Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • yc adesua 11 kr. 24-25
  • Wɔkyerɛw Yesu Ho Nsɛm

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wɔkyerɛw Yesu Ho Nsɛm
  • Momfa Nkyerɛkyerɛ Mo Mma
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Osuaa Bɔne Fafiri Fii Ne Wura Hɔ
    Suasua Wɔn Gyidi
  • Ne Wura Kyerɛɛ no Sɛnea Wɔde Bɔne Firi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
  • Wɔyɛ ‘Nnipa a Wɔnsuaa Nhoma; Wɔnyɛ Nnipa Titiriw Biara’
    ‘Di Onyankopɔn Ahenni Ho Adanse Fefeefe’
  • Odii Nokware Wɔ Sɔhwɛ Ahorow Mu
    Suasua Wɔn Gyidi
Hwɛ Pii Ka Ho
Momfa Nkyerɛkyerɛ Mo Mma
yc adesua 11 kr. 24-25
Mmarima a wɔkyerɛw Yesu ho nsɛm—Mateo, Marko, Luka, Yohane, Petro, Yakobo, Yuda, ne Paulo

ADESUA 11

Wɔkyerɛw Yesu Ho Nsɛm

Woahu mmarima a wɔwɔ mfonini no mu no?​— Wɔn din de Mateo, Marko, Luka, Yohane, Petro, Yakobo, Yuda, ne Paulo. Saa mmarima yi nyinaa tenaa ase bere a na Yesu wɔ asase so, na wɔkyerɛw Yesu ho nsɛm. Ma yensua wɔn ho nsɛm pii.

Dɛn na wunim fa saa mmarima yi ho?

Ná wɔn mu baasa yɛ asomafo a wɔne Yesu kaa asɛmpa no. Wunim saa mmarima baasa no?​— Wɔn din de Mateo, Yohane, ne Petro. Ná ɔsomafo Mateo ne ɔsomafo Yohane nim Yesu yiye paa. Wɔn mu biara kyerɛw nhoma faa Yesu asetena mu nsɛm ho. Ɔsomafo Yohane san kyerɛw nhoma bi a wɔfrɛ no Adiyisɛm, ne nhoma abiɛsa foforo a wɔfrɛ no Yohane Nhoma a Edi Kan, Yohane Nhoma a Ɛto so Abien, ne Yohane Nhoma a Ɛto so Abiɛsa. Ɔsomafo Petro kyerɛw Bible mu nhoma ahorow no mu abien. Wɔfrɛ saa nhoma no Petro Nhoma a Edi Kan, ne Petro Nhoma a Ɛto so Abien. Petro kaa bere bi a Yehowa fi soro kasae no ho asɛm wɔ ne nhoma a ɛto so abien no mu. Ɔkyerɛwee sɛ Yehowa kaa Yesu ho asɛm sɛ: ‘Oyi ne me ba. Medɔ no, na m’ani gye no ho.’

Mmarima foforo a wɔwɔ mfonini no mu nso kaa Yesu ho nsɛm wɔ nhoma a wɔkyerɛwee no mu. Wɔn mu biako ne Marko. Bere a wɔkyeree Yesu no, ɛbɛyɛ sɛ na Marko wɔ hɔ, na ohuu nea ɛkɔɔ so no nyinaa. Mmarima no mu biako nso ne Luka. Ná ɔyɛ oduruyɛfo. Ɛbɛyɛ sɛ Yesu wui ansa na ɔrebɛyɛ Kristoni.

Mmarima baanu foforo a wɔkyerɛw Bible mu nhoma no bi a wuhu wɔn wɔ mfonini no mu no yɛ Yesu nuanom nkumaa. So wunim wɔn din?​— Wɔfrɛ wɔn Yakobo ne Yuda. Mfiase no, na wonnye Yesu nni. Ná wɔn adwene mpo yɛ wɔn sɛ Yesu abɔ dam kakra. Nanso akyiri yi, wobenyaa Yesu mu gyidi, na wɔbɛyɛɛ Kristofo.

Bible akyerɛwfo a wuhu wɔn wɔ mfonini no mu nea otwa to no ne Paulo. Ansa na Paulo rebɛyɛ Kristoni no, na wɔfrɛ no Saul. Ná ɔtan Kristofo no, na ɔyɛɛ wɔn ayayade paa. So wunim nea ɛmaa Paulo bɛyɛɛ Kristoni no?​— Da koro bi a na Paulo nam kwan so rekɔ baabi no, mpofirim ara na ɔtee sɛ obi refrɛ no fi soro. Ná ɛyɛ Yesu! Obisaa Paulo sɛ: ‘Dɛn nti na woreyɛ wɔn a wogye me di no ayayade saa?’ Ɛno akyi no, Paulo sakrae bɛyɛɛ Kristoni. Paulo kyerɛw Bible mu nhoma 14, efi Romafo kosi Hebrifo.

Yɛkenkan Bible da biara, ɛnte saa?​— Sɛ yɛkenkan Bible a, ɛma yesua Yesu ho nneɛma pii. So wopɛ sɛ wusua Yesu ho nsɛm pii?​—

KENKAN FI WO BIBLE MU

  • 2 Petro 1:16-18

  • Marko 3:21; 14:51

  • Yuda 1

  • Asomafo Nnwuma 9:1-18

NSƐMMISA:

  • Asomafo bɛn na wɔkyerɛw Yesu ho nsɛm?

  • Bible akyerɛwfo baanu bɛn na na wɔyɛ Yesu nuanom?

  • Ɛyɛɛ dɛn na Paulo bɛyɛɛ Kristoni?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena