Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • lfb adesua 66 kr. 156-kr. 157 nky. 1
  • Esra Kyerɛkyerɛɛ Onyankopɔn Mmara

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Esra Kyerɛkyerɛɛ Onyankopɔn Mmara
  • Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Esra Nhoma no Mu Nsɛntitiriw
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • So Wo Nkyerɛkyerɛ Tu Mpɔn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
  • Sɛ Nneɛma Nkɔ Yiye Mpo a, Wubetumi Anya Yehowa Mu Ahotoso
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2023
  • Yehowa Pɛ Sɛ N’asomfo Yi Wɔn Yam Som No
    Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka​—Adesua Nhoma (2016)
Hwɛ Pii Ka Ho
Sua Biribi Fi Bible Mu
lfb adesua 66 kr. 156-kr. 157 nky. 1
Esra yii Yehowa ayɛ wɔ abɔnten, na nkurɔfo no nso momaa wɔn nsa so de kyerɛɛ sɛ wɔgye tom

ADESUA 66

Esra Kyerɛkyerɛɛ Onyankopɔn Mmara

Israelfo dodow no ara san kɔɔ Yerusalem. Wɔkodui no, bɛyɛ mfe 70 twaa mu, nanso na Israelfo no bi da so ara wɔ Persia Ahemman no afã bi. Ná wɔn mu baako yɛ ɔsɔfo. Ne din de Esra. Ná ɔkyerɛkyerɛ Yehowa Mmara. Esra tee sɛ nkurɔfo a wɔwɔ Yerusalem no nni Mmara no so. Enti, na Esra pɛ sɛ ɔkɔ hɔ kɔboa wɔn. Persia Hene Artasasta ka kyerɛɛ Esra sɛ: ‘Onyankopɔn ama wo nyansa sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi akyerɛkyerɛ ne Mmara. Kɔfa obiara a ɔpɛ sɛ ɔne wo kɔ no, na wo ne no nkɔ.’ Esra ne wɔn a na wɔpɛ sɛ wɔsan kɔ Yerusalem no nyinaa hyiae. Ná ɔkwan a wɔrebetwa no ware. Enti wɔbɔɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmɔ wɔn ho ban ma wɔnkodu asomdwoe mu. Afei wɔsii mu kɔe.

Abosome nnan akyi, wɔduu Yerusalem. Ɔman no mu mpanyimfo ka kyerɛɛ Esra sɛ: ‘Israelfo ayɛ Yehowa so asoɔden, na wɔawareware mmea a wɔsom abosom.’ Dɛn na Esra yɛe? Esra buu nkotodwe wɔ nkurɔfo no anim, na ɔbɔɔ mpae sɛ: ‘Yehowa, woayɛ nneɛma pii ama yɛn, nanso yɛayɛ bɔne atia wo.’ Nkurɔfo no nuu wɔn ho de, nanso na wɔda so ara reyɛ nneɛma bɔne. Esra yii mpanyimfo ne atemmufo bi sɛ, wɔnhwehwɛ saa nsɛm no mu. Bere a abosome mmiɛnsa baa awiei no, na wɔapam wɔn a wɔnsom Yehowa no.

Mfe dumienu twaa mu. Wɔsan sii Yerusalem afasu no wɔ mfe dumienu no mu. Saa bere no, Esra boaboaa nkurɔfo no ano wɔ abɔnten sɛ ɔrebɛkenkan Onyankopɔn Mmara no akyerɛ wɔn. Bere a Esra buee nhoma no mu no, nkurɔfo no sɔre gyinaa hɔ. Esra yii Yehowa ayɛ, na nkurɔfo no nso momaa wɔn nsa so de kyerɛɛ sɛ wɔgye tom. Afei Esra kenkan Mmara no, na ɔkyerɛkyerɛɛ mu. Nkurɔfo no nso yɛɛ aso tiei. Wɔgye toom sɛ wɔasan atwe wɔn ho afi Yehowa ho, enti wɔsui. Ade kyee no, Esra san kenkan Mmara no mu nsɛm pii kyerɛɛ nkurɔfo no. Wɔhuu sɛ ɛrenkyɛ na Apata Afahyɛ no bere aso. Ɛhɔ ara na wɔfii ase boaboaa wɔn ho maa afahyɛ no.

Nkurɔfo no de nnanson gyee wɔn ani wɔ afahyɛ no ase, na wɔdaa Yehowa ase sɛ wama wɔanya nnɔbae pii. Efi Yosua bere so besi saa bere no, na wɔnnii Apata Afahyɛ a ɛte saa da. Bere a nkurɔfo no dii afahyɛ no wiei no, wɔboaboaa wɔn ho ano. Wɔbɔɔ mpae sɛ: ‘Yehowa, wo na wugyee yɛn fii nkoasom mu. Wo na womaa yɛn aduan wɔ sare so, na wo na wode asaase fɛfɛɛfɛ yi maa yɛn. Nanso, yɛayɛ wo so asoɔden mpɛn pii. Wosomaa adiyifo ma wɔbɛbɔɔ yɛn kɔkɔ, nanso yɛantie. Ne nyinaa akyi, wunyaa yɛn ho abotare. Wudii ɛbɔ a wohyɛɛ Abraham no so. Afei yɛhyɛ bɔ sɛ yebetie wo.’ Nkurɔfo no kyerɛw ɛbɔ a wɔhyɛe no too hɔ. Afei, ɔman no mu mpanyimfo, Lewifo, ne asɔfo no de wɔn nsa hyɛɛ ase.

“Anigye ne wɔn a wotie Onyankopɔn asɛm na wodi so!”—Luka 11:28

Nsɛmmisa: Dɛn na Esra kyerɛkyerɛɛ Israelfo a na wɔahyiam wɔ Yerusalem no? Dɛn na nkurɔfo no hyɛɛ bɔ sɛ wɔbɛyɛ?

Esra 7:1-28; 8:21-23, 31, 32; 9:1–10:19; Nehemia 8:1-18; 9:1-38

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena