Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • yc adesua 13 kr. 28-29
  • Ná Timoteo Pɛ sɛ Ɔboa Nkurɔfo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ná Timoteo Pɛ sɛ Ɔboa Nkurɔfo
  • Momfa Nkyerɛkyerɛ Mo Mma
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Timoteo—Ná Wasiesie Ne Ho, na na Ɔwɔ Ɔpɛ sɛ Ɔsom
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Paul Ne Timoteo
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Timoteo—‘Gyidi Mu Ɔba Nokwafo’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • “Me Ba Dɔfo ne Ɔnokwafoɔ Awurade Mu”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
Hwɛ Pii Ka Ho
Momfa Nkyerɛkyerɛ Mo Mma
yc adesua 13 kr. 28-29
Abofra Timoteo a ne maame Eunike, ne ne nanabea Lois, rekyerɛ no ade

ADESUA 13

Ná Timoteo Pɛ sɛ Ɔboa Nkurɔfo

Timoteo yɛ aberante a na n’ani gye ho sɛ ɔbɛboa nkurɔfo. Otuu kwan kɔɔ nkurow pii mu kɔboaa afoforo. Eyi maa n’ani gyei paa wɔ n’asetena mu. So wopɛ sɛ wote ne ho asɛm?​—

Timoteo maame ne ne nanabea kyerɛkyerɛɛ no Yehowa ho ade

Timoteo nyinii wɔ kurow bi a wɔfrɛ no Listra mu. Bere a ɔyɛ abofra no, ne nanabea Lois ne ne maame Eunike fii ase kyerɛkyerɛɛ no Yehowa ho ade. Bere a Timoteo nyinii no, na ɔpɛ sɛ ɔboa afoforo ma wosua Yehowa ho ade.

Bere a na Timoteo da so ara yɛ aberante no, Paulo ka kyerɛɛ no sɛ ɔnka ne ho ma wɔnkɔka asɛm no wɔ nkurow foforo mu. Timoteo kae sɛ: ‘Yoo, mɛkɔ!’ Ntɛm ara na ɔne no kɔe kɔboaa afoforo.

Timoteo ne Paulo tuu kwan kɔɔ Makedonia kurow bi a wɔfrɛ no Tesalonika mu. Sɛ na wobetumi akɔ hɔ a, na ɛsɛ sɛ wɔnantew twa kwantenten, na wɔsan tena hyɛmma mu. Bere a woduu hɔ no, wɔboaa nnipa pii ma wosuaa Yehowa ho ade. Nanso, nnipa binom bo fuw wɔn, na na wɔpɛ sɛ wopira wɔn. Enti, Paulo ne Timoteo fii hɔ kɔkaa asɛm no wɔ baabi foforo.

Timoteo ne ɔsomafo Paulo te hyɛmma mu retu kwan

Timoteo ani gyei wɔ n’asetena mu

Asram bi akyi no, Paulo ka kyerɛɛ Timoteo sɛ ɔnsan nkɔ Tesalonika nkɔhwɛ sɛnea anuanom ho te. Ná ehia sɛ onya akokoduru paa ansa na watumi asan akɔ kurow a emu yɛ hu saa no mu! Nanso, Timoteo kɔe, efisɛ na odwen anuanom a wɔwɔ hɔ no ho. Bere a ofii hɔ bae no, ɔbɛkaa asɛm a ɛyɛ anigye kyerɛɛ Paulo. Ná anuanom a wɔwɔ Tesalonika no ho ye paa!

Timoteo ne Paulo boom yɛɛ adwuma mfe pii. Bere bi, Paulo kyerɛwee sɛ, Timoteo paa ne onipa a obetumi asoma no ma wakɔboa asafo ahorow no. Ná Timoteo dɔ Yehowa, na na ɔdɔ nnipa nso.

So wodɔ nnipa, na wopɛ sɛ woboa wɔn ma wosua Yehowa ho ade?​— Sɛ woyɛ saa a, w’ani betumi agye paa wɔ w’asetena mu te sɛ Timoteo!

KENKAN FI WO BIBLE MU

  • 2 Timoteo 1:5; 3:15

  • Asomafo Nnwuma 16:1-5; 17:1-10

  • 1 Tesalonikafo 3:2-7

  • Filipifo 2:19-22

NSƐMMISA:

  • Kurow bɛn mu na Timoteo nyinii?

  • So na Timoteo pɛ sɛ ɔne Paulo tu kwan? Dɛn ntia?

  • Dɛn nti na Timoteo san kɔɔ Tesalonika?

  • Dɛn na woyɛ a, ɛbɛma w’ani agye wɔ w’asetena mu te sɛ Timoteo?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena