China Ne Kristosom
NNIPA mpem bebree kɔsra China—akwantufo a wɔn dodow bɛyɛ 10,000 afe a etwaam no. Asɛm bi a wɔkyerɛw wɔ The Wall Street Journal no mu no kae sɛ “Nea wubehu ne adan a emu sosoe, oketeke ahorow a emu tra yɛ dɛ, wimhyɛn a nnipa ayɛ mu ma . . . tea a ɛyɛ dɛ a wɔnom ne nnipa a wobu ade na woyi adamfofa su adi kyerɛ a wuhyia wɔn.” Nanso ɔsom, titiriw no, Kristosom ɛ?
Wɔn ani nnye ɔsom ho—gye “ɔsom kɔkɔɔ” anaasɛ Komunist som. Kristosom yɛ nea enni hɔ koraa. An Associated Press kyerɛw asɛm bi fii Peking wɔ July 31, 1978 mu sɛ: “Wɔde asɔredan ahorow no di dwuma foforo afei, te sɛ sukuu ahorow, faako a wosiesie lɔre ahorow anaasɛ aguadidan. Kristofo asɔre horow abien pɛ na ɛwɔ Peking a ahɔho a wɔwɔ hɔ no de di dwuma. Biako yɛ Katolek asɔre na nea aka no yɛ Protestant asɔre.”
Dɛn nti na wɔn ani nnye Yesu ne ne nkyerɛkyerɛ ho koraa saa? Komunist som a ɛwɔ China no hyɛ ɔsom a ɛte saa so. Nanso pii wɔ hɔ a ɛfa ho kyɛn ɛno nkutoo. Asɔre horow no adi Kristo nkyerɛkyerɛ no ho atoro, sɛnea New York Times a ɛyɛ January 15, 1979 de no kae no: “Wɔde su a wokura wɔ Atɔe fam asɛmpatrɛwfo no ho to Atɔe fam amammui ho efi bere a Presbyterian, Methodist ne Roma Katolek asɛmpatrɛwfo baa saa ɔman yi mu wɔ afeha a ɛto so 19 no mu tɔnn.”
Yiw, ɛte sɛ nea asɛmpatrɛwfo no mu pii dii dwuma sɛ wɔn aman nniso no ananmusifo mmom kyɛn Onyankopɔn ahenni no ananmusifo. Sɛnea New York Times amanneɛbɔ bi a wodii kan kyerɛwee no kyerɛ no, amanaman ntam nyamekyerɛ ho nhyiam bi dii awerɛhow sɛ: “Ɛyɛ awerɛhow sɛ wɔayɛ ama Kristosom a ɛyɛ ɔsom titiriw wɔ Atɔe fam no adan nea ebu ahensɛm, mpaapaemu, atubra nniso ne sika bem.”
Nanso June 1947 mu na Kristofo asɛmpatrɛwfo baanu a ɛsono wɔn koraa wɔ Kristoman mu asɔre horow no asɛmpatrɛwfo ho no kɔɔ China. Wɔn din ne Harold King ne Stanley Jones a wɔawie adesua wɔ Ɔwɛn Aban Bible Gilead Sukuu no mu a wɔka kuw a ɛto so awotwe no ho no. Wɔkɔkaa Yehowa Adansefo kuw ketewaa a ɛwɔ Shanghai no ho, fii Onyankopɔn ahenni no ho asɛnka ase wɔ afie afie.
Wɔ bere a ɛsɛ mu no, Stanley Jones kohyiaa ɔbea ɔwarefo bi, Nancy Yuen, wɔ afie afie adansedi adwuma no mu. Ɛwom sɛ ne kunu ani nnye Bible no ho de, nanso na Nancy ani gye ho, na ankyɛ na ohuu nsonsonee a ɛda Kristoman ne Yehowa Adansefo nkyerɛkyerɛ a egyina Bible no so no ntam. Ankyɛ na ɔbɛyɛɛ Ɔdansefo a ɔyɛ nnam. Onyaa nkɔso kɛse yiye wɔ afie afie asɛnka ne Bible mu adesua a wɔyɛ wɔ Chinese kasa mu no mu.
Bɛyɛ sɛ 1950 mu tɔnn no na nnipa bɛyɛ 175 na wɔba nhyiam wɔ Shanghai, ɛwom sɛ na wɔabara Yehowa Adansefo som adwuma no. Ɛno na afei wɔkyeree Nancy Yuen wɔ 1956 mu. Bere a King ne Jones bisaa sɛnea ne ho te no, mmuae a wɔmaa wɔn ne sɛ: “Eyi yɛ Chinesefo asɛm, monkɔhwɛ mo ankasa mo nsɛm so.” Mfirihyia abien akyi na wɔkyeree King ne Jones nso na wɔde wɔn too Chinesefo afiase wɔ China, a obiako nyaa mfirihyia 5 na ɔfoforo nso nyaa mfirihyia 7. Ɛno akyi no wogyaa wɔn twaa wɔn asu.
Nanso Nancy Yuen nso ɛ? Yegye di sɛ w’ani begye asɛm a edi hɔ a ɛfa ne ho no ho.