Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • lfb adesua 11 kr. 32-kr. 33 nky. 2
  • Gyidi Ho Sɔhwɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Gyidi Ho Sɔhwɛ
  • Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Onyankopɔn Sɔ Abraham Gyidi Hwɛ
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Yehowa Frɛɛ No “M’adamfo”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2016
  • Hena Ne Abraham?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Adɛn nti na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham sɛ ɔmfa ne ba mmɔ afɔre?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
Hwɛ Pii Ka Ho
Sua Biribi Fi Bible Mu
lfb adesua 11 kr. 32-kr. 33 nky. 2
Abraham ne Isak rekɔ Moria

ADESUA 11

Gyidi Ho Sɔhwɛ

Abraham kyerɛkyerɛɛ ne ba Isak sɛ ɔnnɔ Yehowa na onnya gyidi sɛ Yehowa bɔhyɛ nyinaa bɛbam. Nanso bere a Isak dii mfe 25 no, Yehowa ka kyerɛɛ Abraham sɛ ɔnyɛ biribi a na ɛyɛ den paa. Ná ɛyɛ dɛn?

Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham sɛ: ‘Mesrɛ wo, fa wo ba koro no kɔ Moria asaase so kɔbɔ afɔre wɔ mmepɔw no mu ma me.’ Ná Abraham nnim nea enti a Yehowa se ɔnyɛ saa, nanso otiee Yehowa.

Ade kyee anɔpa paa no, Abraham faa Isak ne ne nkoa mmienu na wɔde wɔn ani kyerɛɛ Moria. Nnansa akyi no, wɔhuu sɛ mmepɔw no gu wɔn anim nohoa. Abraham ka kyerɛɛ ne nkoa no sɛ wɔntwɛn na ɔne Isak rekɔbɔ afɔre. Abraham de nnyina anaa egya a wɔbɛsɔ no soaa Isak, na Abraham nso faa sekan. Isak bisaa ne papa sɛ: ‘Aboa a yɛde bɛbɔ afɔre no wɔ he?’ Abraham buaa sɛ: ‘Me ba, Yehowa bɛkyerɛ.’

Bere a wɔduu bepɔw no so no, wɔsii afɔremuka. Afei Abraham kyekyeree Isak nsa ne ne nan na ɔde no too afɔremuka no so.

Abraham akyekyere Isak ato afɔremuka so, na Abraham kura sekan

Abraham twee sekan. Ɛhɔ ara na Yehowa bɔfo fi soro frɛɛ no sɛ: ‘Abraham! Mfa wo nsa nka abarimaa no! Afei na mahu sɛ wugye Onyankopɔn di, efisɛ woansuro sɛ wode wo ba no bɛbɔ afɔre ama me.’ Ɛno akyi no, Abraham huu oguan bi a n’abɛn aka nwura bi mu. Enti Abraham sanee Isak, na wɔde aboa no mmom bɔɔ afɔre maa Yehowa.

Efi saa bere no, Yehowa frɛɛ Abraham sɛ n’adamfo. Wunim nea enti a ɔfrɛɛ no saa? Efisɛ biribiara a Yehowa bɛka akyerɛ Abraham sɛ ɔnyɛ no, na ɔyɛ. Sɛ Abraham nte ase mpo a, na otie.

Abraham resan ahama a ɔde kyekyeree Isak no

Yehowa san kaa ne bɔhyɛ no ho asɛm kyerɛɛ Abraham sɛ: ‘Mehyira wo na mɛma wo mma anaa w’asefo ayɛ bebree.’ Wei kyerɛ sɛ, Yehowa bɛfa Abraham asefo so ahyira nnipa pa nyinaa.

“Onyankopɔn dɔ wiase paa. Ɛno nti, ɔde ne Ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no ansɛe, na mmom wanya daa nkwa.”—Yohane 3:16

Nsɛmmisa: Dɛn na Abraham yɛ de kyerɛɛ sɛ ogye Yehowa di? Dɛn na Yehowa de hyɛɛ Abraham bɔ?

Genesis 22:1-18; Hebrifo 11:17-19; Yakobo 2:21-23

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena