Dwom 148
Wode Wo Dɔba no Maa Yɛn
Nea Yɛaprente
Yehowa, Agya pa,
Ayeyi nka wo din.
Nea woayɛ ama yɛn,
Yɛbɛkamfo wo.
Agyede no som bo,
Ɛma anidaso.
Yɛbɛka ho asɛm
Aky’rɛ aman nyinaa.
(NNYESOƆ)
Wode wo Dɔba no
Ama nnipa nyinaa.
Yehowa, yɛda w’ase
Sɛ wode wo Dɔba maa yɛn.
W’ayamye ne wo dɔ,
Ɛma yɛbɛn wo paa.
Wo din no yɛ kɛse,
Yɛbɛkotow wo.
Nea ’ma yɛdɔ wo koraa
Ne wo Dɔba Kristo.
Wode no ama yɛn;
Obewu gyee yɛn nkwa.
(NNYESOƆ)
Wode wo Dɔba no
Ama nnipa nyinaa.
Yehowa, yɛda w’ase
Sɛ wode wo Dɔba maa yɛn.
(AWIEI)
Yehowa, Agya pa, yɛbɛky’rɛ anisɔ.
Yɛdɔ wo, efisɛ wode wo Dɔba maa yɛn.
(Hwɛ Yohane 3:16; 1 Yohane 4:9 nso.)