Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • lfb adesua 81 kr. 190-kr. 191 nky. 2
  • Yesu Kɔɔ Asɛnka Wɔ Bepɔw So

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yesu Kɔɔ Asɛnka Wɔ Bepɔw So
  • Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Enti a na Yesu Yɛ Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse
    Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
  • Monkɔ So Nyɛ Papa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • “Mafrɛ Mo Nnamfo”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2020
  • Ɛho Hia Sɛ Wusua Onyankopɔn Ho Ade
    Wubetumi Ayɛ Onyankopɔn Adamfo!
Hwɛ Pii Ka Ho
Sua Biribi Fi Bible Mu
lfb adesua 81 kr. 190-kr. 191 nky. 2
Yesu reka asɛm no akyerɛ nnipadɔm bi wɔ Bepɔw so

ADESUA 81

Yesu Kɔɔ Asɛnka Wɔ Bepɔw So

Bere a Yesu paw asomafo 12 no wiei no, osi fii bepɔw no so baa baabi a nnipa bebree ahyia. Ná nkurɔfo no fi Galilea, Yudea, Tiro, Sidon, Siria ne nkurow foforo a ɛbɛn Yordan no. Wɔde ayarefo ne wɔn a ahonhommɔne haw wɔn bae. Yesu saa wɔn nyinaa yare. Afei, ɔtenaa bepɔw no nkyɛn baabi ne wɔn kasae. Ɔkaa sɛ, sɛ yɛpɛ sɛ yɛfa Onyankopɔn adamfo a, biribi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛyɛ. Ɛsɛ sɛ yehu sɛ yehia Yehowa wɔ yɛn abrabɔ mu, na yɛdɔ no. Nanso sɛ yɛannɔ nnipa a, yɛrentumi nnɔ Onyankopɔn. Ɛsɛ sɛ yɛda ayamye adi kyerɛ obiara na yɛpɛ obiara asɛm, wɔn a wɔmpɛ yɛn asɛm mpo ka ho.

Yesu kaa sɛ: ‘Ɛnyɛ wo nnamfo nko ara na ɛsɛ sɛ wodɔ wɔn. Ɛsɛ sɛ wodɔ wɔn a wɔmpɛ w’asɛm nso, na wufi wo komam de nkurɔfo bɔne kyɛ wɔn. Sɛ obi bo fuw wo a, ɛsɛ sɛ wokɔ ne nkyɛn ntɛm ara kɔpa no kyɛw. Nea wopɛ sɛ nkurɔfo yɛ ma wo no, wo nso yɛ saa ara ma wɔn.’

Yesu reka asɛm no akyerɛ nnipadɔm bi wɔ Bepɔw so

Yesu san tuu nkurɔfo no fo wɔ honam fam nneɛma ho. Ɔkaa sɛ: ‘Sɛ Yɛfa Yehowa adamfo a, mfaso wɔ so sen sɛ yebenya sika pii. Ɔkorɔmfo betumi awia wo sika. Nanso sɛ wofa Yehowa adamfo a, obiara rentumi nwia anaa ɔnsɛe saa adamfofa no. Nnwen aduan a wubedi, nea wobɛnom, ne ataade a wobɛhyɛ ho. Hwɛ nnomaa. Bere nyinaa Onyankopɔn ma wɔnya aduan pii di mee. Adwennwen remfa da koro mpo nka wo mfe ho. Kae sɛ Yehowa nim nea wuhia.’

Ná nnipadɔm no ntee nkyerɛkyerɛ a ɛte sɛ Yesu de no da. Ná wɔn asɔfo no nkyerɛkyerɛɛ wɔn saa da. Adɛn nti na na Yesu yɛ ɔkyerɛkyerɛfo pa saa? Efisɛ nea ɔkyerɛkyerɛe no, na ne nyinaa fi Yehowa hɔ.

“Momfa me kɔndua nto mo ho so na munsua me, efisɛ midwo, na mebrɛ me ho ase koma mu, na mubenya ɔhome.”—Mateo 11:29

Nsɛmmisa: Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛatumi afa Yehowa adamfo? Sɛn na Yehowa pɛ sɛ wo ne nkurɔfo tena?

Mateo 4:24–5:48; 6:19-34; 7:28, 29; Luka 6:17-31

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena