Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w81 10/1 kr. 4-7
  • Mfirihyia Apem Anidaso No Mfiase

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mfirihyia Apem Anidaso No Mfiase
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1981
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • MESIA HO ANIDASO NO
  • ASASE SO ANIDASO
  • OWUSƆRE, ƐNYƐ OWU A WONWU DA A WONYA FI AWO MU
  • MFITIASE MESIA ANIDASO NO SAKRA
  • Kristofo Ne Mfirihyia Apem Anidaso No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1981
  • Yudasom—Kyerɛwnsɛm ne Atetesɛm a Wɔfa So Hwehwɛ Onyankopɔn
    Onyankopɔn Akyi Kwan a Adesamma Hwehwɛ
  • Mfirihyia Apem Anidaso No Di Nkonim
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1981
  • Dɛn Na Wɔmpɛ Wɔ Yesu Ho?
    Nyan!—1983
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1981
w81 10/1 kr. 4-7

Mfirihyia Apem Anidaso No Mfiase

ƐNNƐ, nsonoe titiriw biara nni Katolekfo, Protestantfo anaa Yudafo fã kɛse no ara mu wɔ anidaso ne nneɛma ahorow a wosuro ho. Ɛkame ayɛ sɛ wɔn nyinaa gye onipa kra a enwu da ne gyidi ahorow a ɛkeka ho a ɔsoro asetra a anigye wom wɔ honhom tebea mu, anaasɛ saa ayayadeyɛ wɔ “hell” di.

Esiane sɛ Kristoman mu asɔre horow no ka sɛ wɔne Yudafo gye Onyankopɔn koro di na wogye Yudafo Kyerɛwnsɛm no tom sɛ efi honhom mu nti, ɛbɛyɛ anigye sɛ yebehu wɔn sɛ ebia anidaso horow a Yudafo ne saa “Kristofo” no wɔ nnɛ no ne anidaso a wɔada no adi wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu ne Yudafo no mfitiase gyidi horow hyia anaa.

MESIA HO ANIDASO NO

Ɛdenam kyerɛw nsɛm te sɛ Genesis 3:15; 22:15-18; 49:10 ne Deuteronomium 18:18 so no, sɛ yɛfa Hebri Bible kyerɛwsɛm 456 a na tete Yudafo asafo no bu sɛ ɛfa Mesia no ho no mu anan pɛ yi a, na dɛn pɔtee na Yudafo no rehwɛ kwan? Ná dɛn ne wɔn anidaso?

Yudafo nhoma titiriw bi da asɛm a edi so yi adi sɛ: “. . . adwene a ɛfa Mesia ho no da adi wɔ Apam Dedaw no mu nyinaa. Ɛne nea efi daakye anidaso a wɔahyɛ ho nkɔm mu ba. Odiyifo a odii kan kaa daakye ɔhenpa yi ho asɛm kɔɔ akyiri ne Yesaia (9:1-6; 11:1-10; 32:1-5) . . . . Na ɔhenpa a Yesaia hwɛ kwan no bɛyɛ Yisai aseni, a Onyankopɔn honhom bɛtra no so te sɛ nyansa, mmaninyɛ, ne nyamesom honhom, na obedi tumi wɔ Onyankopɔn suro mu na wɔde trenee ne gyidi abɔ n’asen (11:1-3a, 5) Ɔremfa ne ho nhyɛ amanaman no akodi anaasɛ wɔn nkonimdi mu; ɔbɛsɛe akode nyinaa (9:4) ; n’ahiade titiriw ne sɛ ɔde atɛntrenee besi hɔ wɔ ne nkurɔfo mu (9:6b; 11:3b, 4) . Ne trenee nniso no aba bɛyɛ asomdwoe ne nhyehyɛe pa wɔ asase nyinaa so. Oguanten ba rensuro pataku, na osebɔ renyɛ apapowa bɔne (11:8) ; kyerɛ sɛ, sɛnea nkyekyem a edi so no kyerɛkyerɛ mu no, worensua atirimɔdensɛm anaasɛ basabasayɛ bio wɔ Onyankopɔn bepɔw kronkron no so, efisɛ Onyankopɔn ho nimdeɛ bɛyɛ asase so ma sɛ nsu kata po so no. (Fa toto 32:1-16 ho.) Nkurɔfo renhwehwɛ amammui mu kɛseyɛ, na mmom wɔbɛtra ase ahobrɛase mu (32:18, 20) . Wɔ saa tebea pa yi ase no, ɔman no bedi yiye, na ɛho renhia sɛ wosuro sɛ aman afoforo bi bɛtow ahyɛ wɔn so (9:6a; 32:15) . Yisai aseni foforo a wasɔre no begyina hɔ sɛ kanea ama aman afoforo, na wɔbɛba ne nkyɛn ma wakyerɛ wɔn kwan na wabu wɔn ntam atɛn (11:10) . Wɔbɛfrɛ no ‘Ɔfotufo Nwonwafo,’ ‘Onyame Tumfoɔ,’ ‘Daa Agya,’ ‘Asomdwoe Hene’ (9:5) ma afata.

“Daakye ho mfonini yi ne Yesaia adwene no hyia yiye, efisɛ atemmu no bɛkɔ akowie honhom mu nkɔso mu, na ɛde abrabɔ ne nyamesom mu pɛyɛ tebea aba.”​—The Jewish Encyclopedia, Po 8, kratafa 506.

Mesia ho anidaso a wɔde maa Yudafo no wɔ Kyerɛw Kronkron no mu no ho nhwɛso kakraa yi dɔɔso. Ɛda adi sɛ na “ɔsoro” ho asɛm biara nni mu! Na Yudafo nkyerɛwee afoforo a ɛnyɛ Bible no nso ɛ? Saa nhoma koro no ara de ka ho sɛ: “Wɔ rabifo nkɔmhyɛ nhoma horow no mu no, asɛm a ɛfa asase so Mesia ho no ne nea ɛda adi kɛse, na afeha a edi kan no awiei wɔ yɛn bere so no, ɛno nso na Yudasom gye toom.​—Kratafa 510.

ASASE SO ANIDASO

Enti, ná mfitiase anidaso a Yudafo wɔ no yɛ asase so de. Kyerɛwsɛm mu adanse biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ wɔn tete agyanom anokwafo te sɛ Abraham, Isak ne Yakob hwɛɛ kwan sɛ wɔbɛkɔ ɔsoro. Mmara a wɔnam Mose so de mae no amfa anidaso a ɛte saa amma. Na saa ara na wobetumi aka wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm mu nnwom nhoma ahorow ne nkɔmhyɛ ahorow no ho.

Ɛdefa eyi ho no, Dictionnaire de Théologie Catholique a agye din no ka sɛ: “Wohu mmere tiaa mu yiyedi a na obi a ɔpɛ nyamesom hwɛ kwan esiane Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow a ɔde ma ɔne n’abusua ne ne man no wɔ Apam Dedaw no mu. Bio nso, na ɔwɔ honhom mu ne asetra mu akyɛde horow ho anidaso, Mesia a ɔbɛba ne n’ahenni no ho anidaso.” (Yɛn na yɛde nkyerɛwee soronko akyerɛw ɔfã bi)

Protestantfo Dictionnaire Encyclopédique de la Bible si eyi so dua. Yɛkenkan sɛ: “Anidaso horow a wɔada no adi wɔ Apam Dedaw no mu no bae nkakrankakra. Ɛde asase so mfaso horow, amammui nhyehyɛe pa a wɔbɛsan de asi hɔ ne asase sofo a wɔbɛsan ama wɔn baabi pa atra na efii ase. . . . Anidaso no nyaa nkɔso na emu trɛw kɔɔ wiase nyinaa. Yehowa ne wiase no Wura. . . ’Nea Ɔwɔ Hɔ Daa no Somfo’ bɛba; ɛdenam n’amanehunu ne n’animguase so no obegye ne nkurɔfo. Yesaia 42:1-4 da no adi sɛ wiase no wɔ ne nkyerɛkyerɛ mu anidaso. Ɛno na Nea Ɔwɔ Hɔ Daa no Somfo no anuonyam bɛba, Mesia bere no ne adesamma a wɔayɛ wɔn foforo.” (Yɛn na yɛde nkyerɛwee soronko akyerɛw afã bi)

Wɔka Yudafo asase so anidaso yi ho asɛm fɛfɛ wɔ The Jewish, Encyclopedia no mu sɛ: “. . . adiyifo no nya daakye a aka a ɛnam Mesia so bɛba no ho anidaso denam ɔbabarima a ofi Dawid fi no ahenni so​—paradise fi a anigye wom bere . . . Ɛbɛba te sɛ wiase a asomdwoe ne biakoyɛ a ɛyɛ pɛ wɔ abɔde nyinaa ntam, abɔfo tebea a na onipa wom ansa na ɔrebɛyɛ bɔne no. (Yes. 11:1-10; 65:17-25; ‘ɔsom foforo ne asase foforo’) . . . . ’abɔde nyinaa a wɔbɛsakra wɔn ma wɔabɛyɛ kuw biako na wɔayɛ Onyankopɔn apɛde no ne Israel Mesia anidaso no botae titiriw; ‘basabasayɛ ahenni’ no a wobeyi afi hɔ no nkutoo na ɛsɛ sɛ edi Onyankopɔn ahenni a wɔde besi hɔ no anim. . . . Nanso, wɔmaa Persiafo ne Babilonfo wiase afe a ɛyɛ mfirihyia mpem dumien no danee wɔ Yudafo nkyerɛkyerɛ a ɛfa adesamma ne wiase yi awiei koraa ho no mu bɛyɛɛ wiase dapɛn a ɛyɛ mfirihyia mpem ason a ɛne Adebɔ dapɛn no hyia, na nkyekyem ‘mfirihyia apem yɛ w’ani so sɛ nnɛra da a etwaa mu’ (Dw. 90:4) no de adwene no ba sɛ nea ebedi mprempren wiase a ɔbrɛ wom (‘olam ha-zeh’) yi akyi aba ne mfirihyia apem Homeda, ‘wiase a ɛbɛba no’ (‘olam ha-ba’ . . . ) .”​—Po 5, nkratafa 209-211. (Yɛn na yɛde nkyerɛwee soronko akyerɛw afã horow bi)

OWUSƆRE, ƐNYƐ OWU A WONWU DA A WONYA FI AWO MU

Mfehaha pii no na Yudafo nnye gyidi a abosonsomfo wɔ wɔ ɔdesani kra a enwu ho no ntom. Na Yudafo no yɛ nkurɔfo a wosua ade, na na Yudani biara a onim nhoma betumi akenkan kyerɛwnsɛm ahorow pii a ɛwɔ Hebri Nkyerɛwee no mu a ɛma mu da hɔ pefee sɛ “ɔkra” (Hebri, ne’phesh) tumi wu no. Emu kakraa bi pɛ ni: Genesis 19:19, 20; Numeri 23:10; Yosua 2:13, 14; Dwom 22:29; Hesekiel 18:4, 20.

Enti na asase so asetra wɔ paradise a ɛnam Mesia no so bɛba ho anidaso a na Yudafo wɔ fi mfiase no gyina owusɔre mu gyidi so, na ɛnyɛ wu a wonwu da a wonya fi awo mu so. The Jewish Encyclopedia si eyi so dua sɛ: “Na owusɔre yɛ Mesia ho anidaso no fã (Yes. 26:19; Dan. 12:2) . . . . Mfiase no wobuu owusɔre sɛ akyɛde a ɛyɛ nwonwa a wɔde ma atreneefo nkutoo . . . , nanso akyiri yi wohui sɛ ɛyɛ nea wɔde di amansan nyinaa ho dwuma, na wɔde tõaa atemmu a etwa to no mu . . . sɛ ebia ɔkwan a wɔbɛfa so asiesie nipadua no wɔ owusɔre mu no bɛyɛ te sɛ awo mu de no yɛ akyinnyegyesɛm a ɛda Hillelfo ne Shammaitfo ntam.”​—Po 6, kratafa 216.

Saa Yudafo nhoma a agye din yi ara ka wɔ “Gehenna” (Kristoman “hell”) no ho sɛ: “Kyerɛwsɛm mu nnyinaso biara nni hɔ mma gye a wogye di sɛ wotua ɔkra no ka wɔ owu akyi; Babilonfo ne Persiafo na wɔde saa adwene yi bae, na wonyaa Yudafo nsɛmmoa fii asɛmfua ‘Gehinnom’ (Hinnom bon) a afɔre horow a Manase bɔe wɔ hɔ maa Molek no ma ɛbɛyɛɛ akyide no so (2 Ahe. 23:10) .”​—Nhoma koro no ara, kratafa 217.

Ɛnde, dɛn nti na Yudafo asɔfo nyinaa kyerɛkyerɛ ɔkra a enwu da a ɛwɔ onipa mu ne asotwe a enni awiei nnɛ? Supplément au Dictionnaire de la Bible de asɛm a edi so yi ma sɛ: “ [Yudafo fam no] Nkwagye yɛ nea wodii kan susuwii sɛ wobenya wɔ asase so . . . ; sɛnea Mesia ho anidaso no hyerɛn biara, ne sɛnea ne daakye ahenni no tenten bɛyɛ biara​—a ebinom gye di sɛ ɛbɛkɔ so daa no​—sɛnea na saa ɔsom no yɛ ɔman no ne asase so de no yɛ nnyinasosɛm titiriw. Afei anidaso foforo bi bae: owu akyi asetra a anigye wom a, ‘wohui.’” (Yɛn na yɛde nkyerɛwee soronko akyerɛw afã horow bi)

Ɛyɛɛ dɛn na Yudafo no “hui” sɛ onipa wɔ “ɔkra” a ɛkɔ so tra ase bere a nipadua no awu? Bio no nhoma ahorow a agye din a ɛkyerɛkyerɛ nsɛm mu de nkyerɛkyerɛmu a akyinnyegye biara nni ho ma. The Jewish Encyclopedia gye tom sɛ: “Nkitaho a Yudafo ne Persiafo ne Helafo dii no nkutoo na ɛmaa ɔkra a efi nipadua mu, a ɛsono ɛno ankasa, begyee ntini wɔ Yudasom mu. Dictionnaire Encyclopédique de la Bible si eyi so dua, na ɛka sɛ: “Ɔkra a enwu da ho adwene no fi Helafo nsusuwii mu, na owusɔre anidaso no yɛ Yudafo de. . . . Alexander nkonimdi no akyi no, Yudasom de nkakrankakra faa Hela nkyerɛkyerɛ ahorow.”

Sɛ obi gye kyim sɛ mfitiase no na Yudafo nnye ɔkra a enwu da nni a, ma onhu sɛ yɛn bere so afeha a edi kan no mu mpo no na Yudafo nyinaa nnyee nkyerɛkyerɛ yi ntoom, sɛnea nokwasɛm a ɛyɛ sɛ na Farisifo gye ɔkra a enwu da tom, bere a na Sadukifo nnye nni no da no adi no.​—Hwɛ Josephus, Antiquities, Nhoma 18, ti 1, nkyekyem 3, 4; Wars, Nhoma 2, ti 8, nkyekyem 14; fa toto Asomafosɛm 23:8 ho.

MFITIASE MESIA ANIDASO NO SAKRA

Sɛnea Yudafo no de nkakrankakra gyaw daakye asetra denam owusɔre so ho anidaso a na wɔwɔ no na wogyee abosonsomfo adwene a ɛfa “ɔkra” a efi onipa mu na enwu da no toom no, saa ara na mfitiase Mesia anidaso no sakrae. Yɛn bere yi afeha a edi kan no mu no na Yudafo Mesia anidaso no abɛyɛ amammui kwan so anidaso.

Ɛresi eyi so dua no, The Jewish Encyclopedia kenkan sɛ: “Bere a Makabeefo adehye abusua no hwee ase [Yɛn Bere yi afeha a ɛto so abien mu] bere a Herode Ɔkɛse no ne n’asefo katabaako nniso no, ne Roma ahemman atirimɔdensɛm a ɛrenya nkɔso no maa nneɛma mu yɛɛ den maa wɔn no akyi na Yudafo no hwehwɛɛ guankɔbea wɔ Mesia ho anidaso mu. Wɔn ani gyinaa odiyifo a wɔahyɛ ne ho bɔ a na ofi Dawid fi bɛba no, nea obegye wɔn afi ananafo a wɔmpɛ wɔn asɛm no nniso ase no.”

Wɔ ne nhoma Life and Times of Jesus the Messiah no mu no, Alfred Edersheim kyerɛwee sɛ: “Nea Israel hwɛɛ kwan nyinaa ne ɔman no a wɔbɛsan de asi hɔ no anuonyam a wɔbɛsan anya. Na biribi foforo biara yɛ nea ɛsɛ sɛ ekowie eyi mu; na Mesia no ankasa yɛ adwinnade titiriw a wɔnam so benya eyinom. . . . Na Rabifo adwene wɔ Mesia ho no nyɛ ‘hann a wɔbɛyɛ ama Amanaman mufo, na wɔhyɛ ne nkurɔfo Israel anuonyam’​—na wɔadi nneɛma a adesamma hia ho dwuma.”

Edersheim kɔ so da no adi sɛ, bɛyɛ yɛn bere yi afeha a edi kan no mu no, na Yudafo asɔfo no nni Ogyefo Mesia mu gyidi bio. Ose: “Sɛnea wotumi hu wɔ wɔn nkyerɛwee ahorow mu no, Mfitiase Bɔne ne abɔnefo ayɛn nyinaa yɛ ho nkyerɛkyerɛ no yɛ nea na tete Rabifo no nnye ntom. . . . Bere a na wɔnte nka sɛ ɛho hia sɛ wogye wɔn fi bɔne mu no, yetumi te nea enti a Rabifo atetesɛm anhu hia a Mesia no Asɔfo dibea no ho hia, ne sɛnea ne ba sɛ Ɔhene ne Ogyefo kataa ka a na ɔka sɛ ɔyɛ Odiyifo ma Ne nkurɔfo no so no ase. Nokwarem no, na eyi ne wɔn ahiade titiriw, na na ɛhaw wɔn adwene kɛse esiane sɛ na amanehunu tebea a Israel wom no te sɛ nea wontumi nkyerɛkyerɛ mu no.”

Enti, nkakrankakra no Yudafo mfitiase anidaso no yerae. Mesia hene a ɛnyɛ Yudafo nko so na obedi na mmom ɔbɛyɛ ‘kanea ama aman afoforo’ nso no ho anidaso fii hɔ maa ɔman kannifo a obedi wɔn anim ma wɔadi wɔn amammui ne nyamesom mu atamfo so nkonim no ho anidaso besii ananmu. Wɔde ɔsoro anidaso hunu a egyina ɔkra a enwu da ho adwene a wonya fii Babilonfo, Persia ne Helafo nkyɛn so ‘no besii asase so asetra ho anidaso wɔ “Mfirihyia Apem Homeda” a emu na Mesia no de “paradise asetra a anigye wom,” “wiase a asomdwoe ne biakoyɛ a ɛyɛ pɛ wom bɛba abɔde mpataa ntam” no ananmu.

Mfe pii twaam. Amammui kwan so Mesia biara ammegye Yudafo no, anaasɛ bere a wɔsɛee Yerusalem afe 70 Y.B. mu akyi no, sɛ ɔbɛsan aboaboa wɔn ano de wɔn aba wɔn asase so. Enti Mesia anidaso foforo yi fii Yudafo no koma mu. Sɛnea Edersheim ka no no: “Dɛn nti na Israelfo a wobegye wɔn ne Mesia no ba no akyɛ saa? Ɛha na Yudasom hyia asɛm a emu yɛ den a entumi nkyerɛkyerɛ mu. Nkyerɛkyerɛmu a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔde bɛma no, ɛda adi pefee sɛ, ɛyɛ wɔn adwene ara kwa a wɔakyerɛ anaasɛ mmɔden a wɔbɔ sɛ wobekwati ɔsɛmpɔw no. Enti nea wobetumi ayɛ ara ne sɛ wɔbɛhyɛ nkurɔfo ma wɔayɛ komm wɔ nsemmisa a ɛtete sɛɛ ho​—ahobrɛase ne awerɛhowdi mu kommyɛ wɔ nea wɔnte ase da ho, sɛnea wɔka no no, . . . huammɔdi ne abasamtu a ɛwɔ hɔ daa mu kommyɛ. Enti Hyiadan no anidaso titiriw, a ɛte sɛnea wɔakyerɛw no adamoa so nkae bo a abubu so no, ɛsɛ sɛ nnipa mpempem pii a wɔate nusu wɔ Kronkronbea a adan amamfo yi ho mfehaha pii yi mu no ka ho asɛm mpɛn pii.”

Anigye so no, asase so Paradise a wɔbɛsan de asi hɔ wɔ Mesia no nniso ase ho mfitiase anidaso no hokwan da so wɔ hɔ ma Yudafo anokwafo, na ebinom anya saa anidaso no dedaw ma wɔapopa wɔn aniwam nusu. Nanso, yɛn nsɛmma nhoma yi akenkanfo pii fam no, asemmisa no da so ‘wɔ hɔ sɛ: Ɔkwan bɛn so na Yesu Kristo a ɔyɛ Mesia no ba no kaa “’mfirihyia apem Homeda” a ɛde “asomdwoe ne biakoyɛ ba abɔde nyinaa ntam” wɔ asase so ho anidaso no? Na sɛ Kristo sii saa anidaso no so dua a, dɛn nti na ɛkame ayɛ sɛ Protestant ne Katolek “Kristofo” nyinaa nni saa mfirihyia apem anidaso no?

[Kratafa 5 mfoni]

Komunist “daakye a anigye wom”? Hindu anaa Buddhafo Nirvana? Katolek anaa Protestant “ɔsoro asetra mu anigye”? Anidaso bɛn na Bible de ma?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena