ADESUA 4
Worebɛkenkan Kyerɛwsɛm a, Kanyan Ho Anigye
Mateo 22:41-45
NSƐNTITIRIW: Di kan siesie w’atiefo adwene ansa na woakenkan kyerɛwsɛm bi.
SƐNEA WOBƐYƐ NO:
Hu nea enti a worekenkan kyerɛwsɛm no. Ansa na wobɛkenkan kyerɛwsɛm biara no, ka biribi ma w’atiefo no adwene nkɔ asɛntitiriw a wopɛ sɛ wusi so dua no so.
Ma atiefo no nhu sɛ Bible no yɛ Onyankopɔn Asɛm. Sɛ worekasa akyerɛ nnipa a wogye Onyankopɔn di a, twe adwene si Bible no so sɛ ɛyɛ Onyankopɔn Asɛm. Wei bɛma ada adi sɛ ɛno mu na yebenya afotusɛm a eye sen biara.
Kanyan atiefo no anigye wɔ kyerɛwsɛm a worebɛkenkan no ho. Bisa asɛm bi a kyerɛwsɛm no bɛma ho mmuae, ka ɔhaw bi a kyerɛwsɛm no bɛboa ma moadi ho dwuma, anaa ka nnyinasosɛm bi a kyerɛwsɛm no bɛma moate ase.