Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • lfb adesua 23 kr. 60-kr. 61 nky. 4
  • Wɔhyɛɛ Yehowa Bɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wɔhyɛɛ Yehowa Bɔ
  • Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yehowa De Ne Mmara Ma
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Sinai—Mose ne Mmɔborohunu Bepɔw
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Yehowa Akwan A Yebesua Ahu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Wɔanni Wɔn Bɔhyɛ So
    Sua Biribi Fi Bible Mu
Hwɛ Pii Ka Ho
Sua Biribi Fi Bible Mu
lfb adesua 23 kr. 60-kr. 61 nky. 4
Israelfo no gyina Sinai Bepɔw ase

ADESUA 23

Wɔhyɛɛ Yehowa Bɔ

Bere a Israelfo no tu fii Egypt bɛyɛ abosome mmienu akyi no, wɔkoduu Sinai Bepɔw ho. Wɔgyee wɔn ahome wɔ hɔ. Yehowa frɛɛ Mose kɔɔ bepɔw no so. Ɔka kyerɛɛ Mose sɛ: ‘Me na migyee Israelfo no. Sɛ wɔtie m’asɛm na wɔdi me mmara so a, mede wɔn bɛyɛ me nkurɔfo titiriw.’ Mose sian fii bepɔw no so baa Israelfo no nkyɛn. Ɔkaa nea Yehowa aka akyerɛ no no kyerɛɛ wɔn. Dɛn na Israelfo no yɛe? Wɔkaa sɛ: ‘Nea Yehowa bɛka sɛ yɛnyɛ biara, yɛbɛyɛ.’

Mose san foro kɔɔ bepɔw no so. Oduu hɔ no, Yehowa kaa sɛ: ‘Da a ɛto so mmiɛnsa no, me ne wo bɛkasa. Enti ka kyerɛ nkurɔfo no sɛ mma obiara mma Sinai Bepɔw so.’ Mose sian kɔɔ Israelfo no nkyɛn. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnsiesie wɔn ho na Yehowa ne wɔn bɛkasa.

Israelfo no huu anyinam a ɛrepaapae ne omununkum kusuu a akata Sinai Bepɔw so

Ɛda a ɛto so mmiɛnsa no, Israelfo no huu anyinam a ɛrepaapae ne omununkum kusuu wɔ bepɔw no so. Afei wɔtee aprannaa a ɛrebobom ne abɛn a ɛrebɔ. Ɛno akyi no, Yehowa nam ogya mu sian baa bepɔw no so. Ehu kaa Israelfo no maa wɔn ho popoe. Bepɔw no nyinaa wosow denneennen na wusiw kataa so nyinaa. Abɛn no kɔɔ so ara bɔɔ denneennen. Afei Onyankopɔn kaa sɛ: ‘Mene Yehowa. Ɛnsɛ sɛ mosom anyame foforo biara ka me ho.’

Mose san foro kɔɔ bepɔw no so. Yehowa de mmara maa no, na ɔde brɛɛ nkurɔfo no. Mmara no kyerɛɛ wɔn sɛnea wɔbɛsom Yehowa ne sɛnea ɛsɛ sɛ wɔbɔ wɔn bra. Mose kyerɛw mmara no, na ɔkenkan kyerɛɛ Israelfo no. Wɔhyɛɛ bɔ sɛ: ‘Nea Yehowa bɛka sɛ yɛnyɛ biara, yɛbɛyɛ.’ Ampa, wɔhyɛɛ Onyankopɔn bɔ. Nanso wohwɛ a, na wobedi so?

“Fa wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’adwene nyinaa dɔ Yehowa wo Nyankopɔn.”—Mateo 22:37

Nsɛmmisa: Asɛm bɛn na esii wɔ Sinai Bepɔw so? Ɛbɔ bɛn na Israelfo no hyɛe?

Exodus 19:1–20:21; 24:1-8; Deuteronomium 7:6-9; Nehemia 9:13, 14

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena