Ti Asia
“Tie Yehowa Asɛm”
1, 2. Su bɛn na wɔn a wɔyɛ ‘nea nkurɔfo reyɛ no bi’ no taa da no adi, na dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ soronko?
WƆ ƐNNƐ wiase yi mu no, nnipa pii mpɛ sɛ wɔyɛ osetie. Nnipa pii mpɛ sɛ wɔde nea eye anaa nea enye ho akwankyerɛ mpo bɛyɛ adwuma de asisi gyinae. Mmom no, sɛ yɛbɔ asɛm no mua a, nea yebetumi aka afa adwene a wokura no bi ho ne sɛ, ‘Yɛ nea wopɛ’ anaa ‘Yɛ nneɛma a wubetumi ayɛ na woafa wo ho adi.’ Wutumi hu eyi bere a ahyɛnkafo bu kar kwan so nsɛnkyerɛnne ho mmara so, bere a wɔn a wɔde wɔn sika hyɛ nnwuma mu bu sikasɛm ho mmara so, ne bere a aban mpanyimfo bu mmara a ebetumi aba sɛ wɔka ho bi na wɔhyehyɛe so no. Saa ara na na si a nkurɔfo si kwan so ‘kɔyɛ nea nkurɔfo reyɛ no bi’ no abu so wɔ Yeremia bere so, nanso ɛyɛ mfomso, na edi awu.—Yer. 8:6.
2 Woahu sɛ ɛnsɛ sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsɔ ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn ani no yɛ ‘nea nkurɔfo reyɛ no bi.’ Ɛfata sɛ Yeremia kyerɛɛ nsonsonoe a ɛwɔ wɔn a ‘wɔantie Yehowa nne’ ne wɔn a na wɔpɛ sɛ wotie no no ntam. (Yer. 3:25; 7:28; 26:13; 38:20; 43:4, 7) Ɛsɛ sɛ yɛn mu biara hwɛ baabi a ogyina wɔ saa asɛm yi mu. Dɛn ntia? Efisɛ Satan amia tow a watow ahyɛ Onyankopɔn asomfo anokwafo so no mu, na ɔpɛ sɛ ɔma wogyae wɔn mũdi mu. Ɔte sɛ ɔwɔ a wahintaw baabi komm repɛ aboa bi akyere no, na ɔtow hyɛ no so mpofirim ka no ka bɔne. Yɛn bo a yɛasi sɛ yebetie Yehowa nne no boa yɛn sɛnea ɛbɛyɛ a saa ɔwɔ no renka yɛn. Nanso, yɛbɛyɛ dɛn atumi ahyɛ gyinae a yɛasi sɛ yebetie Yehowa no mu den? Nhoma ahorow a Yeremia kyerɛwee no mu nsɛm betumi aboa yɛn.
NEA ƐSƐ SƐ YETIE NO
3. Dɛn nti na ɛfata sɛ yetie Yehowa?
3 Dɛn nti na ɛfata sɛ yetie Yehowa wɔ biribiara mu? Yeremia ma yehu emu biako bere a ɔfrɛɛ Yehowa sɛ nea “ɔde ne tumi yɛɛ asase, na ɔde ne nyansa maa asase tim hɔ” no. (Yer. 10:12) Yehowa ne amansan Hene. Ɛsɛ sɛ yesuro no sen sodifo a wɔaka nyinaa. Ɔwɔ hokwan koraa sɛ ɔka kyerɛ yɛn sɛ yenni n’ahyɛde a nyansa wom a sɛ yedi so a ebesi yɛn yiye daa no so.—Yer. 10:6, 7.
Sɛ wonom Yehowa ‘nkwa nsu’ no a, ɛbɛhyɛ wo den ma woayɛ osetie
4, 5. (a) Nokwasɛm bɛn na Yudafo no hui wɔ ɔpɛ bere mu? (b) Dɛn na Yudafo no yɛe de sɛee ‘nkwa nsu’ a efi Yehowa hɔ no? (d) Wobɛyɛ dɛn atumi anom ‘nkwa nsu’ a Onyankopɔn de ama no?
4 Nanso, Yehowa a ɔyɛ Amansan Sodifo no ara na ɔsan yɛ yɛn nkwa Sohwɛfo. Wɔmaa Yudafo a na wɔwɔ Yeremia bere so no huu eyi pefee. Ná asubɔnten Nil mu nsu boa Egypt asase no kɛse, nanso na ɛnyɛ saa na ɛte wɔ Bɔhyɛ Asase no so. Ná osutɔbere mu nsu na ɛboa Onyankopɔn nkurɔfo no kɛse, na na wɔtaa kora nsu a ɛtɔ no so wɔ mmura mu. (Deut. 11:13-17) Yehowa nkutoo na na obetumi ama osu atɔ afɔw wɔn asase no ma atumi asow aba. Na obetumi nso ama osu agyae tɔ. Enti, wɔ Yeremia bere so no, ɔpɛ a ano yɛ den si toatoaa so maa Yudafo asoɔdenfo no mfuw ne wɔn bobe nturo sɛee, na wɔn mmura mu nsu nso yowee.—Yer. 3:3; 5:24; 12:4; 14:1-4, 22; 23:10.
5 Ɛwom sɛ na nsu ankasa ho hia saa Yudafo no de, nanso wogyaw ‘nkwa nsu’ a Yehowa de maa wɔn kwa no. Wɔyɛɛ eyi denam Onyankopɔn Mmara a wɔhyɛɛ da buu so no so, na wɔde wɔn ho too apam ahorow a wɔne aman a wɔatwa wɔn ho ahyia no kɔyɛe so. Sɛnea nkurɔfo a wɔde nsu gu abura a apaapae a nsu ntumi nnyina mu mu ho kyere wɔn bere a nsu ho ayɛ den no, saa ara nso na Yudafo no ho kyeree wɔn. (Monkenkan Yeremia 2:13; 17:13.) Yɛwɔ nea enti paa a ɛnsɛ sɛ yɛyɛ biribi a ɛte saa na yɛamfa mmusu kɛse amma yɛn ho so. Yehowa kɔ so ma yɛn nsa ka akwankyerɛ pii a efi n’Asɛm a wɔde ne honhom kyerɛwee no mu. Ɛda adi sɛ, sɛ yesua saa ‘nkwa nsu’ no ho ade na yɛbɔ mmɔden de bɔ yɛn bra nkutoo a, ɛnna yebenya so mfaso.
6. (a) Ka su a Ɔhene Sedekia daa no adi wɔ osetie a na ɔbɛyɛ ama Yehowa no ho asɛm. (b) Wususuw sɛ dɛn nti na ɔhene no anyɛ n’ade nyansam?
6 Bere a na aka kakraa bi ma Onyankopɔn atemmu aba Yuda so no, ɛho behiae paa sɛ wɔyɛ osetie. Sɛ́ na Yudafo bi benya Yehowa anim dom ne n’ahobammɔ a, na ɛsɛ sɛ wɔsakra wɔn adwene na wofi ase tie no. Ná ɛsɛ sɛ Ɔhene Sedekia nso yɛ saa ara. Nanso, na ontumi nsi gyinae nyɛ nea ɛteɛ. Bere a nkurɔfo a wɔhyɛ n’ase ka kyerɛɛ no sɛ wɔpɛ sɛ wokum Yeremia no, wannya akokoduru anka ankyerɛ wɔn sɛ wonnyae. Sɛnea yehui wɔ ti anum no mu no, nkurɔfo bɔɔ pɔw sɛ wobekum odiyifo no, nanso Ebed-Melek boaa no ma onyaa ne ti didii mu, na akyiri yi, odiyifo no ka kyerɛɛ Sedekia sɛ: “Tie Yehowa asɛm.” (Monkenkan Yeremia 38:4-6, 20.) Ɛda adi sɛ, na ɛsɛ sɛ ɔhene no si gyinae, esiane n’ankasa yiyedi nti: So na obetie Onyankopɔn?
Dɛn nti na na ɛfata sɛ Yeremia ka kyerɛ Yudafo no mpɛn pii sɛ wontie Onyankopɔn asɛm?
ƐSƐ SƐ YƐYƐ NTƐM TIE YEHOWA
7. Nneɛma a ebetumi asɔ osetie a woyɛ ahwɛ no bi ne dɛn?
7 Osetie a yɛbɛyɛ ho hia nnɛ te sɛ nea na ɛho hia wɔ Yeremia bere so no. So woasi wo bo denneennen sɛ wobɛyɛ osetie ama Yehowa? Sɛ wukopue aguamansɛm mfonini so mpofirim wɔ Intanɛt so a, so wobɛkɔ so ahwɛ, anaasɛ wobɛbɔ mmɔden adi wo ho so wɔ biribiara a ɛbɛtwetwe wo ho na woafi saa beae hɔ? Na sɛ obi a onnye nni a ɔwɔ w’adwuma mu anaa sukuu mu ka kyerɛ wo sɛ wo ne no mpue nso ɛ? So wubenya akokoduru aka akyerɛ no sɛ worenkɔ? So wobɛma w’ani agye awaefo nhoma anaa wɔn nsɛm a ɛwɔ Intanɛt so ho anaasɛ wobɛpo? Mma wo werɛ mmfi asɛm a ɛwɔ Yeremia 38:20 no bere a woahyia tebea ahorow te sɛ eyinom anaa nneɛma foforo no.
8, 9. (a) Sɛ mpanyimfo no bɔ mmɔden sɛ wɔbɛboa wo a, dɛn nti na nyansa wom sɛ wubetie wɔn? (b) Ɛsɛ sɛ wubu afotu a mpanyimfo no tĩ mu kyerɛ wo mpɛn pii no dɛn?
8 Yehowa somaa Yeremia mpɛn pii ma ɔde afotu ahorow kɔmaa ne nkurɔfo. Saa afotu no bi ne sɛ: “Monnan mfi mo akwammɔne ho ɛ, na munsiesie mo akwan ne mo nneyɛe.” (Yer. 7:3; 18:11; 25:5; monkenkan Yeremia 35:15.) Saa ara na Kristofo mpanyimfo a wɔwɔ hɔ nnɛ yɛ nea wobetumi biara sɛ wɔbɛboa wɔn mfɛfo gyidifo ma wɔatwe wɔn ho afi biribiara a ebetumi asɛe wɔne Onyankopɔn ntam ho. Sɛ ɛtɔ mmere bi na asafo mu mpanyimfo no tu wo fo sɛ twe wo ho fi nneyɛe bi a nyansa nnim ho anaa ɔkwammɔne bi a wonam so so a, tie wɔn. Wɔn botae te sɛ Yeremia de no.
9 Ebia mpanyimfo no bɛtwe w’adwene asi Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm bi a wɔaka ho asɛm akyerɛ wo pɛn so. Kae sɛ, ɛnyɛ mmerɛw sɛ wobɛkɔ so atĩ afotu koro mu akyerɛ obi, na ne titiriw no, sɛ nea ohia afotu no yi su bi a ɛte sɛ nea Yudafo a Yeremia kasa kyerɛɛ wɔn no mu pii yii no adi no a, ɛma afotu a wubetĩ mu akyerɛ obi no yɛ den dodo. Bɔ mmɔden sɛ wobɛfa mmɔden a mpanyimfo no bɔ no mpɛn pii sɛ wɔbɛboa wo no sɛ ɛyɛ Yehowa dɔ a ɔreda no adi akyerɛ wo. Kae nso sɛ, sɛ Yeremia beresofo no tiee kɔkɔbɔ ahorow a ɔde maa wɔn no a, anka Yeremia rentĩ mu mpɛn pii. Nokwarem no, nea wobɛyɛ a ɛremma wontĩ afotu mu nkyerɛ wo mpɛn pii ne sɛ wode afotu no bɛyɛ adwuma ntɛm ara.
Sɛ mpanyimfo no bɔ mmɔden sɛ wɔbɛboa wo a, tie wɔn
YEHOWA DE BƆNE FIRI—NANSO ƆMFA MFIRI KƐKƐ
10. Dɛn nti na Yehowa mfa bɔne mfiri kɛkɛ?
10 Ɛmfa ho mmɔden biara a yɛbɛbɔ no, yɛrentumi nyɛ osetie pɛpɛɛpɛ mma Yehowa wɔ saa wiase yi mu. Enti, yɛda no ase sɛ ɔma yehu sɛ wayɛ krado sɛ ɔde yɛn mfomso befiri yɛn. Nanso, ɔmfa bɔne mfiri kɛkɛ. Dɛn ntia? Efisɛ Yehowa kyi bɔne. (Yes. 59:2) Enti, ɔhwɛ sɛ ɛfata sɛ ɔde yɛn bɔne firi yɛn ansa na ɔde afiri yɛn.
11. Dɛn nti na obi rentumi nyɛ bɔne wɔ kokoam na ɔremfa ne ho nni?
11 Sɛnea yɛahu no, na Yudafo a wɔwɔ Yeremia bere so no pii ntaa ntie Onyankopɔn asɛm, na wɔnam saa a wɔyɛe no so kyerɛe sɛ wɔn ani nsɔ Onyankopɔn boasetɔ ne ne mmɔborɔhunu. So Onyankopɔn somfo bi betumi anya su a ɛte saa nnɛ? Yiw, sɛ obu n’ani gu Yehowa nkaesɛm so, na ofi ase kɔ so yɛ bɔne a. Ebinom ayɛ saa pefee, te sɛ bere a obi reware, nanso Kyerɛwnsɛm no mma wɔn a wɔreware no mu biako anaa wɔn baanu nyinaa kwan sɛ wotumi san ware no. Nanso, sɛ nnipa foforo nhu bɔne a obi reyɛ no mpo a, nea ɔreyɛ Yehowa so asoɔden no nam ɔkwan a ɛyɛ hu so. Ebia obi a ɔyɛ bɔne sie benya adwene sɛ, ‘Obiara renhu.’ Nanso, nokwasɛm ne sɛ, Onyankopɔn hwɛ adwene ne koma mu, na otumi hu nea yɛyɛ wɔ kokoam. (Monkenkan Yeremia 32:19.) Sɛ obi ayɛ Onyankopɔn so asoɔden ankasa a, dɛn na ɛsɛ sɛ ɔyɛ?
12. Ɛtɔ mmere bi a, dɛn na ɛsɛ sɛ mpanyimfo no yɛ de bɔ asafo no ho ban?
12 Yudafo pii buu mmoa a Yehowa nam Yeremia so de maa wɔn mpɛn pii no animtiaa. Saa ara na ebia obi a wayɛ bɔne a emu yɛ duru nnɛ rensakra n’adwene, na ɔrennye mmoa a mpanyimfo no de ma no no ntom. Sɛ ɛba saa a, ɛsɛ sɛ mpanyimfo no de Kyerɛwnsɛm no akwankyerɛ yɛ adwuma na wotu ɔdebɔneyɛfo no de bɔ asafo no ho ban. (1 Kor. 5:11-13; hwɛ adaka a ɛne “Nnipa a Wonni Mmara,” a ɛwɔ kratafa 73 no.) Nanso, so ɛno kyerɛ sɛ nea wayɛ bɔne no rentumi nyɛ nsakrae da, na ɔrentumi nsan nnya Yehowa anim dom bio? Ɛnte saa. Ná Israelfo no atew atua mfe pii; nanso Onyankopɔn ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monsan mmra, mma akobɔfo, na mɛsa mo akobɔ no.” (Yer. 3:22)a Yehowa to nsa frɛ nnebɔneyɛfo sɛ wɔnsan mmra ne nkyɛn. Na nokwasɛm ne sɛ, ɔkyerɛ wɔn ɔkwan a wɔbɛfa so ayɛ saa.
Sɛ yɛfom a, dɛn nti na nyansa wom sɛ yɛhwehwɛ fafiri fi Onyankopɔn hɔ?
TIE YEHOWA NA SAN KƆ NE NKYƐN
13. Sɛ obi pɛ sɛ ɔsan kɔ Yehowa nkyɛn a, dɛn na ɛsɛ sɛ ogye tom?
13 Sɛ obi bɛsan akɔ Onyankopɔn nkyɛn sɛnea Yeremia kyerɛe no a, ɛsɛ sɛ obisa ne ho sɛ, ‘Dɛn na mayɛ?’ Afei, ɛsɛ sɛ ogyina Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm so fi ne komam gye nea wayɛ no tom. Yudafo a na wɔwɔ Yeremia bere so a na wɔapirim wɔn koma no ammisa wɔn ho saa asɛm yi. Wɔannye antom sɛ na wɔayɛ bɔne a emu yɛ duru, enti Yehowa amfa wɔn bɔne amfiri wɔn, na na ɔrentumi mfa mfiri wɔn nso. (Monkenkan Yeremia 8:6.) Nanso, ɔdebɔneyɛfo a wasakra no gye tom sɛ Yehowa so asoɔden a wayɛ no de ahohorabɔ aba Onyankopɔn din ne Kristofo asafo no so. Obi a wasakra ankasa no san di yaw kɛse nso wɔ ɔhaw a ebia ɔde aba nnipa a wɔn ho nni asɛm so no ho. Ɛsɛ sɛ ohu sɛ sɛ ogye nea ne nneyɛe bɔne no de aba no nyinaa tom nkutoo a, ɛnna Yehowa begye bɔne fafiri a ɔresrɛ no atom. Nanso, Onyankopɔn nkyɛn a obi bɛsan akɔ no hwehwɛ pii sen saa.
14. Dɛn na obi yɛ de ‘san kɔ Yehowa nkyɛn’? (Fa adaka a ɛne “Dɛn Ne Adwensakra?” no mu nsɛm ka ho.)
14 Obi a wasakra ankasa hwehwɛ ne nsusuwii, nneɛma a n’ani gye ho, ne ne nneyɛe mu. (Monkenkan Kwadwom 3:40, 41.) Ɔbɛhwɛ yiye wɔ nneɛma bi a ɔyɛ mmerɛw wom te sɛ wɔn a ɛsono wɔn bɔbeasu a ɔne wɔn bɛfa nnamfo, n’asanom anaa tawa a ɔde bedi dwuma, Intanɛt so a ɔbɛkɔ, ne sɛnea ɔyɛ n’adwuma ho. Sɛnea ɔbaa warefo twitwiw ne gyaade ntwea so baabiara sɛnea ɛbɛyɛ a ne fie bɛtew nwann no, saa ara na ɛsɛ sɛ obi a wasakra no bɔ mmɔden sɛ ɔbɛma ne ho atew wɔ n’adwene mu ne nneɛma a ɔyɛ wɔ kokoam mu. Ɛsɛ sɛ ‘ɔsan kɔ Yehowa nkyɛn’ denam nea Onyankopɔn hwehwɛ sɛ ɔyɛ a ɔbɛyɛ ne ne gyinapɛn ahorow a ɔde bɛbɔ ne bra so. Yudafo binom a na wɔwɔ Yeremia bere so san kɔɔ Yehowa nkyɛn wɔ ‘nnaadaa’ so. Wɔyɛɛ wɔn ho te sɛ nea wɔanu wɔn ho, nanso na wɔnsakraa wɔn koma anaa wɔn abrabɔ. (Yer. 3:10) Obi a ofi ne komam srɛ bɔne fafiri nyɛ n’ade sɛ saa Yudafo no, ɔmmmɔ mmɔden sɛ ɔbɛdaadaa Yehowa ne N’asafo no. Sɛ́ anka ɔbɛma n’ankasa din a ɔbɛtew ho ho ahia no anaasɛ ɔbɛhwehwɛ sɛ ɔne n’abusuafo anaa afoforo a wɔwɔ nokware no mu bɛsan anya fekubɔ no, nea ɔma ɛho hia no ne sɛ obegyae bɔne ahorow a wayɛ no koraa, sɛnea ɛbɛyɛ a obenya Onyankopɔn fafiri ne n’anim dom.
15. Mpae bɛn na obi a wasakra ankasa bɔ Onyankopɔn?
15 Mpae a obi bɛbɔ nso ka nneɛma a ɛho hia paa a ɛkyerɛ sɛ wasakra no ho. Tete no, sɛ na nkurɔfo rebɔ mpae a na wɔtaa ma wɔn nsa so kyerɛ soro. Ɛnnɛ, sɛ obi a wasakra ankasa rebɔ mpae a, sɛnea Yeremia kaa ho asɛm no, ‘ɔma ne koma ne ne nsa so kyerɛ Onyankopɔn.’ (Kwa. 3:41, 42) Sɛ ɔdebɔneyɛfo a wanu ne ho sakra n’adwene a, ɛboa no ma ɔbɔ ne bra ma ɛne bɔne fafiri a ɔresrɛ no hyia. Ɔde koma pa na ɛbɔ mpae, nsɛm a ɔka no fi ne komam tɔnn.
‘Dɛn nti na mantie?’
16. Dɛn nti na ɛyɛ papa sɛ yɛbɛsan akɔ Onyankopɔn nkyɛn?
16 Wunim yiye sɛ, ɛho behia sɛ ɔdebɔneyɛfo a ogye ne mfomso tom ankasa no brɛ ne ho ase. Nanso, nokwasɛm titiriw bi ni: Yehowa pɛ sɛ nnebɔneyɛfo san ba ne nkyɛn. Sɛ Onyankopɔn hu sɛ obi anu ne ho wɔ ne komam a, ɛka ɔno nso koma. Ayamhyehye ma ne nsono mu “twitwa” no, efisɛ ɔpɛ sɛ ɔde wɔn a wɔsakra fi wɔn bɔne ho nyinaa bɔne firi wɔn, sɛnea ɔde Israelfo a wɔsan fi nkoasom mu bae no bɔne firii wɔn no. (Yer. 31:20) Hwɛ sɛnea ɛyɛ awerɛkyekye sɛ wubehu sɛ Onyankopɔn bɛma wɔn a wotie no no anya asomdwoe ne anidaso! (Yer. 29:11-14) Wobetumi asan abɛka Onyankopɔn asomfo a wɔahyira wɔn ho so ama no no ho bio.
OSETIE BETUMI ABƆ WO HO BAN
17, 18. (a) Ná henanom ne Rekabfo no? (b) Sɛnea mfonini a ɛwɔ kratafa 77 no ma yehu no, dɛn na yɛde nim wɔn?
17 Eye sɛ yebetie Yehowa wɔ biribiara mu. Yebetumi ahu eyi wɔ nea Rekabfo a wɔtenaa ase wɔ Yeremia bere so no yɛe no mu. Bɛboro mfe ahanu a na atwam mu no, na wɔn agya Yehonadab a ɔyɛ Kenini a ɔde nokwaredi kogyinaa Yehu afã no ama wɔn ahyɛde ahorow bi. Ná emu biako ne sɛ ɛnsɛ sɛ wɔnom nsa. Ná Yehonadab awu dedaadaw, nanso Rekabfo no kɔɔ so dii n’ahyɛde so. Yeremia de wɔn kɔɔ asɔrefie hɔ adidibea bi, na ɔde nsa sii wɔn anim kae sɛ wɔnnom de sɔɔ wɔn hwɛe. Wɔka kyerɛɛ Yeremia sɛ: “Yɛrennom nsã biara.”—Yer. 35:1-10.
18 Ná osetie a Rekabfo no bɛyɛ ama wɔn agya a wawu dedaadaw no ho hia wɔn. Ɛsɛ sɛ nokware asomfo de nsi a ɛsen saa mpo di Onyankopɔn teasefo no ahyɛde ahorow so. Yehowa ani gyee sɛnea Rekabfo no sii wɔn bo sɛ wɔbɛyɛ osetie no ho, na ɛma wɔyɛɛ soronko koraa wɔ Yudafo a na wɔn aso yɛ den no ho. Onyankopɔn hyɛɛ Rekabfo no bɔ sɛ ɔbɛbɔ wɔn ho ban wɔ mmusu a na ɛreba no mu. Ɛnnɛ nso, so ntease nnim sɛ wɔama wɔn a wotie Yehowa wɔ biribiara mu no awerɛhyem sɛ wɔbɛbɔ wɔn ho ban wɔ ahohiahia kɛse a ɛreba no mu?—Monkenkan Yeremia 35:19.
Dɛn nti na sakra a obi bɛsakra afi bɔne a emu yɛ duru ho no yɛ ade a ɛho hia wɔ osetie ho? Ɔkwan bɛn so na osetie betumi aboa obi na ɛho ammehia mpo sɛ ɔsakra?
YEHOWA RENNYAW WƆN A WOTIE NO NO
19. Sɛ wutie Onyankopɔn a, ahobammɔ bɛn na wubetumi anya?
19 Ɛnsɛ sɛ yenya adwene sɛ tete mmere mu nkutoo na Onyankopɔn bɔɔ ne nkurɔfo ho ban. Ɛnnɛ mpo, Yehowa bɔ wɔn a wɔyɛ osetie ho ban fi nneɛma a ebetumi asɛe wɔne ne ntam ho. Sɛnea ɔfasu a ɛyɛ tenten bɔɔ tete nkurow ho ban fii atamfo nsam no, saa ara na Onyankopɔn mmara bɔ wɔn a wosua na wodi so bere nyinaa no ho ban. Onyankopɔn ahyɛde ahorow a ɛfa abrabɔ ho no te sɛ ɔfasu a ɛbɔ n’asomfo ho ban, so wobɛtena mu? Sɛ wotena mu a, wubetumi anya awerɛhyem sɛ ebesi wo yiye. (Yer. 7:23) Osuahu ahorow pii wɔ hɔ a edi adanse sɛ saa asɛm no yɛ nokware.—Hwɛ adaka a ɛne “Osetie a Yɛyɛ Ma Yehowa Bɔ Yɛn Ho Ban” no.
20, 21. (a) Awerɛhyem bɛn na wubetumi anya bere a woresom Yehowa no? (b) Dɛn na Ɔhene Yehoiakim yɛe wɔ Onyankopɔn asɛm a Yeremia kae no ho?
20 Sɛ́ ebia wɔn a wɔsɔre tia wo no fi w’abusua mu, w’adwuma mu, anaa sukuu mu, anaasɛ wɔyɛ atumfoɔ a wɔwɔ baabi a wote no, wɔma ɛyɛ den sɛ wobɛsom Onyankopɔn. Nanso, wubetumi anya awerɛhyem sɛ, sɛ wutie Yehowa wɔ biribiara mu a, ɔbɛboa wo ma woafa tebea ahorow a ɛyɛ den sen biara mu. Mma wo werɛ mmfi sɛ, Onyankopɔn hyɛɛ Yeremia bɔ sɛ ɔbɛboa no ma wagyina ɔsɔretia a emu yɛ den a obehyia no ano, na saa pɛpɛɛpɛ na Yehowa yɛe. (Monkenkan Yeremia 1:17-19.) Mmere a Onyankopɔn mmoa a ɛte saa no daa adi no mu biako ne bere a na Ɔhene Yehoiakim di ade no.
21 Israel ahemfo kakraa bi pɛ na wɔde abufuw sɔre tiaa wɔn a na wɔkasa ma Onyankopɔn no te sɛ nea Yehoiakim yɛe no. Yebetumi ahu eyi wɔ nea ɛtoo odiyifo Uriya a ɔtenaa ase wɔ Yeremia bere so no mu. Ɔhene Yehoiakim otirimɔdenfo no ma wotiw no kɔɔ ananafo asase so. Bere a wɔkyeree Yehowa diyifo Uriya na wɔde no bae no, ɔhene no ma wokum no. (Yer. 26:20-23) Wɔ Yehoiakim ahenni afe a ɛto so anan no mu no, Yehowa ka kyerɛɛ Yeremia sɛ ɔnkyerɛw nsɛm a na waka akyerɛ no de besi saa bere no nyinaa, na afei ɔnkenkan no den wɔ asɔrefie hɔ. Yehoiakim kogyee Yeremia nhoma mmobɔwee no, na ɔmaa ahemfie hɔ dwumayɛni bi kenkan kyerɛɛ no. Bere a ɔrekenkan no, ɔhene no gyee nhoma mmobɔwee no tetew mu, na ɔde nkrataa asinasin no guu ogya mu mmiako mmiako, ɛmfa ho sɛ mpanyimfo no mu binom ka kyerɛɛ no sɛ ɛnsɛ sɛ ɔyɛ saa no. Afei ɔsomaa mmarima bi sɛ wɔnkɔkyere Yeremia ne Baruk. Dɛn na ɛbae? “Yehowa de wɔn hintawee.” (Yer. 36:1-6; monkenkan Yeremia 36:21-26.) Yehowa amma Yehoiakim anyɛ saa mmarima anokwafo baanu no bɔne.
22, 23. Dɛn na Ɔdansefo bi a ɔte Asia mfinimfini fam no asɛm no ma wuhu fa Onyankopɔn mmoa ho?
22 Sɛ Yehowa hu sɛ ɛfata a, obetumi de n’asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ nso ahintaw afi asiane bi mu. Nanso mpɛn pii no, ɔma wɔn akokoduru ne nyansa a wɔde bɛyɛ osetie ama no na wɔakɔ so aka asɛmpa no. Ɛna bi a ɔyɛ ɔbaatankoro a yɛbɛfrɛ no Gulistan wɔ mma baanan. Yehowa aboa no. Bere bi mu no, na ɔno nkutoo ne Ɔdansefo a ɔwɔ asasetam kɛse bi a ɛwɔ Asia mfinimfini fam baabi a atumfoɔ a wɔwɔ hɔ sɔre tia Ahenni no ho asɛm a yɛreka no. Asafo a ɛbɛn no paa no wɔ bɛyɛ kilomita 400, enti Gulistan ntaa nnya Kristofo a wɔn ho akokwaw ne wɔn mmɔ. Ɔsɔretia ne ɔhaw afoforo nyinaa akyi no, ɔka asɛm no wɔ afie afie, na onya anigyefo pii. Amanneɛbɔ bi a yɛn nsa aka nnansa yi kyerɛ sɛ na ɔne nnipa bɛyɛ 20 resua Bible, na ɔrehwɛ Yehowa nguan a wɔredɔɔso no.
23 Sɛnea Onyankopɔn boaa Yeremia ne Adansefo te sɛ Gulistan no, wayɛ krado sɛ ɔbɛboa wo ne n’asomfo foforo a wotie no no. Si wo bo sɛ wubetie no sɛ Sodifo asen nnipa. Sɛ woyɛ saa a, ɔsɔretia ne akwanside afoforo remma wunnyae ayeyi a wode ma nokware Nyankopɔn koro no wɔ baguam wɔ wɔn a wɔte w’asasesin mu anim no.—Yer. 15:20, 21.
24. Mfaso ahorow bɛn na osetie ma wunya no nnɛ?
24 Sɛ yɛtwe yɛn ho fi yɛn Bɔfo no ho a, yɛrentumi nnya anigye ne abotɔyam ankasa. (Yer. 10:23) Bere a woasua nea Yeremia kyerɛw faa osetie ho no, so woahu akwan bi a wubetumi afa so ama Yehowa akyerɛ w’anammɔn kwan yiye? N’ahyɛde nkutoo ne akwankyerɛ a sɛ wode bɔ wo bra a, ebetumi ama woanya anigye na asi wo yiye. Yehowa ka sɛ: “Muntie me nne, . . . na asi mo yiye.”—Yer. 7:23.
Wɔ wo ne Onyankopɔn abusuabɔ mu no, ɔkwan bɛn so na wubetumi de osetie ho ade a woasua wɔ Yeremia nhoma no mu no abɔ wo bra?
a Ná Yehowa reka saa asɛm yi akyerɛ Israel ahemman a ɛwɔ atifi fam no. Bere a Yeremia kaa saa asɛm yi no, na saa mmusuakuw du ahemman no akodi nkoasom mu bɛyɛ mfe 100. Yeremia kyerɛe sɛ ɛde besi ne bere so no, na saa ɔman no nsakraa wɔn adwene. (2 Ahe. 17:16-18, 24, 34, 35) Nanso, na ankorankoro betumi asan anya Onyankopɔn anim dom na wɔasan afi nkoasom mu mpo aba wɔn asase so.