Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • lfb kr. 2-3
  • Krataa a Efi Akwankyerɛ Kuw No Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Krataa a Efi Akwankyerɛ Kuw No Hɔ
  • Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Suasua Wɔn Gyidi
    Yɛn Ahenni Som—2015
  • Ɔfã 2: Ntimu
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
  • Henanom na Wɔreyɛ Yehowa Apɛde Nnɛ?—Sɛnea Yɛde Yɛ Adwuma
    Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka​—Adesua Nhoma—2017
  • Nnianim Nsɛm
    Nyan!—2019
Hwɛ Pii Ka Ho
Sua Biribi Fi Bible Mu
lfb kr. 2-3
Abusua bi abom de Bible resua nhoma a yɛato din Sua Biribi Fi Bible Mu

Krataa a Efi Akwankyerɛ Kuw No Hɔ

Yɛn Nuanom Gyidifo:

Yɛn a yɛsom Yehowa no, yɛn ani gye n’Asɛm Bible no ho paa. Yenim sɛ Bible ka nsɛm a atwam no, anaa abakɔsɛm pɛpɛɛpɛ, na emu afotusɛm nso ma yɛn abrabɔ yɛ papa. Afei ɛma yɛn adanse a edi mũ sɛ Yehowa dɔ nnipa nyinaa. (Dwom 119:105; Luka 1:3; 1 Yohane 4:19) Yɛn koma so ade ne sɛ yɛbɛboa nkurɔfo ama wɔahu nokware a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm no mu no. Ɛno nti, yɛn ani agye paa sɛ yɛayɛ nhoma a yɛato din Sua Biribi Fi Bible Mu. Yɛsrɛ wo ma yɛnka nhoma no ho asɛm kakra nkyerɛ wo.

Mmofra paa na wɔyɛɛ nhoma yi maa wɔn. Nanso, mpanyimfo a wɔpɛ sɛ wɔhu Bible mu nsɛm pii nso, ebetumi aboa wɔn. Afei nso, esiane sɛ wɔkyerɛw Bible no maa nnipa nyinaa nti, emu nsɛm bɛboa yɛn nyinaa ama yɛanya anigye mapa.

Wɔgyinaa Bible mu nsɛm so na ɛkyerɛw nhoma yi, na ɛma yehu nnipa ho nsɛm. Efi bere a wɔbɔɔ nnipa reba nyinaa, ɛka ho asɛm. Asafo no ayɛ nea obetumi biara ama Bible mu nsɛm no mu ada hɔ wɔ nhoma yi mu. Nsɛm no mu nyɛ den, na wɔabɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ no nnidiso nnidiso sɛnea epue wɔ Bible mu no.

Ɛnyɛ Bible mu nsɛm nko ara na nhoma yi ka. Emu nsɛm ne mfoni a ɛwɔ mu no, wɔayɛ no wɔ ɔkwan bi so a wobɛka sɛ wowɔ hɔ bi na asɛm no sisii. Afei, ɛma yehu sɛnea nnipa a yɛreka wɔn ho asɛm no tee nka.

Nhoma yi ma yehu sɛ Bible ka nnipa ahorow nyinaa ho asɛm. Nnipa a wɔtiee Yehowa ne wɔn a wɔantie no nyinaa, ɛka wɔn ho asɛm. Afei ɛboa yɛn ma yesua biribi fi saa nkurɔfo no hɔ. (Romafo 15:4; 1 Korintofo 10:6) Wɔakyekyɛ nhoma no mu afã 14. Ɔfã biara mfiase no, wɔaka nea yebetumi asua afi saa ɔfã no mu ho asɛm kakra.

Sɛ woyɛ ɔwofo a, wubetumi ne wo ba akenkan adesua baako, na muwie a moasusuw mfoni no ho. Afei kyerɛwnsɛm a wɔyii adesua no fii mu no, mubetumi akenkan. Nea moasua afi nhoma no mu no, boa wo ba no ma onhu sɛnea ɛfa Bible mu nsɛm a moakenkan no ho. Sɛ yɛne mpanyimfo nso resua Bible a, yebetumi afa saa kwan yi ara so ama wɔate Bible mu nsɛm ase.

Yegye di paa sɛ, nhoma yi bɛboa mmofra ne mpanyin a wɔwɔ koma pa nyinaa ama wɔasua Onyankopɔn Asɛm na wɔde nea wɔasua no abɔ wɔn bra. Wei bɛma wɔn nso abɛka Onyankopɔn nkurɔfo a ɔdɔ wɔn no ho, na wɔasom no.

Mo nuanom,

Yehowa Adansefo Akwankyerɛ Kuw

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena