Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • hf ɔfã 7 afã 1-4
  • Sɛnea Wobɛtete Wo Ba

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛnea Wobɛtete Wo Ba
  • W’abusua Betumi Anya Anigye
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • 1 TEW W’ANIM MA WO MMA NA WƆATUMI NE WO ABƆ NKƆMMƆ
  • 2 BƆ MMƆDEN SƐ WOBƐTE WƆN ASE
  • 3 MOMMA WONHU SƐ MOYƐ BAAKO
  • 4 MOMFA HO ADWENE
  • Tete Wo Ba Fi Ne Mmofraase
    Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba
  • Awofo—Montete Mo Mma Wɔ Ɔdɔ Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • So Bible Betumi Aboa Wo Ma Woatete Wo Mma?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
  • Wo Mma A Wobɛtete Wɔn Ma Wɔadɔ Yehowa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
Hwɛ Pii Ka Ho
W’abusua Betumi Anya Anigye
hf ɔfã 7 afã 1-4
Abofra bi ne ne papa resiesie sakre

ƆFÃ 7

Sɛnea Wobɛtete Wo Ba

“Ma asɛm a mereka akyerɛ wo nnɛ yi nna wo koma so; na fa dua wo ba komam.”​—Deuteronomium 6:6, 7

Bere a Yehowa hyehyɛɛ abusua no, ɔde mmofra hyɛɛ awofo nsa. (Kolosefo 3:20) Enti moyɛ awofo a, mo adwuma ne sɛ mobɛtete mo ba ma wadɔ Yehowa, na wanyin abɛyɛ ɔpanyin pa. (2 Timoteo 1:5; 3:15) Ɛsɛ sɛ muhu nea ɛwɔ mo ba no komam nso. Monkae sɛ mo nhwɛso pa ho hia paa. Sɛ mubetumi de Yehowa Asɛm atete mo ba no yiye a, ɛsɛ sɛ mo ankasa di kan de dua mo komam.​—Dwom 40:8.

1 TEW W’ANIM MA WO MMA NA WƆATUMI NE WO ABƆ NKƆMMƆ

NEA BIBLE NO KA: “Obiara nyɛ ntɛm ntie asɛm, ɔnyɛ nyaa nkasa.” (Yakobo 1:19) Ɔwofo biara pɛ sɛ ne mma bɛn no, na wɔne no bɔ nkɔmmɔ. Enti ɛsɛ sɛ woma wo mma hu sɛ wowɔ hɔ ma wɔn bere nyinaa. Nhunahuna wɔn, anyɛ saa a wɔrentumi mmɛn wo ne wo mmɔ nkɔmmɔ. (Yakobo 3:18) Sɛ woma wonya adwene sɛ wobɛteatea wɔn anaa wobɛka wɔn anim a, wɔrenka wɔn komam asɛm nkyerɛ wo. Enti nya wo mma ho abotare na ma wonhu sɛ wodɔ wɔn.​—Mateo 3:17; 1 Korintofo 8:1.

NEA WUBETUMI AYƐ:

  • Sɛ wo mma pɛ sɛ wɔne wo bɔ nkɔmmɔ a, nya bere ma wɔn

  • Ɛnyɛ bere a asɛm bi asi nko ara na ɛsɛ sɛ wo ne wo mma bɔ nkɔmmɔ; mommɔ nkɔmmɔ bere nyinaa

2 BƆ MMƆDEN SƐ WOBƐTE WƆN ASE

NEA BIBLE NO KA: “Nea ɔda nhumu adi wɔ asɛm mu no, ebesi no yiye.” (Mmebusɛm 16:20) Ɛtɔ mmere bi a, ɛsɛ sɛ wode w’ani to fam paa ansa na woahu nea ɛrehaw wo ba. Mmofra taa hããhãã wɔn ani ka nsɛm anaa wɔkasa kɛkɛ. “Sɛ obi bua asɛm ansa na wate a, ɛyɛ nkwaseasɛm . . . ma no.” (Mmebusɛm 18:13) Mma wo bo mmfuw wo mma no ntɛm.​—Mmebusɛm 19:11.

Maame no babea aka asɛm bi ama ne bo afuw

NEA WUBETUMI AYƐ:

  • Sɛ wo ba reka asɛm bi akyerɛ wo na w’ani nnye ho mpo a, hyɛ wo ho so, ntwa n’ano

  • Kaakae wo tirim; bere a woyɛ abofra te sɛ wo ba no, na dɛn na w’ani gye ho, na woyɛ w’ade sɛn?

3 MOMMA WONHU SƐ MOYƐ BAAKO

NEA BIBLE NO KA: “Me ba, tie wo papa nteɛso, na mpo wo maame mmara.” (Mmebusɛm 1:8) Agya ne ɛna, Yehowa de mmofra no hwɛ ahyɛ mo mmienu nyinaa nsa. Enti ɛsɛ sɛ mokyerɛkyerɛ wɔn ma wotie mo, na wobu mo. (Efesofo 6:1-3) Sɛ awofo ‘anka ammom denneennen, annya adwenkoro ne nsusuwii koro’ a, mmofra no hu. (1 Korintofo 1:10) Sɛ mo adwene nhyia wɔ asɛm bi ho a, munnnye akyinnye wɔ mmofra no anim, anyɛ saa a wɔremmu mo.

Papa no reteɛ ne ba so, nanso ɔde abofra no asɔre afi baabi a abofra no maame ne ne nua te no

NEA WUBETUMI AYƐ:

  • Munsusuw ho na moahu ɔkwan pa a mobɛfa so ateɛ mmofra no so

  • Sɛ wo ne wo yere anaa wo kunu adwene nhyia wɔ mmofra no ntetee ho a, bɔ mmɔden sɛ wubehu nea enti a ɛte saa

4 MOMFA HO ADWENE

NEA BIBLE NO KA: “Tete abofra wɔ ɔkwan a ɛfata so.” (Mmebusɛm 22:6) Sɛ abofra benyin ayɛ ɔpanyin pa a, ɛmma kɛkɛ. Ɛsɛ sɛ muhu ɔkwampa a mobɛfa so atete wɔn ateɛ wɔn so. (Dwom 127:4; Mmebusɛm 23:13) Nteɛso nyɛ asotwe nko ara; nea ɛka ho bi ne sɛ wobɛma wo mma ahu nea enti a woahyehyɛ mmara ama wɔn. (Mmebusɛm 28:7) Afei nso, boa ma wɔn ani nnye Yehowa Asɛm ho, na wonsua nhu sɛnea wɔde bɛbɔ wɔn bra. (Dwom 1:2) Eyi bɛboa ma wɔanya ahonim pa.​—Hebrifo 5:14.

NEA WUBETUMI AYƐ:

  • Ma wo mma nhu sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ ankasa na wobetumi de wɔn ho ato no so

  • Ma wo mma nhu nea ɛde ɔbrasɛe ba, ne sɛnea wɔbɛtwe wɔn ho afi ho. Ebi ne nea ɛwɔ Intanɛt ne wɛbsaet so. Nnipa bi daadaa mmofra to wɔn mmonnaa, enti ma wonhu akwan a wɔfa so yɛ saa

Awofo bi atete wɔn ba ma abofra no afi ne mmofraase resom Yehowa kosi sɛ ɔbɛbɔ asu

“Tete abofra wɔ ɔkwan a ɛfata so”

YEHOWA BEHYIRA W’ADWUMADEN NO SO

Sɛ woyɛ ɔwofo a, adwuma a ɛhyɛ wo nsa paa ne sɛ wobɛkyerɛkyerɛ wo ba ama wahu Yehowa adwene. (Efesofo 6:4) Yehowa nim sɛ ɛyɛ adwumaden, nanso nya awerɛhyem sɛ sɛ wobɔ mmɔden yɛ eyinom nyinaa a, ɛbɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam na ɛbɛma wo nso w’ani agye.​—Mmebusɛm 23:24.

BISA WO HO SƐ . . .

  • Dɛn na mɛyɛ na me ba atumi afi ne komam ne me abɔ nkɔmmɔ?

  • Sɛ mehwɛ sɛnea awofo binom tete wɔn mma a, dɛn na metumi asua afi mu?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena