Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • T-32 kr. 1-4
  • Dɛn na Ɛde Anigye Ba Abusua Mu?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn na Ɛde Anigye Ba Abusua Mu?
  • Dɛn na Ɛde Anigye Ba Abusua Mu?
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wohwɛ a, Dɛn Na Ebesi Daakye?
    Wohwɛ a, Dɛn Na Ebesi Daakye?
  • Enti Amanehunu To Betwa Da Bi?
    Enti Amanehunu To Betwa Da Bi?
  • So Ɛyɛ Ampa sɛ Awufo Bɛsan Atena Ase Bio?
    So Ɛyɛ Ampa sɛ Awufo Bɛsan Atena Ase Bio?
  • Wohwɛ a, Bible Yɛ Nhoma Bɛn?
    Wohwɛ a, Bible Yɛ Nhoma Bɛn?
Hwɛ Pii Ka Ho
Dɛn na Ɛde Anigye Ba Abusua Mu?
T-32 kr. 1-4

Dɛn na Ɛde Anigye Ba Abusua Mu?

W’adwene yɛ wo sɛ ɛyɛ . . .

  • ɔdɔ?

  • sika?

  • biribi foforo?

NEA BIBLE AKA

“Anigye ne wɔn a wotie Onyankopɔn asɛm na wodi so!”—Luka 11:28, Wiase Foforo Nkyerɛase.

ƆKWAN BƐN SO NA ƐBƐBOA WO?

Ɛbɛma moanya ɔdɔ kann.​—Efesofo 5:28, 29.

Ɛbɛma moanya obu a edi mu.​—Efesofo 5:33.

Ɛbɛma biakoyɛ atena mo ntam.​—Marko 10:6-9.

Abusua asetena a ɛyɛ anigye: Ɛna bi ne ne babea, awarefo bi, awofo bi ne wɔn babarima

ENTI NEA BIBLE AKA YI YƐ AMPA?

Nneɛma abien yi nti yebetumi aka sɛ ɛyɛ ampa:

  • Onyankopɔn na ɔhyehyɛɛ abusua. Bible ka sɛ “abusua biara . . . nya ne din” wɔ Yehowa Nyankopɔn anim. (Efesofo 3:14, 15) Nea ɛno kyerɛ ne sɛ, Yehowa na ɔde abusua baa wiase. Adɛn nti na asɛm yi ho hia?

    Fa no sɛ woanya aduan a ɛyɛ dɛ bi redi na wopɛ sɛ wuhu nneɛma a wɔde yɛɛ aduan no. Hena na anka wubebisa no? Ɛnyɛ nea ɔyɛɛ aduan no?

    Enti sɛ yebehu nneɛma a ɛma anigye ba abusua mu a, gye sɛ yebisa Yehowa, efisɛ ɔno na ɔhyehyɛɛ abusua.—Genesis 2:18-24.

  • Onyankopɔn dwen wo ho. Bible mu na Yehowa afotu wɔ, na sɛ abusua biara pɛ sɛ esi wɔn yiye a, ɛsɛ sɛ wɔde yɛ adwuma. Adɛn ntia? ‘Efisɛ odwen wɔn ho.’ (1 Petro 5:6, 7) Yehowa pɛ mo yiye paa, na n’afotu nso nni huammɔ da!—Mmebusɛm 3:5, 6; Yesaia 48:17, 18.

HWƐ ASƐMMISA YI

Awarefo bi a asafo mu panyin retu wɔn fo; wɔrekenkan Bible abom

Wobɛyɛ dɛn ayɛ okunu pa anaa ɔyere pa, agya pa anaa ɛna pa?

Bible ma saa asɛm no ho mmuae wɔ EFESOFO 5:1, 2 ne KOLOSEFO 3:18-21.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena