Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • yc adesua 8 kr. 18-19
  • Yosia Nyaa Nnamfo Pa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yosia Nyaa Nnamfo Pa
  • Momfa Nkyerɛkyerɛ Mo Mma
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ná Yosia Ani Gye Onyankopɔn Mmara Ho
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Ɔhobrɛasefo Yosia Nyaa Yehowa Anim dom
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • Israel Hempa a Odi Akyiri
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Ebetumi Asi Wo Yiye Ɛmfa Ho Sɛnea Wɔtetee Wo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
Hwɛ Pii Ka Ho
Momfa Nkyerɛkyerɛ Mo Mma
yc adesua 8 kr. 18-19
Ɔhene Yosia retie n’adamfo Yeremia

ADESUA 8

Yosia Nyaa Nnamfo Pa

Sɛ wohwɛ a, ɛyɛ den sɛ yɛbɛyɛ nneɛma pa?​— Nnipa dodow no ara ka sɛ ɛyɛ den. Bible ka sɛ, na ɛyɛ den paa ma abarimaa bi a wɔfrɛ no Yosia sɛ ɔbɛyɛ nneɛma pa. Nanso, onyaa nnamfo pa ma wɔboaa no. Ma yensua Yosia ne ne nnamfo ho nsɛm pii.

Ná Yosia papa ne Yuda hene bi a ne din de Amon. Ná Amon yɛ onipa bɔne paa. Ná ɔsom abosom. Bere a Yosia papa wui no, Yosia bɛyɛɛ Yuda hene. Saa bere no, na wadi mfe awotwe pɛ! Sɛ wohwɛ a, na ɔyɛ onipa bɔne te sɛ ne papa anaa?​— Ná ɔyɛ onipa pa!

Odiyifo Sefania kaa Yehowa asɛm kyerɛɛ Yudafo no

Sefania ka kyerɛɛ nkurɔfo no sɛ wonnyae abosonsom

Bere a na Yosia yɛ abofra kumaa mpo no, na ɔpɛ sɛ otie Yehowa asɛm. Enti nnipa a wɔdɔ Yehowa nko ara na ɔfaa wɔn nnamfo. Yosia nnamfo no boaa no ma ɔyɛɛ nneɛma pa. Ná Yosia nnamfo no bi ne henanom?

Ná n’adamfo biako ne Sefania. Ná Sefania yɛ odiyifo. Ɔka kyerɛɛ Yudafo no sɛ sɛ wɔannyae abosonsom a, nneɛma bɔne bɛba wɔn so. Yosia tiee Sefania asɛm enti wansom abosom, na mmom ɔsom Yehowa.

Yosia adamfo foforo ne Yeremia. Ná Yeremia ne Yosia mfe reyɛ ayɛ pɛ. Wɔn nyinaa nyinii wɔ faako. Ná wɔyɛ nnamfo paa. Enti bere a Yosia wui no, Yeremia kyerɛw dwom soronko bi de kyerɛe sɛ ɛyɛ ne yaw paa sɛ Yosia awu. Yeremia ne Yosia boaa wɔn ho wɔn ho ma wɔyɛɛ nneɛma pa, na wotiee Yehowa asɛm.

Yosia ne Yeremia boaa wɔn ho wɔn ho ma wɔyɛɛ nneɛma pa

Dɛn na wubetumi asua afi Yosia ho asɛm no mu?​— Bere mpo a na Yosia yɛ abofra kumaa no, na ɔpɛ sɛ ɔyɛ nneɛma pa. Ná onim sɛ nnipa a wɔdɔ Yehowa na ɛsɛ sɛ ɔfa wɔn nnamfo. Wo nso, wɔn a wɔdɔ Yehowa na wobetumi aboa wo ma woayɛ nneɛma pa na ɛsɛ sɛ wofa wɔn nnamfo!

KENKAN FI WO BIBLE MU

  • 2 Beresosɛm 33:21-25; 34:1, 2; 35:25

NSƐMMISA:

  • Ná Yosia papa din de dɛn? So ne papa yɛɛ nneɛma pa?

  • Bere mpo a na Yosia yɛ abofra kumaa no, dɛn na na ɔpɛ sɛ ɔyɛ?

  • Ná Yosia nnamfo no mu baanu din de dɛn?

  • Dɛn na wubetumi asua afi Yosia ho asɛm no mu?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena