Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • jy ti 113 kr. 262-kr. 263 nky. 4
  • Adesuade a Ɛwɔ Dwetikɛseɛ Mfatoho no Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Adesuade a Ɛwɔ Dwetikɛseɛ Mfatoho no Mu
  • Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Talente Ho Bɛ No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Sua Biribi Fi Dwetikɛse Ho Mfatoho no Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Yɛ Pii Wɔ Honhom Fam Otwa Adwuma Kɛse No Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
  • Dɛn na Ɛkanyan Wo ma Wosom Onyankopɔn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
Hwɛ Pii Ka Ho
Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
jy ti 113 kr. 262-kr. 263 nky. 4
Akoa bi de sika a ɛwɔ kotoku mu resie fam

TI 113

Adesuade A Ɛwɔ Dwetikɛseɛ Mfatoho No Mu

MATEO 25:14-30

  • YESU DE DWETIKƐSEƐ YƐƐ MFATOHO

Yɛbɛkae a, bere a Yesu wɔ Yeriko nna kakra a atwam no, ɔde mmɛnnaa yɛɛ mfatoho de kyerɛɛ sɛ na Ahenni no nnya mmae koraa. Bere a Yesu ne asomafo nnan no wɔ Ngo Bepɔ no so no, ɔsan maa wɔn mfatoho foforo a ɛne mmɛnnaa mfatoho no di nsɛ. Saa bere no, na ɔgu so rekyerɛ sɛnkyerɛnne a asomafo no de bɛhu sɛ waba n’Ahenni mu na wiase awiei abɛn. Mfatoho no kyerɛɛ sɛ adwuma a Yesu de ahyɛ n’asuafo nsa no, ɛsɛ sɛ wɔyere wɔn ho yɛ no yie.

Yesu fii mfatoho no ase sɛ: “Ɛte sɛ onipa bi a ɔrebɛtu kwan a ɔfrɛɛ ne nkoa de n’ahodeɛ hyɛɛ wɔn nsa.” (Mateo 25:14) Ná ɛnyɛ den koraa sɛ asomafo no bɛhu sɛ “onipa” a Yesu kaa ne ho asɛm no yɛ ɔno ankasa, efisɛ bere bi ɔkaa ɔno ara ho asɛm sɛ ɔte sɛ ɔbarima bi a ɔtuu kwan sɛ “ɔrekɔgye ahennie tumi aba.”​—Luka 19:12.

Ɔbarima no rebɛtu kwan no, ɔde n’ahode hyɛɛ ne nkoa nsa. Kae sɛ mfe mmiɛnsa ne fa a Yesu de yɛɛ ne som adwuma no, ɔde ne bere nyinaa kaa Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa kyerɛɛ nkurɔfo na ɔtetee n’asuafo no sɛ wɔnyɛ saa adwuma no bi. Afei, na ɔrebɛfiri wɔn nkyɛn akɔ, nanso na ɔwɔ wɔn mu awerɛhyem paa sɛ wɔbɛtoa so ayɛ adwuma a watete wɔn sɛ wɔnyɛ no.​—Mateo 10:7; Luka 10:1, 8, 9; fa toto Yohane 4:38; 14:12 ho.

Sɛn na ɔbarima a ɔwɔ mfatoho no mu no kyekyɛɛ ahode no mu maa nkoa no? Yesu kaa sɛ: “Ɔmaa baako dwetikɛseɛ nnum, ɔmaa baako mmienu, na ɔmaa ɔfoforɔ nso baako, sɛdeɛ wɔn mu biara ahoɔden teɛ, na ɔtuu kwan.” (Mateo 25:15) Nea ɔde hyɛɛ nkoa no nsa no, dɛn na wɔde bɛyɛ? Wɔbɛhwɛ so de ayɛ adwuma ama wɔn wura anya mfaso anaa? Yesu ka kyerɛɛ asomafo no sɛ:

“Ntɛm ara na deɛ ɔnyaa dwetikɛseɛ nnum no siim de kɔyɛɛ adwuma nyaa nnum kaa ho. Saa ara na deɛ ɔnyaa mmienu no san nyaa mmienu kaa ho. Na deɛ ɔnyaa baako no deɛ, ɔkɔtutuu fam de ne wura dwetɛ sika no sieeɛ.” (Mateo 25:16-18) Sɛ owura no san ba a, dɛn na ɛbɛsi?

Yesu toaa so sɛ: “Berɛ tenteenten akyi no, nkoa no wura baeɛ, na ɔne wɔn buu nkonta.” (Mateo 25:19) Mmienu a wɔdi kan no yɛɛ “sɛdeɛ wɔn mu biara ahoɔden teɛ.” Saa nkoa no yeree wɔn ho paa de nea wɔnyae no yɛɛ adwuma nyaa so mfaso. Akoa a wɔmaa no dwetikɛseɛ nnum no nyaa nnum kaa ho, na nea wɔmaa no mmienu no nso nyaa mmienu kaa ho. (Saa bere no, sɛ odwumayɛni bɛtumi anya dwetikɛseɛ baako a, gye sɛ ɔbiri ne mogya ani yɛ adwuma mfe 19.) Nkoa mmienu no, owura no kamfoo wɔn mu biara sɛ: “Mo, akoa pa nokwafoɔ! Wodii nneɛma kakraa bi mu nokorɛ. Mɛma woahwɛ nneɛma pii so. Nya wo wura anigyeɛ no bi.”​—Mateo 25:21.

1. Akoa bi de sika a ɛwɔ kokotu mu resie fam; 2. Wɔreto saa akoa no ato abɔnten sum no mu

Akoa a wɔmaa no dwetikɛseɛ baako no deɛ, wammɔ ne ho mmɔden. Ɔkaa sɛ: “Me wura, menim sɛ woyɛ obi a w’asɛm yɛ den, a faako a woanguo no ɛhɔ na wotwa, na woboaboa deɛ wonhuhuu soɔ ano. Enti mesuroeɛ, na mede wo dwetikɛseɛ no siee fam. W’adeɛ nie, gye.” (Mateo 25:24, 25) Wamfa sika no ankɔto sikakorabea mpo amma ne wura annya biribi kakra wɔ ho. Yɛbɛtumi aka sɛ ɔdii ne wura no aborɔ paa.

Sɛ owura no ka kyerɛ akoa no sɛ ɔyɛ “akoa bɔne ne onihafoɔ” a ɔdi ka. Nea ɔwɔ mpo, ɔgye fii ne nsam de maa akoa a ɔyeree ne ho yɛɛ adwuma no. Afei owura no kaa sɛ: “Obiara a ɔwɔ bie no, wɔbɛma no bi aka ho ama no aboro ne so; na deɛ ɔnni bie no, deɛ ɔwɔ mpo wɔbɛgye afiri ne nsam.”​—Mateo 25:26, 29.

Yesu asuafo no reyɛ asɛnka adwuma

Saa mfatoho yi, na Yesu asuafo no bɛtumi asua nneɛma pii afiri mu. Ná wɔbɛte ase sɛ asɛnka adwuma a Yesu de ahyɛ wɔn nsa no yɛ akwannya kɛse a ɛnsɛ sɛ wɔtoto no ase koraa. Ná ɔpɛ sɛ wɔyere wɔn ho yɛ adwuma no yie. Nanso na ɛnyɛ Yesu adwene ne sɛ asɛnka adwuma a ɔde ama wɔn no, obiara nyɛ no pɛ. Mfatoho no kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ no “sɛdeɛ wɔn mu biara ahoɔden teɛ.” Ɛno nso nkyerɛ sɛ obi yɛ “onihafoɔ” na sɛ ɔyɛ ne Wura adwuma no biara biara a, Yesu ani bɛgye ne ho.

Asɛm a Yesu ka toaa so ne sɛ: “Obiara a ɔwɔ bie no, wɔbɛma no bi aka ho.” Ɛbɛyɛ sɛ saa asɛm no maa asomafo no huu sɛ Yesu wɔ wɔn mu awerɛhyem paa.

  • Owura no gyina hɔ ma hwan wɔ dwetikɛseɛ mfatoho no mu? Nkoa no nso gyina hɔ ma hwannom?

  • Adesuade bɛn na ɛwɔ Yesu mfatoho no mu?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena