Kyerɛkyerɛ mu.
15 Yehowa asafo a ɛwɔ wiase nyinaa no boa yɛn ma yetumi nya Bible nnyinasosɛm a ɛfa asɛm pɔtee bi ho. Sɛ nhwɛso no, yebetumi ahu sɛnea ɛsɛ sɛ yɛne onua bi a ɛte sɛ nea ɔne yɛn nni no yiye no di. (Efe. 4:32) Yebetumi agye atom sɛ Bible afotu fata na nyansa wom. Nanso, yɛbɛda yɛn ho adi sɛ yɛyɛ dɔte bɛn? So yɛbɛma kwan paa ma Yehowa anwene yɛn? Sɛ yɛn koma yɛ mmerɛw a, yɛbɛyɛ nsakrae a ɛfata; Yehowa a ɔne Ɔnwemfo Kɛse no de yɛn bɛyɛ anwene a ɛfata a ɛho wɔ nyam a ɔde bɛyɛ adwuma. (Monkenkan Romafo 9:20, 21; 2 Timoteo 2:20, 21.) Sɛ́ anka yɛbɛda su a ɛte sɛ nea Yehoiakim anaa wɔn a na wɔwɔ nkoa wɔ Sedekia bere so no daa no adi no, ɛsɛ sɛ yɛma Yehowa de yɛn yɛ anwene a ɛho wɔ nyam.
16. Nokwasɛm a ɛho hia bɛn na na Yeremia nim?
16 Yeremia mpo, Onyankopɔn nwenee no. Su bɛn na odiyifo no daa no adi? Wubetumi ahu eyi wɔ asɛm a ɔkae yi mu sɛ: “Enni onipa nsam, sɛnea ɔnam a obetutu n’anammɔn.” Na ɔsan kae sɛ: “O Yehowa, teɛ me so.” (Yer. 10:23, 24) Mmerante ne mmabaa, so mubesuasua Yeremia? Ɛda adi sɛ mowɔ gyinae pii a ɛsɛ sɛ musisi. Mmerante ne mmabaa binom pɛ sɛ ‘wɔn ankasa tutu wɔn anammɔn.’ Sɛ moresisi gyinae a, so mobɛhwehwɛ Onyankopɔn akwankyerɛ? So mubesuasua Yeremia, na moagye atom sɛ nnipa rentumi nkyerɛ wɔn ankasa anammɔn kwan? Monkae saa asɛm yi: Sɛ mohwehwɛ Onyankopɔn akwankyerɛ a, ɔbɛnwene mo.
17-19. (a) Dɛn nti na Yeremia twaa kwantenten kɔɔ Eufrate? (b) Dɛn na anka ebetumi asɔ Yeremia setie ahwɛ? (d) Dɛn na efii nea Yeremia yɛe wɔ abɔso no ho no mu bae?
17 Ná Yeremia adwuma no hwehwɛ sɛ odi Onyankopɔn akwankyerɛ so. Sɛ na wone Yeremia a, so anka wubegye akwankyerɛ biara a wɔde bɛma wo no atom? Bere bi, Yehowa ka kyerɛɛ Yeremia sɛ ɔmfa nwera abɔso mmɔ. Afei, Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ ontwa kwan nkɔ Eufrate. Fa asase mfonini na hwɛ, na wubehu sɛ otwaa kwan bɛyɛ kilomita 500. Sɛ Yeremia du hɔ a, na ɔde abɔso no bɛhyɛ tokuru bi a ɛda ɔbotan bi ho mu, na afei wasan n’akyi atwa kwan aba Yerusalem. Akyiri yi, Onyankopɔn ma ɔsan kɔfaa abɔso no. (Monkenkan Yeremia 13:1-9.) Ne nyinaa mu no, na Yeremia betwa kwan bɛyɛ kilomita 1,900. Wɔn a wɔkasa tia Bible ka sɛ wonnye nni sɛ Yeremia de asram pii twaa kwantenten saa.b (Esra 7:9) Nanso, saa na Onyankopɔn kae, na saa ara na Yeremia nso yɛe.
18 Wo de, twa mfonini wɔ w’adwenem hwɛ, sɛ́ odiyifo no nam Yuda mmepɔw so, na afei ɔkɔfa anhweatam bi so—egyina ɔkwan a ɔfaa so no so—na ɔde n’ani akyerɛ Eufrate. Nea ɛma otwaa kwan yi nyinaa ne sɛ ɔde nwera abɔso bɛkɔ akohintaw baabi! Ɛbɛyɛ sɛ bere tenten a okodii no maa nnipa a wɔne no te mpɔtam no fii ase dwinnwen nea ato no ho. Bere a ɔsan bae no, na abɔso no mmɔ no. Afei Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ ɔnsan ntwa kwantenten no bio nkɔfa abɔso a na saa bere no “wɔde yɛ hwee a ɛnyɛ yiye” no. Hwɛ sɛnea ɛnyɛ den koraa sɛ anka obetumi anya adwene sɛ: ‘Afei de ayɛ yiye. Mfaso biara nni nea mereyɛ yi so.’ Nanso, esiane sɛ na Onyankopɔn anwene no nti, wannya saa adwene no. Sɛ́ anka obenwiinwii no, odii akwankyerɛ a wɔde maa no no so!
Sɛ Yehowa ma yɛn akwankyerɛ na sɛ yɛnte ase yiye mpo a, dɛn nti na ɛsɛ sɛ yetie?
19 Ɛyɛ n’akwantu a ɛto so abien no mu na Onyankopɔn kyerɛkyerɛɛ no nneɛma mu. Nea Yeremia yɛe no ma onyaa nea obegyina so aka asɛm a tumi wom yi. Ɔkae sɛ: “Saa ɔman bɔne a wɔmpɛ sɛ wotie me nsɛm yi, wɔnam wɔn koma atuatew mu akodi anyame foforo akyi sɛ wɔbɛsom wɔn akotow wɔn. Wɔn nso bɛyɛ sɛ abɔso a wɔde yɛ hwee a ɛnyɛ yiye yi.” (Yer. 13:10) Ɔkwan a etu mpɔn a Yehowa fa so kyerɛkyerɛ ne nkurɔfo bɛn ara ni! Ɛwom sɛ, sɛnea Yeremia fi ne komam yɛɛ osetie maa Yehowa no betumi ayɛ sɛ ade ketewaa bi de, nanso ɛyɛ ɔkwan a Yehowa faa so bɔɔ mmɔden sɛ obedu ne nkurɔfo no koma mu.—Yer. 13:11.
20. Dɛn nti na osetie a wobɛyɛ no betumi ayɛ ebinom nwonwa, nanso dɛn ho na wubetumi anya ahotoso?
20 Wɔnnka nnkyerɛ Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ sɛ wontwa kilomita ɔhaha pii mfa nsua biribi mfi Onyankopɔn hɔ. Nanso, so ebetumi aba sɛ sɛnea wobɔ wo bra sɛ Kristoni no betumi ayɛ nnipa a wo ne wɔn te mpɔtam anaa wo mfɛfo nwonwa anaa ama wɔakasa atia wo mpo? Ebetumi ayɛ wo ntadehyɛ anaa w’ahosiesie, nhomasua a wobɛpaw, adwuma a wopɛ sɛ woyɛ, anaa mmosa ho adwene a wowɔ. So woasi wo bo paa sɛ wubedi Onyankopɔn akwankyerɛ akyi sɛnea Yeremia yɛe no? Esiane sɛ woama Onyankopɔn anwene wo nti, gyinae a wubesi no betumi adi adanse kɛse. Sɛnea ɛte biara, osetie a wobɛyɛ ama Yehowa akwankyerɛ a ɛwɔ n’Asɛm mu na woagye nea ɔnam akoa kuw no so de ma yɛn no atom no bɛboa wo daa. Sɛ́ anka wobɛma koma a ɔyɛ okontomponi no akyerɛ wo kwan no, wubetumi ayɛ sɛ Yeremia. Ɛnde, si wo bo sɛ wobɛma Onyankopɔn anwene wo; ma ɔnnwene wo mma wommɛyɛ anwene a ɛho wɔ nyam a ɔde wo bɛyɛ adwuma daa.
Dɛn nti na ɛho hia sɛ woko tia nhyɛso a Satan, yɛn koma a ɛtɔ sin, ne wiase no de ba no?
a NET Bible no (2005) kenkan sɛ: “Mommma wiase a ɛwɔ hɔ yi mmfa mo nnyɛ nea ɛpɛ.” Asehɔ asɛm bi de ka ho sɛ: “Nokwarem no, nkurɔfo betumi anya adwene sɛ ɛnyɛ ade a onipa bi bɛhyɛ da sɛ ɔbɛma wiase a ɛwɔ hɔ yi de no ‘ayɛ’ nea ɛpɛ, efisɛ wiase no tumi de obi yɛ nea ɛpɛ bere a onipa no ani nni ne ho so. Bere koro no ara, . . . ebia ebinom nso wɔ hɔ a wɔn ani da hɔ paa na wɔama wiase no de wɔn reyɛ nea ɛpɛ. Ɛda adi paa sɛ, wiase no de ebinom yɛ nea ɛpɛ bere a wɔn ani nni wɔn ho so, ɛnna ɛde ebinom nso yɛ nea ɛpɛ bere a wɔn ani da hɔ.”
b Ebinom susuw sɛ ɛnyɛ Eufrate ho na Yeremia kɔe, na mmom ɔkɔɔ baabi a na ɛbɛn. Dɛn nti na wɔka saa? Nhomanimfo bi ka sɛ: “Nea ɛma wɔka saa titiriw ne sɛ wɔbɛbɔ asɛm a ɛne sɛ odiyifo no twaa ɔkwan a efi Yerusalem rekɔ Eufrate no mprenu no agu.”