Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • lfb adesua 6 kr. 20-kr. 21 nky. 5
  • Nnipa Nwɔtwe Nyaa Nkwa Kɔɔ Wiase Foforo Bi Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nnipa Nwɔtwe Nyaa Nkwa Kɔɔ Wiase Foforo Bi Mu
  • Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Noa Adaka
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Nsuyiri Kɛse No
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Noa Pam Adaka
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Wɔkoraa Ɔne “Nnipa Baason So”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
Hwɛ Pii Ka Ho
Sua Biribi Fi Bible Mu
lfb adesua 6 kr. 20-kr. 21 nky. 5
Nsu retɔ; adaka no tɛn nsu ani

ADESUA 6

Nnipa Nwɔtwe Nyaa Nkwa Kɔɔ Wiase Foforo Bi Mu

Noa, n’abusua, ne mmoa no repue afi adaka no mu

Noa ne n’abusua ne mmoa no kɔɔ adaka no mu. Yehowa too adaka no mu, na nsu no fii ase tɔe. Nsu no tɔɔ saa ara, nanso adaka no de, na ɛda nsu no ani. Afei nsu kataa asaase so nyinaa. Abɔnefo a wɔankɔ adaka no mu nyinaa wui. Nanso Noa ne n’abusua a wɔwɔ adaka no mu de, wɔanwu. Wunhu sɛ wɔn ani begye paa sɛ wɔtiee Yehowa?

Nsu tɔɔ awia ne anadwo nna mmaako mmaako 40 ansa na ɛretew. Nkakrankakra, nsu a ayiri no kɔɔ fam, na adaka no kosii bepɔw bi so. Nanso na nsu wɔ asaase so nyinaa, enti na ɛsɛ sɛ Noa ne n’abusua no twɛn kakra ansa na wɔapue afi adaka no mu.

Akyiri yi, nsu no nyinaa wee maa asaase so woe. Bere a Noa ne n’abusua kɔhyɛɛ adaka no mu no, edii bɛboro afe baako ansa na Yehowa reka akyerɛ wɔn sɛ wɔmpue. Wɔpuei no, na ɛte sɛ nea wɔaba wiase foforo bi mu. Wɔn ani gyee sɛ Yehowa agye wɔn nkwa, enti wɔbɔɔ afɔre de daa no ase.

Nyankontɔn

Yehowa nso ani gyee afɔre no ho. Ɔhyɛɛ bɔ sɛ ɔremfa nsuyiri nsɛe nneɛma a ɛwɔ asaase so nyinaa bio da. Ɔmaa nyankontɔn (rainbow) bɛdaa soro de dii nea waka no ho adanse. Ɛno ne nyankontɔn a edi kan. Woahu nyankontɔn wɔ soro pɛn?

Afei Yehowa ka kyerɛɛ Noa ne n’abusua sɛ wɔnwo na wɔnhyɛ asaase so ma.

“Noa kɔɔ adaka no mu, na [nkurɔfo anhu] kosii sɛ Nsuyiri no bae bɛpraa wɔn nyinaa kɔe.”—Mateo 24:38, 39

Nsɛmmisa: Bere a Yehowa too adaka no mu no, dɛn na esii? Sɛ nyankontɔn bɛtɔ soro a, dɛn na ɛkyerɛ?

Genesis 7:1–9:17

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena