Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • lfb adesua 10 kr. 30
  • Kae Lot Yere No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Kae Lot Yere No
  • Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Lot Yere Hwɛɛ N’akyi
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Siesie Wo Ho Ma Ogye A Ɛde Kɔ Wiase Foforo Bi Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Nea Yesua Fi Nkurow Ahorow A Enyaa Dimmɔne No Mu
    Nyan!—1981
  • Boa Afoforo Ma Wonnyina Ateetee Ano
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2019
Hwɛ Pii Ka Ho
Sua Biribi Fi Bible Mu
lfb adesua 10 kr. 30
Lot yere no adan nkyene siw, na Lot ne ne mma mmea no reguan afi Sodom

ADESUA 10

Kae Lot Yere No

Ná Lot ne ne wɔfa Abraham te Kaanan asaase so. Akyiri yi, Abraham ne Lot mmoa dɔɔso paa, enti na baabi a wɔte no ayɛ ketewa ama wɔn. Abraham ka kyerɛɛ Lot sɛ: ‘Yɛrentumi ntena faako bio. Mesrɛ wo fa baabi a wopɛ, na me nso mɛfa baabi a ɛbɛka no.’ Asɛm yi ma yehu sɛ na Abraham yam ye paa. Anaa wuhu no sɛn?

Lot huu sɛ asaase fɛfɛɛfɛ bi bɛn kurow bi a yɛfrɛ no Sodom. Ná nsu pii wɔ hɔ, na na sare anaa ɛserɛ bebree wɔ hɔ a mmoa no betumi awe. Enti Lot faa hɔ, na ɔne n’abusua tu kɔtenaa hɔ.

Ná Sodom ne Gomora bɛn, na na nnipa a wɔwɔ hɔ no di bɔne paa. Ná wɔn bɔne dɔɔso araa ma enti Yehowa yɛɛ sɛ ɔbɛsɛe saa nkurow no. Nanso na Onyankopɔn pɛ sɛ ogye Lot ne n’abusua nkwa. Enti ɔsomaa abɔfo mmienu ma wɔkɔbɔɔ wɔn kɔkɔ. Wɔkaa sɛ: ‘Monyɛ ntɛm! Munguan mfi kurow yi mu! Yehowa rebɛsɛe no.’

Nanso Lot amfi hɔ ntɛm ara. Ɔkyɛe paa. Enti abɔfo no yɛɛ ntɛm de Lot, ne yere, ne ne mma mmea mmienu no puei. Wɔsoo wɔn nsa de wɔn fii kurow no mu. Wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Munguan! Munguan nnye mo kra! Sɛ mohwɛ mo akyi a, mubewu!’

Ogya ne sufre retɔ gu Sodom ne Gomora so

Wɔduu Soar asaase so no, Yehowa maa ogya ne sufre (sulfur) fii soro tɔ beguu Sodom ne Gomora so. Onyankopɔn sɛee nkurow mmienu no nyinaa. Bere a Lot yere antie Yehowa asɛm na otwaa n’ani hwɛɛ n’akyi no, ɔdanee nkyene siw! Nanso Lot ne ne mma mmea no tiee Yehowa, enti wɔanwu. Wunhu sɛ, ɛbɛyɛ Lot ne ne mma no yaw paa sɛ Lot yere no yɛɛ asoɔden? Nanso, ɛbɛyɛ wɔn dɛ sɛ wɔn de wɔtiee Yehowa asɛm.

“Monkae Lot yere no.”—Luka 17:32

Nsɛmmisa: Adɛn nti na Yehowa sɛee Sodom ne Gomora? Ɛyɛɛ dɛn na Lot yere danee nkyene siw?

Genesis 13:1-13; 19:1-26; Luka 17:28, 29, 32; 2 Petro 2:6-9

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena