Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w81 2/1 kr. 3
  • Bere A Abufuw Aba

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bere A Abufuw Aba
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1981
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • NEA ƐSEN YƐN ABUFUW A YEBEDI SO NO
  • Wo Honhom​—Wobɛyɛ Dɛn Atumi Adi So?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1981
  • Nantew Honhom Mu Na Ɛmmoa Wo Mma Wunni W’ahosohyira So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
  • Onyankopɔn Honhom Kyerɛ Kwan—Asomafo No Bere So Ne Ɛnnɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
  • ‘Honhom Kronkron No Din Mu’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1981
w81 2/1 kr. 3

Bere A Abufuw Aba

WƆ NEW YORK no, “Ɔbarima bi a ɔwɔ Kew Gardens a ne bo fuw n’afipamfo sɛ wɔrebɔ dwom kɛse dodo no tow tuo kum nnipa baanan na afei okum n’ankasa ho.” Baabi foforo nso, wɔ Osaka, Japan no,“wɔde tuo kum ofirikafo bi bere a ɔbɔɔ abɛn guu kar bi a egyinaa prɛko pɛ wo n’anim no so no.”

Ebetumi aba sɛ wo bo mfuw nkoduu baabi a ɛte saa da. Na ɛda adi sɛ wobɛpɛ sɛ wukwati ade a ɛte saa. Nanso so wubetumi aka sɛ wudi wo honhom so daa nyinaa? So ɛsɛ sɛ wobɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ saa? Nokwarem no, so biribi wɔ ho a yebetumi ayɛ wɔ ho?

NEA ƐSEN YƐN ABUFUW A YEBEDI SO NO

Bible no hyɛ yɛn honhom so a yebedi ho nkuran. Ɛka sɛ: “Nea ne bo kyɛ fuw no ye sen dɔmmarima, na nea odi ne honhom so no sen nea ɔko fa kurow.” (Mmeb. 16:32) Bible no nso kasa tia abufuw, sɛ: “Kurow a abubu a afasu nni ho ne ɔbarima a ontumi nsianka ne honhom.” (Mmeb. 25:28) Nanso dɛn na ɛka di a obi bedi ne honhom so no ho?

Nokwarem no yɛn honhom so a yebedi no mu dɔ sen yɛn abufuw ara kwa a yɛbɛhyɛ so. Mpɛn pii no Bible no de asɛmfua “honhom” di dwuma de gyina hɔ ma yɛn suban, yɛn nsusuwii ne yɛn adwene. Eyi yɛ nokware wo nsɛm a. Bible de di dwuma te sɛ “odwo honhom,” “honhom a edwo na ɛyɛ komm,” “nokware honhom,” ne “kwasiare honhom” no ho.​—1 Kor. 4:21; 1 Pet. 3:4; Mmeb.11:13; 16:18.

Sɛ nhwɛso no, sɛ obi wo ɔtan wɔ ne koma mu nanso ɔhyɛ ne ho so na wanni awu esiane sɛ wannya hokwan nti a, so wadi ne honhom so ampa? So ɔtan ye, bere tenten a yɛma kwan ma ɛtra yɛn mu no? Yesu bue sɛ, Dabi! Bere a na ɔrekasa tia awudi no, ne nsɛm no nso kasa tia ɔtan honhom ne nea ebetumi de aba no.​—Hwɛ Mateo 5:21, 22.

Ɛtɔ bere bi a ebia yebetumi akora yɛn tɛkrɛma ne yɛn abufuw so na yɛatwe yɛn ho afi tebea bi a enye ho bere ‘a yɛnka asɛm biara. Nanso sɛ yɛko so susuw asɛm no ho nna bebree anaasɛ mpo adapɛn bi a, so eyi nkyerɛ sɛ yentumi nnii yɛn honhom so ankasa? Sɛ obi ka sɛ, “metumi de afiri nanso me werɛ remfi da” a, so na ɔredi ne honhom so ampa? Na obi a, ɛwom sɛ ne bo mfuwii, nanso ɔyɛ kusuu, a ɔne wɔn a osusuw sɛ woapira no no nkasa no nso ɛ?

Yentumi mmu abasamtu nkate ahorow anaasɛ nitan a ɛba yɛn koma mu no animtiaa, anaasɛ yebebu no sɛ “ɛmfata.” Saa nkate ahorow yi ne yɛn “honhom” anaasɛ yɛn nipasu ankasa. Nkate ahorow yi a ɛwɔ yɛn mu no na ehia sɛ yedi so, sɛ yɛpɛ sɛ yɛsɔ Onyankopɔn ani a.

Sɛnea ɛbɛyɛ na wakyerɛ opira a efi nkae te ahorow a wontumi nni so mu ba no, Yesu kae.sɛ: “Na, koma mu na, adwemmɔne, awudisɛm, ayerefasɛm, aguamansɛm, awifosɛm, adansekrum, abususɛm fi. Eyinom ne nneɛma a egu nipa ho fi; na wɔde nsa a, wɔanhohoro didi a, engu nipa ho fi.” (Mat. 15:19, 20) Yiw, sɛ yebedi yɛn honhom so no kyerɛ sɛ yebedi yɛn “koma” so, a ɛno ne yɛn suban no nsusuwii ahorow no.

Ɛnde, afei, ɛnnɔɔso sɛ yɛbɛhyɛ yɛn ho so ara kwa bere a wɔrehyɛ yɛn abufuw no. Sɛnea ɛbɛyɛ na yɛasɔ Onyankopɔn ani no, ɛsɛ sɛ yedi yɛn honhom so nokwarem. Nanso ɔkwan bɛn so?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena