Dwom 140
Ɔkwampaefo Adwuma
Nea Yɛaprente
Yɛsɔre anɔpa, na yɛabu yɛn kɛtɛm.
Yɛde yɛn ho hyɛ Nyankopɔn nsa,
na ɔbɛhwɛ yɛn so.
Yɛde anigye hyia
nnipa a yehu wɔn.
Ebinom bɛtie yɛn,
ebinom bɛpo yɛn, yɛnsuro.
(NNYESOƆ)
Yɛyɛ Yehowa dea,
Yɛbɛyɛ n’adwuma.
N’apɛde na yɛbɛyɛ no daa.
Nea ɛbɛsi biara,
Yɛrempa aba da.
Ɛno ne nea yɛde bɛky’rɛ sɛ yɛwɔ dɔ.
dɔ.
Sɛ yɛpɔn asɛnka na yɛhwɛ nea yɛayɛ,
Yɛnya abotɔyam
efisɛ yɛayɛ adwumaden.
Yɛde yɛn ho nyinaa
ama Onyankopɔn.
N’adom nti na yɛte ase nnɛ,
Yɛkamfo ne din daa.
(NNYESOƆ)
Yɛyɛ Yehowa dea,
Yɛbɛyɛ n’adwuma.
N’apɛde na yɛbɛyɛ no daa.
Nea ɛbɛsi biara,
Yɛrempa aba da.
Ɛno ne nea yɛde bɛky’rɛ sɛ yɛwɔ dɔ.
dɔ.
(Hwɛ Yos. 24:15; Dw. 92:2; Rom. 14:8 nso.)